Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wo ne Wo Nsenom Bedi Nsɛm

Sɛnea Wo ne Wo Nsenom Bedi Nsɛm

Nea Ɛma Abusua Nya Anigye

Sɛnea Wo ne Wo Nsenom Bedi Nsɛm

Jenny * ka sɛ: Ryan maame mfɛre koraa sɛ ɔbɛkasa m’anim. Na saa ara na m’awofo nso de yɛ Ryan. Nokwarem no, minhu nea enti a wɔmpɛ n’asɛm saa! Yɛn mu biara awofo haw adwene, enti ɛyɛ den sɛ yɛbɛkɔ akɔsra wɔn.

Ryan ka sɛ: Ná me maame wɔ adwene sɛ obi foforo biara ntumi nhwɛ ne mma, enti mfiase pɛɛ na otuu n’ani sii Jenny so. Saa ara na na Jenny awofo nso te—na wɔkasa tia me bere nyinaa. Asɛm no ne sɛ, sɛ biribi a ɛte saa si a, me ne Jenny nyinaa gye yɛn awofo ti, na ɛma yɛkasa tia yɛn ho yɛn ho.

NTAWNTAWDI a ɛkɔ so wɔ awarefo ne wɔn nsenom ntam no yɛ ade a ebinom tumi de yi aseresɛm, nanso ɛnyɛ asɛm a ɛsɛ sɛ wɔde di agoru koraa. Ɔbea warefo bi a wɔfrɛ no Reena a ɔwɔ India ka sɛ: “M’asebea de ne ho gyigyee yɛn aware mu nsɛm mu mfe pii. Esiane sɛ na mintumi ne m’asebea nyiyi nsɛm ano nti, mpɛn pii no na mede m’abufuw no kowie me kunu so. Ɛte sɛ nea bere nyinaa na me kunu nhu nea ɛsɛ sɛ ɔsɔ n’ani—sɛ́ ɔbɛyɛ nea ne maame pɛ anaasɛ ɔbɛyɛ nea mepɛ.”

Dɛn nti na nsenom bi de wɔn ho gyigye wɔn mma aware mu nsɛm mu? Jenny a yɛfaa n’asɛm kae wɔ asɛm yi mfiase no ka sɛ: “Ebetumi ayɛ den ama awofo sɛ wobegyaw wɔn babarima anaa wɔn babea ama obi a onnyinii na onni asetena mu suahu pii sɛ ɔnhwɛ no.” Reena kunu, Dilip nso ka sɛ: “Awofo a wɔabrɛ atete wɔn mma no betumi ate nka sɛ wɔn mma a wɔaware no abu wɔn ani agu wɔn so. Wobetumi asusuw nso sɛ wɔn babarima anaa wɔn babea no behia wɔn mmoa na atumi asi wɔn yiye wɔ wɔn aware mu.”

Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a awarefo no ankasa na ɛma nsenom nya kwan de wɔn ho gyigye wɔn aware mu nsɛm mu. Sɛ nhwɛso no, susuw Michael ne Leanne, awarefo bi a wɔwɔ Australia, no ho hwɛ. Michael ka sɛ: “Leanne fi abusua bi a wɔdɔ wɔn ho mu, na obiara tumi ka n’asɛm kyerɛ ne nua. Enti bere a yɛwaree akyi mpo no, sɛ asɛm bi sɔre na ɛsɛ sɛ yesi ho gyinae a, ɔkɔ ne papa nkyɛn ne no kosusuw ho. Ɛwom sɛ ne papa wɔ osuahu pii de, nanso na etumi haw me sɛ ɔne me mmom nsusuw ho!”

Ɛda adi sɛ, nsɛm a ɛsɔre wɔ awarefo ne wɔn nsenom ntam no betumi de nsɛnnennen aba aware mu. So saa na ɛte wɔ w’aware mu? Wo ne wo hokafo awofo ntam te dɛn, na wo hokafo ne w’awofo nso ntam te dɛn? Susuw nsɛnnennen abien a ebetumi asɔre ne nea wubetumi ayɛ wɔ ho no ho hwɛ.

ASƐNNENNEN 1: Ɛte sɛ nea wo hokafo ntumi ntetew ne ho mfi n’awofo ho koraa. Okunu bi a ɔwɔ Spain a wɔfrɛ no Luis ka sɛ: “Ná me yere te nka sɛ sɛ yɛantena baabi a ɛbɛn n’awofo a, ɛbɛyɛ te sɛ nea wadi n’awofo huammɔ.” Ɔde kaa ho sɛ: “Bere a yɛwoo yɛn babarima no, ɛkame ayɛ sɛ da biara da na m’awofo ba yɛn fie, nanso me yere ani annye ho. Eyi de akasakasa pii baa yɛn ntam.”

