Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Nsɛm

Wiase Nsɛm

Wiase Nyinaa

“Afe biara, nkwadaa ngɛɛ a wɔnni bosome baako mpo na wɔawuwu no, wɔn dodow bɛyɛ ɔpepem 3; nanso owuo no pii wɔ hɔ a anka wɔbɛtumi asiw ano. Nkwadaa no mu dodow no ara deɛ, da a yɛbɛwo wɔn no ara na wɔawu.”—Nkwadaa Bammɔ Kuw.

Britain

Afe 2011 no, England Asoɛe a Ɛhwɛ Apɔwmuden Ho Nsɛm so kae sɛ nkurotow 15 bi wɔ London a nnipa wu araa na ɛrewu wɔ hɔ. Ne nyinaa fi mframa a ɔmanfo resɛe no. Nkurɔfo kyerɛ sɛ diesel na ɛyɛ papa efisɛ ɛnwe ntɛm; afei nso ɛnsɛe mframa. Nanso nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ wɔahwehwɛ mu ahu sɛ mframa a ekum nnipa no, ne kɛse paa fi diesel a yɛde gu kar mu.

Russia

Asoɛe bi wɔ Russia a ebisa ɔmanfo adwene wɔ nsɛm ho. Afe 2013 no, asoɛe yi yɛɛ nhwehwemu huu sɛ Russiafo a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Orthodox Kristofo no, bɛyɛ ɔha mu 52 kae sɛ wɔmmuee Bible nkanee bi da; ɔha mu 28 nso kyerɛe sɛ, mpae deɛ, ɛnyɛ ade a wɔda dwene ho koraa.

Afrika

Wiase nyinaa Sikakorabea ti ka sɛ asase ho mansotwe nti kuadwuma nkɔ so, na ama ohia afura yɛn ntama. Afusase a sekan nkae no, fã kɛse no ara wɔ Afrika; bɛyɛ acre ɔpepem 500 (hectare ɔpepem 202). Wɔkyerɛ sɛ wohwɛ mu a, kuadwuma a anka ɛsɛ sɛ ɛkɔ so wɔ hɔ no, ɔha mu 25 pɛ na wɔyɛ.

United States

Sukuu ne suapɔn pii pɛ sɛ wɔkenkan sukuu nhoma wɔ tablɛt so. Wɔde software nneɛma bi agugu tablɛt no so a wɔtumi de kenkan ade. Nanso ɛka a ɛwom deɛ, wɔnhwɛ hɔ koraa.