Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 NSASE NE NNIPA

Italy Nsrahwɛ

Italy Nsrahwɛ

ITALY yɛ ɔman a emu nneɛma gu ahorow—mpoano a ɛtrɛw kɔ akyiri ne mmepɔw a ɛyɛ abonkyiabonkyi; ahohuru bere a emu yɛ hyew paa wɔ anafo fam na awɔw bere a emu yɛ nwini paa wɔ atifi fam. Ɛyɛ ɔman a ogya bepɔw wom paa, nanso ogya bepɔw no mu kakraa bi na ɛtaa paapae—te sɛ Stromboli ne Bepɔw Etna.

Italy ka aman a nnipa ahyɛ mu paa wɔ Europa no ho. Nnipa te sɛ Arabfo, Byzantifo, Helafo, Normanfo, ne Foinikefo adi mu akɔneaba.

Nsrahwɛfo tena gondola mu de fa nsuka pii a ɛdeda Venice no mu

Kurow no wɔ tete abakɔsɛm ho nneɛma ne nnwinne pii. Tete Helafo ne Romafo amanfõ ne Ɔsesɛw bere mu adan a wɔde nneɛma a ɛyɛ fɛ ahyehyɛ mu wɔ Italy nkurow akɛse ne nketewa pii mu. Mfonini ahorow, ahoni a wɔde abo ayɛ, ne nsubura ahorow a wɔkyerɛ a nnipa bi te sɛ Bernini, Michelangelo, ne Raphael na wɔyɛe nso wɔ hɔ.

Aduan ho hia wɔn paa wɔ wɔn asetena mu, na wɔde aduan na ɛyɛ wɔn amanne pii. Wɔtaa di pasta nnuan kan, na wɔde nantwinam anaa mpataa ne afumduan atoa so. Ngo a wonya fi ngodua mu abu so wɔ baabiara. Pizza ne risotto yɛ Italiafo nnuan a wɔpɛ paa.

Pasta yɛ Italiafo aduan titiriw

 Italiafo anim tew, wɔpɛ nnipa, na wɔpɛ ahɔhoyɛ. Wɔpɛ nkɔmmɔbɔ, enti nea wotaa hu ne nnipa a wɔahyia mmɔnten so rebɔ nkɔmmɔ, anaa wɔnam kwantempɔn so retotow wɔn nsa dannan wɔn ho wɔ wɔn nkɔmmɔbɔ mu.

Nnipa a wɔwɔ Italy no mu dodow no ara ka sɛ wɔyɛ Roma Katolekfo, nanso wɔn mu kakraa bi pɛ na wɔkɔ asɔre daa. Nnansa yi, wɔmfa nea asɔre no ka no aniberesɛm biara, na wɔabu wɔn ani agu asɔre no mmara a ɛfa nyinsɛn a wotu gu ne awaregyae ho no so.

Yehowa Adansefo renya nkɔso wɔ Italy. Wonim wɔn yiye sɛ nkurɔfo a wɔkyerɛkyerɛ Bible no wɔ baguam na wɔde emu nsɛm no bɔ wɔn bra nso. Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 3,000 na ɛwɔ ɔman no mu nyinaa, na wɔn mu dodow no ara resua sɛ wɔbɛka kasa foforo a ɛnyɛ Italiafo kasa. Ɛho abehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ Bible no wɔ kasa afoforo mu, efisɛ nnipa a wɔabɛtena Italy a wɔka kasa foforo wɔ mfe du ntam no abu abɔ ho mpɛn abiɛsa.

SO NÁ WUNIM?

Ewom sɛ Vatican City wɔ Rome de, nanso ɛyɛ ɔman a enyaa ne fahodi wɔ 1929 mu, ma enti Italiafo bu no sɛ ɛyɛ ɔman foforo.

Dolomites bepɔw a ɛso yɛ abonkyiabonkyi a ɛsesã so wɔ Italy atifi apuei fam