Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Minya Adwene Sɛ Minkum Me Ho a, Bible Betumi Aboa Me Anaa?

Sɛ Minya Adwene Sɛ Minkum Me Ho a, Bible Betumi Aboa Me Anaa?

Nea Bible ka

 Yiw! “Onyankopɔn a ɔkyekye wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ werɛ” no na ɔma wɔkyerɛw Bible no. (2 Korintofo 7:6) Ɛwom, Bible no nyɛ nhoma a ɛkyerɛkyerɛ ɔkwan a onipa adwene fa so yɛ adwuma no mu, nanso aboa nnipa pii a wonyaa adwene sɛ wobekum wɔn ho no ama wɔayi saa nsusuwii no afi wɔn tirim. Wo nso, Bible mu afotu a mfaso wɔ so no betumi aboa wo.

 Afotu a mfaso wɔ so bɛn na ɛwɔ Bible mu?

  • Ma afoforo nhu sɛnea wote nka.

     Nea Bible aka: “Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.”—Mmebusɛm 17:17.

     Nea ɛkyerɛ: Sɛ dadwen hyɛ yɛn so a, yehia afoforo mmoa.

     Sɛ woanka sɛnea wote nka ankyerɛ obiara na wokyekyere wo haw soa a, wo kɔn mu bebu. Nanso sɛ woma afoforo hu sɛnea wote nka a, ebetumi ama wo ho atɔ wo kakra, na ɛbɛboa wo ama woahu sɛnea wubedi wo haw no ho dwuma.

     Sɔ wei hwɛ: Ɛnnɛ yi ara, ka w’asɛm kyerɛ obi. Ebetumi ayɛ wo busuani anaa w’adamfo bi a wugye no di. a Wubetumi nso akyerɛw sɛnea wote nka no ato hɔ.

  • Ma adɔkotafo mmoa wo.

     Nea Bible aka: “Nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare na wohia.”—Mateo 9:12.

     Nea ɛkyerɛ: Sɛ yɛyare a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ ayaresabea.

     Sɛ obi nya adwenemyare a, ebetumi ama wayɛ n’adwene sɛ obekum ne ho. Adwenemyare te sɛ yare foforo biara; ɛnyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wofɛre ho. Sɛ obi wɔ adwenemyare a, wobetumi asa no yare.

     Sɔ wei hwɛ: Hwehwɛ mmoa fi dɔkota bi a ne ho akokwaw hɔ anim anim yi ara.

  • Kae sɛ Onyankopɔn dwen wo ho.

     Nea Bible aka: “Wɔtɔn nkasanoma anum gye nkaprɛ mma abien, ɛnyɛ saa? Nanso wɔn mu biako mpo nni hɔ a Onyankopɔn werɛ fi no. . . . Munnsuro; mosom bo sen nkasanoma bebree.”—Luka 12:6, 7.

     Nea ɛkyerɛ: Wosom bo ma Onyankopɔn.

     Ebia wote nka sɛ obiara ayi wo baako ahyɛ wo nsa, nanso Onyankopɔn hu nea worefa mu nyinaa. Sɛ wote nka sɛ asetena afono wo, enti wompɛ sɛ wotena nkwa mu bio mpo a, Onyankopɔn dwen wo ho. Dwom 51:17 ka sɛ: “O Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo.” Onyankopɔn mpɛ sɛ wukum wo ho, efisɛ ɔdɔ wo.

     Sɔ wei hwɛ: Susuw nsɛm a ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ wo no ho. Sɛ nhwɛso no, nhoma a yɛde sua Bible a yɛato din Bɛn Yehowa no, hwɛ asɛm a ɛwɔ ti 24 no.

  • Bɔ Onyankopɔn mpae.

     Nea Bible aka: “Montow mo dadwen nyinaa ngu [Onyankopɔn] so, efisɛ odwen mo ho.”—1 Petro 5:7.

     Nea ɛkyerɛ: Sɛnea wote nka ne nneɛma a ɛhyɛ wo so nyinaa, Onyankopɔn pɛ sɛ wufi wo komam ka ho asɛm kyerɛ no.

