DWOM 136
“Akatua Pa” a Efi Yehowa Hɔ
(Rut 2:12)
-
1. Ye-ho-wa nim wɔn a wɔ-som no nyi-naa.
Wa-ka sɛ o-dwen wɔn ho pii.
Nyan-ko-pɔn nim sɛ wɔn a-ho-fa-ma nti
Wɔ-tu-mi hwe-re nneɛ-ma pii.
Wo nnam-fo ne w’a-bu-sua-fo a-po wo?
Kae sɛ Nyan-ko-pɔn dwen wo ho.
Ɔ-nam n’a-som-fo so ma w’a-ni gye nnɛ.
Wa-ka sɛ wu-be-nya daa nkwa.
(NNYESO)
Ma w’a-ni nnye sɛ wo-som Ye-ho-wa.
E-fi-sɛ wu-be-nya a-ka-tua pa.
Kɔ so na hyɛ ne nta-ban a-se.
Ɔ-bɛ-bɔ wo ho ban; ɔ-yɛ A-gya pa!
-
2. A-bɔ-ne-fo-sɛm a-twa yɛn ho a-hyia.
E-tu-mi ma e-hu ka yɛn.
Yɛ’a-bam tu-mi bu ma ye-di a-w’rɛ-how,
Nan-so O-nyan-ko-pɔn hwɛ yɛn.
Fa wo haw nyi-naa to ne so. Men-su-ro.
Bɔ mmɔ-den na kɔ n’a-nim daa.
Ne hon-hom ne Bi-ble no bɛ-hyɛ wo den.
Wu-be-nya a-w’rɛ-kye-kye daa.
(NNYESO)
Ma w’a-ni nnye sɛ wo-som Ye-ho-wa.
E-fi-sɛ wu-be-nya a-ka-tua pa.
Kɔ so na hyɛ ne nta-ban a-se.
Ɔ-bɛ-bɔ wo ho ban; ɔ-yɛ A-gya pa!
(Hwɛ Atem. 11:38-40; Yes. 41:10 nso.)