Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛyɛ Wo sɛ Obiara Nnwen Wo Ho a, Dɛn na Wobɛyɛ?

Ɛyɛ Wo sɛ Obiara Nnwen Wo Ho a, Dɛn na Wobɛyɛ?

WOREPƐ nnipa a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ paa a, wɔne mmofra. Sɛ yɛwo abofra to hɔ a, ne biribiara ne n’awofo; sɛ ɔbɛyɛ dɛn oo, ɔbɛyɛ dɛn oo, ne nyinaa yɛ n’awofo. Abofra no sɔre gyina ne nan so fi ase tutu a, obiara a obehu no no, obu no ɔbran. Sɛ ne maame anaa ne papa nka ne ho a, wobɛhwɛ na ehu akyekyere no. Nanso, wo de ma ne maame anaa ne papa nsɔ ne nsa na hwɛ, wobehu sɛ ehu no nyinaa atu ayera.

Sɛ abofra hu sɛ n’awofo dɔ no, na wɔka asɛmdɛ kyerɛ no a, etumi boa no paa, na ɛma ohu sɛ n’awofo dwen ne ho. Sɛ awofo no taa kamfo abofra no nso ɛ? Ɛno koraa ma abofra no nya ahotoso bi wɔ ne mu, na ohu sɛ obetumi ayɛ pii aka nea wayɛ no ho.

Abofra no renyin a, onya nnamfo; nnamfo saa nso ma abofra no hu sɛ ebinom wɔ hɔ a wodwen ne ho. Sɛ ɔwɔ ne nnamfo mu a, onsuro hwee, na wɔma n’ani ka sukuu mu.

Yɛtaa ka sɛ panyin na obi nyɛɛ bi da na ɛnyɛ abofra, enti nea yɛreka yi, obiara ahu bi pɛn. Nanso mmofra bi wɔ hɔ a, wɔn nnamfo yɛ kakraa bi. Mmofra pii nso wɔ hɔ a, wɔn awofo ato wɔn agyaagyaamu. Melissa * ka sɛ: “Sɛ mihu awofo ne wɔn mma a wɔabom reyɛ ade ho mfoni a, nea meka no me tirim ara ne sɛ ‘Minyae a, anka meyɛ abofra no, m’awofo yɛɛ me saa ara.’” Ebia wo nso woate nka saa pɛn.

SƐ AWOFO NE WƆN MMA ANNI NO YIYE A, DƐN NA ƐDE BA?

Ebia woyɛ abofra no, na w’awofo nnɔ wo, na na wɔnka asɛmdɛ nkyerɛ wo. Enti worenyin no, na wo ara wunnye wo ho nni. Ebia woyɛ abofra no, na w’awofo taa ko, enti wɔn aware no annyina. Sɛ wokae a ɛyɛ wo yaw, efisɛ wote nka sɛ gyama ɛnam wo so na awaregyae no bae. Ɛbɛyɛ sɛ nea etwa wo nsono mu koraa ne sɛ na wo maame anaa wo papa taa teatea wo anaa wɔhwe wo.

Sɛ mmofra bi te nka sɛ wɔn asɛm mfa obiara ho a, dɛn na wɔtaa yɛ? Sɛ mmofra saa di mfe 13 rekɔ a, wobɛhwɛ na wɔn mu bi afi ase renom nnubɔne anaa wɔrewe nsa. Ebinom tumi de wɔn ho kɔdɔm atuntunafo bi. Ebi nso wɔ hɔ a, wobɛhwɛ no na wɔate atɔ ɔbaa anaa ɔbarima bi dɔ mu, nanso enni gyina na ate wɔn ani so. Afei na akɔyɛ sɛ nea waguan nkran akɔtɔ ogya mu no.

Mmabun no bi wɔ hɔ a, wɔnyɛ nea yɛaka yi bi, nanso wobenyin no, wobɛhwɛ na wɔda so ara te nka sɛ mfaso biara nni wɔn so. Ana kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Ná me maame taa ka kyerɛ me sɛ meyɛ te-man-mu-hunu, enti minyinii nyinaa mete nka sɛ meyɛ sansani, mfaso biara nni me so. Manyɛ biribi amma me maame ankamfo me da, na wanyɛ biribiara ankyerɛ sɛ ɔdɔ me.”

