Yesaia 41:1-29

  • Obi befi apuei abedi nkonim (1-7)

  • Wɔpaw Israel sɛ Onyankopɔn akoa (8-20)

    • “M’adamfo Abraham” (8)

  • Ɔka kyerɛ anyame a aka no sɛ wɔmfa wɔn adanse mmra (21-29)

41  “Nsupɔw, monyɛ komm ntie me;*Momma aman no nsan nnya wɔn ahoɔden. Momma wɔmmra; afei momma wɔnkasa.+ Momma yenhyia nni asɛm.   Hena na wanyan obi afi apuei,*+Na ɔde trenee afrɛ no aba Ne nan ase,*Sɛ ɔde amanaman bɛhyɛ ne nsa,Na wama wabrɛ ahemfo ase?+ Hena na ɔde ne sekan ama wɔayɛ sɛ mfuturu,Na n’agyan ayɛ wɔn sɛ ntɛtɛwa a mframa ahuw?   Otiw wɔn, na biribiara nsiw no kwanWɔ akwan a ne nan nsii so da so.   Hena na wakeka ne ho ayɛ eyi?Hena na wafrɛ awo ntoatoaso mmaako mmaako fi mfiase? Me, Yehowa, mene Odikanfo;+Na akyikafo mu nso, sɛnea mete ara na mete.”+   Nsupɔw ahu, na wɔasuro. Asaase afanan nyinaa fii ase wosowee. Wotwiw bɛn, wɔba wɔn anim.   Obiara boa ne yɔnko,Na obiara ka kyerɛ ne nua sɛ: “Hyɛ wo ho den.”   Enti odwumfo hyɛ ɔtomfo den;+Nea ɔde hamma* bobɔ dade so ma ɛyɛ tratraa noHyɛ nea ɔbɔ ɔtommo* so no den. Ɔka nnade a wɔasosɔw abom no ho asɛm sɛ: “Eye.” Afei wɔde nnadewa bobom na anhwe fam.   “Na wo, O Israel, woyɛ m’akoa,+Wo, O Yakob, wo na mapaw wo,+M’adamfo Abraham aseni,*+   Wo a mefaa wo fii asaase ano bae,+Wo a mefrɛɛ wo fii n’ahye so akyirikyiri. Meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Woyɛ m’akoa;+Mapaw wo, na mempoo wo.+ 10  Nsuro, efisɛ meka wo ho.+ Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, efisɛ mene wo Nyankopɔn.+ Mɛhyɛ wo den, yiw, mɛboa wo,+Mede me trenee nsa nifa beso wo mu denneennen.’ 11  Hwɛ! Wɔn a wɔn bo afuw wo nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase.+ Wɔn a wɔne wo ko no, wɔbɛbrɛ wɔn ase na wɔahyew wɔn ase.+ 12  Mmarima a wɔne wo di aperepere no, wobɛhwehwɛ wɔn nanso worenhu wɔn;Mmarima a wɔne wo ko no bɛyɛ sɛ biribi a enni hɔ, adehunu bi.+ 13  Efisɛ me, Yehowa wo Nyankopɔn, mikura wo nsa nifa mu.Me na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro. Mɛboa wo.’+ 14  Nsuro, osunson* Yakob,+Israel mmarima, mɛboa mo,” mo Gyefo Yehowa,+ Israel Kronkronni no asɛm ni. 15  “Hwɛ! Mayɛ wo afiri a wɔde porow hwiit,+Ade foforo a wɔde porow hwiit a ɛse wɔ anim ne akyi nyinaa. Wubetiatia mmepɔw so ama abubu pasaa,Na woama nkoko ayɛ sɛ ntɛtɛwa. 