     Onyankopɔn betumi ama wo koma atɔ wo yam, na wama wo ahoɔden a wode begyina wo haw no ano. (Filipifo 4:6, 7, 13) Sɛ wufi wo koma nyinaa mu bɔ mpae srɛ ne mmoa a, ɔbɛhyɛ wo den.—Dwom 55:22.

     Sɔ wei hwɛ: Bɔ Onyankopɔn mpae nnɛ. Sɛ worebɔ mpae no a, bɔ ne din Yehowa no, na ma onhu sɛnea wote nka ankasa. (Dwom 83:18) Srɛ no sɛ ɔmmoa wo na kɔ so gyina wo haw no ano.

  • Daakye ho anidaso a ɛwɔ Bible mu no, dwinnwen ho.

     Nea Bible aka: “Yɛwɔ saa anidaso yi sɛ ɔkra sɛkyɛ a etim hɔ na ɛyɛ pintinn.”—Hebrifo 6:19.

     Nea ɛkyerɛ: Sɛnea wote nka no betumi ayɛ te sɛ po so hyɛn bi a asorɔkye rebɔ no kɔ nifa ne benkum. Ɛtɔ da a, w’ani betumi agye. Ɛtɔ da nso a, awerɛhow betumi ahyɛ wo so. Ne nyinaa mu no, daakye ho anidaso a ɛwɔ Bible mu no betumi ama wo koma atɔ wo yam.

     Anidaso a Bible ka ho asɛm no nyɛ adaeso bi kɛkɛ. Onyankopɔn ankasa na wahyɛ bɔ sɛ obeyi nneɛma a ɛreteetee yɛn no nyinaa afi hɔ.—Adiyisɛm 21:4.

     Sɔ wei hwɛ: Sua anidaso a ɛwɔ Bible mu no ho ade pii. Hwɛ nhoma a yɛato din Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ!, adesua a ɛto so 5.

  •  Yɛ biribi a w’ani gye ho.

     Nea Bible aka: “Anigye koma sa yare.”—Mmebusɛm 17:22.

     Nea ɛkyerɛ: Sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛma yɛn ani gye a, ebetumi aboa ma yɛn koma atɔ yɛn yam, na ama yɛn ho adwo yɛn.

     Sɔ wei hwɛ: Yɛ biribi a w’ani gye ho. Sɛ nhwɛso no, tie nnwom a emu nsɛm hyɛ nkuran, kenkan nhoma bi a emu nsɛm hyɛ den, anaa di agorɔ bi a w’ani gye ho. Afei nso, yɛ nneɛma fa boa afoforo. Sɛ woyɛ nneɛma nketenkete mpo de boa afoforo a, ɛbɛma w’ani agye pa ara.—Asomafo Nnwuma 20:35.

  • Ma w’apɔwmuden ho nhia wo.

     Nea Bible aka: “Apɔwmuteɛteɛ so wɔ mfaso.”—1 Timoteo 4:8.

     Nea ɛkyerɛ: Sɛ yɛteɛteɛ yɛn apɔw mu, yɛda yiye, na yedi nnuan a ahoɔden wom a, yenya so mfaso.

     Sɔ wei hwɛ: Anyɛ yiye koraa no, fa simma 15 nantew hyewhyew fa teɛteɛ w’apɔw mu.

  • Kae sɛ, sɛnea yɛte nka ne nneɛma a ɛkɔ so wɔ asetena mu no tumi sesa.

     Nea Bible aka: “Munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena.”—Yakobo 4:14.

     Nea ɛkyerɛ: Sɛ ɔhaw bi reteetee wo na wote nka sɛ woyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye mpo a, hu sɛ ebetumi afi hɔ.

     Sɛ worefa ɔhaw bi mu nnɛ, na wote nka sɛ anidaso asa mpo a, kae sɛ ɔkyena, ebetumi asesa. Enti hwehwɛ akwan a wobɛfa so agyina tebea no ano. (2 Korintofo 4:8) Kae sɛ nea worefa mu no betumi asesa, nanso sɛ wunya kum wo ho a, worentumi ntwe nsan.

     Sɔ wei hwɛ: Bible mu nnipa bi a wɔn abam bui a na wɔpɛ sɛ wowu no, kenkan wɔn ho nsɛm na hwɛ sɛnea akyiri yi nneɛma kɔɔ yiye maa wɔn bere mpo a na wɔnhwɛ kwan. Ma yɛnka wɔn mu bi ho asɛm.

