Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Bible Ka Fa Akɔnkyen Ho?

Dɛn Na Bible Ka Fa Akɔnkyen Ho?

Nea Bible ka

 Bible mmere mu no, sɛ obi de adwempa yɛ akɔnkyen a na Onyankopɔn gye tom. Nanso sɛ wamfa adwempa anyɛ a na Onyankopɔn ani nnye ho. Ɛnnɛ, Bible nhyɛ obi sɛ ɔnyɛ akɔnkyen. Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ nso a, ɛnkasa ntia.

Tebea ahorow bɛn mu na ebinom yɛɛ akɔnkyen wɔ Bible mu?

  •   Bere a obi rehwehwɛ Onyankopɔn mmoa ne n’akwankyerɛ. Nnipa a na wɔretu kwan akɔ Yerusalem no yɛɛ akɔnkyen de kyerɛe sɛ wofi wɔn koma nyinaa mu rehwehwɛ Onyankopɔn mmoa. (Esra 8:21-23) Paulo ne Barnaba nso, ɛtɔ da na wɔrepaw asafo mu mpanyimfo a na wɔyɛ akɔnkyen.​—Asomafo Nnwuma 14:23.

  •   Bere a obi de asi n’ani so sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea Onyankopɔn pɛ. Yesu bɔɔ asu wiei no, ɔde nnafua 40 yɛɛ akɔnkyen. Ɔyɛɛ saa de siesiee ne ho maa Onyankopɔn apɛde a na ɔbɛyɛ wɔ ne som adwuma mu no.​—Luka 4:1, 2.

  •   Bere a obi rekyerɛ sɛ wanu ne ho wɔ bɔne a wayɛ atwam ho. Onyankopɔn nam odiyifo Yoel so ka kyerɛɛ Israelfo a wɔanni nokware no sɛ: “Mumfi mo koma nyinaa mu mfa mmuadadi ne osũ ne agyaadwotwa nsan mmra me nkyɛn.”​—Yoel 2:12-15.

  •   Sɛ edu Mpata Da a. Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no mu no, ɔkaa sɛ edu mpata da a wɔnyɛ akɔnkyen. a (Leviticus 16:29-​31) Ná ehia sɛ Israelfo no yɛ akɔnkyen saa da no, efisɛ na ɛbɛkae wɔn sɛ wɔyɛ abɔnefo, na wohia Onyankopɔn hɔ bɔne fafiri.

Adwene a ɛmfata bɛn na ebinom de yɛ akɔnkyen?

  •   Ebinom yɛ akɔnkyen sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ nnipa ani. Yesu kyerɛkyerɛe sɛ, sɛ obi bɛyɛ akɔnkyen a, ɛyɛ ɔne Onyankopɔn ntam asɛm na ɛnsɛ sɛ obiara de ne ho gyigye mu.​—Mateo 6:16-18.

  •   Ebinom yɛ akɔnkyen de bu wɔn ho atreneefo. Ɛnyɛ akɔnkyen a obi bɛyɛ na ɛbɛma n’abrabɔ ayɛ papa anaa ɔne Onyankopɔn ntam ayɛ kama asen afoforo.​—Luka 18:​9-​14.

  •   Ebinom boapa yɛ bɔne a wonnyae, na wɔyɛ akɔnkyen sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɛkata so. (Yesaia 58:3, 4) Wɔn a wɔyɛɛ osetie na wofii wɔn komam sakra fii wɔn bɔne ho nko ara na wɔn akɔnkyen sɔɔ Onyankopɔn ani.

  •   Ebinom yɛ akɔnkyen de di wɔn som mu mmara so. (Yesaia 58:​5-7) Sɛ wɔhyɛ abofra bi sɛ ɔnnɔ n’awofo a, esiane sɛ emfi ne komam nti, ɛyɛ a awofo no ani nnye ho. Saa ara nso na sɛ wɔhyɛ obi ma ɔyɛ akɔnkyen a emfi ne komam a, Onyankopɔn ani nnye ho.

Bible no hyɛ Kristofo sɛ wɔnyɛ akɔnkyen anaa?

