Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Da Tema Adi Anaa?

Onyankopɔn Da Tema Adi Anaa?

NEA YESUA FI ABƆDE MU

Sɛ yɛka tema a, wɔkyerɛ ase sɛ “wode w’adwene bebu tebea a obi wom na woafa no sɛ wo na wowɔ saa tebea no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahu nea onii no refa mu ne sɛnea ɔte nka.” Dr. Rick Hanson a ɔyɛ adwene ho ɔbenfo no ka sɛ, “tema de wɔde wo yɛn.”

SUSUW HO HWƐ: Sɛnea nnipa tumi da tema adi no, abɔde foforo biara nni asase so a etumi da no adi saa. Adɛn ntia? Efisɛ Bible ka sɛ Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ ne suban so. (Genesis 1:26) Nea wei kyerɛ ne sɛ, yɛwɔ Onyankopɔn suban ahorow no bi, enti yetumi da no adi. Ɛno nti sɛ obi dwen afoforo ho, na tema ka no ma ɔboa wɔn a, na ɔresuasua ne Bɔfo Yehowa Nyankopɔn a ɔwɔ tema ne ayamhyehye no.—Mmebusɛm 14:31.

SƐNEA BIBLE MA YEHU SƐ ONYANKOPƆN DWEN YƐN HO

Onyankopɔn wɔ tema ma yɛn enti sɛ ohu sɛ yɛrehu amane a, ɛhaw no kɛse. Tete Israelfo no huu amane wɔ Egypt nkoasom mu, na ɛno akyi no wɔbrɛe pa ara wɔ sare so mfe 40. Bible kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Bere a wɔn ho hiahiaa wɔn no, ne ho hiahiaa no.” (Yesaia 63:9) Hyɛ no nsow sɛ, ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn huu wɔn amanehunu no kɛkɛ. Mmom, na ɔte nea wɔrefa mu no ase. Ɔkaa sɛ: “Minim wɔn brɛ nyinaa.” (Exodus 3:7) Onyankopɔn aka sɛ: “Nea ɔde ne nsa ka mo no, ɔde ne nsa aka m’aniwa kesua.” (Sakaria 2:8) Sɛ afoforo yɛ ade ma ɛhaw yɛn a, ɛhaw Onyankopɔn nso.

Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yebu yɛn ho fɔ na yɛte nka sɛ yɛmfata sɛ Onyankopɔn da tema adi kyerɛ yɛn mpo a, “Onyankopɔn sõ sen yɛn koma na onim nneɛma nyinaa.” (1 Yohane 3:19, 20) Onyankopɔn nim yɛn yiye sen sɛnea yenim yɛn ho. Onim tebea a yɛwom, yɛn nsusuwii ne sɛnea yɛte nka nyinaa. Ɔwɔ tema ma yɛn.

Yebetumi de yɛn ani ato Onyankopɔn so sɛ ɔbɛkyekye yɛn werɛ, ɔbɛma yɛn nyansa, na waboa yɛn. Efisɛ yenim sɛ ɔboa wɔn a wɔwɔ ahohia mu

Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem

  • “Wobɛfrɛ na Yehowa ankasa begye so; wubesu afrɛ no, na ɔbɛka sɛ, ‘Mini!’”—YESAIA 58:9.

  • “‘Me ara minim adwene a madwen mo ho,’ Yehowa asɛm ni, ‘ɛyɛ asomdwoe adwene, na ɛnyɛ mmusu, sɛ mɛma mo daakye ne anidaso. Mobɛfrɛ me, na mobɛba abɛbɔ me mpae, na metie mo.’”—YEREMIA 29:11, 12.

  • “Fa me nusu gu wo kotoku mu. Enni wo nhoma mu anaa?”—DWOM 56:8.

ONYANKOPƆN ANI WƆ YƐN SO, ƆTE YƐN ASE, NA ƆWƆ TEMA MA YƐN

Sɛ yehu sɛ Onyankopɔn wɔ tema ma yɛn a, ɛno betumi aboa yɛn ama yɛagyina nsɛnnennen ano anaa? Susuw Maria suahu no ho:

“Kokoram teetee me babarima mfe mmienu, na odii mfe 18 no, owui. Ɛbaa saa no, midii yaw kɛse, na metee nka sɛ abrabɔ ne me anni no yiye. Me bo fuw Yehowa sɛ wamfa ne ho annye asɛm no mu na wansa me ba no yare!

“Mfe nsia akyi no, mekaa nea ɛwɔ me komam kyerɛɛ m’adamfo bi sɛ Yehowa nnɔ me, na m’adamfo no tiee me. Ná m’adamfo no wɔ asafo no mu, na na ɔwɔ ɔdɔ ne ayamhyehye. Otiee me dinn nnɔnhwerew pii, afei ɔkaa asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 3:19, 20 no kyerɛɛ me ma ɛkaa me koma. Ɛhɔ ka sɛ: ‘Onyankopɔn sõ sen yɛn koma na onim nneɛma nyinaa.’ Ɔkyerɛɛ mu sɛ, Yehowa te amanehunu a yɛrefa mu no ase.

“Wei nyinaa akyi, na ɛyɛ den ma me sɛ meyi abufuw no afi me mu! Ɛnna mekenkanee Dwom 94:19. Ɛka sɛ: ‘Sɛ me mu dadwen yɛ bebree a, w’awerɛkyekye na ɛma me kra ani gye.’ Metee nka sɛ asɛm yi de, wɔkyerɛw maa me! Nkakrankakra, na mitumi fi me komam ka me haw no ho asɛm kyerɛ Yehowa, efisɛ minim sɛ otie na ɔte ase.”

Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ Onyankopɔn te yɛn ase na ɔwɔ tema ma yɛn. Ɛnde, adɛn nti na yehu amane pii saa? Ɛyɛ bɔne a yɛayɛ nti na Onyankopɔn retwe yɛn aso anaa? Enti Onyankopɔn beyi amanehunu nyinaa afi hɔ? Nsɛm a edidi so no bɛka ho asɛm.