Asɛm no ne sɛ: Bere a Bible rekyerɛkyerɛ aware nhyehyɛe mu no, ɛka sɛ “ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔfam ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.” (Genesis 2:24) Ɛnyɛ nea “ɔhonam koro” kyerɛ araa ne sɛ mobɛtena abom. Nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ okunu ne ɔyere bɛhyehyɛ abusua foforo—nea ɛho hia sen abusua a wɔn mu biara fi mu no. (1 Korintofo 11:3) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere nyinaa di wɔn awofo ni, na eyi hwehwɛ sɛ wɔma wɔn ani kũ wɔn awofo ho. (Efesofo 6:2) Nanso sɛ ɔkwan a wo hokafo fa so di nneɛma ho dwuma no ma wote nka sɛ onnwen wo ho nso ɛ?

Nea wubetumi ayɛ: Tɔ wo bo ase susuw tebea no ho yiye. So ɛyɛ nokware sɛ wo hokafo no ntumi ntetew ne ho mfi n’awofo ho, anaasɛ wo na wuntumi ne w’awofo mmɔ sɛnea wo hokafo ne n’awofo bɔ no? Sɛ saa na ɛte a, ɔkwan bɛn so na sɛnea wo ne w’abusuafo te no ma wuhu tebea no? So ebetumi aba sɛ ninkunu kɛkɛ na woretwe?—Mmebusɛm 14:30; 1 Korintofo 13:4; Galatifo 5:26.

Sɛ wubetumi ama nsɛmmisa yi ho mmuae paa a, gye sɛ wufi nokwaredi mu hwehwɛ wo ho mu. Nanso, ɛho hia sɛ woyɛ saa. Sɛ mo nsenom nti mo ntam nnwo a, ɛnde na akyinnye biara nni ho sɛ ɔhaw no fi mo—emfi mo nsenom.

Esiane sɛ nnipa baanu biara nni hɔ a wɔn adwene tumi hyia wɔ nsɛm nyinaa ho nti, awarefo pii hyia nsɛnnennen. So wubetumi abɔ mmɔden ate wo hokafo no ase? (Filipifo 2:4; 4:5) Okunu bi a ɔwɔ Mexico a wɔfrɛ no Adrián bɔɔ mmɔden yɛɛ saa. Ɔka sɛ: “Ná asomdwoe nni abusua a me yere fi mu no mu, enti na me ne me nsenom no mmɔ pii. Akyiri yi, me ne wɔn twaa abusuabɔ mu koraa mfe pii. Eyi maa nsɛnnennen sɔree wɔ yɛn aware mu efisɛ na me yere da so ara pɛ sɛ ɔne n’abusua, titiriw ne maame, bɔ denneennen.”

Bere bi akyi no, Adrián san susuw asɛm no ho yiye. Ɔka sɛ: “Ɛwom, minim sɛ sɛ me yere bɛn n’awofo pii a, ɛmmoa no, nanso sɛ misiw no kwan koraa a, ɛno nso betumi de ɔhaw aba. Enti, mabɔ mmɔden paa sɛ mɛma asomdwoe atena me ne me nsenom no ntam.” *

SƆ EYI HWƐ: Wo ne wo hokafo no nkyerɛw nea mususuw sɛ mo nsenom yɛ a ɛhaw mo no wɔ krataa so. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fi ase sɛ, “Mete nka sɛ . . . ” Afei fa wo krataa no ma wo hokafo no, na wo nso gye ne de no. Momfa biakoyɛ mmom nsusuw akwan foforo a mubetumi afa so adi obiara haw ho dwuma yiye no ho.

ASƐNNENNEN 2: Mo nsenom taa de wɔn ho gyigye mo aware mu nsɛm mu bere a momfrɛɛ wɔn. Ɔbea warefo bi a ɔwɔ Kazakhstan a wɔfrɛ no Nelya ka sɛ: “Mfe ason a edi kan wɔ yɛn aware mu no, na me ne me kunu ne n’awofo na ɛte. Ná akasakasa taa sɔre wɔ sɛnea yɛtete yɛn mma no ho, na na wɔn ani nnye m’aduannoa ne sɛnea misiesie fie no ho. Mekaa ho asɛm kyerɛɛ me kunu ne m’asebea, nanso eyi sɛee asɛm no koraa!”

