Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awerɛkyekyesɛm Bi Wɔ Bible Mu a Ebetumi Aboa Me Anaa?

Awerɛkyekyesɛm Bi Wɔ Bible Mu a Ebetumi Aboa Me Anaa?

Nea Bible ka

 Aane. (Romafo 15:4) Nnipa bebree wɔ hɔ a na wɔrefa ateetee mu, nanso Bible mu nsɛm bi aboa wɔn ama wɔanya awerɛkyekye. Ma yɛnhwɛ saa nsɛm no bi.

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Amanehunu

 Dwom 23:4: “Sɛ menam obon a emu yɛ sum kabii mu mpo a, minsuro bɔne biara, efisɛ woka me ho.”

 Nea ɛkyerɛ: Sɛ worefa ɔhaw bi mu na wobɔ Onyankopɔn mpae kenkan n’Asɛm Bible hwehwɛ n’akwankyerɛ a, ɔbɛma wo akokoɔduru a wode begyina ano.

 Filipifo 4:13: “Nea ɔhyɛ me den no adaworoma, minya ahoɔden wɔ biribiara mu.”

 Nea ɛkyerɛ: Ɔhaw biara a worehyia no, Onyankopɔn betumi ama wo ahoɔden a wode begyina ano.

 Bere a wo dɔfo bi awu

 Ɔsɛnkafo 9:10: “Adwuma ne nhyehyɛe ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Ɔdamoa mu a worekɔ no.”

 Nea ɛkyerɛ: Wɔn a wɔawu no nni ateetee biara mu, na wɔrentumi nyɛ biribiara nso mfa nhaw nnipa. Wonnim hwee.

 Asomafo Nnwuma 24:15: ‘Bere bi bɛba a awufo bɛsɔre.’

 Nea ɛkyerɛ: Yɛn adɔfo a wɔawuwu no, Onyankopɔn betumi asan de wɔn aba nkwa mu.

 Bere a obi tiboa rebu ne fɔ tra so

 Dwom 86:5: “O Yehowa, a wuye, na wuyi wo yam de bɔne kyɛ; wo dɔ a enni huammɔ no dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.”

 Nea ɛkyerɛ: Wɔn a wɔanu wɔn ho afi wɔn bɔne ho na wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔrensan nkɔyɛ bɔne koro no ara bio no, Onyankopɔn de wɔn bɔne kyɛ wɔn.

 Dwom 103:12: “Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no, saa ara na wama yɛne yɛn mmarato ntam aware.”

 Nea ɛkyerɛ: Sɛ Onyankopɔn de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɔde kyɛ yɛn koraa. Ɔnsan nkɔfa ho asɛm mma bio na kampɛsɛ wagyina so abɔ yɛn kwaadu, anaa watwe yɛn aso wɔ ho.

 Awerɛhow

 Dwom 31:7: “Woahu m’amanehunu, na wunim m’ahohia bebrebe no.”

 Nea ɛkyerɛ: Nea worefa mu biara Onyankopɔn ani tua. Sɛnea wote nka no, sɛ obiara nte ase mpo a, ɔno de, ɔte ase.

 Dwom 34:18: “Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn abam abu.”

 Nea ɛkyerɛ: Sɛ awerɛhow hyɛ wo so a, Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa wo. Yaw a worefa mu no, obetumi ama wo ahoɔden a wode begyina ano.

 Yare

 Dwom 41:3: “Sɛ ɔyare da mpa so a, Yehowa bɛhwɛ no; wobɛdannan no wɔ ɔyare mpa so.”

 Nea ɛkyerɛ: Sɛ yare kɛse bi abɛtena wo so a, Onyankopɔn betumi ama wo asomdwoe ne ahoɔden a wode begyina ano. Afei obetumi ama wo nyansa a wode besisi gyinae pa.

 Yesaia 33:24: “Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: “Meyare.”

 Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, bere bi bɛba a, yare a ɛde yare de, yɛne no too nkwanta a yɛapae.

 Adwinnwen ne kɔdaanna

 Dwom 94:19: “Bere a dadwen hyɛɛ me so no, wokyekyee me werɛ na wokaa me koma too me yam.”

 Nea ɛkyerɛ: Sɛ dadwen hyɛ yɛn so na yeguan toa Onyankopɔn a, obetumi aboa yɛn ama yɛn koma atɔ yɛn yam.

 1 Petro 5:7: “Montow mo dadwen nyinaa ngu no so, efisɛ odwen mo ho.”

 Nea ɛkyerɛ: Yɛn haw yɛ Onyankopɔn haw. Ɛno nti, ɔka kyerɛ yɛn sɛ nea ɛhaw yɛn biara, yɛmfa nto n’anim wɔ mpaebɔ mu.

 Akokoakoko

 Dwom 46:9: “Ɔma akodi gyae wɔ asaase nyinaa so.”

 Nea ɛkyerɛ: Ɛnkyɛ Onyankopɔn Ahenni no betu akodi ase.

 Dwom 37:11, 29: “Ahobrɛasefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wobegye wɔn ani wɔ asomdwoe bebree mu. . . . Atreneefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wɔbɛtena so daa.”

 Nea ɛkyerɛ: Wɔn a wɔyɛ nneɛma papa no benya asomdwoe wɔ asaase so afebɔɔ.

 Daakye ho dadwen

 Yeremia 29:11: “‘Na me ara minim adwene a madwen wɔ mo ho,’ Yehowa asɛm ni. ‘Ɛyɛ asomdwoe adwene, na ɛnyɛ mmusu; ɛne sɛ, mɛma mo daakye ne anidaso.”

 Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn ama ne nkurɔfo awerɛhyɛm sɛ daakye papa bi da wɔn anim.

 Adiyisɛm 21:4: “Ɔbɛpopa wɔn aniwa mu nisu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”

 Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ wiase mu nnɛ no nyinaa, obeyi afi hɔ.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din “Hena Ne Yehowa?