Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SUASUA WƆN GYIDI | MIRIAM

“Monto Dwom Mma Yehowa”!

“Monto Dwom Mma Yehowa”!

 Ná abaayewa no akɔtetɛw baabi a obiara renhu no. Ná wagyen n’ani rehwɛ biribi wɔ nwura no mu. Ná wayɛ dinn, na na ɔmpɛ sɛ ɔbɛbɔ waw mpo na obi ate ne nka. Nea na wote ara ne Asubɔnten Nil a ɛresen brɛoo no. Ná abaayewa no ahyɛ hɔ akyɛ, nanso na biribiara nsii. Ná ntummoa nso mma n’asom nnwo no; sɛ́ wɔreguan ne ho ara ni. Nanso ne nyinaa akyi, omiaa n’ani twɛn hwɛɛ nea ebesi. Baabi a na wagyen n’ani rehwɛ wɔ nwura no mu no, na kɛntɛn bi hyɛ hɔ a wɔakata so a nsu ntumi nkɔ mu. Kɛntɛn no, na ne nuabarima a ɔda so tua nufu ano na ɔda mu. Ɔhwɛ sɛnea ne nuabarima no nko ara da kɛntɛn no mu a obiara nka ne ho no a, na ne werɛ ahow. Nanso nea na ɛrekɔ so saa bere no nti, na onim sɛ, nea n’awofo yɛe no, ne kwan so ara no no. Anyɛ saa a, anka ne nua no bewu.

 Nea abaayewa no yɛe no, na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ akokoduru paa. Ɛrenkyɛ, na ɔbɛda akokoduru a ɛsen saa mpo adi. Ná suban kamakama bi afi ase regye ntini wɔ ne komam. Ɛno ne gyidi. Ankyɛ na biribi sii a ɛma yehu sɛ ampa, na ɔwɔ gyidi. Saa gyidi no sesaa n’abrabɔ koraa. Mfe bi akyi, bere a na wabɔ aberewa no, ne gyidi no di boaa no bere a nsɛm akɛseakɛse bi sisii wɔ ne manfo abakɔsɛm mu no. Akyiri yi, bere a ɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru no, gyidi koro yi ara boaa no. Hena na yɛreka n’asɛm yi? Gyidi a na ɔwɔ no, ɛdɛn na yebetumi asua afi mu?

Miriam—Ná Ɔyɛ Akoa Ba

 Bible ammɔ abaayewa no din, nanso yenim nipa ko. Ɛyɛ Amram ne Yokebed ba panyin Miriam. Ná Amram ne Yokebed yɛ Hebrifo, na na wɔyɛ nkoa wɔ Egypt. (Numeri 26:59) Akyiri yi, wɔtoo Miriam nuabarima no din Mose. Saa bere no, na Mose nuabarima panyin Aaron adi bɛyɛ mfe mmiɛnsa. Yennim mfe a na Miriam adi, nanso ɛbɛyɛ sɛ na onnya nnii mfe du.

 Bere a na Miriam renyin no, na nneɛma nkɔ yiye koraa mma ne nkurɔfo Hebrifo no. Ná Egyptfo no suro sɛ Hebrifo no bebunkam afa wɔn so, enti wɔde wɔn yɛɛ nkoa, na wɔdii wɔn ani. Nanso Hebrifo no kɔɔ so dɔɔso, na wɔn ase trɛwee. Bere a Egyptfo no huu saa no, ehu kaa wɔn, na ayakayakade a wɔde yɛ Hebrifo no, wɔmiaa mu. Farao hyɛɛ mmara sɛ, sɛ Hebrini bi wo na sɛ abofra no yɛ ɔbarima a, wɔnkum no. Nanso gyidi a na Hebrifo mmea mmienu a wɔgye awo a yɛfrɛ wɔn Sifra ne Pua wɔ nti, wɔanyɛ nea Egypt hene ka kyerɛɛ wɔn no. Ɛbɛyɛ sɛ Miriam tee wɔn gyidi no ho asɛm.—Exodus 1:8-22.

