Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ne Mmeresanten Hene—Som No

Yehowa Ne Mmeresanten Hene—Som No

“Nidi ne anuonyam nka mmeresanten Hene . . . no daa.”1 TIM. 1:17.

1, 2. (a) Hena ne “mmeresanten Hene” no? Adɛn nti na saa abodin no fata no? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Dɛn na ɛwɔ Yehowa tumidi ho a ɛka yɛn bɛn no?

ƆHENE SOBHUZA II dii ade wɔ Swaziland bɛyɛ mfe 61. Ɛnnɛ, wontaa nhu sɛ obi atena agua so akyɛ saa. Sɛ yɛhwɛ nipa nkwa nna a, yebetumi aka sɛ Ɔhene Sobhuza dii ade kyɛe paa, nanso ɔhene bi wɔ hɔ a, ɔno deɛ ɔrenwu mpo na n’ahenni to atwa. Nokwasɛm ni Bible frɛ no “mmeresanten Hene.” (1 Tim. 1:17) Odwontofo bi ma yehu ɔhene Tumfoɔ yi din. Ɔkae sɛ: “Yehowa yɛ Ɔhene kosi mmeresanten, kosi daa.”Dw. 10:16.

2 Sɛ wohwɛ bere tenten a Onyankopɔn de adi hene a, worentumi mfa nnipa nniso biara ntoto ho mma ɛnyɛ yiye. Nanso nea ɛka yɛn bɛn Yehowa koraa ne ɔkwan a ɔfa so di ade. Ɔhene bi dii ade wɔ tete Israel mfe 40, na ɔtontonoo Onyankopɔn sɛ: “Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo, ne bo kyɛ fuw na n’adɔe dɔɔso. Yehowa na ɔde n’ahengua atim hɔ wɔ ɔsoro; n’ahenni na edi biribiara so.” (Dw. 103:8, 19) Yehowa nyɛ yɛn Hene kɛkɛ na mmom ɔyɛ yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn. Ɛnde, dɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔyɛ yɛn Agya? Efi bere a Yehowa mma bi tew atua wɔ Eden no, ɔkwan bɛn so na wada ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔhene a ɔwɔ tumi? Sɛ  yehu nsɛmmisa yi ho mmuae a, ɛbɛka yɛn abɛn Yehowa na yɛde yɛn koma nyinaa asom no.

MMERESANTEN HENE NO HYEHYƐ ABUSUA

3. Hena na odi kan wɔ Yehowa abusua mu? Henanom nso na Onyankopɔn bɔɔ wɔn sɛ ne “mma”?

3 Yebetumi aka sɛ bere a Yehowa bɔɔ ne Ba a odi kan no, n’ani gyei paa! Onyankopɔn ammu no sɛ obi a ɔba fam a ne ho nhia. Mmom na ɔyɛ ne dɔba, na ɔne no mpo bɔɔ abɔfo mpempem a sintɔ biara nni wɔn ho. (Kol. 1:15-17) Bible ka sɛ abɔfo yɛ Onyankopɔn asomfo a wɔde anigye ‘yɛ n’apɛde.’ Yehowa nso di wɔn ni na ɔfrɛ wɔn ne “mma.” Abɔfo no ka Yehowa abusua ho.Dw. 103:20-22; Hiob 38:7.

4. Ɛyɛɛ dɛn na nnipa bɛkaa Onyankopɔn abusua ho?

4 Bere a Yehowa bɔɔ asase wiei no, n’abusua mu trɛwee. Ɔkwan bɛn so? Osiesiee asase no so fɛfɛɛfɛ sɛnea nnipa betumi atena so, na ɛno akyi no ɔbɔɔ onipa a odi kan Adam wɔ ne suban so. (Gen. 1:26-28) Yehowa na ɔbɔɔ Adam, enti na ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ osetie ama no. Bio nso Yehowa yɛ Agya a ne yam ye, enti ɔmaa Adam akwankyerɛ a ɛbɛboa no. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ eyi kyekyeree Adam ketee.Monkenkan Genesis 2:15-17.

