Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SUASUA WƆN GYIDI | YONATAN

Biribiara ‘Nyɛ Den Mma Yehowa’

Biribiara ‘Nyɛ Den Mma Yehowa’

 Fa no sɛ wowɔ Filistifo asogyafo asoɛe bi a ɛda bepɔw bi so. Sɛ woto w’ani a, wuhu asase kesee a abotan wɔ so. Filistifo asogyafo a wɔwɔ hɔ no nso to wɔn ani a, nea wohu ara ne asase kesee yi, nanso afei de, wɔahu biribi a ɛnsɛ sɛ wobu wɔn ani gu so. Wɔnkɔhwɛ a, Israelfo mmarima mmienu na wogyina petee mu wɔ bon bi akyi yi. Wɔn ho yɛɛ asogyafo no serew efisɛ na wohu sɛ Israelfo no rentumi mmɛyɛ wɔn hwee. Ná Filistifo no adi Israelfo no ani akyɛ. Saa bere no, sɛ Israelfo pɛ sɛ wɔsew wɔn nnade a wɔde yɛ afuw ano a, gye sɛ wɔkɔ wɔn atamfo Filistifo no hɔ. Enti na Israelfo asogyafo no nni akode papa biara. Bio nso, Israelfo mmarima a Filistifo asogyafo no huu wɔn no, na wɔyɛ mmienu pɛ! Sɛ na wɔyɛ asogyafo a wokura akode mpo a, dɛn pa ara na wobetumi abɛyɛ wɔn? Enti Filistifo no dii Israelfo no ho fɛw kaa sɛ: “Momforo mmra yɛn so, na yɛbɛkyerɛ mo biribi!”—1 Samuel 13:19-23; 14:11, 12.

 Ɛwom, na obi bɛkyerɛ ne yɔnko biribi, nanso na ɛnyɛ Filistifo no na wɔbɛkyerɛ Israelfo no biribi. Mmom na ɛyɛ Israelfo no na wɔbɛkyerɛ Filistifo no biribi. Israelfo mmienu no tew sii bon no mu, na afei wofii ase foro kɔɔ baabi a Filistifo no wɔ no. Sɛnea na obon no te nti, Israelfo mmienu no de wɔn nsa ne wɔn anan nyinaa na ɛforoe. Ná ne foro nna fam, nanso wɔampa abaw, wɔkɔɔ so ara foro kɔɔ Filistifo asogyafo no so tẽẽ! (1 Samuel 14:13) Afei Filistifo no hui sɛ ɔbarima a odi anim no kura akode, na n’akodekurafo no di n’akyi. Enti ampa ara sɛ na ɔbarima yi ne nea ɔka ne ho no nkutoo rebɛtow ahyɛ asogyafo yi nyinaa so? Adɛn, na ɔbarima no abɔ dam anaa?

 Ná ɔmmɔɔ dam; na ɔyɛ ɔbarima a ɔwɔ gyidi kɛse. Ná ne din de Yonatan, na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa betumi asua pii afi n’asɛm no mu. Ɛwom, yɛnkɔ ɔko ankasa de, nanso yebetumi asua pii afi Yonatan akokoduru, ne nokwaredi, ne sɛnea na odwen afoforo ho no mu. Yehia su ahorow yi na ama yɛanya gyidi a edi mũ ankasa.—Yesaia 2:4; Mateo 26:51, 52.

Ná Ɔyɛ Ɔba Nokwafo Ne Sogyani a Ɔwɔ Akokoduru

 Nea ɛmaa Yonatan kɔtow hyɛɛ asogyafo asoɛe no so no, sɛ yebetumi ate ase a, ɛsɛ sɛ yehu ne ho asɛm kakra. Israel hene Saul mma mmarima nyinaa, Yonatan na na ɔyɛ panyin. Bere a wɔsraa Saul sɛ ɔhene no, na Yonatan anyin. Ná wadi bɛyɛ mfe 20 anaa nea ɛboro saa. Wohwɛ a, na Yonatan ne ne papa bɔ pa ara, enti na Saul taa ka ne tirim asɛm kyerɛ ne ba no. Ná Saul yɛ onipa tenten a ne ho yɛ fɛ, na na ɔyɛ sogyani a ɔwɔ akokoduru. Nanso na biribi foforo wɔ hɔ a Yonatan nim fa ne papa ho, na na ɛho hia sen weinom nyinaa. Ɛne sɛ, na ne papa wɔ gyidi ne ahobrɛase. Enti na ɛnyɛ Yonatan nwonwa sɛ Yehowa sii Saul hene. Odiyifo Samuel mpo kaa sɛ obiara nni ɔman no mu a ɔte sɛ Saul!—1 Samuel 9:1, 2, 21; 10:20-24; 20:2.