 Miriam huu gyidi a na n’awofo wɔ no nso. Bere a Amram ne Yokebed woo wɔn ba a ɔtɔ so mmiɛnsa no, na ne ho yɛ fɛ yiye, na wɔde no siei abosome mmiɛnsa. Wɔamma mmara a ɔhene no hyɛe no anhunahuna wɔn, enti wɔde wɔn ba no siei na ɔhene no annya no ankum no. (Hebrifo 11:23) Nanso ɛyɛ den sɛ wode abofra ketewa besie, enti ankyɛ koraa na wɔsii gyinae bi a ɛyɛ den paa. Ná ɛsɛ sɛ Yokebed de abofra no tɛw, na ɔde no kɔto baabi a obi a obetumi abɔ ne ho ban na wahwɛ no behu no. Wo de, fa w’adwene bu mpae paa a Yokebed bɔe bere a ɔde mmɛw renwene kɛntɛn, ɔde kootaa ne amane reyeyɛ ho sɛnea ɛbɛyɛ a nsu nkɔ mu, na ɔde abofra no reto mu de no akɔhyɛ nwura mu wɔ Asubɔnten Nil ho no. Ɛbɛyɛ sɛ ɔno na ɔka kyerɛɛ Miriam sɛ ɔnkɔtɛw baabi nhwɛ nea ebesi.—Exodus 2:1-4.

Miriam—Ná Ɔyɛ Ogyefo

 Enti Miriam twɛnee. Emu hɔ ara na ɔtee nnipa nan ase kyekyerɛ-kyekyerɛ. Ɔnkɔhwɛ a, Egyptfo mmea bi na ɛreba yi. Ná ɛnyɛ Egyptfo mmea biara kɛkɛ. Ná ɛyɛ Farao babea na ɔrebeguare wɔ Asubɔnten Nil no mu, na na mmea a wɔsom no no ka ne ho. Ɛbɛyɛ sɛ Miriam yam hyee no paa. Ebia obisaa ne ho sɛ: Ɔhene Farao a ɔhyɛɛ saa mmara no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔno ara ne babea abu mmara no so, na wabɔ Hebrini abofra yi ho ban? Akyinnye biara nni ho sɛ mpae a Miriam bɔe de, yɛnka.

 Farao babea no na odii kan huu kɛntɛn a ɛhyɛ nwura no mu wɔ nsu no ano no. Ɛnna ɔsomaa n’abaawa sɛ ɔnkɔfa mmra. Afei Bible ka ɔhene babea no ho asɛm sɛ: “Obuee so no, ohui sɛ abarimaa no da mu resu.” Ɛhɔ ara na ɔde n’adwene faa ho huu nea asi: Hebrini bea bi na na ɔpɛ sɛ ogye ne ba nkwa. Bere a Farao babea no hwɛɛ abofra kumaa a ne ho fɛfɛɛfɛ no anim no, ɛkaa ne koma, na ɔyɛɛ no mmɔbɔ. (Exodus 2:5, 6) Miriam hwɛɛ Farao babea no anim dinn, na ohui sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa abofra no. Abaayewa Miriam hui sɛ bere aso sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔwɔ Yehowa mu gyidi. Enti onyaa akokoduru, na ɔkɔɔ ɔhene babea no ne n’asomfo no nkyɛn.

 Sɛ Hebrini afenaa bi bɔ ne ho mmusu kɔ Egyptni dehye bi anim sɛ ɔne no rekɔkasa a, yennim nea na wɔde bɛyɛ no. Nanso, Miriam annwen ho mmienu mpo na obisaa Farao babea no sɛ: “Menkɔfrɛ Hebrifo mmea no bi na ɔmmɛma no nufu na ɔnhwɛ no mma wo anaa?” Asɛm a na ɛfata sɛ Miriam bisa ara na obisae no. Ná Farao babea no nim sɛ ɛnyɛ ade a obetumi ama abofra nufu. Ebia odwen ho hui sɛ, sɛ abofra no ara nkurɔfo ma no nufu a, ɛno mmom bɛyɛ papa. Akyiri yi sɛ onyin a, na obetumi akɔtew no aba ɔno ara ne fie, na ɔde no ayɛ ne ba ahwɛ no atete no. Farao babea no yii Miriam ano tiawa sɛ: “Kɔ!” Mmuae a Farao babea no de maa Miriam no, anigye bi a ɛbɛyɛ sɛ ɛde bɛhyɛɛ Miriam komam no, ɛnyɛ ebi ni!—Exodus 2:7, 8.

