Genesis 1:1-31

  • Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asaase (1, 2)

  • Nnansia na ɔde yɛɛ asaase ho adwuma (3-31)

    • Da 1: hann; awia ne anadwo (3-5)

    • Da 2: ewim (6-8)

    • Da 3: asaase kesee ne afifide (9-13)

    • Da 4: nkanea a ɛwɔ wim (14-19)

    • Da 5: mpataa ne nnomaa (20-23)

    • Da 6: mmoa a wɔwɔ asaase so ne nnipa (24-31)

1  Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asaase.+  Ná asaase no wɔ hɔ kwa a wunhu n’adeban,* na esum kata nsu* no ani,+ na na Onyankopɔn honhom*+ redi akɔneaba wɔ nsu no ani.+  Na Onyankopɔn kae sɛ: “Hann mmra.” Ɛnna hann bae.+  Afei Onyankopɔn hui sɛ hann no ye, na Onyankopɔn fii ase kyɛɛ hann ne sum no mu.  Onyankopɔn frɛɛ hann no Awia,* na esum no de, ɔfrɛɛ no Anadwo.*+ Ade sae na ade kyee; da a edi kan ni.  Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Ewim+ mmra nsu no ntam, na ɛmmɛpae nsu ne nsu no mu.”+  Enti Onyankopɔn maa wim bae, na ɛpaee nsu no mu ma ebi kodii soro na ebi kaa fam.+ Na ɛyɛɛ saa.  Onyankopɔn frɛɛ wim no Ɔsoro. Ade sae na ade kyee; da a ɛto so abien ni.  Na Onyankopɔn kae sɛ: “Nsu a ɛwɔ ɔsoro ase no mmoaboa ano wɔ faako na asaase kesee nyi ne ho.”+ Na ɛyɛɛ saa. 10  Onyankopɔn frɛɛ baabi a ɛyɛ kesee no Asaase,+ na ɔfrɛɛ nsu a aboaboa ano no Ɛpo.+ Na Onyankopɔn hui sɛ eye.+ 11  Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Asaase mfifi nwura frɔmfrɔm, afifide a ɛsow aba ne nnua a ɛsow aba; emu biara nsow aba wɔ asaase so sɛnea ne su te.” Na ɛyɛɛ saa. 12  Na nwura frɔmfrɔm fii ase fifii asaase so, afifide a ɛsow aba+ ne nnua a ɛsow aba; emu biara sow aba sɛnea ne su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. 13  Ade sae na ade kyee; da a ɛto so abiɛsa ni. 14  Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Nkanea*+ mmra wim wɔ ɔsoro na ɛnkyɛ awia ne anadwo mu;+ na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne na ɛnkyerɛ mmere ne nna ne mfe.+ 15  Ɛbɛyɛ nkanea wɔ wim na ahyerɛn asaase so.” Na ɛyɛɛ saa. 16  Na Onyankopɔn yɛɛ* nkanea akɛse abien, kanea kɛse paa no hyerɛn awia+ na ketewa no hyerɛn anadwo, na ɔyɛɛ nsoromma nso.+ 17  Enti Onyankopɔn de sensɛn soro sɛ ɛnhyerɛn asaase so, 18  sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛhyerɛn awia ne anadwo* na akyɛ hann ne esum mu.+ Na Onyankopɔn hui sɛ eye. 19  Ade sae na ade kyee; da a ɛto so anan ni. 20  Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Abɔde* a nkwa wom nyɛ nsu no mu manyamanya na ntuboa nso ntu mfa asaase so wɔ wim.”+ 21  Na Onyankopɔn bɔɔ ɛpo mu mmoa akɛse ne abɔde* a nkwa wom a wɔnenam nsu mu manyamanya nyinaa sɛnea wɔn su te, ne ntuboa a wɔwɔ ntaban nyinaa sɛnea wɔn su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. 22  Afei Onyankopɔn hyiraa wɔn kae sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ ɛpo mu ma,+ na ntuboa nso nnɔɔso wɔ asaase so.” 23  Ade sae na ade kyee; da a ɛto so anum ni. 24  Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Abɔde* a nkwa wom mmra asaase so sɛnea wɔn su te, afieboa ne mmoa a wɔwea* ne wuram mmoa sɛnea wɔn su te.”+ Na ɛyɛɛ saa. 25  Na Onyankopɔn yɛɛ wuram mmoa sɛnea wɔn su te, ne afieboa sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea asaase so nyinaa sɛnea wɔn su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. 26  Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Ma yɛnyɛ+ onipa wɔ yɛn suban+ so sɛnea yɛte;+ ma wonnya asaase nyinaa so tumi, na wonnya ɛpo mu mpataa, wim ntuboa, afieboa, ne mmoa a wɔwea asaase so nyinaa so tumi.”+ 27  Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no; ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.+ 28  Afei Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asaase so ma+ na munnya so tumi,+ na ɛpo mu mpataa ne wim ntuboa ne abɔde a nkwa wom a wɔnenam asaase so nyinaa, munnya wɔn so tumi.”+ 29  Ɛnna Onyankopɔn kae sɛ: “Mede afifide a ɛsow aba wɔ asaase so nyinaa ne nnua a ɛsow aba nyinaa ama mo. Ɛnyɛ aduan mma mo.+ 30  Afei wuram mmoa nyinaa ne wim ntuboa nyinaa ne asaase so abɔde biara a nkwa wom* no, mede nhaban momono nyinaa ama wɔn sɛ ɛnyɛ wɔn aduan.”+ Na ɛyɛɛ saa. 31  Afei Onyankopɔn hwɛɛ biribiara a wayɛ, na ohui sɛ, eye paa!+ Ade sae na ade kyee; da a ɛto so asia ni.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔ hɔ kwa a hwee nni so.”
Anaa “subun; nsu a ɛrebu fa so.”
Anaa “Onyankopɔn adeyɛ tumi; tumi a Onyankopɔn de yɛ ade.”
Anaa “Adekyee.”
Anaa “Adesae.”
Kyerɛ sɛ, owia, ɔsram, ne nsoromma.
Ɛsono Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase “yɛɛ” no, ɛnna ɛsono nea wɔakyerɛ ase “bɔɔ” wɔ nkyekyɛm 1, 21, 27, ne 2:3 no. Asɛmfua “yɛɛ” no betumi akyerɛ biribi a obi resiesie anaa ɔreyɛ ho adwuma.
Nt., “ebedi awia ne anadwo so.”
Anaa “Akra.”
Anaa “akra.”
Anaa “Akra.”
Anaa “mmoa a wɔtwe wɔn ho ase.” Ebi ne ɔwɔ, ɔketew, ne mmoa foforo a wɔn nso twe wɔn ho ase.
Anaa “ɔkra; ɔkra teasefo.”