 Ɛda adi sɛ na ɛyɛ Yonatan dɛ sɛ ɔbɛka ne papa asogyafo ho ako atia Yehowa atamfo. Ɔko a na ɛkɔ so wɔ Israelfo ne aman afoforo ntam no, na ɛnte sɛ nea ɛkɔ so wɔ aman ahorow ntam nnɛ no. Saa bere no, Yehowa yii Israel sii hɔ sɛ ne man, na na aman afoforo a wɔsom abosom taa ba wɔn so ne wɔn bɛko. Wohwɛ Filistifo sei a, na wɔde abosom te sɛ Dagon agu wɔn ho fĩ, na mpɛn pii no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ Yehowa nkurɔfo so, na mpo wɔatɔre wɔn ase.

 Enti mmarima te sɛ Yonatan de, sɛ wɔne Yehowa atamfo ko a, na wobu no sɛ ɛyɛ ɔsom a wɔde rema Yehowa Nyankopɔn. Yehowa nso hyiraa Yonatan mmɔdenbɔ so. Bere a Saul bɛyɛɛ ɔhene no, ankyɛ na ɔde ne ba no sii asogyafo 1,000 so. Yonatan dii wɔn anim ma wɔne Filistifo asogyafo a wɔwɔ Geba de kosii ani. Ɛwom sɛ na Yonatan asraafo no nni akode papa biara de, nanso Yehowa boaa Yonatan ma odii nkonim. Filistifo no antew antena, mmom wɔkɔboaboaa dɔm kɛse ano bae. Wei maa Saul asogyafo no pii bɔɔ hu. Ebi guan de wɔn ho kosiei, na wɔn mu kakraa bi mpo de, wokodii Filistifo no afã! Nanso Yonatan kɔɔ so ara daa akokoduru adi.—1 Samuel 13:2-7; 14:21.

 Eduu da a yɛaka ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no, Yonatan ne n’akodekurafo no yɛɛ kodɛɛ fii Israelfo nsra no mu. Bere a wɔbɛn Filistifo asogyafo asoɛe a ɛwɔ Mikmas no, Yonatan maa n’akodekurafo no huu adwene a wafa wɔ Filistifo no ho. Nea wɔbɛyɛ ne sɛ, wɔremfa wɔn ho nsie, mmom wɔbɛma Filistifo asogyafo no ahu wɔn. Sɛ Filistifo no ka kyerɛ wɔn mmienu sɛ wɔmmra wɔn so a, ɛbɛkyerɛ sɛ Yehowa ka wɔn mmienu ho, na ɔbɛboa wɔn. Yonatan kaa nkuranhyɛsɛm bi kyerɛɛ n’akodekurafo no, na ɛma ɔne no yɛɛ adwene. Ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so begye nkwa.” (1 Samuel 14:6-10) Nea ɔkae no kyerɛ sɛn?

 Ɛda adi sɛ na Yonatan nim ne Nyankopɔn yiye. Akyinnye biara nni ho sɛ, na onim sɛ tete no, Yehowa boaa ne nkurɔfo ma wodii atamfo a wɔdɔɔso koraa sen wɔn so nkonim. Ɛtɔ da mpo a, na Onyankopɔn tumi ma onipa baako di Israelfo atamfo so nkonim. (Atemmufo 3:31; 4:1-23; 16:23-30) Enti na Yonatan nim sɛ ɛnyɛ nnipa dodow a Onyankopɔn asomfo de kɔ ɔko, wɔn ahoɔden, anaa wɔn akode na ɛma wodi nkonim. Mmom nea na ehia ara ne sɛ wobenya Onyankopɔn mu gyidi. Enti ansa na Yonatan ne n’akodekurafo no bɛtow ahyɛ Filistifo asogyafo so no, na wobedi kan abisa Yehowa adwene wɔ ho. Yonatan yɛɛ saa de kyerɛe sɛ ɔwɔ Yehowa mu gyidi. Ɔpaw sɛnkyerɛnne a ɛbɛma wɔahu sɛ Yehowa pene so sɛ wɔtow hyɛ atamfo no so. Bere a wohui sɛ Yehowa taa wɔn akyi no, Yonatan de akokoduru kɔɔ atamfo no so.

