Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE NO ADWENE

Ɛsɛ Sɛ Yɛma Biribiara Ho Kwan?

Ɛsɛ Sɛ Yɛma Biribiara Ho Kwan?

Sɛ yɛde asɛm kyɛ, yɛnya abotare, na yɛgye afoforo tom a, ɛde asomdwoe ba. Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma biribiara ho kwan?

Dɛn na ɛboa ma yɛnya abotare?

NEA ƐREKƆ SO NNƐ

Abotare paa deɛ ebi nni wiase, na nea akɔfa wei aba ne nnipa mu nyiyim—ɔman a obi fi so, kasa a ɔka, anaa ɔsom a ɔwɔ mu.

NEA BIBLE KA

Bere a Yesu Kristo wɔ asase so no, na nnipa pii nni wɔn yɔnko nnipa ho koma. Saa bere no, na Yudafo ne Samariafo ani nhyia koraa. (Yohane 4:9) Na nnipa pii mmu mmaa, na na Yudasom mu mpanimfoɔ nso nni obuo mma ahiafo. (Yohane 7:49) Nanso Yesu Kristo deɛ na ɔyɛ soronko koraa. Wɔn a wɔmpɛ n’asɛm kaa sɛ: “Onipa yi gye nnebɔneyɛfoɔ na ɔne wɔn didi.” (Luka 15:2) Na Yesu yam yɛ, ɔwɔ abotare, na na ɔwɔ afoforo ho koma, efisɛ wamma ammɛbu nkurɔfo atɛn, na mmom ɔboaa wɔn ma wɔhuu Onyankopɔn yie. Ɔdɔ na ɛkaa no ma ɔyɛɛ wei nyinaa.—Yohane 3:17; 13:34.

Na Yesu wɔ nnipa ho koma, efisɛ wamma ammɛbu nkurɔfo atɛn, na mmom ɔboaa wɔn ma wɔhuu Onyankopɔn yie

Nnipa tɔ sin, na obiara nso ne ne suban, nanso ɔdɔ paa ne ade a ɛboa ma yɛnya afoforo ho koma. Kolosefoɔ 3:13 ka sɛ: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho aboterɛ na momfa mfirifiri mo ho korakora.”

“Deɛ ɛsene biribiara no, monnodɔ mo ho dendeenden, ɛfiri sɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.”1 Petro 4:8.

Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara ho kwan?

NEA ƐREKƆ SO

Aman dodow no ara bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ mmara na wɔahwɛ ama ɔmanfo adi so. Wei nti wɔmma kwan mma obiara nyɛ nea wɔpɛ.

NEA BIBLE KA

‘Ɔdɔ nyɛ adeɛ a ɛnsɛ.’ (1 Korintofoɔ 13:5) Ɛwom, na Yesu wɔ abotare paa, nanso na ɔnsosɔ subammɔne, nyaatwom, ne nneyɛe biara a ɛmfata so. Mmom, ɔkasa tiaa su a ɛte saa denneennen. (Mateo 23:13) Ɔkaa sɛ: “Obiara a ɔyɛ akyiwadeɛ no tan hann,” anaa nokware no.—Yohane 3:20.

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monkyiri bɔne, mommata papa ho.” (Romafoɔ 12:9) Ɔde nea ɔkae no bɔɔ ne bra. Ɛho nhwɛso ni: Bere bi, na Yudafo Kristofo mpɛ sɛ wɔne gyidifo a wɔnyɛ Yudafo bɔ. Na Paulo yɛ Yudani, nanso wannyegye su a ɛte saa so. (Galatifoɔ 2:11-14) Na ɔnim sɛ Onyankopɔn “nhwɛ nnipa anim,” enti ɔremma kwan mma n’asomfo nyɛ biribi a ɛte saa da.—Asomafoɔ Nnwuma 10:34.

Yehowa Adansefo yɛ Kristofo a wɔma Bible kyerɛ wɔn kwan. (Yesaia 33:22) Enti wɔnsosɔ bɔne so koraa. Wɔmma kwan mma nkurɔfo a wɔmfa Onyankopɔn Asɛm mmɔ wɔn bra nsɛe Kristofo asafo no. Wei nti Adansefo no di Bible ahyɛde yi so: “Monyi ɔbɔnefoɔ no mfiri mo mu.”—1 Korintofoɔ 5:11-13.

“O mo a modɔ Yehowa nyinaa, monkyiri bɔne.”Dwom 97:10.

Enti Onyankopɔn bɛnya bɔne ho koma daa?

NEA NNIPA PII KA

Yɛyɛ nnipa yi deɛ, bɔne mpa yɛn ho.

NEA BIBLE KA

Odiyifo Habakuk bɔɔ Yehowa Nyankopɔn mpae na ɔbisaa sɛ: “Adɛn nti na woma mehunu adebɔne na wokɔ so hwɛ ɔhaw yi? Adɛn nti na adesɛeɛ ne amumuyɔsɛm wɔ m’anim, na adɛn nti na ɔham ne ntawntawdie abu soɔ yi?” (Habakuk 1:3) Onyankopɔn annya ne diyifo no saa ara. Ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛbu abɔnefo atɛn; wɔremfa wɔn ho nni. Ɔkaa sɛ: “Ɛkwan biara so ɛbɛba. Ɛrenka akyi.”—Habakuk 2:3.

Nanso abɔnefo wɔ hokwan a wɔde bɛsesa afi wɔn akwammɔne so. Awurade Tumfoɔ Yehowa se: “Ɔbɔnefoɔ wuo na m’ani gye ho anaa? Ɛnyɛ deɛ mepɛ ne sɛ ɔbɛdane afiri n’akwan ho na wanya nkwa?” (Hesekiel 18:23) Sɛ obi tie Yehowa asɛm na ɔtwe ne ho fi n’akwammɔne so a, ɛnneɛ anidaso wɔ hɔ ma no. Mmebusɛm 1:33 ka sɛ: “Deɛ ɔtie me no deɛ, ɔbɛtena hɔ komm na ne ho adwo no a ɔnsuro mmusuo.”

“Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfoɔ nni hɔ bio . . . Na ahobrɛasefoɔ bɛnya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoeɛ bebree mu.”Dwom 37:10, 11.