Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible No, Nkurɔfo Asesa Emu Nsɛm Anaa?

Bible No, Nkurɔfo Asesa Emu Nsɛm Anaa?

 Dabi. Bible nsaano nkyerɛwee a na ɛwɔ hɔ dedaw no, nkurɔfo hwɛɛ so kyerɛw bi, ɛnna ebinom nso hwɛɛ wɔn de no so kyerɛw bi, na nneɛma a wɔkyerɛw guu so no nso, ɛnkyɛ na asɛe. Nanso ne nyinaa akyi no, sɛ wode toto Bible no ho a, wubehu sɛ emu nsɛm no nsesae.

Wei kyerɛ sɛ wɔn a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi no anni mfomso biara wom anaa?

 Wɔahu tete Bible nsaano nkyerɛwee pii. Ebi wɔ hɔ a nsonsonoe wowom, na wei kyerɛ sɛ wɔn a wɔhwɛɛ bi so kyerɛwee no dii mfomso kakra. Nsonsonoe no mu pii yɛ nketenkete, na ɛnsesa ntease no. Nanso wɔabehu sɛ nsonsonoe no bi de, ɛdan ntease no. Nea ɛkɔfa bae no bi ne sɛ, wɔn a teteete no, wɔhwɛɛ bi so kyerɛwee no bi na wɔsesaa nneɛma bi wom sɛnea ɛbɛyɛ a ntease a ɛwɔ Bible mu no bɛsesa. Yɛnhwɛ saa nsonsonoe no mu mmienu:

  1.   Wohwɛ tete Bible ahorow bi mu a, wubehu asɛm yi wɔ 1 Yohane 5:7: “ɔsoro: Agya no, Asɛm no ne Honhom kronkron no, na baasa yi yɛ biako.” Nanso wohwɛ nsaano nkyerɛwee a nkurɔfo agye atom sɛ ɛyɛ papa mu a, wubehu sɛ na saa nsɛm no nnim. Enti ɛkyerɛ sɛ na enni tete de a wodii kan kyerɛwee no mu. Akyiri yi na ebinom de hyɛɛ mu. a Enti Bible nkyerɛase afoforo a ɛyɛ papa a nkurɔfo ayɛ no nnansa yi no, wɔayi saa asɛm no afi mu.

  2.   Onyankopɔn din ankasa pue mpempem pii wɔ tete Bible nsaano nkyerɛwee ahorow mu. Nanso Bible a wɔakyerɛ ase no pii wɔ hɔ a, wɔde abodin te sɛ “Awurade” anaa “Onyankopɔn” na ahyɛ ne din no ananmu.

Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ Bible a yɛwɔ seesei no, mfomso no bi nkaa mu?

 Seesei wɔahu nsaano nkyerɛwee pii, enti ɛnyɛ den sɛ sɛ mfomso bi wɔ baabi a wobehu. b Nsaano nkyerɛwee yi a wɔfa baako a na wɔde ato foforo ho no, ama wɔahu sɛ Bible no mu nsɛm asesa anaa?

  •   Ɔbenfo William H. Green kaa biribi faa Hebri Kyerɛwnsɛm (nea nkurɔfo taa frɛ no “Apam Dedaw”) no ho. Ɔkaa sɛ: “Yebetumi aka no pen sɛ tete nhoma biara nni hɔ a wɔakora emu nsɛm so pɛpɛɛpɛ saa.”

  •   Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm a wɔtaa frɛ no “Apam Foforo” no nso, Bible ho ɔbenfo F. F. Bruce kaa ho asɛm sɛ: “Tete akyerɛwfo nhoma a agye din no pii wɔ hɔ a, adanse a ɛwɔ hɔ nti, nkurɔfo gye tom sɛ emu nsɛm nsesae, nanso Apam Foforo a ɛwɔ hɔ seesei no mpo de, yɛwɔ adanse a ɛkyɛn saa koraa a ɛkyerɛ sɛ emu nsɛm nsesae.”

  •   Owura Frederic Kenyon yɛ obi a wogye no tom sɛ onim Bible nsaano nkyerɛwee mu paa. Ɔkaa sɛ, obi “betumi de ahotoso afa Bible no akura ne nsam, na waka no pen sɛ, emu nsɛm no nyinaa yɛ Onyankopɔn Asɛm paa, na mfe ɔhaha pii a abɛsen kɔ no, efi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso, biribiara nsesae, na mmom nea ɛte ara na ɛte.”

Adanse ahorow bɛn bio na ɛwɔ hɔ a ɛma yegye di paa sɛ Bible no mu nsɛm nsesae?

  •   Sɛ yɛhwɛ Yudafo ne Kristofo a wɔhwɛɛ Bible nsaano nkyerɛwee so kyerɛw bi no a, yehu sɛ mfomso akɛse a Onyankopɔn nkurɔfo dii a ɛho asɛm wɔ Bible mu no, wɔanyi amfi mu. c (Numeri 20:12; 2 Samuel 11:2-4; Galatifo 2:11-14) Afei asoɔden a Yuda man no yɛe ne nnipa atetesɛm a Bible kaa sɛ nkurɔfo di akyi no nso, akyerɛwfo no anyi amfi mu. (Hosea 4:2; Malaki 2:8, 9; Mateo 23:8, 9; 1 Yohane 5:21) Saa nsɛm no a wɔkyerɛw no pɛpɛɛpɛ a wɔanyi amfi Bible mu no ma yehu sɛ na wɔyɛ anokwafo, na na wɔwɔ obu kɛse ma Onyankopɔn Asɛm kronkron no.

  •   Sɛ Onyankopɔn na ɔde ne honhom kaa nkurɔfo ma wɔkyerɛw Bible no a, ɛnde ntease wom sɛ ɔbɛhwɛ so na emu nsɛm no ansesa. d (Yesaia 40:8; 1 Petro 1:24, 25) Nea ɛte ne sɛ, na ɔpɛ sɛ nnipa a wɔtenaa ase tete no ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no nyinaa nya so mfaso. (1 Korintofo 10:11) Ampa, “biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, na yɛnam yɛn boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.”—Romafo 15:4.

  •   Yesu ne n’akyidifo faa tete Hebri Kyerɛwnsɛm a nkurɔfo ahwɛ bi so akyerɛw no mu asɛm kae, na wɔanka biribiara a ɛkyerɛ sɛ mfomso wom.—Luka 4:16-21; Asomafo Nnwuma 17:1-3.

a Saa asɛm no nni nsaano nkyerɛwee a edidi so yi mu: Codex Sinaiticus, Codex Alexandrinus, Vatican Manuscript 1209, Latin Vulgate a wodii kan yɛe no, Philoxenian-Harclean Syriac Version, anaa Syriac Peshitta.

b Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm a ebinom frɛ no Apam Foforo no, wɔahu ho nsaano nkyerɛwee ahorow bɛboro 5,000 a ɛwɔ Greek kasa mu.

c Biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ nnipa a na Onyankopɔn de wɔn yɛ adwuma no anyɛ bɔne da. Ɛka sɛ: “Onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bɔne.”—1 Ahene 8:46.

d Bible ma yehu sɛ, nsɛm a ɛwom no, ebi wɔ hɔ a Onyankopɔn kyerɛɛ akyerɛwfo no nsɛm pɔtee a wɔnkyerɛw. Nea aka no nso ɔmaa nnipa a wɔkyerɛwee no huu n’adwene, ɛnna wɔde wɔn nsɛm kyerɛwee.—2 Timoteo 3:16, 17; 2 Petro 1:21.