Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wannyaa Ne Gyidi Mu

Wannyaa Ne Gyidi Mu

Bere a Song Hee dii mfe 11 no, ne maame huu sɛ wakyea kakra. Dɔkotafo yɛɛ nhwehwɛmu no, wɔhuu sɛ abofra no akyi dompe akoa. Sɛ yareɛ yi yɛ obi a, ɛma n’akyi berɛmo no mu kɔntɔn yɛ te sɛ “Ɔ” anaa “S.” Song Hee yareɛ no mu bɛyɛɛ den ma na ɛhia sɛ wɔyɛ no oprehyɛn. Nanso asɛm no ne sɛ, na Song Hee mpɛ sɛ wɔma no mogya. “Nyan!” kyerɛwfo ne no twetwee nkɔmmɔ.

Bere a wohuu sɛ woanya yareɛ no, dɔkotafo tumi yɛɛ ho biribi?

Dɔkotafoɔ mmienu hwɛɛ me mfe mmiɛnsa, nanso da biara na yareɛ no reyɛ kɛse. Ɛduu baabi no na m’akyi dompe no akoa ara ma ɛmia m’akoma ne m’ahrawa. Enti mehome a na ɛnsi so. Ɔkwan biara so na ɛsɛ sɛ wɔyɛ me oprehyɛn.

Wopenee so sɛ wɔnyɛ wo oprehyɛn no?

Aane. Nanso wɔma mehuu sɛ ɛnyɛ oprehyɛn ketewa. Mereka yi, na me mu akoa sɛ kɔtɔkorɔ. Nanso oprehyɛn no kɔfaa nsɛm pii baeɛ. Esiane me som ne me gyidi a ɛgyina Bible so nti, na mempɛ sɛ megye mogya.

Ɛnneɛ, wonyaa dɔkota a ɔbɛyɛ oprehyɛn a ɔremma wo mogya?

Me ne me maame kɔɔ yɛn kurom Florida, U.S.A kɔhuu dɔkota bi. Bere a mekae sɛ merennye mogya no, ɔka kyerɛɛ me sɛ dɔkota biara nni hɔ a ɔbɛyɛ oprehyɛn kɛse yi a ɔremma me mogya. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, ɔse manyɛ oprehyɛn no a, merenni mfe 20 mpo na mawu. Afei koraa na na madi mfe 14.

Womaa no huu nea enti a wose wonnye mogya no?

Aane. Bible ama mahu sɛ Onyankopɔn bu mogya sɛ ade kronkron; nnipa mogya oo, aboa mogya oo, ɔbu no kronkron. Israelfo mpo deɛ, sɛ obi bɔ ne ho mmusuo di mogya a, na ɔde ne nkwa twa so! Mede asɛm a ɛwɔ Asomafoɔ Nnwuma 15:19, 20 nso kyerɛɛ no. Ɛtu Kristofo fo sɛ ‘wɔntwe wɔn ho mfiri mogya ho.’ Nea wei kyerɛ ne sɛ ɛnsɛ sɛ obi gye mogya kɔ ne mu ɔkwan biara so—ɔde fa n’anom oo, ne ntini mu oo, ɛnyɛ.

Dɛn na dɔkota no kaeɛ?

Ɔno deɛ, n’asɛm ara ne sɛ ɔbɛma me mogya. Wonim, ayaresabea hɔ mpanimfoɔ kaa sɛ, sɛ mepene so ma wɔma me mogya a, wɔbɛyɛ oprehyɛn no a wɔrennye me kaprɛ mpo.

Wei deɛ sɛ wɔadom wo! Ɛnneɛ, dɛn na wo ne wo maame yɛeɛ?

Ɛwom, na dɔkota biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ oprehyɛn no a mogya nka ho, nanso wei ammɔ yɛn hu. Yɛsii nketekrakye sɛ yɛrennye mogya. Afei asɛm foforo bɛbɔɔ mu. Mmara mu no, na meda so ara yɛ abofra. Enti bere a me tebea no mu yɛɛ den no, asɛm no kɔpuee kɔɔto. Nanso anigyesɛm ne sɛ aban lɔyafoɔ a wɔwɔ Florida no maa yɛn bosome sɛ yɛmfa nhwehwɛ dɔkota a ɔbɛyɛ nea yɛpɛ.

Monyaa obi anaa?

Aane! Yehowa Adansefo apaw mpanimfoɔ kuo bi a wɔfrɛ wɔn Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw. Mpanimfoɔ yi kɔnyaa dɔkota bi wɔ New York a ɔwɔ me yareɛ no ho nimdeɛ paa. Dɔkota no kaa sɛ ɔbɛtumi ahwɛ me, enti memmɛhu no. Anikasɛm ne sɛ bosome a kɔɔto no de maa yɛn no koraa annu.

Oprehyɛn no kɔɔ sɛn?

Biribiara kɔɔ so kama! Dɔkota a ɔyɛɛ oprehyɛn no din de Robert M. Bernstein. Ɔde nnadeɛ hyehyɛɛ m’akyi kuraa m’akyi berɛmo no mu. Ɔkyɛɛ oprehyɛn no mu mmienu; ɔwiee nea ɛdi kan no, nnawɔtwe mmienu na ɔyɛɛ nea ɛtɔ so mmienu no.

Adɛn nti na ɔkyɛɛ oprehyɛn no mu mmienu?

Ɔyɛɛ saa na sɛ ɛkɔba sɛ oprehyɛn a ɛdi kan no mu no mogya tu me pii a, ɛbɛdu nnawɔtwe mmienu deɛ, na masan anya mogya a ɛbɛma watumi ayɛ nea ɛtɔ so mmienu no. Nanso nea ɛkɔbae ne sɛ, oprehyɛn mmienu no nyinaa mu no, mogya antu me ahe biara. Ne nyinaa ne sɛ na dɔkota no ne n’aboafo nim wɔn adwuma, na wɔtoo wɔn bo ase yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Nokwasɛm ne sɛ me ho tɔɔ me ntɛm; adeɛ yi wamfa obi mogya amfra me deɛ na akɔfa ɔhaw foforo bi abrɛ me.

Dɔkota no huu saa no, ɛkaa no sɛn?

Ɛsɛ sɛ dɔkotafo hwɛ onipa mũ no nyinaa

N’ani gyee papa! Ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ oprehyɛn nko ara ne ayaresa; nneɛma pii ka ho.” Ɔkaa sɛ ɛsɛ sɛ dɔkotafo hwɛ onipa mũ no nyinaa na ɔsusu ne gyidi ho. Sɛ woyi Yehowa Adansefo si nkyɛn a, nnipa pii ne dɔkota yi bɛyɛ adwene.

Song Hee maame yɛ Yehowa Danseni, na Song Hee nso suaa Bible bɔɔ asu 2012. Saa bere no na wadi mfe 16.

Genesis 9:3-5.

Leviticus 17:10-14.

Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw boa Yehowa Adansefo ma wɔnya dɔkota a ɔbɛhwɛ wɔn yie a ɔrema wɔn mogya.

Clinical Excellence Commission, New South Wales (Australia) Health kaa sɛ: “Sɛ wɔtwe obi mogya ma onipa foforo a, ɛte sɛ nea wɔde ne honam akwaa bi akɔdua ɔfoforo no nipadua mu. Nipadua no rennye no bɔkɔɔ saa. Enti ɛnyɛ adeɛ a ɛsɛ sɛ yɛdi ho agorɔ.”