5. Dɛn na Onyankopɔn de guguu akwan mu a anka ɛbɛma nnipa ahyɛ asase so mã?

5 Ahemfo pii wɔ hɔ a ɛnyɛ wɔn dɛ sɛ wɔbɛma wɔn manfo tumi ayɛ nneɛma bi, nanso Yehowa nte saa. Yehowa wɔ n’asomfo mu ahotoso, enti otumi de asɛyɛde ahorow hyɛ wɔn nsa. Yɛmfa Adam nyɛ nhwɛso. Ɔmaa no tumi wɔ mmoa so, na ɔkae sɛ ɔntoto wɔn din. Yebetumi aka sɛ na ɛnyɛ adwuma a ɛda fam, nanso na ɛyɛ Adam dɛ sɛ ɔreyɛ saa. (Gen. 1:26; 2:19, 20) Onyankopɔn anhyɛ da ammɔ nnipa mpempem sɛ wɔnhyɛ asase so ma. Mmom ɔbɔɔ ɔhokafo biako a ɔyɛ pɛ maa Adam—ne yere Hawa. (Gen. 2:21, 22) Afei ɔmaa awarefo yi kwan sɛ wɔnwo nhyɛ asase so mã. Esiane sɛ na biribiara di mu wɔ asase so nti, anka nkakrankakra nnipa bɛtrɛw turo no mu ma asase nyinaa adan Paradise. Afei nnipa ne abɔfo nyinaa bɛbom sɛ abusua biako na wɔasom Yehowa daa. Nokwasɛm ni na nhyira nwonwaso bi da hɔ retwɛn Adam ne Hawa! Ampa Yehowa daa ne ho adi sɛ Agya a ɔdɔ ne mma!

ONYANKOPƆN MMA POO NE NNISO

6. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn mma bi tew atua? (b) Atuatew nyinaa akyi no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ nneɛma annye Yehowa nsam?

6 Awerɛhosɛm ne sɛ Adam ne Hawa annye Yehowa antom sɛ wɔn Hene. Mmom wokodii ɔbɔfo tuatewfo Satan akyi. (Gen. 3:1-6) Nea wɔyɛe no kɔfaa ɛyaw, amanehunu ne owu bɛsoɛɛ wɔne wɔn asefo. (Gen. 3:16-19; Rom. 5:12) Afei deɛ na Onyankopɔn nni asomfo wɔ asase so a wɔyɛ osetie ma no. Ɛnde, eyi kyerɛ sɛ na nneɛma agye Onyankopɔn nsam, kyerɛ sɛ onni tumi biara wɔ asase so bio anaa? Ɛnte saa koraa! Ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ tumi. Ɔkwan bɛn so? Ɔpamoo Adam ne Hawa fii Eden turo no mu, na ɔmaa kerubim kɔwɛn turo no kwan ano sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennya kwan nkɔ mu. (Gen. 3:23, 24) Nanso Onyankopɔn kyerɛe sɛ ɔdɔ ne mma ampa. Ná ɛda so ara wɔ n’adwenem sɛ obenya abusua kɛse a abɔfo ne nnipa asoɔmmerɛwfo wom. Enti ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma ‘aseni’ bi aba abɛsɛe Satan na wapra nea Adam bɔne akɔfa aba nyinaa afi hɔ.Monkenkan Genesis 3:15.

7, 8. (a) Eduu Noa bere so no na asase so te sɛn? (b) Dɛn na Yehowa yɛ de tew asase no so? Dɛn na ɔyɛe a enti adesamma abusua no ase anhyew?

 7 Akyiri yi mmarima te sɛ Habel ne Enok yii wɔn ti wɔ asase so, na wɔdaa wɔn ho adi sɛ wodi Yehowa nokware. Nanso nnipa dodow no ara annye Yehowa antom sɛ wɔn Agya ne wɔn Hene. Eduu Noa bere so koraa deɛ na asase no asɛe ma “amumɔyɛ ahyɛ so mã.” (Gen. 6:11) Eyi kyerɛ sɛ na nea ɛrekɔ so wɔ asase so no boro Yehowa ahoɔden so a ɔrentumi nyɛ ho hwee anaa? Momma yɛnhwɛ nea Bible ka wɔ ho.