 Dabi. Onyankopɔn hyɛɛ Israelfo no sɛ, sɛ edu Mpata Da no a wɔnyɛ akɔnkyen. Nanso efi bere a Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre pata maa nnipa abɔnefo a wɔanu wɔn ho no, saa ahyɛde no baa awiei. (Hebrifo 9:24-26; 1 Petro 3:18) Mose Mmara a na ɛhwehwɛ sɛ nkurɔfo yɛ akɔnkyen wɔ Mpata Da no, seesei Kristofo nhyɛ ase. (Romafo 10:4; Kolosefo 2:13, 14) Ne saa nti, Kristoni biara na obesi ne gyinae sɛ ɔbɛyɛ akɔnkyen anaa ɔrenyɛ.​— Romafo 14:​1-4.

 Kristofo nim sɛ akɔnkyen nyɛ wɔn som mu ade titiriw. Bible no nkaa no baabiara sɛ, sɛ obi yɛ akɔnkyen a na n’ani begye. Mmom no, nokware Kristosom de anigye na ɛba, na ɛda Yehowa a ɔyɛ “anigye Nyankopɔn” no su ahorow adi.​—1 Timoteo 1:11; Ɔsɛnkafo 3:12, 13; Galatifo 5:22.

Nea Bible ka fa akɔnkyen ho no, ɛho atosɛm no bi ne nea ɛwɔ he?

 Atosɛm: Ɔsomafo Paulo hyɛɛ awarefo nkuran sɛ wɔnyɛ akɔnkyen.​—1 Korintofo 7:5, King James Version.

 Nokwasɛm: Tete Bible nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ hɔ no amfa akɔnkyen anni dwuma wɔ 1 Korintofo 7:5. b Ɛda adi sɛ wɔn a wɔhwɛɛ nsaano nkyerɛwee so kyerɛw bi no na wɔde akɔnkyen hyɛɛ mu. Wohwɛ Mateo 17:21; Marko 9:29; ne Asomafo Nnwuma 10:30 sei a, wɔde dii dwuma wɔ hɔ nso. Ɛnnɛ yi Bible nkyerɛase dodow no ara mfa asɛmfua akɔnkyen a na anka ɛnsɛ sɛ ɛba kyerɛwsɛm ahorow yi mu no nni dwuma.

 Atosɛm: Ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ akɔnkyen de kae nnafua 40 a Yesu de yɛɛ akɔnkyen wɔ sare so wɔ n’asubɔ akyi no.

 Nokwasɛm: Yesu anhyɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ n’akɔnkyen no bi, na adanse biara nni Kyerɛwnsɛm mu a ɛkyerɛ sɛ tete Kristofo no yɛɛ akɔnkyen a ɛte saa. c

 Atosɛm: Sɛ Kristofo rekae Yesu wu no a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ akɔnkyen.

 Nokwasɛm: Yesu anhyɛ n’asuafo no sɛ wɔnyɛ akɔnkyen bere a wɔrekae ne wu no. (Luka 22:14-​18) Ɛwom sɛ Yesu kaa sɛ owu a n’asuafo no bɛyɛ akɔnkyen de, nanso na ɛnyɛ ahyɛde na ɔde rema wɔn. Mmom, na ɔreka nea na ebesi ho asɛm. (Mateo 9:15) Bible no hyɛɛ Kristofo a na wɔrebehyiam akae Yesu wu no sɛ, sɛ ɔkɔm de obi a, na ɛsɛ sɛ odidi wɔ fie ansa na waba.​—1 Korintofo 11:33, 34.

a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Mo kra nni awerɛhow” wɔ Mpata da no. (Leviticus 16:29, 31) Yɛte saa asɛm yi ase sɛ ɛfa akɔnkyen ho. (Yesaia 58:3) Enti, Contemporary English Version Bible no kyerɛ ase sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mudidi na akyerɛ sɛ moredi mo bɔne ho awerɛhow.”

b Hwɛ nhoma bi a wɔato din A Textual Commentary on the Greek New Testament, a Bruce M. Metzger kyerɛwee, Third Edition, kratafa 554.

c Abakɔsɛm a ɛfa Lent nnafua 40 akɔnkyen ho no, New Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Mfe ahasa edi kan no, na akɔnkyen a wɔyɛ de siesie wɔn ho ma Easter no mmoro nnawɔtwe baako; ná ɛtaa yɛ da koro anaa nnanu. . . . Ɛwom sɛ nhoma a wɔato din fifth canon of the Council of Nicaea (325) na edii kan kaa nnafua 40 ho asɛm de, nanso sɛ abenfo bi nnye ntom sɛ na Lent ho asɛm na na wɔreka wɔ hɔ.”​—Second Edition, Po 8, kratafa 468.