Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 SO WƆBƆE?

Afofantɔ Ntaban—Ɛtwe Awia

Afofantɔ Ntaban—Ɛtwe Awia

NEA ɛbɛyɛ a nnipa mfa n’ani nto fango so pii nti, nneɛma a etumi twe awia mu ahoɔden no, nyansahufo ani abere denneennen sɛ wɔbɛhyɛ mu den. Nyansahufo bi kae sɛ, “Ade a yɛde bedi ho dwuma yiye no, ebi mpo a . . . ɛnenam yɛn hwene ano ha yi ara.”

Abena a ɛwɔ afofantɔ ntaban so no, ntokuro bi wɔ so te sɛ ɛwoɔkyɛm

Susu ho: Wobɛhu afofantɔ na watrɛw ne ntaban mu wɔ awia mu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ awɔw ba a awɔw nne no. Afofantɔ baako bi wɔ hɔ a, ɔno deɛ, ne ntaban no tumi twe awia paa. Ɛnyɛ tuntum-tuntum a ɛwɔ ne ho nko ara nti na otumi twe awia mu ahoɔden no; ɛfã nso fi abena nketenkete a ɛwɔ ne ntaban so no. Ntokuru nketenkete bi nso ayɛ sɛ ɛwoɔkyɛm wɔ abena nketenkete no mu. Saa ntokuru no na awia fa mu kɔ ne ntaban mu na ɛma n’ataban no yɛ tuntum paa, na sɛ awɔw ba a, etumi ma afofantɔ no ho yɛ no hyew.

Nhoma bi ka sɛ: “Afofantɔ ntaban ka nneɛma a ɛyɛ mmerɛw paa wɔ wiase no ho. Nanso ama nhwehwɛmufo anya ahoɔden a wɔde bɛhwehwɛ nyansahu mu nimdeɛ foforo a wɔde benya anyinam ahoɔden bebree afi nsuo ne awia mu daakye.”—Science Daily. Ɛbɛma nyansahufo atumi ayɛ nneɛma foforo a wɔde bɛtwe awia mu ahoɔden.

Wosusu ho sɛn? Afofantɔ ntaban a etumi twe awia mu ahoɔden no, wogye di sɛ ɛno ara na ɛbae anaa obi na ɔbɔe?