Ɔde Kɔmaa Kolosefo 2:1-23

  • Onyankopɔn ahintasɛm kronkron a ɛne Kristo no (1-5)

  • Monhwɛ yiye na wɔannaadaa mo (6-15)

  • Papa no, ɛno ne Kristo (16-23)

2  Nea ɛte ne sɛ, mepɛ sɛ muhu aperepere kɛse a meredi ma mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea+ ne wɔn a wɔmfaa wɔn ani nhuu me* no nyinaa.  Eyi bɛma wɔanya awerɛkyekye+ na wɔabom ayɛ baako wɔ ɔdɔ mu,+ na ama wɔanya mfaso esiane ntease a edi mu a wɔanya nti, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ahintasɛm kronkron a ɛne Kristo no,+ wobenya ho nokware nimdeɛ.  Ɔno mu na wɔakora nyansa ne nimdeɛ ademude nyinaa so.+  Mereka eyi na obiara amfa adɛfɛdɛfɛsɛm annaadaa mo.  Ɛwom sɛ minni hɔ ɔhonam mu de, nanso me ne mo wɔ hɔ honhom mu, na m’ani agye sɛ mate sɛ mototo nneɛma yiye+ na mowɔ gyidi kɛse wɔ Kristo mu.+  Enti sɛnea moagye Awurade Kristo Yesu no, monkɔ so ne no mmom nnantew,  na wɔnto mo nsi no so na munnye ntini+ na muntintim wɔ gyidi no mu+ sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mo no, na monna Onyankopɔn ase daa.+  Monhwɛ yiye, anyɛ saa a, obi de nyansapɛ ne nnaadaa hunu+ a ennyina Kristo so, na mmom egyina nnipa atetesɛm ne wiase no nneɛma hunu so bɛtwetwe mo de mo ayɛ nkoa;  efisɛ Kristo mu na Onyankopɔn suban ayɛ ma.+ 10  Enti ɔno a ɔyɛ nniso ne tumidi nyinaa ti+ no, monam no so ayɛ ma. 11  Ɔno a mo ne no bɔe no ama mo nso wɔatwa mo twetia* a wɔamfa nsa na etwae, na mmom wɔnam Kristo mu twetiatwa+ so yii ɔhonam nipadua no fii hɔ.+ 12  Na wosiee mo ne no wɔ n’asubɔ mu,+ na ɔno a mo ne no bɔe no ama wɔanyan mo+ abom nso, efisɛ munyaa gyidi wɔ Onyankopɔn nnwuma akɛse mu; ɔno na onyan no fii awufo mu.+ 13  Bio nso, bere bi, mo mfomso ne twetia a muntwae nti, na moawuwu, nanso Onyankopɔn maa mo ne Kristo baa nkwa mu bio.+ Ɔdom yɛn de yɛn mfomso nyinaa kyɛɛ yɛn,+ 14  na ɔpopaa nsaano nkyerɛwee+ a ahyɛde ayɛ no ma+ a na ɛko tia yɛn+ no fii hɔ. Ɔde bɔɔ asɛndua* mu yi fii kwan mu.+ 15  Wapa nniso ne tumidi ahorow no ho ntama, na wafa wɔn sɛ nkoa agu wɔn anim ase wɔ baguam,+ na ɔnam asɛndua no* so ama ada adi pefee sɛ wadi wɔn so nkonim. 16  Enti mommma obiara mmmu mo atɛn wɔ nea mudi ne nea monom ho,+ anaa afahyɛ anaa ɔsram foforo+ anaa homeda+ ho. 17  Saa nneɛma no yɛ nea ɛreba no sunsuma;+ papa no de, ɛno ne Kristo.+ 18  Mommma obi nnyɛ mmma abasobɔde* no mmmɔ mo;+ obi a ɔwɔ ɔkraman ahobrɛase na ɔpɛ abɔfosom a nea n’ani tua na “ogye gyina mu.”* Esiane sɛ osusuw nneɛma ho ɔhonam mu nti, ɔma ne ho so, nanso ntease biara nnim. 19  Ɔmmata ti+ no ho; eti a nipadua no nyinaa nam n’akwaa ne ne ntini ahorow so nya nea ehia na ama atoatoam wɔ koroyɛ mu no. Eti no na ɛma nipadua no kɔ so nyin sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ enyin no.+ 20  Sɛ mo ne Kristo wui wɔ wiase no nneɛma hunu+ ho a, adɛn nti na moyɛ mo ade te sɛ nea moda so wɔ wiase na mode ahyɛde ahorow yi to mo ho so bio+ sɛ: 21  “Munnso mu, monnka nnhwɛ, na mommfa mo nsa nnka”? 22  Saa nneɛma no nyinaa, wɔde yɛ nea wɔde bɛyɛ wie a, na asɛe; egyina nnipa ahyɛde ne wɔn nkyerɛkyerɛ+ so. 23  Saa nneɛma no nyinaa ayɛ sɛ nea nyansa wom, nanso ɛyɛ wɔn ankasa som mu nneɛma, ɔkraman ahobrɛase a ɛma wɔde wɔn ankasa nipadua mpo fa ahoyeraw mu,+ nanso mfaso biara nni so, efisɛ ɛmma wontumi nko ntia ɔhonam akɔnnɔ.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “wonhuu me ɔhonam mu.”
Anaa “dua.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ebetumi nso akyerɛ, “ɔnam Kristo.”
Anaa “nkonimbo.”
Wɔfaa asɛm yi fii abosonsomfo nsɛm mu. Ná wɔka saa asɛm yi bere a wɔreyɛ amanne de obi aba abosonsom mu no.