8 Bible ka sɛ Yehowa maa Noa adwuma bi. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ adaka kɛse bi a ɔde begye ɔne n’abusua nkwa. Ɔkyerɛɛ no kwan a ɔbɛfa so ayɛ adaka no nyinaa. Onyankopɔn san de adwuma foforo hyɛɛ Noa nsa; ɔkae sɛ ɔnyɛ “trenee sɛnkafo.” (2 Pet. 2:5) Eyi nyinaa kyerɛ sɛ Yehowa dɔ nnipa. Ɛnde, dɛn saa na ebia Noa kaa ho asɛm? Yebetumi aka sɛ ɔbɔɔ nkurɔfo no kɔkɔ sɛ Yehowa de ɔsɛe bi reba enti wɔnsakra wɔn adwene. Awerɛhosɛm ne sɛ wobuu nnua guu wɔn asom. Noa ne n’abusua tenaa amumɔyɛfo a wɔn bra asɛe yi mu mfe pii. Yehowa yɛ Agya a odwen ne mma ho, enti wanyi n’ani amfi Noa ne n’abusua so; ɔbɔɔ anokwafo baawɔtwe yi ho ban. Yehowa maa nsu yiri faa asase so nyinaa de kyerɛe sɛ ɔwɔ nnipa atuatewfo ne abɔfo bɔne no so tumi. Nokwasɛm ne sɛ na nneɛma nnyee Yehowa nsam koraa.Gen. 7:17-24.

Yehowa tumidi mfii ne nsa da koro mpo (Hwɛ nkyekyɛm 6, 8, 10, 12, 17)

YEHOWA NNISO WƆ NSUYIRI NO AKYI

9. Hokwan bɛn na Yehowa de maa nnipa wɔ Nsuyiri no akyi?

9 Wo deɛ twa ho mfonini: Noa ne n’abusua afi adaka no mu asi asase so; baabiara atew nwann, na mframa pa bi rebɔ fa wɔn ho. Sɛ wɔhwɛ sɛnea Yehowa ahwɛ wɔn abɔ wɔn ho ban a, wonhu aseda a wɔmfa mma no. Enti Noa antwentwɛn ne nan ase koraa; osii afɔremuka bɔɔ afɔre maa Yehowa. Onyankopɔn nso hyiraa Noa ne n’abusua na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asase so mã.” (Gen. 8:20–9:1) Afei nnipa nyaa hokwan bio sɛ wɔbɛbom sɛ abusua biako asom Yehowa na wɔahyɛ asase so ma.

10. (a) Nsuyiri no akyi no, ɛyɛɛ dɛn na nnipa san tew Yehowa so atua? Atuatew no hyɛɛ ase wɔ he? (b) Dɛn na Yehowa yɛe na n’apɛde ayɛ hɔ?

10 Nanso Nsuyiri no anhohoro nnipa sintɔ. Saa ara nso na anyi Satan ne abɔfo atuatewfo no amfi hɔ, enti na wɔn nkɛntɛnso da so wɔ hɔ. Ankyɛ koraa na nnipa atuatewfo maa wɔn homene so tiaa Yehowa nniso. Onipa biako a ɔmaa ne ho so tiaa Yehowa nniso ne Noa banana Nimrod. Bible ka sɛ na Nimrod yɛ “ɔbɔmmɔfo kɛse, na ɔsɔre tiaa Yehowa.” Ɔkyekyee nkurow akɛse te sɛ Babel na osii ne ho hene wɔ “Sinar asase so.” (Gen. 10:8-12) Yehowa botae ne sɛ nnipa ‘bɛhyɛ asase so ma.’ Enti ɔrebɛtena hɔ ma ɔhene tuatewfo yi ayɛ osiakwan? Dɛn paa na mmeresanten Hene no bɛyɛ wɔ ho? Nea Onyankopɔn yɛe ni: Ɔyɛɛ nkurɔfo no kasa basabasa na ɔmaa Nimrod apamfo no ani so tan wɔn. Afei ɔbɔɔ wɔn “hwetee asase so nyinaa.” Baabiara a wɔkɔe no, atoro som ne nnipa nniso bɔne dii wɔn akyi kɔe.Gen. 11:1-9.