Asɛm no ne sɛ: Sɛ woware a, wonhyɛ w’awofo ase bio. Mmom, Bible ka sɛ “ɔbarima biara ti ne Kristo; ɔbea nso ti ne ɔbarima”—kyerɛ sɛ, ne kunu. (1 Korintofo 11:3) Nanso sɛnea yɛadi kan aka no, ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere nyinaa di wɔn awofo ni. Nokwarem no, Mmebusɛm 23:22 ka sɛ: “Tie wo papa, ɔno na ɔwoo wo, na mmu wo maame animtiaa sɛ wayɛ aberewa nti.” Nanso, sɛ w’awofo—anaa wo hokafo awofo—bɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn ho begyigye mo aware mu nsɛm mu nso ɛ?

Nea wubetumi ayɛ: Da atɛmpa adi, na bɔ mmɔden sɛ wubehu nea enti a wɔreyɛ saa. Ryan a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, awofo pɛ sɛ wohu sɛ wɔn ho da so ara hia wɔn mma.” Ebia na ɛnyɛ sɛ wɔahyɛ da de wɔn ho regyigye mo aware mu nsɛm mu, enti mubetumi de Bible afotu yi adi tebea no ho dwuma: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora.” (Kolosefo 3:13) Nanso, sɛ wo nsenom de wɔn ho agyigye mo aware mu nsɛm mu adu akyiri ma enti ɛreyɛ de akasakasa aba wo ne wo hokafo ntam nso ɛ?

Awarefo bi abɔ mmɔden ama wɔn awofo ahu nea awofo no betumi ayɛ ne nea wontumi nyɛ. Eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ moka nea mompɛ sɛ wɔyɛ no kyerɛ wɔn penpen. * Mpɛn pii no nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ, wobɛma w’awofo ahu sɛ wo hokafo no ho hia wo paa. Sɛ nhwɛso no, okunu bi a ɔwɔ Japan a wɔfrɛ no Masayuki ka sɛ: “Sɛ w’awofo kyerɛ wɔn adwene wɔ asɛm bi ho a, nnye ntom ntɛm ara. Kae sɛ worehyehyɛ abusua foforo. Enti di kan hu sɛnea wo hokafo no te nka wɔ asɛm no ho ansa.”

SƆ EYI HWƐ: Wo ne wo hokafo nsusuw nneɛma pɔtẽẽ a sɛ n’awofo yɛ a etumi de akasakasa ba mo aware mu no ho. Monkyerɛw nea mompɛ sɛ mo awofo yɛ, na monhwɛ ɔkwan a mobɛfa so ama nea moakyerɛw no ayɛ adwuma bere a mummu wɔn animtiaa.

Sɛ wo ne wo hokafo hu nea enti a mo nsenom yɛ nneɛma bi, na moamma anhaw mo dodo a, ɛbɛboa ma asomdwoe atena mo ntam. Jenny ka eyi ho asɛm sɛ: “Ɛtɔ mmere bi na sɛ me ne me kunu resusuw yɛn awofo ho a, etumi de akasakasa ba, na yebehui sɛ sɛ yɛn mu bi ka ne yɔnko awofo ho asɛm na anyɛ no dɛ a, etumi yɛ no yaw paa. Awiei koraa no, yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛrenka yɛn nsenom ho asɛmmɔne mfa ntia yɛn ho yɛn ho, na mmom yesuae sɛ yebedi ɔhaw no ho dwuma. Saa a yɛyɛe no ama yɛn aware no asɔ.”—w10-E 02/1.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Wɔasesa din ahorow no.

^ nky. 14 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ɔwofo bi bu bra bɔne, titiriw bere a ɔkɔ so yɛ saa a onnyae a, awarefo no betumi asi gyinae sɛ wɔne no remmɔ pii, na ntease wɔ saa a wɔbɛyɛ no mu.—1 Korintofo 5:11.

^ nky. 19 Ɛtɔ mmere bi a, ɛho behia sɛ wo ne w’awofo anaa wo nsenom tena ase susuw nsɛm ho yiye. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ wo ne wɔn susuw nsɛm ho wɔ odwo ne obu mu.—Mmebusɛm 15:1; Efesofo 4:2; Kolosefo 3:12.

BISA WO HO SƐ . . .

▪ Su pa bɛn na me nsenom wɔ?

▪ Dɛn na metumi ayɛ de adi m’awofo ni bere a mimmu m’ani ngu me hokafo so?