Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Kyerɛkyerɛ Wo Mma na Wɔmmrɛ Wɔn Ho Ase

Kyerɛkyerɛ Wo Mma na Wɔmmrɛ Wɔn Ho Ase

ƆHAW NO

  • Wo babarima mmu hwee, nanso wadi mfe du pɛ!

  • Ɔpɛ sɛ obiara bu no sɛ ɔyɛ soronko.

Wudwen ho sɛ: ‘Ɛdɛn na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ yi? Mepɛ sɛ n’ani gye, na ɛnyɛ sɛ ɔbɛte nka sɛ ɔkyɛn obiara!’

Enti wubetumi akyerɛkyerɛ wo ba ama wabrɛ ne ho ase a wummu n’abam anaa?

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Mfe kakra ni, wɔahyɛ awofo nkuran sɛ nea wɔn mma pɛ biara ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma wɔn; sɛ abofra no nyɛɛ biribiara a ɛfata nkamfo mpo a, wɔnkamfo no; ɛnsɛ sɛ wɔteɛ ne so anaa wɔtwe n’aso. Adwen no ne sɛ, sɛ wɔma mmofra tirim yɛ wɔn dɛ a, sɛ wonyin a wobebu wɔn ho sɛnea ɛsɛ. Nanso dɛn na afi mu aba? Nhoma bi ka sɛ: “Sɛ́ anka tirimdɛ no bɛma mmofra no anya suban pa ne anigye no, ama mmofra no kyerɛ wɔn ho mmom.”​—Generation Me.

Mmofra binom wɔ hɔ a wɔkamfo wɔn kɛkɛ. Enti sɛ wonyin na nneɛma ankɔ sɛnea wɔhwɛ kwan, obi kasa tia wɔn, anaa wɔantumi anyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ a, na wɔn abam abu. Ɛyɛ a wɔma mmofra bi de wɔn adwene si nea wɔn nko ara pɛ so, enti sɛ wonyin na wɔfa nnamfo a, ɛnkyɛ na asɛe. Eyi de adwinnwen ne adwenemhaw abɛto wɔn mu bebree so.

Sɛ abofra behu sɛ mfaso wɔ ne so ampa a, ɛnyɛ sɛ daa wubegyigye ne so kɛkɛ, mmom ɛsɛ sɛ otumi yɛ adepa bi. Ɛno nso, ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ obegye ne ho adi kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ osua sɛnea yɛyɛ ade no, ɔde nea wasua no yɛ adwuma, na ɔyɛ nsakrae a ɛho hia. (Mmebusɛm 22:29) Afei nso, ɛho hia sɛ odwen afoforo ahiade ho. (1 Korintofo 10:24) Eyi nyinaa hwehwɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase.

NEA WUBETUMI AYƐ

Wobɛkamfo no a, hwɛ sɛ ɔfata nkamfo ampa. Sɛ wo ba kyerɛw sɔhwɛ wɔ sukuu na otwa a, kamfo no. Sɛ wanyɛ ade a, mfa nhyɛ ɔkyerɛkyerɛfo no. Anyɛ saa a, ɔrensua ahobrɛase. Mmom no, boa no ma onhu sɛnea da foforo ɔbɛyɛ ade. Twɛn na kamfo no bere a wayɛ ade a ɛsɛ nkamfo.

Sɛ ehia sɛ woteɛ ne so a, yɛ saa. Eyi nkyerɛ sɛ ɔyɛ ade ketewaa bi mpo a na woatwiw n’anim. (Kolosefo 3:21) Nanso ɔyɛ biribi a anibere wom a, teɛ ne so. Sɛ ɔwɔ suban bi a enye nso a, saa na ɛsɛ sɛ woyɛ. Anyɛ saa a, ebetumi aka ne hɔ.

Wo de, fa no sɛ ɛyɛ a wo ba dwa n’anom. Sɛ woanteɛ ne so a, obetumi abɛyɛ obi a otu ne ho, na nkurɔfo befi ase atwe wɔn ho afi ne ho. Enti kyerɛkyerɛ mu kyerɛ wo ba no sɛ, sɛ ɔmoma ne ho so a enye, na ebetumi ama n’anim agu ase. (Mmebusɛm 27:2) Afei ma onhu sɛ, obi a obu ne ho tra so na ɔkeka nea otumi yɛ kyerɛ nkurɔfo, enti mma ɔnyɛ saa. Sɛ wufi ɔdɔ mu teɛ wo ba so saa a, wobɛkyerɛ no ahobrɛase, nanso ɔrente nka sɛ ɔnsɛ hwee.​—Bible mu asɛm: Mateo 23:12.

Boa wo ba ma onhu sɛnea abrabɔ te. Sɛ woyɛ nea abofra no pɛ biara ma no a, n’adwene bɛyɛ no sɛ ɛsɛ sɛ onya nea ɔpɛ biara. Enti, sɛ ebia wo ba pɛ biribi nanso wuntumi nnya mma no a, kyerɛ no nea enti a ɛsɛ sɛ ɔma nea ɔwɔ no ara sɔ n’ani. Sɛ moayɛ mo adwene sɛ mubepue anaa mubetu kwan nanso wopɛ sɛ wutwa mu a, wubetumi akyerɛ mu sɛ ɛnyɛ da biara na nneɛma bɛkɔ sɛnea ɔhwɛ kwan. Afei wubetumi akyerɛ no nea woyɛ bere a nneɛma ankɔ sɛnea wohwɛ kwan no. Sɛ́ anka wobɛbɔ wo mma ho ban afi ɔhaw biara ho no, siesie wɔn ma wonhu sɛnea sɛ wonyin na wohyia ɔhaw a wobedi so.​—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 29:21.

Hyɛ no nkuran ma ɔnyɛ nkurɔfo papa. Ma wo ba nhu sɛ “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Asomafo Nnwuma 20:35) Wobɛyɛ no sɛn? Ebia na nkurɔfo bi hia mmoa na wɔatumi akodi gua, akɔfa kar, anaa wɔasiesie biribi. Wubetumi ne wo ba no abom akyerɛw saafo no din. Afei wo ne wo ba no nkɔboa saa nkurɔfo no bi. Ma wo ba no nhu sɛ, sɛ woboa nkurɔfo a, w’ani gye na wo koma tɔ wo yam. Woyɛ saa a, wode wo nhwɛso bɛkyerɛkyerɛ wo ba ama wabrɛ ne ho ase. Ɛno ne ɔkwan a eye sen biara a wobɛkyerɛ no ahobrɛase.​—Bible mu asɛm: Luka 6:38.