Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SUASUA WƆN GYIDI | MARIA MAGDALENE

“Mahu Awurade!”

“Mahu Awurade!”

 Maria Magdalene ama ne ti so rehwɛ soro, na ɔrepopa n’anim nisu. Ne Wura a ɔpɛ n’asɛm paa no, ɔno na afei de wɔabɔ no asɛndua mu yi. Asɛm no sii no, na ɛyɛ awia mu hɔ baabi, na na ɛyɛ fefɛw bere. Nanso, na ‘esum aba asaase no nyinaa so’! (Luka 23:44, 45) Ɔtwee ne ntama kataa ne kɔn mu, na otwiw bɛn mmea bi a na wɔabɔ kyenku gyina hɔ. Yenim sɛ ɛwom ara a, bosome tumi kyere owia ma esum ba awia ketee. Ɛno mpo no, simma kakraa bi akyi, na owia no asan ayi ne ti. Nanso esum wei de, edii nnɔnhwerew pɔrepɔre mmiɛnsa, enti na ɛnyɛ ɔsram na akyere owia. Ɛbɛyɛ sɛ Maria ne wɔn a wɔgyina Yesu nkyɛn no tee anadwo-boa sũ, mmoa a ɛyɛ den sɛ yɛbɛte wɔn nka awia. Wɔn a wɔgyinagyina hɔ no bi ‘bɔɔ hu kɛse, na wɔkaa sɛ: “Ampa ara, Onyankopɔn Ba ni.”’ (Mateo 27:54) Ɛbɛyɛ sɛ Yesu akyidifo ne afoforo a na wɔwɔ hɔ no nyaa adwene sɛ, Yehowa rema wɔahu sɛ ne werɛ ahow, na atirimɔdensɛm a nkurɔfo no de ne Ba no refa mu no, n’ani nnye ho.

 Ná Maria Magdalene hwɛ Yesu a, ɛnhwɛ, nanso ofi hɔ a na ɛnyɛ yiye. (Yohane 19:25, 26) Ɛyaw a ɛbɛyɛ sɛ na Yesu refa mu no, yɛrennya nsɛm mpo na yɛde akyerɛ mu. Yesu maame nso, na ohia awerɛkyekye ne nkuranhyɛ.

 Ná Yesu ayɛ bi ama Maria Magdalene paa, enti na ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔno nso yɛ nea obetumi biara ma no. Bere bi a atwam no, na Maria asɛm yɛ mmɔbɔ paa, na na obiara mfa no nyɛ hwee. Nanso, na Yesu ama Maria abrabɔ asesa koraa. Afei de, na nkurɔfo di no ni, na na n’abrabɔ abɛyɛ nea mfaso wɔ so. Ná wabenya gyidi kɛse paa. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa? Na dɛn na yebetumi asua afi gyidi a ɔdaa no adi no mu nnɛ?

‘Wɔde Wɔn Ahode Som Wɔn’

 Bere a edi kan a Maria Magdalene ho asɛm puee Bible mu no, na Yesu ayɛ ade kɛse bi ama no. Ɔhaw bi a na Maria refa mu no, na ɛyɛ hu papaapa, na na ogye ne ho a, ennye. Nanso Yesu ma ɔdee ne ho. Saa bere no, na ahonhommɔne tumi hyɛ nkurɔfo so paa. Ná saa ahonhommɔne yi tumi teetee nnipa bebree, na ɛtɔ da mpo a wɔtumi kɔtena obi mu de no yɛ nea wɔpɛ. Ɔkwan a ahonhommɔne no de Maria Magdalene faa so de, yɛrentumi nkyerɛ; nea yenim ara ne sɛ ahonhommɔne a wɔn tirim yɛ den na wɔn bra asɛe no, na emu nson agye Maria abɔ so. Nanso Yesu Kristo adaworoma nti, wɔn nyinaa tu fii ne mu!—Luka 8:2.

 Afei de, na Maria ade ne ho, na ahotɔ bi a na wanya no, yɛnka. Enti, na ɔrebɛhyɛ abrabɔ foforo ase. Dɛn na na ɔbɛyɛ de akyerɛ sɛ n’ani sɔ nea Yesu ayɛ ama no no? Ɔbɛyɛɛ Yesu kyidini mapa, na ɔyɛɛ Yesu ne n’asomafo no mmoa. Ná Yesu ne n’asomafo no hia aduan, ntaade, ne baabi a ade sa a, wɔde wɔn ti bɛto. Ná wɔnyɛ asikafo, na saa bere no nso, na wɔnyɛ adwuma mpɛ sika. Enti sɛ wɔbetumi de wɔn adwene asi Onyankopɔn asɛm a wɔka no so a, na wɔhia obi a ɔbɛboa wɔn ama wɔn nsa aka nneɛma a wɔhia wɔ wɔn asetena mu.

 Maria ne mmea bi boaa wɔn ma wɔn nsa kaa saa nneɛma no. Mmea no de “wɔn ahode som wɔn.” (Luka 8:1, 3) Wɔn mu bi wɔ hɔ a, ɛbɛyɛ sɛ na wɔn nsam wɔ bi. Bible no nka sɛ na saa mmea yi noa aduan ma Yesu ne n’asomafo no, wɔhoro wɔn ntaade, anaa ansa na wɔbedu akuraa bi ase no, wɔdi kan kɔpɛ baabi a wɔbɛda ma wɔn. Nanso yenim sɛ wɔfi wɔn pɛ mu boaa mmarima bɛyɛ 20 a na wɔkyinkyin ka asɛmpa no. Akyinnye biara nni ho sɛ, adwumaden a saa mmea yi yɛe de boaa Yesu ne n’asomafo no, ɛboaa wɔn ma wɔtumi de wɔn adwene nyinaa sii Onyankopɔn asɛm a na wɔreka no so. Ɛwom, na Maria nim sɛ nea Yesu ayɛ ama no no, ɔrentumi ntua no ka da. Nanso na n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara ama no!

 Ɛnnɛ, sɛ obi yɛ adwuma a ɛba fam de boa afoforo a, ebia nnipa pii bebu no animtiaa. Nanso Onyankopɔn de, ɔnte saa. Enti bere a ohui sɛ Maria atu ne ho ama reyɛ nea obetumi biara de aboa Yesu ne n’asomafo no, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei! Ɛnnɛ nso, Kristofo anokwafo pii fi wɔn pɛ mu yɛ nnwuma a ɛba fam de boa afoforo. Sɛ wode w’ani to fam na wuhu biribi a obi hia na woyɛ ma no anaa mpo woka asɛmdɛ bi kyerɛ no a, ebetumi ahyɛ no nkuran paa. Sɛ obi yɛ saa a, Yehowa ani sɔ paa.—Mmebusɛm 19:17; Hebrifo 13:16.

‘Na Ogyina Yesu Asɛndua No Ho’

 Bere a Yesu rekɔ Yerusalem akodi Twam afahyɛ no wɔ afe 33 Y.B. mu no, na Maria Magdalene ka mmea bebree a wɔne no kɔe no ho. (Mateo 27:55, 56) Bere a ɔtee sɛ wɔakyere Yesu adi n’asɛm anadwo no ara no, yebetumi aka sɛ asɛm no haw no paa. Anso hɔ ara. Amrado Pontio Pilato maa Yudafo nyamesom akannifo no ne nnipadɔm a akannifo no asɛe wɔn adwene no piapiaa no ara ma obuu Yesu kumfɔ. Ɔhyɛe sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu nkum no yayaayaw. Ɛbɛyɛ sɛ Maria huu ne Wura a mogya repram no na wayɛ hahaaha no sɛ ɔsõ dua tenten a wɔde rekɔbɔ no asɛndua mu no. Wutumi hu sɛ na ɔrebrɛ paa efisɛ ɔrekɔ nyinaa ɛbɛyɛ sɛ na dua no retwiw fam.—Yohane 19:6, 12, 15-17.

 Awia mu hɔ baabi, bere a esum baa baabi a wɔrekum Yesu no, na Maria Magdalene ne mmea foforo gyinagyina “Yesu asɛndua no ho.” (Yohane 19:25) Ogyinaa hɔ ara kosii sɛ Yesu wui. Enti bere a Yesu ka kyerɛɛ Yohane, ɔsomafo a ɔdɔ no no sɛ ɔnhwɛ ne maame so mma no no, na Maria wɔ hɔ bi, na bere a Yesu refa ɛyaw mu na osũ frɛɛ n’Agya no nso, ɔtee. Afei, ansa na Yesu rebewu no, asɛm a etwa to a ɔka de kyerɛe sɛ wadi nkonim no nso, ɔtee. Yesu kaa sɛ, “Asa.” Ná Maria gye ne ho a ennye. Nanso, bere a Yesu wui akyi mpo no, na ɔda so ara wɔ hɔ. Osikani bi a ofi Arimatea a wɔfrɛ no Yosef kɔfaa Yesu amu no kɔtoo ɔda foforo bi a watwa mu. Ɛno mpo no, Maria ankɔpɛ ne baabi antena. Ɔtwɛn wɔ ɔda no ho.—Yohane 19:30; Mateo 27:45, 46, 57-61.

 Nea Maria yɛe no kae yɛn nea yebetumi ayɛ bere a yɛn nuanom a yɛne wɔn som Onyankopɔn refa ɔhaw bi a emu yɛ den mu no. Ebia yɛrentumi nsiw ɔhaw no ano, na ɛyaw a wɔrefa mu no nso, yɛrentumi nyi mfi hɔ. Nanso, yebetumi ama wɔahu sɛ yedwen wɔn ho, na sɛnea ɛte biara no, yɛrennyaw wɔn. Sɛ obi hyia ɔhaw bi a emu yɛ den na sɛ ne nnamfo kɔ so bata ne ho a, ebetumi aboa no ama wagyina ɔhaw no ano. Sɛ yɛn adamfo bi refa ɔhaw mu na yɛkɔ so taa n’akyi denneennen a, ebetumi akyekye ne werɛ paa, na ɛbɛkyerɛ nso sɛ yɛn gyidi sõ.—Mmebusɛm 17:17.

Yesu maame nyaa awerɛkyekye fii Maria Magdalene hɔ

‘Mɛkɔ akɔfa No Akɔ’

 Bere a wɔde Yesu kɔtoo ɔda no mu no, Maria ne mmea foforo bi siesiee aduhuam sɛ akyiri yi wɔde bɛkɔ akɔsra Yesu amu no. (Marko 16:1, 2; Luka 23:54-56) Homeda no akyi no, ɔsɔree anɔpatutuutu. Wo de hwɛ sɛ anim ntetewee, na ɔne mmea a wɔka ne ho no nam ɔkwan a ɛso ayɛ sum no so de wɔn ani akyerɛ Yesu da no so. Bere a wɔnam kwan so rekɔ no, na wɔredwinnwen ho sɛ, wɔkodu a, wɔbɛyɛ dɛn apia ɔbo kɛse no afi ɔda no ano. (Mateo 28:1; Marko 16:1-3) Nanso wɔanka sɛ ɛno nti wɔresan wɔn akyi. Gyidi a na wɔwɔ nti, wɔyɛe sɛ wɔbɛyɛ nea wɔbetumi na wɔagyaw nea aka no ahyɛ Yehowa nsa.

 Ɛbɛyɛ sɛ Maria na odii kan duu ɔda no so. Oduu hɔ no, ogyinaa prɛko pɛ, na ɔbɔɔ birim. Ná wɔayi ɔbo no afi ɔda no ano, na na Yesu amu no nso nni mu! Ná Maria nyɛ obi a ɔyɛ nkokoaasa, enti ɛhɔ ara na osoo mmirika mu kɔbɔɔ Petro ne Yohane amanneɛ sɛ nea wahu ni. Wo de, fa w’adwene bu sɛ ɔretee so na ɔrebɔ amanneɛ sɛ: “Wɔayi Awurade afi ɔda no mu, na yennim baabi a wɔde no akɔto”! Ɛhɔ ara na Petro ne Yohane bɔɔ hwii kɔɔ ɔda no so. Wɔkoduu hɔ no, wɔhui sɛ ampa, amu no nni hɔ, na wɔsan kɔɔ wɔn fie. aYohane 20:1-10.

 Maria san kɔɔ ɔda no so, na ɔno nko ara kogyinagyinaa hɔ. Saa anɔpatutuutu no, na ɔda no so ayɛ dinn, na ɔto n’ani nso a na onhu obiara. Afei de, na awerɛhow aguare no, na ɔbɔ n’ani a nisu nko ara. Odwen ho a, na ɔnte ase sɛ Awurade nni ɔda no mu. Enti ɔbɔɔ ne mu ase sɛ ɔrehwɛ mu, na nea ohui no maa ne ho dwiriw no paa. Ɔnkɔhwɛ a, abɔfo mmienu a wɔhyɛ ntaade fitaa na wɔte hɔ yi! Wɔbisaa no sɛ, “Adɛn nti na woresu?” Ná n’adwene atu afra, na onhu nea ɔnka, enti asɛm a ɔka kyerɛɛ asomafo no, ɛno ara na ɔka kyerɛɛ wɔn nso. Ɔkaa sɛ: “Wɔafa me Wura kɔ, na minnim baabi a wɔde no akɔto.”—Yohane 20:11-13.

 Bere a otwaa n’ani hwɛɛ n’akyi no, ohui sɛ ɔbarima bi gyina hɔ. Ná onhu nipa ko, enti na ɛyɛ no sɛ ɔno na ɔhwɛ turom hɔ. Ɔbarima no bisaa no bɔkɔɔ sɛ: “Ɔbea, adɛn nti na woresu? Hena na worehwehwɛ no?” Maria buaa no sɛ, “Owura, sɛ woafa no afi ha a, kyerɛ me baabi a wode no akɔto na menkɔfa no nkɔ.” (Yohane 20:14, 15) Wo de susuw nea ɔkae no ho hwɛ. Ná Yesu Kristo yɛ ɔbarima a osi pi si ta. Enti wohwɛ a, na saa ɔbea yi nko ara betumi ama n’amu no so? Ɛno mpo de, na Maria nhwɛ hɔ koraa. Nea na ɔpɛ sɛ ɔyɛ ara ne sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi.

‘Mɛkɔ akɔfa no akɔ’

 Sɛ yehyia ɔhaw ne amanehunu bi a ɛte sɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so a, yebetumi asuasua Maria Magdalene anaa? Sɛ yɛde yɛn adwene si yɛn mmerɛwyɛ ne nea yɛrentumi nyɛ nko ara so a, anhwɛ a ehu bɛkyekyere yɛn na yɛatenatena ɔhaw no ho saa ara. Nanso sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nea yɛn ahoɔden betumi, na yɛagyaw nea aka no ama yɛn Nyankopɔn a, nneɛma a yɛbɛyɛ no, anhwɛ a ɛbɛyɛ yɛn nwanwa mpo. (2 Korintofo 12:10; Filipifo 4:13) Nea ɛkyɛn ne nyinaa no, Yehowa ani bɛsɔ yɛn. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa ani sɔɔ Maria, na ɔkwan a ɔfaa so hyiraa no no, na ɔnhwɛ kwan koraa.

“Mahu Awurade!”

 Ɔbarima a na ogyina Maria anim no, na ɛnyɛ ɔno na ɔhwɛ turom hɔ. Saa ɔbarima yi de, bere bi na ɔyɛ kapentani, akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo, na ɔno ara nso na ɔbɛyɛɛ Maria Wura a na ɔpɛ n’asɛm no. Nanso Maria anhu no, na ɔdan ne ho sɛ ɔrekɔ. Nokwasɛm ne sɛ, na wɔanyan Yesu sɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi. Nanso na Maria nhwɛ kwan koraa. Esiane sɛ na Yesu abɛyɛ honhom nti, ɛyɛ a na ɔdan ne ho fa honam nipadua, nanso ɛnyɛ nipadua a ɔde bɔɔ afɔre no na Maria hui no. Nea ɛwom ne sɛ, Yesu wusɔre akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔnim no yiye paa no, nanso mpɛn pii no, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno.—Luka 24:13-16; Yohane 21:4.

 Dɛn na Yesu yɛe a ɛmaa Maria hui sɛ ɛyɛ ɔno? Ɛyɛ ɔkwan a ɔfaa so kaa asɛmfua baako pɛ yi. Ɔkaa sɛ: “Maria!” Prɛko pɛ na Maria dan ne ho teɛɛm sɛ “Rabuni!” Ná wei yɛ Hebri asɛmfua bi, na ɛda adi sɛ na ɔtaa de frɛ Yesu paa. Ne Kyerɛkyerɛni a ɔpɛ n’asɛm no na na ogyina hɔ yi! Anigye hyɛɛ Maria ma! Osoo Yesu mu, na na ɔmpɛ sɛ ogyaa no ma ɔkɔ.—Yohane 20:16.

 Yesu huu Maria adwene, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Gyaa me mu.” Yebetumi de yɛn adwene abu sɛ Yesu atɔ ne bo ase reka saa asɛm yi akyerɛ Maria. Ebi mpo a, ɔserew kyerɛɛ no kakra, na osoo ne nsa twee no brɛoo ma ogyaa ne mu, na ɔmaa no awerɛhyem sɛ: “Minnya nkɔɔ Agya no hɔ.” Ná bere nnya nsoe sɛ ɔbɛkɔ soro. Ná ɔda so ara wɔ adwuma yɛ wɔ asaase so, na na ɔpɛ sɛ Maria boa no. Ɔrekasa nyinaa, na Maria nso ayɛ aso retie no. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ me nuanom nkyɛn, na kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Merekɔ m’Agya ne mo Agya, ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.’”—Yohane 20:17.

 Wei de, na ɛyɛ adwumasono paa na ne Wura de ahyɛ ne nsa no! Yesu asuafo a wɔdii kan huu no bere a onyan fii awufo mu no, na Maria ka ho, na afei na wanya hokwan nso sɛ ɔbɛka saa asɛmpa yi akyerɛ afoforo. Wo de, hwɛ anigye ne ahokeka a ɔde kɔhwehwɛɛ Yesu asuafo no. Twa ne ho mfoni sɛ ɔretee so na ɔrebɔ wɔn amanneɛ sɛ: “Mahu Awurade!” Mfe pii akyi mpo no, ɛbɛyɛ sɛ ɔne asuafo no werɛ amfi saa asɛm no da. Nea Yesu kae nyinaa, ɔka kyerɛɛ wɔn. Ɔrekasa nyinaa na anigye ahyɛ no ma, enti ɛbɛ yɛ sɛ na ɔrekasa ntɛmntɛm. (Yohane 20:18) Mmea a wɔkɔɔ Yesu da no so no, na ebi adi kan akɔbɔ asuafo no amanneɛ sɛ Yesu anyan, enti Maria bɛka too wɔn de no so.—Luka 24:1-3, 10.

“Mahu Awurade!”

“Wɔannye Mmea No Anni”

 Mmarima no yɛɛ wɔn ade sɛn? Ahyɛase no, wɔamfa mmea no asɛm anyɛ asɛm. Bible no ka sɛ: “Nsɛm yi yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm bi, na wɔannye mmea no anni.” (Luka 24:11) Ɛnyɛ sɛ na saa mmarima yi nni adwempa, nanso baabi a wɔtetee wɔn no, na nkurɔfo nnye mmea nni. Rabifo atetesɛm bi kyerɛ sɛ na ɔbea rentumi nni adanse wɔ asɛnnibea. Ebia na asomafo no nhyɛɛ no nsow sɛ wɔn amammerɛ adidi wɔn mu saa. Nanso Yesu ne n’Agya de, ɛba no nnipa mu nyiyim a, worennya wɔn. Wo de hwɛ hokwan soronko a wɔde maa ɔbea nokwafo yi!

 Ɛda adi sɛ Maria amma nea mmarima no yɛe no anhaw no. Ná onim sɛ ne Wura gye no di, na na ɛno ara dɔɔso ma no. Yesu akyidifo nyinaa nso, wɔde asɛm bi asoma wɔn. Bible ka sɛ ɛno ne “Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa” no. (Luka 8:1) Yesu anhyɛ n’akyidifo bɔ sɛ obiara begye wɔn adi, anaa obiara ani bɛsɔ adwuma a wɔreyɛ no. Mmom ɔkaa sɛ nkurɔfo ani rennye wɔn ho. (Yohane 15:20, 21) Enti ehia sɛ Kristofo kae Maria Magdalene. Ɛmfa ho sɛ ɔno ara ne nuanom a ɔne wɔn som Onyankopɔn annye no anni no, wamma ɛno ansɛe n’anigye. Asɛmpa a ɛne sɛ Yesu anyan no, ɔkɔɔ so ara kaa ho asɛm!

 Akyiri yi, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ n’asomafo no, na bere rekɔ so no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’akyidifo no mu pii. Bere bi mpo de, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’akyidifo bɛboro 500 bere koro mu! (1 Korintofo 15:3-8) Ɛda adi sɛ bere biara a Yesu yii ne ho adi no, ɛhyɛɛ Maria gyidi den paa. Sɛ na ɔwɔ hɔ bi na Yesu yii ne ho adi oo, sɛ nso ɔtee ho asɛm oo, ne nyinaa mu no, ɛhyɛɛ no den. Bere a wɔhwiee honhom kronkron guu Yesu akyidifo a na wɔahyiam so wɔ Yerusalem wɔ Pentekoste afahyɛ no ase no, ɛbɛyɛ sɛ, na Maria Magdalene ka mmea a wɔwɔ hɔ no ho.—Asomafo Nnwuma 1:14, 15; 2:1-4.

 Yebetumi aka sɛ, Maria Magdalene kuraa ne gyidi mu ne nkwa nna nyinaa. Momma yɛn mu biara nsi ne bo sɛ ɔbɛyɛ saa ara! Sɛ yɛkyerɛ nneɛma a Yesu ayɛ ama yɛn nyinaa ho anisɔ, yɛboa afoforo, na yɛde yɛn ho to Nyankopɔn so sɛ ɔbɛboa yɛn a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Maria Magdalene gyidi.

a Mmea a wɔne Maria kɔɔ ɔda no so no hyiaa ɔbɔfo bi. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no sɛ Kristo anyan. Saa bere no, biribiara kyerɛ sɛ na Maria afi ɔda no so. Ɛnyɛ saa a, anka Maria bɛka akyerɛ Petro ne Yohane pɛɛ sɛ wahyia ɔbɔfo bi, na ɔbɔfo no ama wahu nea enti a Yesu amu no nni ɔda no mu.—Mateo 28:2-4; Marko 16:1-8.