16  Wubehuw so,Na mframa behuw akɔ;Ahum bɛbɔ apete. Yehowa mu na wubedi ahurusi,+Na wode Israel Kronkronni no bɛhoahoa wo ho.”+ 17  “Abrɛfo ne ahiafo rehwehwɛ nsu, nanso ebi nni hɔ. Osukɔm nti, wɔn tɛkrɛma so awo.+ Me, Yehowa, megye wɔn so.+ Me, Israel Nyankopɔn, merennyaw wɔn.+ 18  Nkoko a hwee nni so no, mɛma nsubɔnten asen wɔ so,+Na nsuwansuwa atue asaasetraa so.+ Mɛma sare adan ɔtare,*Na asaase a ɛso awo adan asuti.+ 19  Asaase pradadaa so na medua sida dua,Ɔkanto, ohuam dua, ne nku dua.+ Asaase pradadaa so na medua ɔpopaw dua,Ne ɔsɛsɛ dua ne kwabɔhɔrɔ dua,+ 20  Sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa nyinaa behu na wɔate ase,Na wɔatie na wɔahu sɛYehowa nsa na ayɛ eyi,Na Israel Kronkronni no na wabɔ.”+ 21  “Momfa mo asɛm mmɛto gua,” Yehowa na waka. “Momfa mo adanse mmra,” Yakob Hene asɛm ni. 22  “Momfa adanse mmra na monkyerɛ yɛn nea ebesi. Monka kan nneɛma* no ho asɛm nkyerɛ yɛn,Sɛnea ɛbɛyɛ a yebedwinnwen ho* na yɛahu nea ɛbɛba. Nneɛma a ɛreba no nso, monka mma yentie.+ 23  Monka nea ɛbɛba daakye nkyerɛ yɛn,Na yenhu sɛ moyɛ anyame.+ Yiw, monyɛ biribi, papa anaa bɔne,Na sɛ yehu a, yɛn ho adwiriw yɛn.+ 24  Hwɛ! Moyɛ biribi a enni hɔ,Na mo nnwuma yɛ adehunu.+ Obiara a ɔbɛpaw mo no yɛ akyiwade.+ 25  Manyan obi afi atifi fam, na ɔbɛba;+Obi a ofi apuei*+ a ɔbɛbɔ me din, Obetiatia atumfo* so te sɛ dɔte,+Te sɛ nea ɔnwemfo wɔw dɔte no. 26  Hena na ɔkaa eyi ho asɛm fii mfiase, sɛnea ɛbɛyɛ a anka yebetumi ahu?Hena na ɔkaa biribi fii tete, sɛnea ɛbɛyɛ a anka yebetumi aka sɛ, ‘Ɔyɛ ɔnokwafo’?+ Nokwasɛm ne sɛ, obiara nni hɔ a ɔde too gua! Obiara nni hɔ a ɔkae! Obiara ante biribiara amfi mo hɔ!”+ 27  Me na midii kan ka kyerɛɛ Sion sɛ: “Hwɛ! Wɔn ni!”+ Na mɛsoma obi a okura asɛmpa akɔ Yerusalem.+ 28  Na mehwɛe ara, nso manhu obiara.Wɔn mu biara nso nni hɔ a na obetu fo. Na mekae ara sɛ wɔmma me mmuae. 29  Hwɛ! Wɔn nyinaa yɛ biribi a enni hɔ. Wɔn nnwuma yɛ adehunu. Wɔn dade ahoni* yɛ mframa ne biribi a mfaso nni so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “monyɛ komm wɔ m’anim.”
Anaa “owiapuei.”
Kyerɛ sɛ, ɔmmɛsom No.
Anaa “asae; abɔsobaa.”
Ɛyɛ dade bi a ɔtomfo bɔ ne dade wɔ so.
Nt., “aba.”
Kyerɛ sɛ, onni ahobammɔ biara na ɔyɛ mmɔbɔ.
Nt., “ɔtare a demmire afifi wom.”
Nt., “nneɛma a edi kan.”
Anaa “yɛde yɛn koma besi so.”
Anaa “owiapuei.”
Anaa “asoafo; amradofo.”
Anaa “Wɔn ahoni a wɔagu.”