Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ WUDI NOKWARE?

Nokwaredi—Nea Enti a Mfaso wɔ So

Nokwaredi—Nea Enti a Mfaso wɔ So

“Yegye di sɛ yɛwɔ ahonim pa, efisɛ yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra biribiara mu.”​—Hebrifo 13:18.

Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nokwaredi” wɔ Bible mu no, ɛkyerɛ “biribi a ɛyɛ papa paa.” Ebetumi nso akyerɛ obi a ne bra ye.

Ɔsomafo Paulo asɛm a ɛwɔ Bible mu no, Kristofo ntoto no ase koraa. Ɔkae sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra biribiara mu.” Dɛn na na ɔsomafo Paulo pɛ sɛ ɔkyerɛ?

YEDI APERE WƆ YƐN MU

Nnipa bebree wɔ hɔ a, sɛ wɔsɔre anɔpa na wɔanhwɛ wɔn anim wɔ ahwehwɛ mu a, wɔrensi abɔnten. Adɛn ntia? Wɔpɛ sɛ wohu sɛ wɔn ahosiesie adi mu anaa. Nanso ɛnyɛ obi ti a wayi anaa ataade fɛfɛɛfɛ a wahyɛ ne asɛm no. Mmom, n’abrabɔ na ɛbɛkyerɛ ne nipaban.

Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ bɔne wɔ yɛn ho, enti ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛyɛ adebɔne. Genesis 8:21 ka sɛ: “Onipa komam nsusuwii yɛ bɔne fi ne mmofraase.” Enti yɛpɛ oo, yɛmpɛ oo, ɛsɛ sɛ yɛko tia bɔne a ɛwɔ yɛn mu no. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ sɛnea ɔne bɔne dii ako no mu sɛ: “Me mu de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho yiye, nanso mihu mmara foforo bi wɔ m’akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ m’akwaa mu no.”​—Romafo 7:22, 23.

Wo de, ma yɛnyɛ ɛho nhwɛso. Sɛ adwemmɔne ba yɛn tirim na yɛn ara nso yɛpɛ sɛ yɛyɛ biribi a ɛnteɛ a, ɛnsɛ sɛ yedi yɛn koma akyi kɔyɛ bɔne. Sɛ yɛpɛ a, yebetumi ayɛ adepa. Ɛwom, nokwaredi ho ayɛ na, nanso yebetumi ayi adwemmɔne afi yɛn tirim na yɛadi nokware.

YEBETUMI ADI NKONIM

Asɛm no ara ne sɛ, ɛsɛ sɛ obiara si ne bo sɛ ɔbɛbɔ bra pa. Nanso, nnipa pii wɔ hɔ a, atade a wɔbɛhyɛ ho hia wɔn sen ɔbra pa a wɔbɛbɔ. Ɛno nti, wɔn ara ahyehyɛ nneɛma a wɔpɛ sɛ wodi mu nokware ne nea wonni mu nokware. Nhoma bi kyerɛ mu sɛ: “Sɛ biribi na yɛrewia oo, atoro na yɛredi oo, yɛyɛ no kwan bi so a ɛbɛma afoforo akɔ so abu yɛn sɛ yɛyɛ nokwaredifo.” [The (Honest) Truth About Dishonesty] Ɛyɛ ampa sɛ obi bɔ korɔn anaa odi atoro a yebetumi akɔ so aka sɛ ɔyɛ nokwaredifo? Dɛn na ɛbɛma yɛahu? Momma yɛnhwɛ.

Wokɔ wiase baabiara a wubehu sɛ nnipa mpempem pii wɔ hɔ a wɔahu sɛ, sɛ wɔrepɛ biribi a ɛbɛboa wɔn ama wɔabɔ bra pa a, ɛno ara ne Bible; abrabɔ pa ho akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu nso de, adutwam. (Dwom 19:7) Akwankyerɛ a Bible de ma de, enni huammɔ da. Ebi fa abusua asetena, adwuma, abrabɔ ne ɔsom ho. Bible mu asɛm de, entwam da. Ɛmfa ho ɔman a obi fi mu, n’abusua, kasa a ɔka ne nipa ko a ɔyɛ no, Bible mu mmara ne afotusɛm betumi aboa no. Sɛ yɛtweetwee Bible mu, dwennwen emu nsɛm ho, na yɛde bɔ yɛn bra a, ebetumi atetew yɛn ama yɛadi nokware.

