Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ne Bɔne?

Dɛn Ne Bɔne?

Nea Bible ka

 Bɔne yɛ nneyɛe, atenka, anaa adwene biara a etia Onyankopɔn mmara. Ebi ne sɛ obi reyɛ biribi a enye anaa ade a ɛnteɛ wɔ Onyankopɔn ani so de abu Onyankopɔn mmara so. (1 Yohane 3:4; 5:17) Bible ka nso sɛ, sɛ obi nim papa na wanyɛ a, ɛno nso yɛ bɔne.—Yakobo 4:17.

 Kasa ahorow a wɔde fii ase kyerɛw Bible no, na nsɛmfua a wɔkyerɛ ase bɔne no ne sɛ “wobɛtow afom.” Ɛho nhwɛso ni. Ná asraafo kuw bi wɔ tete Israel a na wonim ataabo tow araa ma na “wɔntow mfom.” Sɛ wɔkyerɛ saa asɛm yi ase tee a, ebetumi akyerɛ sɛ “wɔrenyɛ bɔne.” (Atemmufo 20:16) Enti, sɛ yɛka sɛ obi ayɛ bɔne a, nea ɛkyerɛ ne sɛ wantumi anni Onyankopɔn mmara a ɛyɛ pɛ no so.

 Onyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ, na ɔno na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ nnipa nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. (Adiyisɛm 4:11) Yebebu yɛn nneyɛe ho akontaa akyerɛ no.—Romafo 14:12.

Obi betumi atena ase a ɔrenyɛ bɔne da?

 Daabi. Bible ka sɛ “wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na wontumi nna Onyankopɔn anuonyam adi.” (Romafo 3:23; 1 Ahene 8:46; Ɔsɛnkafo 7:20; 1 Yohane 1:8) Adɛn nti na ɛte saa?

 Mfiase no, na bɔne nni nnipa mmienu a wodi kan Adam ne Hawa ho. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔbɔɔ wɔn no na wɔyɛ pɛ. Wɔbɔɔ wɔn wɔ Onyankopɔn suban so. (Genesis 1:27) Nanso, wɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden ma enti na wɔnyɛ pɛ bio. (Genesis 3:5, 6, 17-19) Bere a wɔwoo mma no, wɔde bɔne ne sintɔ woo wɔn. (Romafo 5:12) Israel hene Dawid kaa sɛ, “Wɔwoo me no, na bɔne wɔ me ho.”—Dwom 51:5.

Bɔne bi sen bɔne bi anaa?

 Aane. Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ na tete Sodomfo no yɛ “nnebɔneyɛfo a wɔyɛ bɔne akɛse,” na na wɔn bɔne no mu yɛ “duru papaapa.” (Genesis 13:13; 18:20) Yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ɛkyerɛ sɛ bɔne bi mu yɛ duru.

  1.   Sɛnea bɔne no kɛse anaa emu duru te. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn fi bɔne a emu yɛ duru te sɛ aguamammɔ, abosonsom, korɔnbɔ, nsawe, apoobɔ, awudi, ne ahonhonsɛm ho. (1 Korintofo 6:9-11; Adiyisɛm 21:8) Bible ma yehu sɛ bɔne bi wɔ hɔ a emu nyɛ duru te sɛ nea yɛaka ho asɛm no. Obi betumi ayɛ bɔne bere a wanni kan annwene ho anaa wanhyɛ da. Obetumi aka nsɛm bi anaa wayɛ biribi ma apira afoforo. (Mmebusɛm 12:18; Efesofo 4:31, 32) Nanso, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ yebu bɔne bi sɛ ɛnyɛ hwee, efisɛ ebetumi ama yɛayɛ bɔne a emu yɛ duru paa de abu Onyankopɔn mmara so.—Mateo 5:27, 28.

  2.   Adwene a obi de yɛ bɔne. Ebinom yɛ bɔne bere a wonnim nea Onyankopɔn ka fa nea wɔreyɛ no ho. (Asomafo Nnwuma 17:30; 1 Timoteo 1:13) Bible nkyerɛ sɛ bɔne a ɛte saa nyɛ hwee, nanso ɛma yehu sɛ bɔne a ɛte saa no nte sɛ bɔne a obi hyɛ da yɛ de bu Onyankopɔn mmara so. (Numeri 15:30, 31) “Koma bɔne” na ɛma obi hyɛ da yɛ bɔne.—Yeremia 16:12.

  3.   Mpɛn dodow a obi de yɛ bɔne. Bible ma yehu nso sɛ nsonsonoe wɔ bɔne a obi yɛ no pɛnkoro ne sɛ obi atena bɔne mu bere tenten. (1 Yohane 3:4-8) Wɔn a ‘wɔboapa tena bɔne mu’ bere mpo a wɔahu sɛ nea wɔreyɛ no nyɛ no, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.—Hebrifo 10:26, 27.

 Wɔn a wɔyɛ bɔne a emu yɛ duru betumi ahu sɛ wɔn mfomso no rehyɛ wɔn so. Sɛ nhwɛso no, Ɔhene Dawid kyerɛwee sɛ: “Me mfomso aboro me so, na ɛdɛn me sɛ adesoa duruduru.” (Dwom 38:4) Nanso Bible ma yenya saa anidaso yi: “Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan, na onipabɔnefo nsakra n’adwene; ma ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ, ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde bɛkyɛ no aboro so.”—Yesaia 55:7.