Miriam de akokoduru rehwɛ nea ɛbɛto ne nuabarima no

 Ɛhɔ ara na Miriam sɔɔ mmirika mu de n’ani kyerɛɛ fie. Saa bere no nyinaa, na n’awofo nsono gu gya mu retwɛn sɛ wɔbehu nea asi. Fa w’adwene bu sɛ Miriam ani agye, na ɔde ahopere ne ahopopo reka nea asi akyerɛ ne maame. Ɛbɛyɛ sɛ Yokebed hui sɛ Yehowa nsa wom, enti ɔne Miriam kɔɔ Farao babea no nkyɛn. Asɛm a Farao babea no ka kyerɛɛ Yokebed no, anigye ne akomatɔyam bi a onyae no, na ɛsɛ sɛ omia n’ani ka hyɛ. Farao babea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa abofra yi kɔhwɛ no ma me, na metua wo ka.”—Exodus 2:9.

 Saa da no, Miriam suaa Yehowa, ne Nyankopɔn no ho ade pii. Obehui sɛ Yehowa dwen ne nkurɔfo ho, na otie wɔn mpaebɔ. Ɔsan behui sɛ, ɛnyɛ wɔn a wɔanyinyin ne mmarima nko ara na wɔbetumi anya akokoduru ne gyidi. Yehowa tie n’asomfo anokwafo nyinaa. (Dwom 65:2) Yɛn nyinaa, mmofra oo, mpanyin oo, mmea oo, mmarima oo, ɛsɛ sɛ yɛkae saa asɛm yi wɔ mmere a emu yɛ den yi mu.

Miriam—Onuabea a Ɔwɔ Abotare

 Yokebed maa abofra no nufu, na ɔhwɛɛ no. Sɛnea Miriam boa ma wɔgyee ne nuabarima no nkwa nti, ɛbɛyɛ sɛ na onni ne ho agorɔ koraa. Ebia ɔboaa no ma osuaa kasa, na bere a edi kan a ɔbɔɔ Onyankopɔn din Yehowa no, ɛbɛyɛ sɛ Miriam ani gyei paa. Bere a abofra no nyinii no, na bere aso sɛ wɔde no kɔma Farao babea no. (Exodus 2:10) Akyinnye biara nni ho sɛ, wei maa abusua no werɛ howee paa. Farao babea no too abofra no din Mose. Ɛbɛyɛ sɛ na Miriam redwen ho sɛ, ne nuabarima no rekɔ yi, nipa bɛn na obenyin abɛyɛ. Seesei a ɔne Egypt adehye rekɔtena yi, ɔbɛkɔ so adɔ Yehowa anaa?

 Akyiri yi, Miriam nyaa ne nsɛmmisa no ho mmuae. Obehui sɛ hokwan a Egypt adehye wɔ no, ne nua ketewa no amfa n’adwene ankɔ so, na mmom onyin bɛyɛɛ ɔbarima a ɔno ara paw sɛ ɔbɛsom ne Nyankopɔn Yehowa. Akyinnye biara nni ho sɛ wei maa Miriam ani gyei paa wɔ ne komam! Bere a Mose dii mfe 40 no, ɔkɔtaa ne nkurɔfo akyi. Ohui sɛ Egyptni bi reyɛ Hebrini akoa bi bɔne, enti okum Egyptni no. Mose hui sɛ anhwɛ a wɔbekum no bi atua ka, enti oguan fii Egypt.—Exodus 2:11-15; Asomafo Nnwuma 7:23-29; Hebrifo 11:24-26.

 Ebetumi aba sɛ Miriam ante ne nuabarima no nka bɛyɛ mfe 40 a edi hɔ no. Saa bere no, na Mose te akyirikyiri asaase so wɔ Midian, na na ɔhwɛ nguan. (Exodus 3:1; Asomafo Nnwuma 7:29, 30) Nkakrankakra Miriam bɔɔ aberewa. Saa bere no nyinaa, ohui sɛ ateetee a ne nkurɔfo no refa mu no yɛ ara na ɛreyɛ kɛse.

Miriam—Ɔbɛyɛɛ Odiyifobea

 Bere a Onyankopɔn somaa Mose ma ɔsan baa Egypt sɛ ɔmmɛgye Ne nkurɔfo no, ɛbɛyɛ sɛ na Miriam atwam mfe 80 koraa. Ná Aaron yɛ Mose kasamafo, na wɔkɔɔ Farao anim kɔka kyerɛɛ no sɛ, onnyaa Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔnkɔ. Ɛbɛyɛ sɛ Miriam hyɛɛ ne nuanom mmienu no nkuran, na ɔtaa wɔn akyi bere a Farao antie wɔn, na Onyankopɔn san somaa wɔn kɔɔ ne nkyɛn mpɛn pii no. Saa bere no ara nso, na Yehowa de ɔhaw du no reba Egyptfo no so de rebɔ wɔn kɔkɔ. Ɔhaw a ɛtɔ so du no, Yehowa kunkum Egyptfo mmakan a wɔyɛ mmarima nyinaa, na wei maa Egyptfo gyaa Israelfo no ma wɔfii nkoasom mu kɔe! Wo de, twa ho mfoni sɛ Miriam ani abere reboa ne nkurɔfo ama wɔaboaboa wɔn nneɛma ano adi Mose akyi afi Egypt.—Exodus 4:14-16, 27-31; 7:1–12:51.

