Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 NSƐM A WOBISABISA | FENG-LING YANG

Nyansahufo Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Nyansahufo Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Feng-Ling Yang yɛ ɔpanyin a ɔhwɛ ma wɔyɛ nhwehwɛmu wɔ sukuu kɛse bi a ɛwɔ Taipei, Taiwan, mu. Wɔatintim n’adwuma wɔ nyansahu nhoma ahorow mu. Ná ogye adannandi di. Nanso ɔsesaa n’adwene akyiri yi. Nyan! nsɛmma nhoma kyerɛwfo bisaa no n’adwuma ne ne gyidi ho asɛm.

Ka wo ho asɛm kyerɛ yɛn.

Ná m’awofo yɛ ahiafo paa, na me maame ankɔ sukuu da. Ná yɛyɛn mprako san dua afumduan wɔ ɔwora bi a ɛbɛn Taipei kurow no. M’awofo kyerɛɛ me mfaso a ɛwɔ adwumaden so, na wɔkyerɛɛ me sɛnea wɔboa afoforo nso.

Ná w’abusuafo yɛ nyamesomfo?

Ná m’abusuafo de wɔn ho ahyɛ Taosom mu. Ná yɛbɔ afɔre ma “Ɔsoro Nyankopɔn,” nanso na yennim ne ho hwee. Na metaa bisa sɛ, ‘Dɛn nti na nnipa hu amane? Dɛn nti na nnipa yɛ pɛsɛmenkominya?’ Mekenkan nhoma ahorow a ɛfa Taosom ne Buddhasom ne nea ɛfa Apuei fam ne Atɔe fam abakɔsɛm ho. Mekɔɔ asɔre ahorow bi mpo. Nanso mannya me nsɛmmisa no ho mmuae.

Dɛn nti na wusuaa abɔde ho nyansahu?

Ná mepɛ akontaabu na na m’ani gye sɛnea abɔde mu mmara horow yɛ adwuma no ho. Mmara yɛ adwuma wɔ nneɛma nyinaa mu, efi abɔde akɛse paa so besi mmoawammoawa nketenkete paa so. Ná mepɛ sɛ mete saa mmara ahorow no ase.

Dɛn nti na wugyee adannandi toom sɛ ɛyɛ nokware?

Ɛno ho ade nkutoo na wɔkyerɛɛ me. Efi ntoaso sukuu kosi sukuupɔn nyinaa, adannandi nkutoo na wɔde kyerɛkyerɛɛ nneɛma mu. Na afei, esiane sɛ na meyɛ abɔde a nkwa wom ho nhwehwɛmufo nti, na wɔhwɛ kwan sɛ megye adannandi atom.

Esiane sɛ na meyɛ abɔde a nkwa wom ho nhwehwɛmufo nti, na wɔhwɛ kwan sɛ megye adannandi atom

Dɛn na ɛma wufii ase kenkan Bible no?

Afe 1996 mu no, mitu kɔtenaa Germany kɔtoaa me sukuu so. Afe a edi hɔ no, mihyiaa ababaa bi a wɔfrɛ no Simone. Ná  ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo, na ɔkae sɛ ɔbɛma manya me nsɛmmisa ho mmuae afi Bible mu. Bere a ɔka kyerɛɛ me sɛ Bible kyerɛkyerɛ nea enti a yɛwɔ asase yi so mu no, me ho dwiriw me. Mifii ase sɛ mɛsɔre nnɔnnan ne fã anɔpa biara na mede nnɔnhwerew biako akenkan Bible no. Sɛ mekenkan wie saa a, na mafi adi akɔnantenantew de adwinnwen ho. Edii afe no, na makenkan Bible mũ no nyinaa awie. M’ani gyee sɛnea Bible mu nkɔmhyɛ ahorow ba mu pɛpɛɛpɛ no ho. Nkakrankakra, mibegye dii sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ.

Wɔ wo fam no, na wususuw sɛ nkwa fi he?

Bere a mifii ase susuw eyi ho paa wɔ afe 1990 mu no, na abɔde a nkwa wom ho animdefo afi ase rehu sɛ nnuru ahorow a ɛboa ma nkwa kɔ so no mu dɔ sen sɛnea obiara asusuw ho pɛn. Ɛwom, na nyansahufo fi bere tenten nim sɛ ahoɔdennuru a ɛwɔ nkwammoaa mu no ho nimdeɛ mu dɔ paa sen abɔde mu nneɛma nketenkete a aka nyinaa. Nanso seesei, wɔrehu ɔkwan a ahoɔdennuru akuwakuw no hyehyɛ wɔn ho te sɛ mfiri a ɛyɛ fɛ a etumi keka wɔn ho. Abɔde mu nneɛma nketenkete yi mu biara mu ahoɔdennuru betumi aboro 50. Na nkwaboaa ketewaa mpo hia mfiri ahorow pii—sɛ nhwɛso no, nea ɔde bɛtwe ahoɔden, ɔde bɛhwɛ nsɛm so ayɛ bi, na ɔde akɔ nipadua no afã foforo.

Dɛn na wubegye toom?

Mibisaa me ho sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wɔhyehyɛɛ ahoɔdennuru mu mfiri yi yiye saa?’ Saa bere no mu a wobehui sɛ nkwaboaa ho nsɛm kɔ akyiri sen sɛnea na wosusuw no, ɛmaa nyansahufo pii bisaa asɛm koro no ara. Nyansahu mu ɔbenfo bi a ɔwɔ United States tintim nhoma bi na ɔkae sɛ nkwammoaa a ɛwɔ abɔde a nkwa wom mu no yɛ nwonwa araa ma ɛrentumi mma sɛ ɛbae ara kɛkɛ. Me ne no yɛɛ adwene. Metee nka sɛ ɔkwan biara so no obi na ɔbɔɔ nkwa.

Mibisaa me ho sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wɔhyehyɛɛ ahoɔdennuru mu mfiri yi yiye saa?’

Ɛyɛɛ dɛn na wobɛyɛɛ Yehowa Ɔdansefo?

Nea ɛkaa me koma paa ne sɛ, ɛwom sɛ na Simone nte apɔw papa de, nanso na otwa kilomita 56 nnawɔtwe biara de bɛkyerɛkyerɛ me Bible. Mibehui sɛ wɔ Nasi bere so wɔ Germany no, wɔde Adansefo binom koguu nneduaban mu esiane afã biara a na wonni wɔ amanyɔsɛm mu nti. Akokoduru a na wɔwɔ no kaa me paa. Ɔdɔ a Adansefo no wɔ ma Onyankopɔn no maa me nso mepɛe sɛ mɛyɛ sɛ wɔn.

Onyankopɔn mu gyidi a wanya no de mfaso bi abrɛ wo?

M’ayɔnkofo ka sɛ mewɔ anigye seesei sen kan no. Esiane sɛ mifi abusua a wodi hia buruburoo mu nti, na mibu me ho abomfiaa, na na menka baabi a mifi ne m’awofo ho asɛm nkyerɛɛ obiara. Nanso Bible ama mabehu sɛ ɛnyɛ abusua a obi fi mu na Onyankopɔn hwɛ. Nokwarem no, ɛbɛyɛ sɛ wɔtetee Yesu wɔ abusua a wodi hia buruburoo te sɛ me de yi mu. Seesei, me na mehwɛ m’awofo na m’ani gye sɛ mede wɔn bɛkyerɛ m’ayɔnkofo.