Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 2

Sɛnea Ɔbɛbrɛ Ne Ho Ase

Sɛnea Ɔbɛbrɛ Ne Ho Ase

DƐN NE AHOBRƐASE?

Nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase no bu ade. Wɔnyɛ ahantan, na wɔnhwɛ kwan sɛ afoforo de nidi soronko bɛma wɔn. Mmom obi a ɔwɔ ahobrɛase no fi ne komam dwen afoforo ho, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ obesua biribi afi wɔn hɔ.

Ebinom susuw sɛ, obi brɛ ne ho ase a ɛkyerɛ sɛ n’ani nyɛ den. Nanso wei nyɛ nokware. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ obi brɛ ne ho ase a, ogye ne mfomso tom, na otumi hu nneɛma a ɔmmɔ mu mmɔden.

ADƐN NTI NA AHOBRƐASE HO HIA?

  • Ahobrɛase ma yetumi ne afoforo bɔ. Nhoma bi ka sɛ: “Sɛ yɛbɛka pa ara a, nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase no, ɛnyɛ den sɛ wobenya nnamfo.” Ɛtoa so sɛ, “ɛyɛ mmerɛw ma nnipa a wɔte saa no sɛ wɔne obiara bɛtena asomdwoe mu.”​—The Narcissism Epidemic.

  • Sɛ wo ba brɛ ne ho ase a, ɛbɛboa no daakye. Seesei a wo ba da so ara yɛ abofra no, sɛ ohu sɛnea ɔbɛbrɛ ne ho ase a, onyin na ɔrepɛ adwuma a ɛrenyɛ den mma no. Ɔbenfo Leonard Sax kyerɛwee sɛ: “Mmabun a wɔyɛ dwae no, wonnye ntom sɛ ɛnyɛ biribiara na wobetumi ayɛ. Sɛ saafo no rekɔpɛ adwuma a, wɔntaa nnya. Nanso mmabun a wɔbɔ mmɔden sɛ wobehu nea adwumawura no rehwehwɛ afi wɔn hɔ bere a ɔrebisabisa wɔn nsɛm no, wɔn na wɔn nsa taa ka adwuma a wɔrepɛ no.” *

SƐNEA WOBƐKYERƐ WO BA AHOBRƐASE

Boa wo ba na wammu ne ho antra so.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi na ɔnyɛ hwee a, na ɔredaadaa ne ho.”​—Galatifo 6:3.

  • Mfa nsɛm akɛse akɛse nhyɛ wo ba no tirim. Nsɛm bi wɔ hɔ a ebinom susuw sɛ, sɛ wɔka kyerɛ wɔn mma a, ɛbɛhyɛ wɔn nkuran. Ebi ne, “Nea wode besi w’ani so biara wubetumi ayɛ,” ne “Biribiara nni hɔ a wuntumi nyɛ.” Nanso nea ɛte ne sɛ, nsɛm a ɛtete saa ntaa mma mu. Sɛ wo ba de botae papa a obetumi adu ho sisi n’ani so na ɔyere ne ho yɛ ho adwuma a, ebesi no yiye.

  • Kamfo wo mma wɔ nneɛma pɔtee a wɔyɛ ho. Sɛ woka kyerɛ wo ba kɛkɛ sɛ, “Mete wo so a na masɔre” a, ɛremma ɔmmrɛ ne ho ase. Ma onhu adepa a wayɛ a enti worekamfo no saa.

  • Mma wo ba nsɛe bere pii wɔ intanɛt anaa sohyial media so. Nkurɔfo taa de ɔdom akyɛde a wɔwɔ ne nea wɔatumi ayɛ wɔ abrabɔ mu hoahoa wɔn ho wɔ intanɛt anaa sohyial media so. Sɛ obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ onni ahobrɛase.

  • Boa wo ba ma onsua sɛnea ɔfom a, ɔbɛpa kyɛw ntɛm. Sɛ wo ba di mfomso a, boa no ma onhu ne bɔne na ɔmpa ho kyɛw.

Boa no ma ɔnkyerɛ nneɛma ho anisɔ.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ.”​—Kolosefo 3:15.

  • Boa no ma ɔnkyerɛ Onyankopɔn abɔde ho anisɔ. Ɛsɛ sɛ mmofra sua sɛ wɔbɛkyerɛ nneɛma a Onyankopɔn abɔ ho anisɔ, na wohu sɛ yehia saa nneɛma yi na yɛatumi atena nkwa mu. Yehia mframa, nsu, ne aduan na yɛatumi atena ase. Fa saa nneɛma yi kyerɛ wo ba no ma ɔnkyerɛ Onyankopɔn abɔde a ɛyɛ nwonwa no ho anisɔ.

  • Boa no ma ɔnkyerɛ nea afoforo yɛ ho anisɔ. Boa wo ba no ma onhu sɛ ɛnsɛ sɛ ɔma n’ani bere afoforo esiane sɛ wɔwɔ nimdeɛ anaa wɔbɔ mmɔden sen no nti. Mmom no, ma onhu sɛ obetumi asua biribi afi afoforo hɔ.

  • Kyerɛ no sɛnea sɛ obi yɛ ade ma no a, ɔbɛda no ase. Boa wo ba ma onsua sɛ ɔbɛka “me da wo ase.” Nanso ɛnsɛ sɛ ɔka no kɛkɛ, mmom ɛsɛ sɛ efi ne komam. Sɛ obi kyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase.

Boa wo mma ma wonhu sɛ ehia sɛ wɔyɛ nneɛma boa afoforo.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo, na monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.”—Filipifo 2:3, 4.

  • Nnwuma a wɔyɛ wɔ fie no, hwɛ sɛ wo ba bɛyɛ bi. Sɛ woamma wo ba anyɛ fie nnwuma a, ebetumi ama wanya adwene sɛ ne ho hia araa ma enti fie nnwuma ba fam dodo ma no. Ɛsɛ sɛ wo ba di kan yɛ fie nnwuma wie ansa na wakodi agorɔ. Boa no ma onhu sɛ ɔyɛ fie nnwuma a, afoforo benya so mfaso, na kyerɛ no sɛ ɛbɛma afoforo ani asɔ no, na wɔabu no.

  • Boa no ma onhu sɛ eye sɛ ɔbɛyɛ nnwuma aboa afoforo. Sɛ abofra bi yɛ saa a, ɛno pa ara na ɛbɛma ne ho akokwaw. Enti boa wo ba ma ɔmfa n’ani nto fam na onhu wɔn a wohia mmoa no. Wo ne no mmɔ nkɔmmɔ nhwɛ nea obetumi ayɛ de aboa wɔn. Boa wo ba ma ɔnyɛ nneɛma mmoa afoforo, na kamfo no wɔ ho.

^ nky. 8 Efi nhoma bi a wɔato din The Collapse of Parenting.