 Akyiri yi, bere a Israel man no kaa Ɛpo Kɔkɔɔ no ne Egyptfo asraafo ntam no, Miriam huu sɛnea ne nua Mose gyinaa ɛpo no anim maa ne poma so no. Ɛhɔ ara na ɛpo no mu paee! Bere a Mose di nkurɔfo no anim a wɔnam asaase a awo so wɔ ɛpo no mfinimfini no, akyinnye biara nni ho sɛ Miriam gyidi a ɔwɔ wɔ Yehowa mu no yɛɛ kɛse sen bere biara. Ohui sɛ, ne Nyankopɔn a ɔsom no no, biribiara nso no yɛ, na ɛbɔ biara nni hɔ a wahyɛ a ɔrentumi nni so!—Exodus 14:1-31.

 Afei bere a nkurɔfo no twaa ɛpo no dwoodwoo na nsu no twiw faa Farao ne n’asraafo no so no, Miriam hui sɛ asraafodɔm a wɔn ho yɛ den sen biara wɔ wiase no, wɔn ahoɔden nto Yehowa de. Nea esii no kaa Israelfo no ma wɔtoo dwom maa Yehowa. Ɛnna Miriam dii mmea no anim, ma wɔgyee dwom no so sɛ: “Monto dwom mma Yehowa, efisɛ n’anuonyam ayɛ kɛse. Ɔpɔnkɔ ne nea ɔte no so nyinaa, waka wɔn agu ɛpo mu.”—Exodus 15:20, 21; Dwom 136:15.

Yehowa de ne honhom kaa Miriam ma odii Israelfo mmea anim ma wɔtoo nkonimdi dwom wɔ Po Kɔkɔɔ no ho

 Wei yɛ biribi titiriw a esii wɔ Miriam asetena mu a na ne werɛ remfi da. Bible reka nea esii no ho asɛm no, ɛfrɛɛ Miriam odiyifobea. Mmea kakraa bi na wɔsom Yehowa sɛ adiyifo mmea, na Miriam ne ɔbea a odi kan a Bible frɛɛ no saa.—Atemmufo 4:4; 2 Ahene 22:14; Yesaia 8:3; Luka 2:36.

 Nea Bible ka faa Miriam ho yi ma yehu sɛ, nea yɛyɛ biara Yehowa hu, na sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase som no, yenya abotare, na yefi yɛn koma mu yi no ayɛ a, ɛyɛ no fɛ, na ɔma yɛn ho akatua. Sɛ yɛyɛ mmofra oo, mpanyin oo, mmea oo, mmarima oo, yɛn nyinaa betumi akyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu gyidi. Sɛ yɛkyerɛ ne mu gyidi saa a, ɛma n’ani gye. Ne werɛ remfi gyidi a ɛte saa, na oyi ne yam ma ho akatua. (Hebrifo 6:10; 11:6) Wei kyerɛ sɛ, sɛ yesuasua Miriam gyidi a, yɛn nsa rensi fam da!

Miriam—Ɔyɛɛ Ahomaso

 Sɛ obi nya hokwan wɔ Yehowa som mu a, ɛyɛ nhyira, nanso ebetumi nso akɔfa ɔhaw abrɛ no. Bere a wɔyii Israelfo no fii nkoasom mu no, ebetumi aba sɛ na Miriam ne ɔbea a wagye din paa wɔ Israel man no mu. Ná ɔbɛyɛ dwae ne ahantan anaa? (Mmebusɛm 16:18) Awerɛhosɛm ne sɛ, eduu baabi no, onyaa subammɔne yi bi.

