Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɛyɛ Dɛn Atena Ase Daa?

Wobɛyɛ Dɛn Atena Ase Daa?

Nea Bible Ka

 Bible ka sɛ: “Nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ woyɛ?

  •   Sua Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu ho ade. Yesu bɔɔ Nyankopɔn mpae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.” (Yohane 17:3) Dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ na ‘watumi ahu’ Nyankopɔn ne Yesu? Sɛ obi sua Bible na ɔde emu nsɛm no bɔ ne bra a, obetumi ahu wɔn. a Bible no ma yehu Yehowa Nyankopɔn a ɔbɔɔ yɛn, na ɔmaa yɛn nkwa no adwene. (Asomafo Nnwuma 17:24, 25) Bible no san ka ne Ba Yesu ho asɛm. Ɔno na ɔkyerɛkyerɛɛ ‘nsɛm a ɛma daa nkwa.’​—Yohane 6:67-69.

  •   Nya gyidi wɔ Yesu agyede afɔre no mu. Yesu baa asase so ‘bɛsomee na ɔde ne nkwa yɛɛ agyede.’ (Mateo 20:28) Yesu agyede afɔre no nti nnipa betumi atena ase daa wɔ Paradise asase so. b (Dwom 37:29) Yesu kaa sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Kae sɛ, sɛ yegye Yesu tom a, na ɛnsae. Ɛsɛ sɛ yenya ne mu gyidi na yesi gyinae sɛ yɛde ne nsɛm bɛbɔ yɛn bra. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ n’Agya apɛde.​—Mateo 7:21; Yakobo 2:17.

  •   Yere wo ho fa Nyankopɔn adamfo. Onyankopɔn pɛ sɛ yɛbɛn no na yɛbɛyɛ n’adamfo. (Yakobo 2:23; 4:8) Onyankopɔn te hɔ daa. Ɔrenwu da, na ɔpɛ sɛ ne nnamfo nso tena ase daa. Wɔn a wɔhwehwɛ Nyankopɔn nyinaa, ɔnam n’Asɛm so ma wohu nea ɔpɛ sɛ ɔde ma wɔn. Ɔka sɛ: “Mo koma nnya nkwa daa.”​—Dwom 22:26.

Atosɛm a Nkurɔfo Ka Fa Daa Nkwa Ho

 Atosɛm: Nnipa mmɔdenbɔ na ɛbɛma yɛanya daa nkwa.

 Nokwasɛm: Ɛwom nkɔanim a aba wɔ nnuruyɛ mu ama nnipa tumi tena ase kyɛ kakra, nanso ɛrentumi mma yɛntena ase daa. Onyankopɔn nko ara na obetumi ama yɛanya daa nkwa, efisɛ ne “nkyɛn na nkwa nsuti wɔ.” (Dwom 36:9) Wahyɛ bɔ sɛ “ɔbɛmene owu akosi daa” na wama obiara a obedi nokware no daa nkwa.​—Yesaia 25:8; 1 Yohane 2:25.

 Atosɛm: Nnipa a wofi mmusuakuw pɔtee bi mu nko ara na wobenya daa nkwa.

 Nokwasɛm: Onyankopɔn nyiyi nnipa mu. Mmom, “ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.” (Asomafo Nnwuma 10:34, 35) Ɛmfa ho ɔman anaa abusua a obi fi mu no, sɛ otie Nyankopɔn nko ara de a, obetumi anya daa nkwa.

 Atosɛm: Daa nkwa bɛma asetena afono yɛn.

 Nokwasɛm: Onyankopɔn a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma yɛn daa nkwa no, ɔdɔ yɛn na ɔpɛ sɛ yɛn ani gye. (Yakobo 1:17; 1 Yohane 4:8) Onim sɛ, sɛ yɛn ani begye a, yehia adwuma a ɛbɛma yɛn koma atɔ yɛn yam. (Ɔsɛnkafo 3:12) Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ wɔn a wobenya daa nkwa wɔ asase so no, adwuma a wɔbɛyɛ no bɛma wɔn koma atɔ wɔn yam, na wɔne wɔn adɔfo benya so mfaso.​—Yesaia 65:22, 23.

 Afei nso, wɔn a wobenya daa nkwa no bɛkɔ so asua nneɛma foforo afa Ɔbɔadeɛ no ne nneɛma pii a wabɔ no ho. Onyankopɔn bɔɔ nnipa sɛ ɔntena ase daa na onsua ne ho ade. Enti yɛwɔ atenka sɛ yɛbɛtena ase daa. Nanso ‘yɛrentumi nhu nneɛma a nokware Nyankopɔn ayɛ no mu fi mfiase kosi awiei.’ (Ɔsɛnkafo 3:10, 11) Enti wɔn a wobenya daa nkwa no benya nnwuma pa pii ayɛ, na wɔanya nneɛma pii nso asua ho ade.

a Yehowa Adansefo ne nkurɔfo sua Bible a wonnye sika. Wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, hwɛ video a yɛato din Yɛne Obi Sua Bible a, Yɛyɛ no Sɛn?

b Hwɛ asɛm a yɛato din “Yesu Yɛ Agyenkwa​​—Ɔkwan Bɛn So?