Sɛ yenya Bible mu nimdeɛ a edi mu a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ yebetumi adi nokware. Ade yi, nnipa a wɔwɔ wiase no bra asɛe, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ araa ma yesuasua wɔn. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae na ɔboa yɛn. (Filipifo 4:6, 7, 13) Sɛ yɛbɔ mpae a, ɛbɛma yɛanya akokoduru de ayɛ nea ɛteɛ, na yɛadi nokware wɔ biribiara mu.

NOKWAREDI SO AKATUA

Hitoshi a yɛadi kan aka ne ho asɛm no, odii nokware wɔ n’adwuma mu, enti onyaa din pa. Seesei, adwuma a ɔyɛ no, ne nokwaredi nti, n’adwumawura pɛ n’asɛm. Hitoshi ka sɛ: “Ɛyɛ me dɛ sɛ matumi anya adwuma reyɛ a m’ahonim mmu me fɔ bio.”

Ebinom nso ahu sɛ Hitoshi asɛm no yɛ nokware. Wɔde Bible mu afotusɛm yi ayɛ adwuma de ‘nokwaredi abɔ wɔn bra biribiara mu,’ na wɔanya so mfaso. Wo de, ma yentie wɔn mu bi anom asɛm.

  • Yɛn Ahonim Mmu Yɛn Fɔ

    “Midii mfe 13 no, migyaee sukuu de me ho kɔbɔɔ akorɔmfo kuw bi. Ɛno nti, m’ahode a na mewɔ nyinaa, na emu dodow no ara yɛ akorɔnne. Akyiri yi mewaree, na me ne me kunu fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible. Yesua hui sɛ Yehowa * Nyankopɔn kyi nnaadaa ne nsisi biara, enti yɛsesaa yɛn suban. Afei afe 1990 mu no, me ne me kunu nyinaa hyiraa yɛn nkwa so maa Yehowa, na wɔbɔɔ yɛn asu ma yɛbɛyɛɛ Yehowa Adansefo.”​—Mmebusɛm 6:16-19.

    “Kan no, sɛ woba me fie a, biribiara a wubehu wɔ hɔ no, mekɔwiae. Nanso seesei de, memmɔ korɔn bio, enti me tirim fann. Sɛ mekae mfe dodow a mede bɔɔ korɔn no a, ɛyɛ a meda Yehowa ase sɛ wahu me mmɔbɔ. Seesei, meda a na mada, efisɛ minim sɛ Yehowa ani gye me ho.”—Cheryl, Ireland.

    “Bere bi, m’adwumam panyin huu sɛ obi rema me braeb nanso mannye, enti ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Wo Nyankopɔn a woresom no no ama woayɛ nokwaredifo. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛwɔ obi te sɛ wo wɔ adwuma yi mu.’ Me nokwaredi wɔ biribiara mu nti, Yehowa Nyankopɔn hu sɛ me tirim fann. Eyi ma mitumi boa m’abusua ne afoforo ma wɔn nso wodi nokware.”​—Sonny, Hong Kong.

  • Ɛma Yɛn Asom Dwo Yɛn

    “Meyɛ ɔpanyin paa abadiakyiri wɔ sikakorabea kɛse bi mu. Sikakorabea adwuma yi mu no, obiara repɛ ne ho anya enti wɔne nokwaredi abɔ nsianho. Nea ɛda obiara ano ne sɛ, ‘Sɛ mebɔ korɔn kakra na ɛbɛma manya me ho na me sikasɛm akɔ yiye a, bɔne bɛn na ɛwom?’ Nanso esiane sɛ me de, midi nokware nti, m’asom adwo me. Mayɛ m’adwene sɛ, awia mu oo, nsu mu oo, medi nokware. M’adwumam mpanyimfo nim sɛ sɛnea ɛte biara merenni atoro.”—Tom, United States.

  • Ɛma Nkurɔfo Bu Yɛn

    “Bere bi, nneɛma bi yerae wɔ adwuma mu, na me panyin kaa sɛ minni atoro, nanso mamfa me ti annye. Akyiri yi wohuu wɔn a wɔfaa nneɛma no, na m’adwumawura daa me ase sɛ mekaa nokware. Wiase no mfa nokwaredi nyɛ hwee, enti sɛ obi betumi adi nokware a, egye akokoduru. Nanso sɛ yemia yɛn ani di nokware a, nkurɔfo begye yɛn adi na wɔabu yɛn.”​—Kaori, Japan.

Sɛ yedi nokware a, yɛn ahonim mmu yɛn fɔ, yɛn asom dwo yɛn, na ɛma nkurɔfo nso bu yɛn. Wohwɛ nea yɛaka yi nyinaa a, wunnye nni sɛ nokwaredi so wɔ mfaso?

^ nky. 18 Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.