 Hwɛ nneɛma mmienu a Yonatan yɛe de kyerɛe sɛ na ɔwɔ gyidi. Nea edi kan, na ɔwɔ obu kɛse pa ara ma ne Nyankopɔn Yehowa. Ná onim sɛ, sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ biribi a, ɔmfa ne ho nto nnipa ahoɔden so. Nanso, Yehowa ani gye ho sɛ obehyira nnipa anokwafo a wɔsom no no. (2 Beresosɛm 16:9) Nea ɛto so mmienu, ansa na Yonatan rekɔ atamfo no so no, odii kan hwehwɛɛ Yehowa adwene wɔ ho. Ɛnnɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ biribi a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛma yɛn sɛnkyerɛnne bi de akyerɛ sɛ ɔpene nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ no so. Esiane sɛ yɛwɔ Onyankopɔn Asɛm a ɔde ne honhom kyerɛwee no nyinaa nti, ɛboa ma yehu Onyankopɔn apɛde wɔ tebea biara mu. (2 Timoteo 3:16, 17) Sɛ worebesi gyinae titiriw bi a, wudi kan hwɛ nea Bible aka wɔ ho anaa? Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn apɛde ho hia wo sen w’ankasa w’apɛde. Saa na Yonatan yɛe.

 Enti mmarima mmienu no, Yonatan ne n’akodekurafo no yɛɛ ntɛm foro kɔɔ asogyafo no asoɛe hɔ. Bere a Filistifo no huu sɛ mmarima mmienu no reba wɔn so no, wɔmaa wɔn asogyafo no bi kohyiaa wɔn ma wɔne wɔn de sii ani. Ná Filistifo asogyafo no dɔɔso, na na wɔwɔ bepɔw so nso. Enti mmarima mmienu no de, na wɔnyɛ dɔm koraa mma wɔn. Nanso Yonatan bobɔɔ asogyafo no hwehwee fam mmaako mmaako, na n’akodekurafo no dii n’akyi kunkum wɔn. Ntɛm ara na mmarima mmienu no kunkum Filistifo asogyafo no 20! Afei Yehowa yɛɛ biribi foforo kaa ho. Bible ka sɛ: “Ɛnna ahopopo sii nsra no mu, wuram hɔ ne awɛmfo dɔm no nyinaa so, na afowfo dɔm no mpo ho popoe, na asase wosowee ma ɛdan ahopopo a efi Onyankopɔn hɔ.”—1 Samuel 14:15.

Yonatan ne n’akodekurafo no kɔtow hyɛɛ Filistifo asogyafo a wokura akode so

 Bere a ehu kaa Filistifo no ma wɔyɛɛ bagyabagya no, wofii ase mpo kunkum wɔn ho! Wei rekɔ so nyinaa, na Saul ne ne mmarima no gyina akyiri rehwɛ. (1 Samuel 14:16, 20) Israelfo no nyaa akokoduru na wɔtow hyɛɛ Filistifo no so. Ɛbɛyɛ sɛ woyiyii akode a na ɛhyehyɛ Filistifo a na wɔawuwu no ho. Saa da no, Yehowa maa ne nkurɔfo dii nkonim kɛse. Yehowa yɛɛ nneɛma akɛse akɛse saa bere no, na ɛde besi nnɛ nyinaa Yehowa nsesae. Ɛnnɛ nso, sɛ yenya Yehowa mu gyidi te sɛ Yonatan ne n’akodekurafo a Bible ammɔ ne din no a, yɛrennu yɛn ho da.—Malaki 3:6; Romafo 10:11.

“Onyankopɔn Na Ɔde No Ayɛ Adwuma”

 Yonatan hui sɛ na nkonim a Israelfo adi no fi Yehowa, nanso Saul de, wanhu nneɛma saa. Saul dii mfomso akɛse. Ebi ne sɛ, wanyɛ osetie amma Yehowa diyifo Samuel. Afɔre a anka ɛsɛ sɛ Samuel a ɔyɛ Lewini no bɔ no, Saul kɔbɔe. Bere a Samuel beduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ Saul sɛ asoɔden a wayɛ nti, n’ahenni rennyina. Afei, bere a Saul somaa ne mmarima sɛ wɔnkɔ ɔko no, ɔkaa ntam bɔne guu ɔman no so sɛ: “Ɔbarima a wantwɛn kosi sɛ mɛtɔ m’atamfo so were na obedidi ansa na onwini adwo no, nnome nka no!”—1 Samuel 13:10-14; 14:24.