Ɛnyɛ nea yɛaka yi nko ara na etumi ma obi asɛm yɛ mmɔbɔ. Awaregyae, nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ anaa sɛnea obi te nso tumi ma n’asɛm yɛ mmɔbɔ anaa ɔte nka sɛ n’asɛm mfa obiara ho. Sɛ obi nya te nka saa a, sɛ dɛn na ɛde bae oo, dɛn na ɛde bae oo, ebetumi asɛe n’anigye. Ebetumi nso ama obi ayɛ moamoa. Sɛ ɛyɛ wo sɛ obiara nnwen wo ho anaa w’asɛm yɛ mmɔbɔ a, dɛn na wobɛyɛ?

ONYANKOPƆN DWEN YƐN HO

Nea ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hu ne sɛ, obi wɔ hɔ a obetumi aboa yɛn, na wayɛ krado nso sɛ ɔbɛboa yɛn. Onii no ne Onyankopɔn.

Wo de, tie asɛm bi a Onyankopɔn maa ne diyifo Yesaia kae. Ɔkae sɛ: “Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo. Mede me trenee nsa nifa beso wo mu denneennen.” (Yesaia 41:10, 13) Sɛ wode w’adwene bu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ oso wo nsa a, ɛnyɛ awerɛkyekye anaa? Enti ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani yɛ yɛn totɔtotɔ da!

Wokenkan Bible a, wubehu sɛ Onyankopɔn asomfo bi ani yɛɛ wɔn totɔtotɔ, nanso wosoo Onyankopɔn nsa. Samuel maame Hana sɛɛ na ɔyɛ obonin, enti ɔtee nka sɛ mfaso biara nni ne so. Yɛreka yi, na nkurɔfo taa huru no, na ɛmaa ne werɛ howee paa; ná aduan mpo nyɛ no dɛ. (1 Samuel 1:6, 8) Nanso bere a ɔkaa ne komam asɛm kyerɛɛ Onyankopɔn no, n’awerɛhow no tu yerae.​—1 Samuel 1:18.

Odwontofo Dawid nso, biribi kɔɔ so maa n’ani yɛɛ no totɔtotɔ. Nea ɛkɔbae ne sɛ, Ɔhene Saul tuu n’ani sii ne so sɛ obekum no. Ɛwom, nea Saul bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no anyɛ yiye, nanso ɛmaa Dawid kɔɔ ahokyere mu paa, na ɛmaa ɔtee nka sɛ anidaso nyinaa asa. (Dwom 55:3-5; 69:1) Nea Dawid faa mu nyinaa akyi no, ɔkae sɛ: “Asomdwoe mu na mɛkɔ me kɛtɛ so, na asomdwoe mu na mɛda, efisɛ wo Yehowa nkutoo na woma minya ahotɔ.”​—Dwom 4:8.

Nea yɛaka yi ma yehu sɛ Hana ne Dawid nyinaa kaa wɔn ahiasɛm kyerɛɛ Yehowa, na Yehowa nso amma wɔn nsa ansi fam; ɔboaa wɔn. (Dwom 55:22) Yɛn nso, dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua wɔn?

NNEƐMA MMIƐNSA BI A ƐBƐMA WOANYA AKOMATƆYAM

1. Fa Yehowa yɛ w’Agya.

Yesu tuu yɛn fo sɛ yensua n’Agya, “nokware Nyankopɔn koro pɛ no” ho ade. (Yohane 17:3) Ɔsomafo Paulo nso ama yɛahu sɛ: “[Onyankopɔn ne] yɛn mu biara ntam nware.” (Asomafo Nnwuma 17:27) Yakobo nso kyerɛwee sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.”​—Yakobo 4:8.

Ɛyɛ wo sɛ anidaso nyinaa asa na obiara nnwen wo ho a, ade a edi kan a ɛbɛboa wo ne sɛ wubehu sɛ yɛn soro Agya no dɔ wo na odwen wo ho. Ɛwom, ɛnyɛ da koro na wode bɛfa no adamfo, nanso nnipa pii a wɔatumi afa no adamfo ahu mfaso a ɛwɔ so. Caroline ka sɛ: “Bere a mede Yehowa yɛɛ m’Agya no, mihui sɛ afei de manya obi a metumi aka me komam asɛm akyerɛ no. Eyi maa me ho tɔɔ me!”

Nea Rachel nso kae ni: “Bere a m’awofo tuu kwan gyaw me no, Yehowa na okurakuraa me. Ná mede me haw to n’anim sɛ ɔmmoa me, na wamma me nsa ansi fam da.” *

2. Fa wo ho bɔ Onyankopɔn asomfo.

Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ wommu wɔn ho sɛ wɔn nyinaa yɛ anuanom. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo nyinaa yɛ anuanom.” (Mateo 23:8) Ná Yesu pɛ sɛ n’asuafo no dodɔ wɔn ho, na ama wɔayɛ abusua baako a wɔsom Onyankopɔn.—Mateo 12:48-50; Yohane 13:35.

