Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 7

Dɛn Na Bible Kae Sɛ Ebesisi Wɔ Yɛn Bere Yi So?

“Ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni asɔre atia ahenni . . . Eyinom nyinaa yɛ awo mu yaw mfiase.”

Mateo 24:7, 8

“Atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔbɛdaadaa nnipa pii; na amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso nti, nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.”

Mateo 24:11, 12

“Sɛ mote ɔko, ne ɔko ho nsɛm a, mommmɔ hu; ɛsɛ sɛ eyinom sisi, nanso na awiei no nnya nnui.”

Marko 13:7

“Asaasewosow akɛse bɛba, na nsanyare a edi awu ne ɔkɔm bɛba mmeaemmeae; na nnipa behu nneɛma a ɛyɛ hu ne nsɛnkyerɛnne akɛse a efi soro.”

Luka 21:11

“Awiei mmere no mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkominya, wɔbɛyɛ sikanibere, wɔbɛhoahoa wɔn ho, wɔbɛyɛ ahantan, wɔbɛkeka abususɛm, wɔrentie wɔn awofo asɛm, wɔbɛyɛ bonniayɛ, wobedi nkurɔfo huammɔ, wɔrennya tema, nkurɔfo rentumi ne wɔn nyɛ apam, wɔbɛsɛe nkurɔfo din, wɔrentumi nhyɛ wɔn ho so, wobedi atirimɔdensɛm, wɔbɛyɛ wɔn a wɔmpɛ papa, wobeyi nkurɔfo ama, wɔbɛyɛ asoɔden, wɔbɛyɛ ahomaso, sɛ́ anka wɔbɛdɔ Onyankopɔn no, anigye mmom na wɔbɛpɛ; wuhu wɔn a wobɛka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔmmɔ wɔn bra sɛnea Onyankopɔn pɛ.”

2 Timoteo 3:1-5