Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Bɔne Kyɛ

Fa Bɔne Kyɛ

Twe Bi:

  1. 1. Ebia wo de wowɔ adwempa.

    Wo de na anka, efi wo koma mu.

    Obi bɛyɛ w’ade m‘ahye wo paa.

    Na awerɛhow ahyɛ wo so,

    Ama nusu agu wo.

    (NNYESO)

    Ma yensiesie yɛn ntam ɛnnɛ,

    Ma yennya asomdwoe wɔ yɛn ntam.

    Gyae ma ɛnka, ɛkyerɛ ɔdɔ;

    Baakoyɛ na ehia.

    Yɛyɛ ‘nuanom, yɛwɔ ɔdɔ.

  2. 2. Yɛyɛ nnipa enti yɛfom yɛn nua.

    Etumi de awerɛhow kɛse ba.

    Bɔ mmɔden fa wo nua bɔne kyɛ.

    Yehowa behyira wo nnɛ,

    Ɛbɛma w’ani agye.

    (NNYESO)

    Ma yensiesie yɛn ntam ɛnnɛ,

    Ma yennya asomdwoe wɔ yɛn ntam.

    Gyae ma ɛnka, ɛkyerɛ ɔdɔ;

    Baakoyɛ n’ehia.

    Yɛyɛ ‘nuanom, yɛwɔ ɔdɔ.

    (BRIDGE)

    Ɔdɔ kann na yɛwɔ. Enti yɛmma biribiara mmɛtetew yɛn ntam.

    Fa bɔne kyɛ, na yi fi wo mu.

    Ɛde asomdwoe ba yɛn ntam.

    (NNYESO)

    Ma yensiesie yɛn ntam ɛnnɛ,

    Ma yennya asomdwoe wɔ yɛn ntam.

    Gyae ma ɛnka, ɛkyerɛ ɔdɔ;

    Baakoyɛ n’ehia.

    Yɛwɔ ɔdɔ, nokware dɔ.

    Yɛwɔ ɔdɔ, yɛde bɔne bɛkyɛ daa.