11. Dɛn na Yehowa de kyerɛe sɛ wannyaw n’adamfo Abraham?

11 Nsuyiri no akyi no na nnipa som atoro anyame, nanso na nnipa anokwafo bi wɔ asase so a wɔda so ara som Yehowa. Wɔn mu biako ne Abraham. Na ɔwɔ asetena pa wɔ Ur, nanso otiee Yehowa tu fii hɔ kɔtenaa ntamadan mu mfe pii. (Gen. 11:31; Heb. 11:8, 9) Bere a  Abraham redi atutena nyinaa, ohyiaa ahemfo pii, na na wɔn mu dodow no ara tete nkurow a wɔabɔ ho ban mu. Nanso wamfa ne ho anto wɔn mu biara so. Yehowa mmom na ɔde ne ho too no so, na ɔbɔɔ ɔne n’abusua ho ban. Odwontofo no kae sɛ Onyankopɔn amma “onipa biara ansisi wɔn, na wɔn nti ɔkaa ahene anim.” (Dw. 105:13, 14) Ná Abraham yɛ Yehowa adamfo na wannyaw no da. Ɔhyɛɛ Abraham bɔ sɛ: “Ahene befi wo mu aba.”Gen. 17:6; Yak. 2:23.

12. Dɛn na Yehowa yɛe de kyerɛe sɛ ɔwɔ tumi wɔ Egypt so, na eyi kaa ne nkurɔfo sɛn?

12 Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ba Isak ne ne banana Yakob bɔ sɛ obehyira wɔn na wama ahemfo apue afi wɔn abusua mu. (Gen. 26:3-5; 35:11) Nanso Yakob asefo kɔyɛɛ nkoa wɔ Egypt ansa na bɔhyɛ yi rebam. Eyi kyerɛ sɛ na Yehowa abu n’ani agu ne bɔhyɛ so anaa onni asase so tumi? Ɛnte saa koraa! Yehowa bere soe no, ɔkekaa ne ho na ɔmaa Farao huu ne tumi. Israelfo no de wɔn werɛ hyɛɛ Yehowa mu, na ogyee wɔn de wɔn faa Po Kɔkɔɔ no mu. Saa bere no nyinaa Yehowa daa ne ho adi sɛ ɔsoro oo, asase so oo, ɔno ne Otumfoɔ Pumpuni no. Bio, ɔkyerɛe sɛ ɔyɛ Agya a ɔdɔ ne mma; ɔde ne tumi kɛse no bɔɔ ne nkurɔfo ho ban.Monkenkan Exodus 14:13, 14.

YEHOWA BƐYƐƐ ISRAEL HENE

13, 14. (a) Dɛn na Israelfo ka faa Yehowa nniso ho wɔ dwom bi mu? (b) Ɛbɔ bɛn na Onyankopɔn hyɛɛ Dawid?

13 Bere a Yehowa gyee Israelfo fii Egypt no ara pɛ na wɔde dwom gyinaa mu yii Yehowa ayɛ. Saa dwom yi wɔ Exodus ti 15. Nkyekyɛm 18 ka sɛ: “Yehowa bedi hene daapem.” Ampa ara Yehowa bɛyɛɛ Israel man foforo no so Hene. (Deut. 33:5) Na Yehowa ne wɔn hene a wonhu no, nanso na ɛnnɔɔso mma wɔn. Bere a Israelfo fii Egypt mfe 400 akyi no, wɔkae sɛ Onyankopɔn mma wɔn ɔhene sɛ aman a aka no. (1 Sam. 8:5) Nanso na Yehowa da so ara yɛ Ɔhene, na eyi daa adi yiye bere a Dawid redi ade wɔ Israel no.

14 Dawid de apam adaka no baa Yerusalem. Afei bere a ɔmanfo no rebɔ ose redi ahurusi no, Lewifo no too dwom yii Yehowa ayɛ. Wɔkaa biribi a ehia sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ 1 Beresosɛm 16:31. Wɔkae  sɛ: “Momma wɔnka wɔ amanaman no mu sɛ: ‘Yehowa afi ase di hene!’” Ebia obi bɛka sɛ, ‘Sɛ Yehowa mmeresanten Hene a, adɛn nti na Bible ka sɛ ofii ase dii Hene saa bere no?’ Sɛ Yehowa de ne tumi yɛ biribi anaa ɔde tumi hyɛ obi nsa ma osi n’anan yɛ biribi a, ɔkwan bi so no na wafi ase redi Hene. Saa asɛm yi bɛboa yɛn ma yɛate biribi titiriw bi ase. Ansa na Dawid rewu no, Yehowa hyɛɛ no bɔ sɛ n’ahenni bɛtena hɔ daa. Ɔkae sɛ: “Mɛma w’aseni bi so afi w’asen mu w’akyi, na mɛma n’ahenni atim.” (2 Sam. 7:12, 13) Saa asɛm yi baa mu bɛboro mfe 1000 akyi. Saa bere no Dawid ‘aseni’ no yii ne ti. Ná ɛyɛ hena, na bere bɛn na ɔbɛyɛɛ Ɔhene?