 Bere a Mose kodii mfe 40 wɔ Midian no, ɔwaree ɔbea bi a yɛfrɛ no Sipora, na ɔne no woo mma mmarima mmienu. Akyiri yi, Sipora kɔɔ n’abusuafo hɔ wɔ Midian. Ebetumi aba sɛ ɔkɔsraa wɔn. Bere a Israelfo fii nkoasom mu abosome kakraa bi akyi no, da bi, ahɔho bi a wɔfi akyirikyiri baa Mose nkyɛn. Ná ɛyɛ Mose asebarima Yetro, Mose yere Sipora, ne wɔn mma mmarima mmienu no. Ná Yetro de wɔn reba Israelfo asoɛe hɔ. (Exodus 18:1-5) Wɔbedui no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ yɛɛ huhuhuhu huhuhuhu! Ɔbarima a Onyankopɔn ayi no sɛ onni wɔn anim nyi wɔn mfi Egypt no, ɛbɛyɛ sɛ na obiara repɛ ne yere anim ahwɛ.

 Miriam nso ɛ? N’ani gyei anaa? Ebia ahyɛase no n’ani gyei. Nanso ahomaso nti, ɛbɛyɛ sɛ ankyɛ na Sipora ho yɛɛ no ahi. Ebetumi aba sɛ na ɔte nka sɛ anhwɛ a na Sipora abegye n’anuonyam abɛyɛ ɔbea a wagye din paa wɔ ɔman no mu. Sɛ saa na ɔtee nka oo, sɛ ɛnyɛ saa na ɔtee nka oo, nea ekosii ara ne sɛ Miriam ne Aaron dii nkɔnkɔnsa. Na sɛnea ɛtaa ba no, nkɔnkɔnsa no danee kasatia ne atɛnnidi. Ahyɛase no, Sipora ho asɛm na na wɔreka. Wɔkaa sɛ ɔnyɛ Israelni, mmom ɔyɛ Kusni. a Ankyɛ na wɔde wɔn asɛm kɔɔ Mose so. Asɛm a Miriam ne Aaron kae ne sɛ: “Adɛn, Mose nko ara na Yehowa nam no so kasa? Yɛn de, ɔmfa yɛn so nkasa bi anaa?”—Numeri 12:1, 2.

Miriam—Kwata Yɛɛ No

 Wohwɛ nsɛm a Miriam ne Aaron kekae no a, wutumi hu sɛ na adwemmɔne aba wɔn tirim. Hokwan a na Yehowa de ama Mose no, na wɔn ani nnye ho. Ná wɔpɛ sɛ wɔnya tumi ne anuonyam pii. Ná Mose yɛ obi a ɔyɛ ahantan na ɔde ne tumi hyɛ nkurɔfo so nti anaa? Ɛwom, esiane sɛ Mose yɛ onipa nti, ɛnyɛ dɛn ara a, na mfomso wɔ ne ho, nanso na ɔnyɛ obi a ɔpɛ anuonyam anaa ɔyɛ ahantan. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Ná Mose yɛ ɔbarima a odwo sen nnipa a wɔwɔ asaase so nyinaa.” Sɛ anka ɛnyɛ saa na Mose suban te mpo a, nsɛm a Miriam ne Aaron kekae no de, na wɔatra hye, na na wɔgyina baabi a ɛhɔ yɛ toro. Bible ka sɛ, “na Yehowa retie.”—Numeri 12:2, 3.

 Prɛko pɛ na Yehowa frɛɛ Mose ne ne nuanom mmienu no baa ahyiae ntamadan no ho. Wɔwɔ hɔ no, omununkum dum soronko a ɛkyerɛ sɛ Yehowa aba hɔ no sian besii ntamadan no ano. Ɛnna Yehowa twiw Miriam ne Aaron anim, na ɔkaee wɔn sɛ Mose yɛ obi a onni ne ho agorɔ koraa na ɔwɔ ne mu ahotoso kɛse. Afei Yehowa bisaa wɔn sɛ: “Adɛn na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?” Ɛbɛyɛ sɛ ehu kaa Miriam ne Aaron paa. Mose a wɔbuu no animtiaa no, Yehowa faa no sɛ ɔno mmom na wɔabu no animtiaa.—Numeri 12:4-8.