 Asɛm a Saul kae yi ma yehu sɛ na ne suban asesa koraa. Kan no, na ɔyɛ ɔhobrɛasefo a ɔma Onyankopɔn kyerɛ no kwan. Nanso afei, yebetumi aka sɛ na wabɛyɛ obi a ɔpɛ anuonyam na ɔyɛ ahantan. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Yehowa nka nkyerɛɛ no sɛ ɔmfa ahyɛde a emu yɛ den saa nto asogyafo akokodurufo a wɔyɛ nsi no so. Afei hyɛ asɛm a Saul kae yi nsow: “Kosi sɛ mɛtɔ m’atamfo so were.” Asɛm a Saul kae yi, wohwɛ a, ɛte sɛ nea na osusuw sɛ nidi a obenya nti na ɛsɛ sɛ wodi nkonim wɔ ɔko no mu anaa? Enti na Saul werɛ afi sɛ ɛsɛ sɛ odwen Yehowa atɛntrenee ho sen sɛ obedwen n’atamfo a ɔbɛtɔ wɔn so were, nkonim a obedi, ne anuonyam a obenya ho anaa?

 Ntam bɔne a Saul ka guu n’asraafo no so no, na Yonatan nnim ho hwee. Esiane sɛ na ɔko no mu yɛ den nti, na Yonatan abrɛ pa ara. Enti ɔde ne poma no kaa ɛwokyɛm, na ɔde ɛwo no bi kaa n’ano. Ɛhɔ ara na ohui sɛ wasan anya ahoɔden. Afei ne mmarima no baako ka kyerɛɛ no sɛ ne papa abara wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ obiara didi. Yonatan buae sɛ: “Me papa de mmusu aba ɔman yi so. Monhwɛ, ɛwo kakra a mede kaa m’ano mpo ama m’ani so ada hɔ. Sɛ ɔman yi dii asade a efi wɔn atamfo hɔ no bi nnɛ a, hwɛ nea anka ɛbɛba! Enti nso na Filistifo kum yi nyɛɛ kɛse no.” (1 Samuel 14:25-30) Nea ɔkae no, na odi ka. Ná Yonatan di ne papa nokware, nanso ɛnyɛ sɛ ɔtee medaase aberaw ara na wama ne kora so. Ɛnyɛ sɛ ne papa kaa asɛm biara na odi so. Na ɛnyɛ nea ne papa yɛe nyinaa nso na ɔpenee so. Ne suban wei nti, ɛmaa nkurɔfo nyaa obu kɛse maa no.

 Bere a Saul tee sɛ Yonatan abu n’asɛm so no, wanhu sɛ na nyansa biara nni ahyɛde a ɔde maa n’asogyafo no mu. Mmom osusuwii sɛ ne ba no fata owu! Yonatan ne ne papa antwe nsɛm mu, na saa ara nso na wansrɛ sɛ ɔmfa ne bɔne nkyɛ no. Mmuae a ɔde maa ne papa no yɛ nwonwa pa ara. Ofii ne pɛ mu kaa sɛ: “Mini! Momma minwu!” Nanso Israelfo no kaa bi maa Yonatan. Nea wɔkae ne sɛ: “Yonatan a wayɛ ade kɛse de agye Israel sɛɛ yi na ɔrebewu? Ɛmpare yɛn! Sɛ́ Yehowa te ase yi, ne ti so nhwi biako mpo rentɔ fam, efisɛ Onyankopɔn na ɔde no ayɛ adwuma nnɛ.” Dɛn na efii mu bae? Saul gyaee asɛm no mu. Bible ka sɛ: “Enti ɔman no gyee Yonatan nkwa, na wanwu.”—1 Samuel 14:43-45.

“Mini! Momma minwu!”

 Ná Yonatan wɔ akokoduru, na ɔyɛ nsi, na na odwen afoforo ho; wei ma onyaa din pa. Bere a ne ho kyeree no no, din pa a ɔwɔ nti, onyaa ne ti didii mu. Yɛn nso, ɛsɛ sɛ da biara yebisa yɛn ho sɛ, yɛrenya din pa anaa dimmɔne. Bible ma yehu sɛ din pa ho hia pa ara. (Ɔsɛnkafo 7:1) Sɛ yesuasua Yonatan na yɛbɔ mmɔden nya din pa wɔ Yehowa anim a, yebenya so mfaso pii.