YEHOWA PAW ƆHENE FOFORO

15, 16. Bere bɛn na Yehowa sraa Yesu sɛ obi a obedi Hene daakye? Bere a Yesu wɔ asase so no, ntotoe bɛn na ɔyɛ maa n’Ahenni no?

15 Afe 29 Y.B. mu no, Yohane Suboni fii ase bɔɔ dawuru sɛ “ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mat. 3:2) Bere a Yohane bɔɔ Yesu asu no, Yehowa sraa Yesu sɛ Mesia a daakye ɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Yehowa kaa biribi de kyerɛe sɛ ɔdɔ ne Ba Yesu paa. Ɔkae sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.”Mat. 3:17.

16 Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma nyinaa, ɔhyɛɛ n’Agya anuonyam wɔ biribiara mu. (Yoh. 17:4) Ade biako a ɔyɛe ne sɛ ɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm, na ɔkyerɛɛ n’akyidifo mpo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ saa Ahenni no mmra. (Luka 4:43; Mat. 6:10) Esiane sɛ Yesu bedi Hene daakye nti, ɔka kyerɛɛ nkurɔfo a na wɔsɔre tia no no sɛ: “Onyankopɔn ahenni no wɔ mo mfinimfini.” (Luka 17:21) Anwummere a ade rebɛkye ma Yesu awu no, ɔne n’akyidifo yɛɛ ‘ahenni apam.’ Eyi kyerɛ sɛ n’asuafo anokwafo bi bɛka ne ho ne no adi ade wɔ Onyankopɔn Ahenni mu.Monkenkan Luka 22:28-30.

17. Ɔkwan bɛn so na Yesu fii ase dii tumi afe 33 Y.B. mu? Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn?

17 Ɛnde, na bere bɛn na Yesu befi ase adi Hene wɔ Onyankopɔn Ahenni so? Ɛnyɛ bere a ɔne n’asuafo no yɛɛ apam no ara na ofii ase dii Hene, efisɛ ade kyee awiabere no wokum Yesu, na n’akyidifo bɔ hwetee. (Yoh. 16:32) Ɛda a ɛto so abiɛsa no, Yehowa kyerɛe sɛ ɔda so ara yɛ Otumfoɔ; onyanee ne Ba no. Pentekoste 33 Y.B. mu no, Yesu fii ase dii Kristofo a wɔasra wɔn asafo no so tumi. (Kol. 1:13) Nanso na Yesu, ‘aseni’ a wɔahyɛ ne ho bɔ no, bɛtwɛn akosi bere bi ansa na wɔde asase so tumi nyinaa ahyɛ ne nsa. Yehowa ka kyerɛɛ ne Ba no sɛ: “Tena me nsa nifa kosi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiaso.”Dw. 110:1.

SOM MMERESANTEN HENE NO

18, 19. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa da ne tumidi adi a, ɛsɛ sɛ epusuw yɛn ma yɛyɛ dɛn? Dɛn na yebesua wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

18 Abɔfo ne nnipa atew Yehowa tumidi so atua mfe mpempem. Nanso Yehowa annyae ne tumidi mu da koro mpo. Bio, ɔbɔɔ n’asomfo anokwafo te sɛ Noa, Abraham ne Dawid ho ban hwɛɛ wɔn so. Eyi nyinaa kyerɛ sɛ ɔyɛ Agya a ɔwɔ dɔ ampa. Yɛhwɛ eyi nyinaa a, empusuw yɛn sɛ yɛnkɔ so mmata yɛn Hene no ho na yennye ne tumidi ntom?

19 Ɛnde, yemmisa sɛ: Sɛn na Yehowa redi Hene nnɛ? Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa Ahenni no afã na yɛrehwɛ kwan sɛ daakye yɛbɛyɛ pɛ na yɛabɛka n’abusua kɛse no ho? Sɛ yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra a, ɛkyerɛ sɛn? Adesua a edi hɔ no bebua nsɛmmisa yi ama yɛn.