Yehowa Adansefo asafo ahorow no, emufo bɔ mmɔden paa sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho, na wɔne wɔn ho atena fɛfɛɛfɛ. (Hebrifo 10:24, 25) Ebinom ahu sɛ, sɛ wɔn werɛ how na wɔkɔ asafo nhyiam a, nea ɛkɔ so wɔ hɔ no tumi ma wonya awerɛkyekye.

Eva ka sɛ: “Ná mewɔ yɔnko berɛbo bi wɔ m’asafo mu, na sɛ meka m’asɛm kyerɛ no a, ɔte me ase. Ná otie me, kenkan ade kyerɛ me, na na ɔne me bɔ mpae. Ná ɔnkɔ nnya me, na sɛ asɛm bi hyɛ me so a, ɔyɛ aso tie nea mewɔ ka nyinaa; ɛba saa a me ho tɔ me. Ɔboaa me paa, na afei de na mete nka sɛ obi dwen me ho.” Rachel san kae sɛ: “Minyaa ebinom de wɔn yɛɛ me maame ne me papa wɔ m’asafo mu. Wɔkyerɛe sɛ wɔdɔ me na wodwen me ho.”

3. Yi wo yam ma nkurɔfo, na kyerɛ sɛ wodɔ wɔn.

Sɛ yeyi yɛn yam ma nkurɔfo na yɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn a, ɛma wɔn nso pɛ yɛn asɛm paa. Yesu kae sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Asomafo Nnwuma 20:35) Sɛ yɛdɔ nkurɔfo a, yebehu sɛ, ɛma afoforo pɛ yɛn asɛm na wɔdɔ yɛn. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Monkɔ so mma na nkurɔfo ama mo.”​—Luka 6:38.

Sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛdɔ nkurɔfo na ɛma afoforo nso pɛ yɛn asɛm a, ɛbɛma yɛn ani agye. Bible se “ɔdɔ to ntwa da.” (1 Korintofo 13:8) María ka sɛ: “Ná me ara mewɔ me ho adwene bi a enye, nanso na minim sɛ ɛnyɛ saa na mete. Nea ɛboa me ne sɛ, mede bere pii boa nkurɔfo, enti me werɛ afi m’adwennwen. Sɛ meyɛ biribi ma obi a, ɛma me koma tɔ me yam.”

OBIARA BENYA AHOTƆ

Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ wode afotusɛm yi yɛɛ adwuma ara na wo haw nyinaa atu ayera. Nanso sɛ woyere wo ho de yɛ adwuma a, ebetumi aboa wo paa. Caroline ka sɛ: “Ɛnnɛ nyinaa ɛwom ara a mete nka sɛ m’asɛm mfa obiara ho, nanso minim sɛ Onyankopɔn dwen me ho, na mewɔ nnamfo pii nso. Eyi nyinaa ma mete nka sɛ mesom bo, na nkurɔfo dwen me ho.” Rachel nso ka sɛ: “Ɛtɔ da a, me werɛ tumi how paa, nanso mewɔ anuanom wɔ asafo no mu a wotumi tu me fo, na wɔboa me ma mitwa me koma to me yam. Nea ɛkyɛn so koraa ne sɛ, mewɔ ɔsoro Agya bi a daa meka me komam asɛm kyerɛ no. Eyi tumi boa me paa.”

Bible no ka wiase foforo bi ho asɛm, na saa wiase no mu de, obiara rente nka sɛ nkurɔfo nnwen ne ho

Dɛn na ɛbɛma ɔhaw a yɛaka ho asɛm yi ase atu koraa? Bible no ka wiase foforo bi ho asɛm, na saa wiase no mu de, obiara rente nka sɛ nkurɔfo nnwen ne ho. Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn bɔ sɛ: “Wɔn mu biara bɛtena ne bobe ne ne borɔdɔma ase, na obiara renyi wɔn hu.” (Mika 4:4) Saa bere no, obiara nhunahuna yɛn, na obiara renyɛ yɛn bɔne. Ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a yɛafa mu nyinaa, “ɛremma komam bio.” (Yesaia 65:17, 25) Onyankopɔn ne ne Ba Kristo Yesu de “nokware trenee” bɛba. Ɛno bɛma yɛanya “ahotɔ akosi daa.”​—Yesaia 32:17.