Ná Saul Suban Resesa

 Saul mfomso nyinaa akyi no, Yonatan kɔɔ so ara ne ne papa ko maa Israelfo mfe pii. Enti bere a ohui sɛ ne papa ntie Yehowa ahyɛde na wabɛyɛ ahantan no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhaw no pa ara. Ná Yonatan papa suban resesa nanso na ɔrentumi nyɛ ho hwee.

 Bere bi, Yehowa ka kyerɛɛ Saul sɛ ɔne Amalekfo nkɔko, na Saul yɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ na ne suban asesa koraa. Ná bɔne adonnɔn Amalekfo no ara ma Mose bere so tɔnn na Yehowa ka too hɔ sɛ ɔbɛtɔre Amalekfo no ase. (Exodus 17:14) Yehowa ka kyerɛɛ Saul sɛ ɔnsɛe Amalekfo nyɛmmoa nyinaa na onkum wɔn hene Agag. Saul dii nkonim wɔ ɔko no mu, na akyinnye biara nni ho sɛ, sɛnea na Yonatan yɛ daa no, odii ne papa akwankyerɛ akyi de akokoduru ko maa Israelfo no. Nanso Saul boapa buu Yehowa ahyɛde so ma enti wankum Agag ne nyɛmmoa no, na agyapade no nso, wansɛe no. Odiyifo Samuel kaa Yehowa atemmusɛm a etwa to kyerɛɛ Saul sɛ: “Esiane sɛ woapo Yehowa asɛm nti, ɔno nso apo wo sɛ nni hene.”—1 Samuel 15:2, 3, 9, 10, 23.

 Ɛno akyi no, ankyɛ koraa na Yehowa yii ne honhom kronkron fii Saul so. Esiane sɛ Yehowa twee ne ho fii Saul ho nti, na ne bo taa fuw ma ɔyɛ basabasa, na na ehu tumi hyɛ no so. Ná ɛte sɛ nea honhom bɔne bi a efi Onyankopɔn hɔ abesi papa no anan mu no. (1 Samuel 16:14; 18:10-12) Bere a Yonatan hui sɛ ne papa a kan no na ɔyɛ onuonyamfo no suban asesa no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhaw no pa ara! Nanso Yonatan kɔɔ so ara de nokwaredi som Yehowa. Ɔyɛɛ nea obetumi biara de boaa ne papa, na ɛtɔ da mpo a na oyi ne yam de afotu ma no. Ne nyinaa mu no, ɔde n’adwene sii n’Agya ne ne Nyankopɔn Yehowa so, efisɛ Ɔno de ɔnsesa da.—1 Samuel 19:4, 5.

 Wo nso, obi a wodɔ no anaa wo busuani bi a ɔbɛn wo suban asesa koraa pɛn? Sɛ biribi saa to wo a, ɛyɛ yaw pa ara. Yonatan nhwɛso no ma yɛkae asɛm a akyiri yi odwontofo no kyerɛwee no: “Sɛ me papa ne me maame mpo gyaw me a, Yehowa de, obegye me.” (Dwom 27:10) Yehowa yɛ ɔnokwafo. Na wo nso, obegye wo. Ɛwom sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi adi wo huammɔ de, nanso Yehowa de wo bɛyɛ Ne ba a onni ne ho agorɔ koraa.

 Ɛda adi sɛ Yonatan hui sɛ Yehowa begye ahenni no afi Saul nsam. Ohuu no saa no, dɛn na ɔyɛe? Ebia odwinnwen sɛnea ɔbɛyɛ n’ade bere a wabɛyɛ ɔhene no ho. Ebi nso a, onyaa adwene sɛ obesiesie mfomso a ne papa dii no bi, na ɔno de, wayɛ ɔhene nokwafo a ɔyɛ osetie. Yennim adwene a onyae, nanso nea yenim ne sɛ, sɛ onyaa adwene bi saa mpo a, emu biara nni hɔ a ɛbaa mu. Wei kyerɛ sɛ Yehowa gyaee ɔbarima nokwafo yi akyi di anaa? Dabi, mmom nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm sɛ wɔdaa adamfofa su a ɛyɛ sen biara adi no, Yehowa de Yonatan nhwɛso no nso kaa ho! Akyiri yi yɛbɛkyerɛw Yonatan ho asɛm foforo, na yɛbɛka saa adamfofa no ho asɛm.