 Nea na ɛrekɔ so no, ɛbɛyɛ sɛ Miriam na na wagye agyina mu. Ɔno na opiapiaa ne nua kumaa Aaron ma wɔkasa tiaa Sipora. Ɛno ma yehu nea enti a Miriam na Yehowa twee n’aso no. Yehowa maa kwata yɛɛ Miriam. Saa yare bɔne no maa Miriam honam yɛɛ “fitaa sɛ sukyerɛmma.” Ɛhɔ ara na Aaron brɛɛ ne ho ase wɔ Mose anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa wɔn bɔne nkyɛ wɔn. Ɔkaa sɛ: “Yɛadi nkwaseasɛm!” Esiane sɛ Mose yɛ obi a odwo nti, osu frɛɛ Yehowa sɛ: “O Onyankopɔn, mepa wo kyɛw, sa no yare! Mepa wo kyɛw!” (Numeri 12:9-13) Yɛhwɛ nea Miriam yɛe a ne nyinaa akyi ɛyɛɛ Mose ne Aaron yaw ma wɔsrɛ maa no no a, ɛma yehu sɛ na wɔdɔ wɔn nuabea panyin no paa.

Miriam—Onyankopɔn De Ne Bɔne Kyɛɛ No

 Yehowa tiee wɔn sufrɛ no, na esiane sɛ na Miriam anu ne ho nti ohuu no mmɔbɔ, na ɔsaa no yare. Nanso ɔma wɔyii no fii Israelfo asoɛe hɔ kɔɔ asoɛe no akyi nnanson. Ɛbɛyɛ sɛ Miriam ani wui paa, efisɛ na obiara behu sɛ wɔatwe n’aso nti na ɔrekɔ asoɛe no akyi no. Nanso gyidi a ɔwɔ no boaa no. Ne komam no, ɛbɛyɛ sɛ na onim paa sɛ n’Agya Yehowa teɛ, na dɔ a ɔdɔ no nti na ɔretwe n’aso. Enti ɔyɛɛ nea Yehowa kae no. Nnanson a Miriam nko ara kodii wɔ asoɛe no akyi no, Israelfo no antoa wɔn akwantu no so, mmom wɔtwɛn no. Nnanson no soe no, Miriam san kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi. Nea ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ gyidi ne sɛ, ɔbrɛɛ ne ho ase ma ‘wɔsan de no baa’ asoɛe no mu.—Numeri 12:14, 15.

 Obiara a Yehowa dɔ no no, ɔteɛ no so. (Hebrifo 12:5, 6) Ná Yehowa dɔ Miriam paa, enti na bere a ɔyɛɛ ahantan no, ɔteɛɛ no so no. Ná nteɛso no yɛ yaw, nanso egyee no nkwa. Esiane sɛ ogyee nteɛso no toom nti, Onyankopɔn san gyee no toom. Onyin kyɛe; aka kakra ama Israelfo no akodu bɔhyɛ asaase no so ansa na ɔrewu. Bere a owui wɔ Sina sare so wɔ Kades no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔrekɔ mfe 130. b (Numeri 20:1) Miriam wui akyi mfe pii no, ne nokwaredi nti, Yehowa bɔɔ no din pa. Yehowa nam ne diyifo Mika so kaee ne nkurɔfo sɛ: “Migyee wo fii nkoafi. Na mesomaa Mose ne Aaron ne Miriam dii w’anim.”—Mika 6:4.

Miriam gyidi nti, bere a Yehowa teɛɛ ne so no, ɔbrɛɛ ne ho ase gye toom

 Yebetumi asua nneɛma pii afi Miriam asetenam. Ɛsɛ sɛ yesuasua Miriam na yɛbɔ wɔn a wɔnni kamafo no ho ban. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru kasa bere a ɛyɛ ne kwan so sɛ yɛbɛyɛ saa, sɛnea Miriam yɛe bere a ɔyɛ abofra no. (Yakobo 1:27) Ɛsɛ sɛ yesuasua Miriam na yɛde anigye ka Onyankopɔn asɛm kyerɛ nkurɔfo. (Romafo 10:15) Afei subammɔne te sɛ anibere ne ahoɔyaw nso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na ebi amma yɛn mu. (Mmebusɛm 14:30) Sɛ Yehowa teɛ yɛn so nso a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom te sɛ Miriam. (Hebrifo 12:5) Sɛ yɛyɛ weinom nyinaa a, yebetumi aka sɛ yɛresuasua Miriam gyidi.

a Bere a wɔkaa sɛ Sipora yɛ “Kusni” no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔrepɛ akyerɛ sɛ ofi Arabia te sɛ Midianfo a aka no, na ɛnyɛ sɛ ofi Etiopia.

b Sɛnea wɔwoo Miriam dii kan, na Aaron tɔɔ so, na Mose twaa to no, saa ara na wɔwuwui. Miriam dii kan wui, ɛnna Aaron dii hɔ, ɛnna Mose twaa to. Ɛbɛyɛ sɛ wɔn nyinaa wui afe baako ntam.