 Nnipa bi wɔ Bible mu a na wɔpɛ sɛ wowu anaa?

 Yiw. Bible ma yehu nkurɔfo bi a wɔkaa sɛ wɔpɛ sɛ wowu ho asɛm. Onyankopɔn ankasa antia wɔn, mmom ɔboaa wɔn. Obetumi aboa wo nso.

Elia

  •  Ná ɔyɛ onipa bɛn? Ná Elia yɛ odiyifo bi a ɔwɔ akokoduru. Nanso ɛwom ara a na n’abam tumi bu. Yakobo 5:17 ka sɛ, “Ná Elia yɛ onipa a ɔwɔ nkate te sɛ yɛn ara.”

  •  Adɛn nti na na ɔpɛ sɛ owu? Eduu baabi no, na Elia te nka sɛ obiara ayi ne baako ahyɛ ne nsa. Ná ehu aka no, na na ɔte nka sɛ mfaso biara nni ne so. Enti ɔkaa sɛ: “Yehowa, gye me kra fi me nsam.”—1 Ahene 19:4.

  •  Dɛn na ɛboaa no? Elia kaa sɛnea ɔte nka no ho asɛm kyerɛɛ Onyankopɔn. Dɛn na Onyankopɔn yɛ de hyɛɛ no den? Onyankopɔn maa Elia hui sɛ odwen ne ho, na ɔyɛɛ biribi de kyerɛɛ no sɛ ɔwɔ tumi pa ara. Afei nso, Onyankopɔn maa Elia awerɛhyem sɛ ne so wɔ mfaso, na ɔpaw obi a ɔwɔ ayamye sɛ ɔmmoa no.

  •  Kenkan Elia ho asɛm: 1 Ahene 19:2-18.

Hiob

  •  Ná ɔyɛ onipa bɛn? Ná ɔyɛ osikani bi a ɔwɔ yere ne mma, na na ɔde nokwaredi som Onyankopɔn.

  •  Adɛn nti na na ɔpɛ sɛ owu? Hiob asetena dan butuwii. Ɔhweree n’ahode nyinaa. Atoyerɛnkyɛm bi a esii maa ne mma nyinaa wuwui. Yare bɔne bi nso bɔɔ no. Wei akyi no, ebinom bɔɔ no sobo sɛ nea ɔrefa mu no nyinaa fi no. Hiob kaa sɛ: “Mapo nkwa; merentena ase bio da.”—Hiob 7:16.

  •  Dɛn na ɛboaa no? Hiob bɔɔ Onyankopɔn mpae, na ɔkaa sɛnea ɔte nka no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. (Hiob 10:1-3) Ná n’adamfo bi a ne din de Elihu te no ase, enti ɔhyɛɛ no den, na ɔboaa no ma ohuu nea ɔrefa mu no ani so yiye. Ne nyinaa akyi no, ogyee afotu ne mmoa a Onyankopɔn de maa no no toom.

  •  Kenkan Hiob ho asɛm: Hiob 1:1-3, 13-22; 2:7; 3:1-13; 36:1-7; 38:1-3; 42:1, 2, 10-13.

Mose

  •  Ná ɔyɛ onipa bɛn? Ná ɔyɛ odiyifo nokwafo bi a odii tete Israelfo no anim.

  •  Adɛn nti na na ɔpɛ sɛ owu? Ná nnwuma a egu Mose so no rebu ne kɔn mu, na na ebinom taa kasa tia no. Afei nso na ɔte nka sɛ wabrɛ. Enti osu guu Onyankopɔn so sɛ: “Kum me prɛko.”—Numeri 11:11, 15.

  •  Dɛn na ɛboaa no? Mose kaa sɛnea ɔte nka no ho asɛm kyerɛɛ Onyankopɔn. Nnwuma a na ɛrebu Mose kɔn mu no, Onyankopɔn tew so, na ɛmaa ne ho tɔɔ no.

  •  Kenkan Mose ho asɛm: Numeri 11:4-6, 10-17.

a Sɛ adwene a woanya sɛ kum wo ho no mu yɛ den, na wunni obiara a wobɛka w’asɛm akyerɛ no a, frɛ emergency nɔma ma wɔmmɛboa wo.