Mmebusɛm 23:1-35

  • Obi to nsa frɛ wo a, dwen ho yiye (2)

  • Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyade (4)

  • Ahonyade betumi atu akɔ (5)

  • Nkɔka wɔn a wɔnom nsã pii ho (20)

  • Nsã ka te sɛ ɔwɔ (32)

23  Sɛ wotena ase sɛ wo ne ɔhene rebedidi a,Susuw nea esi w’anim no ho yiye;   Sɛ woyɛ obi a wopɛ aduan paa* a,Ɛnde fa sekan to wo mene mu.*   Mma wo kɔn nnnɔ n’aduan sɔkyee* no,Efisɛ ɛyɛ nnaadaa aduan.   Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyade.+ Gyae, na da ntease adi.*   Sɛ woto w’ani hwɛ ahonyade no a, worenhu,+Efisɛ sɛnea ɛte biara, ebefuw ntaban te sɛ ɔkɔre na atu akɔ wim.+   Nni obi a ɔyɛ pɛpɛe* aduan, Na mma wo kɔn nnnɔ n’aduan sɔkyee* no,   Efisɛ ɔte sɛ obi a nea wudi biara obu ho akontaa.* Ɔbɛka akyerɛ wo sɛ: “Didi na nom,” nanso ɛnyɛ ne yam a.*   Nea woadi no, wobɛfe aba,Na kamfo a wokamfoo no nyinaa bɛyɛ ɔkwa.   Nkasa ngu ɔkwasea asom,+Na obebu wo nsɛm a nyansa wom no animtiaa.+ 10  Mpiapia ɔhye a ɛwɔ hɔ fi tete no,+Na nnidi nkɔ agyanka afuw mu. 11  Efisɛ wɔn Kamafo* no ho yɛ den;Ɔbɛko ama wɔn na wadi atia wo.+ 12  Fa wo koma gye nteɛso tom,Na fa w’aso tie nsɛm a ɛma nimdeɛ. 13  Mfa nteɛso nkame abofra.*+ Sɛ wode abaa hwe no a, ɔrenwu. 14  Fa abaa hwe no,Na woagye no* afi Ɔdamoa* mu. 15  Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a,Ɛnde me ara me koma bedi ahurusi.+ 16  Sɛ w’ano ka nsɛm a ɛteɛ a,M’ani begye wɔ me mu.* 17  Mma wo koma ani mmmere abɔnefo,+Mmom suro Yehowa daa nyinaa.+ 18  Woyɛ saa a, ebesi wo yiye daakye,+Na wɔrentwa w’anidaso nkyene. 19  Me ba, tie na yɛ onyansafo,Na ma wo koma mfa ɔkwantrenee so. 20  Nkɔka wɔn a wɔnom nsã* pii+Ne wɔn a wodi nam fuu no ho.+ 21  Efisɛ ebehia asabofo ne adidifo,*+Na nea ɔtɔ nko no, ntamagow na obefura. 22  Tie wo papa a ɔwoo wo no,Na mmu wo maame animtiaa esiane sɛ wabɔ aberewa nti.+ 23  Tɔ* nokware, na ntɔn da,+Tɔ nyansa ne nteɛso ne ntease nso.+ 24  Anigye na ɔtreneeni papa benya;Ɔba nyansafo papa bedi ne ho ahurusi. 25  Wo papa ne wo maame bedi ahurusi,Na wo maame a ɔwoo wo ani agye. 26  Me ba, fa wo koma ma me,Na ma w’ani nnye m’akwan ho.+ 27  Na tuutuuni yɛ amoa a emu dɔ,Na ɔbea a ne bra asɛe* yɛ abura a emu kwan sua.+ 28  Ɔtetɛw te sɛ ɔkorɔmfo-werɛmfo;+Na ɔma mmarima a wɔnka nokware dɔɔso. 29  Hena na ɔwɔ amanehunu mu? Hena na ɔwɔ ahoyeraw mu? Hena na ntɔkwaw ahyɛ no ma? Hena na ɔredi abooboo? Hena na wapirapira opira hunu? Hena na n’ani ayɛ sann? 30  Ɛyɛ wɔn a wɔtena nsã* ho kyɛ;+Wɔn a wɔkɔhwehwɛ nsã* a wɔafrafra.* 31  Nhwɛ nsã* a ani yɛ kɔɔBere a ɛretwa ahuru wɔ kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no. 32  Efisɛ ebewie ase no, ɛbɛka te sɛ ɔwɔ,Na ebepuw bɔre te sɛ ahurutoa.* 33  Wubehu nneɛma wɔ w’ani so,Na wo koma bɛkeka nsɛnhunu.+ 34  Wobɛyɛ sɛ obi a ɔda ɛpo mfinimfini,Na wobɛyