Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Wɔn Gyidi​—Mmarima Ne Mmea a Wɔwɔ Bible Mu

Efi Adebɔ So Besi Nsuyiri No So

Habel​—“Ɛwom sɛ Wawu De, Nanso Ɔda so Kasa”

Ɛwom sɛ Bible nka Habel ho nsɛm pii de, nanso dɛn na yebetumi asua afi ɔno ne ne gyidi ho asɛm no mu?

Enok: ‘Ɔsɔɔ Onyankopɔn Ani’

Wowɔ abusua a worehwɛ wɔn anaa? Ɛtɔ da a, yehu sɛ wei na ɛfata sɛ yɛyɛ, nso wobɛhwɛ na ayɛ den ama yɛn. Sɛ saa a, Enok gyidi no betumi aboa wo.

Noa—Ɔne “Nokware Nyankopɔn Nantewee”

Nsɛnnennen bɛn na Noa ne ne yere hyiae wɔ wɔn mma no ntetee mu? Dɛn nti na na ehia sɛ wonya gyidi na ama wɔatumi ayɛ adaka no?

Wɔkoraa Noa ne “Nnipa Baason So”

Bere a asɛnkɛse a na ebi mmae da sii wiase no, ɛyɛɛ dɛn na wɔkoraa Noa ne n’abusua so?

Efi Nsuyiri No So Kosi Bere a Wofii Egypt

Abraham​—Wɔn a “Wɔwɔ Gyidi Nyinaa Agya”

Dɛn na Abraham yɛe de kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi? Nneɛma bɛn na wopɛ sɛ woyɛ de suasua Abraham gyidi no?

Sara: “Woyɛ Ɔbea a Wo Ho Yɛ Fɛ”

Woduu Egypt no, Farao ahemfie mpanyimfo no bi huu sɛ Sara ho yɛ fɛ yiye. Nea esii akyiri yi no bɛyɛ wo nwonwa.

Onyankopɔn Frɛɛ No “Ɔhemmaa”

Adɛn nti na na Sara din foforo no fata no?

Rebeka: “Mɛkɔ”

Gyidi da nkyɛn a, Rebeka daa su horow soronko pii adi.

“Mesrɛ Mo, Muntie Dae a Maso Yi”

Yosef abusua no, na emu nsɛm dɔɔso, nanso ɛnnɛ, mmusua a mmanoma wom betumi asua biribi a ɛho hia afi saa abusua no mu.

“Ɛbɛyɛ Dɛn na Matumi Adi Amumɔyɛsɛm a Ɛte Sɛɛ?”

Bere a Potifar yere bɔɔ mmɔden biara sɛ ɔne Yosef bɛda no, ɛyɛɛ dɛn na Yosef tumi dii nkonim?

“Ɛnyɛ Onyankopɔn na Ɔkyerɛ Daeɛ Ase?”

Dɛn na ɛmaa Yosef de akokoɔduro kyerɛɛ Egypt nsahyɛfoɔ panin no, paanootofoɔ panin no, ne Farao daeɛ no ase? Ɛyɛɛ dɛn na Yosef firii afiase hɔ kɔɔ ahemfie prɛko pɛ?

“Mɛtumi Agyina Onyankopɔn Ananmu Anaa?”

Sɛ nitan, anibere, anaa ahoɔyaw ama asomdwoe atu ayera wɔ abusua wowɔ mu a, Yosef ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no bɛtumi aboa wo.

Hiob—“Merennyaa Me Mũdi Mu Da!”

Sɛ yɛrefa ɔhaw anaa ateetee mu, anaa yɛrehyia sɔhwɛ foforo biara a, sɛn na Hiob ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no betumi aboa yɛn ama yɛagyina mu?

Hiob—Yehowa Tuu Ɛyaw a Na Ɔrefa Mu No Ase

Sɛ yesuasua Hiob gyidi no a, ɛbɛhyɛ Satan abufuw, nanso Yehowa a ɔdɔ yɛn no de, n’ani begye paa!

Miriam—“Monto Dwom Mma Yehowa”!

Yehowa de ne honhom kaa odiyifobea Miriam ma odii Israelfo mmea anim ma wɔtoo nkonimdi dwom wɔ Po Kɔkɔɔ no ho. Yɛhwɛ sɛnea ɔbɔɔ ne bra a, yebetumi asua akokoduru, gyidi, ne ahobrɛase.

Efi Bere a Wofii Egypt Kosi Israel Hene a Odi Kan So

‘Wɔnam Nnwuma so Buu Rahab Bem’

Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Rahab asɛm no kyerɛ yɛn sɛ Yehowa bu obiara sɛ ne ho hia? Dɛn na yebetumi asua afi ne gyidi no mu?

“Mesɔree sɛ Ɔbaatan wɔ Israel”

Dɛn na Bible mu asɛm a ɛfa Debora, Barak, ne Israel asraafo ho no ma yɛhu fa gyidi ne akokoduru ho?

Rut​—“Baabi a Wobɛkɔ No, Ɛhɔ na Mɛkɔ”

Dɛn nti na na Rut pɛ sɛ ogyaw n’abusua ne man hɔ? Su ahorow bɛn na ɔdaa no adi a ɛmaa Yehowa ani begyee ne ho?

Rut​—“Ɔbea Pa”

Dɛn nti na na Rut ne Boas aware no ho hia? Abusua ho nsɛm bɛn na yebetumi asua afi Rut ne Naomi hɔ?

Samuel —‘Onyinii Yehowa Anim’

Dɛn na ɛmaa Samuel mmofraberem yɛɛ soronko? Dɛn na ɛma onyaa gyidi kɛse bere a na ɔwɔ asɔrefie hɔ no?

Samuel—Wampa Abaw Ɛmfa Ho sɛ Wodii no Huammɔ

Yɛn nyinaa hyia amanehunu ne huammɔdi a etumi sɔ yɛn gyidi hwɛ. Dɛn na yebetumi asua afi Samuel boasetɔ no mu?

Efi Israel Hene a Odi Kan So Kosi Bere a Wɔwoo Yesu

Yonatan—Biribiara ‘Nyɛ Den Mma Yehowa’

Yonatan ne n’akodekurafo no kɔtow hyɛɛ Filistifo asogyafo a wokura akode so, na nea efii mu bae no, yɛda so ara ka ho asɛm.

“Ɔko no Yɛ Yehowa Dea”

Dɛn na ɛboaa Dawid ma odii Goliat so nkonim? Dɛn na yebetumi asua afi Dawid asɛm no mu?

Dawid Ne Yonatan—“Yonatan Kra Fam Dawid Kra Ho”

Ɛyɛɛ dɛn na nnipa mmienu a ɛsono wɔn mu biara asetenam nsɛm ne mfe a wɔn mu biara adi faa nnamfo denneennen saa? Sɛn na wɔn asɛm no betumi aboa wo ama woafa nnamfo nnɛ?

Abigail—Ɔyɛɛ N’ade Nyansam

Dɛn na yebetumi asua afi nsɛnnennen a Abigail hyiae wɔ n’aware mu no mu?

Elia—Ogyinaa Nokware Som Akyi

Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Elia bere a yɛne wɔn a wonnye nea Bible kyerɛkyerɛ ntom resusuw nsɛm ho no?

Elia—Ɔwɛnee, na Ɔtwɛnee Nso

Dɛn na odiyifo Elia yɛe de kyerɛe sɛ na n’ani kũ mpaebɔ ho bere a na ɔretwɛn ma Yehowa adi ne bɔhyɛ so no?

Elia—Ɔmaa Ne Nyankopɔn Kyekyee Ne Werɛ

Nsɛm a esisii bɛn na ɛmaa Elia abam bui kɛse ma ɔkae mpo sɛ ɔpɛ sɛ owu?

Elia Amma Nneɛma Bɔne a Ɛkɔɔ so Ammu N’abam

Obi de asɛm a ntease nnim adi wo pɛn? Wo yam a anka Onyankopɔn asiesie nneɛma anaa? Kenkan na hu sɛnea wubetumi asuasua Elia gyidi.

Elia—Ogyinaa Mu Kosii Awiei

Gyidi na ɛboaa Elia ma ogyinaa tebea a emu yɛ den ano. Sɛ yesuasua no a, ɛbɛboa ma bere a yɛrehyia ɔhaw no, yɛahyɛ yɛn gyidi mu den.

Yona—Osuaa Biribi Fii Mfomso a Odii no Mu

So woabɔ hu pɛn wɔ adwuma bi a wɔde ama wo ho sɛnea Yona yɛe no? N’asɛm no ma yesua Yehowa boasetɔ ne ne mmɔborɔhunu ho nneɛma pii.

Yona Suaa Mmɔborɔhunu Ho Ade

Ɔkwan bɛn so na Yona ho asɛm no betumi aboa yɛn ma yɛahwehwɛ yɛn ho mu yiye?

Ester Gyinaa Onyankopɔn Nkurɔfo Akyi

Egye gyidi ne akokoduru na ama yɛatumi ada ɔdɔ ne ahofama a Ester daa no adi no bi adi.

Ester Nyaa Akokoduru ne Nyansa na Odwenee Ne Nkurɔfo Ho

Dɛn na Ester yɛe de kyerɛe sɛ odwen Yehowa ne ne nkurɔfo ho?

Efi Bere a Wɔwoo Yesu Kosi Bere a Asomafo No Wuwui

Maria​—“Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”

Dɛn na mmuae a Maria de maa ɔbɔfo Gabriel no ma yehu fa ne gyidi ho? Su pa afoforo bɛn na ɔdaa no adi?

Maria ‘Dwinnwen Ho Ne Koma Mu’

Nneɛma a ɛkɔɔ so wɔ Betlehem no maa gyidi a Maria wɔ wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow mu no mu yɛɛ den.

Nkrante Antumi Maria

Sɛ awerɛhow a ɛte sɛ “nkrante tenten” ahyɛ wo so a, Yesu maame Maria nhwɛso no betumi aboa wo ma wɔagyina ano.

Yosef—Ɔbɔɔ N’abusua Ho Ban, Ɔhwɛɛ Wɔn, Wampa Abaw

Akwan ahorow bɛn so na Yosef bɔɔ n’abusua ho ban? Dɛn nti na ɔde Maria ne Yesu kɔɔ Egypt?

Marta​—“Migye Di”

Ɔkwan bɛn so na Marta daa gyidi kɛse adi bere mpo a na ɔredi awerɛhow no?

Maria Magdalene—“Mahu Awurade!”

Wɔde hyɛɛ ɔbea nokwafo yi nsa sɛ ɔnkɔka asɛmpa bi nkyerɛ afoforo.

Petro—Ɔbɔɔ Mmɔden Dii Ehu ne N’adwene a na Ehinhim So

Sɛ obi adwene hinhim a, ebetumi adi no awu paa. Nanso, Petro tumi dii ehu ne n’adwene a na ehinhim wɔ Yesu akyi a na obedi no so.

Petro—Odii Nokware Wɔ Sɔhwɛ Ahorow Mu

Ɔkwan bɛn so na Petro gyidi ne ne nokwaredi boaa no ma ogyee nteɛso a Yesu de maa no no toom?

Petro—Osuaa Bɔne Fafiri Fii Ne Wura Hɔ

Dɛn na Yesu kyerɛɛ Petro wɔ bɔne fafiri ho? Nneɛma bɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ ɔde Petro bɔne afiri no?

“Me Ba Dɔfo ne Ɔnokwafoɔ Awurade Mu”

Timoteo nkwadaaberem no, na ɔfɛre ade; ɛyɛɛ dɛn na fɛre no tu yerae ma ɔbɛyɛ asafo mu panin a ɔmfa ne som nni agorɔ?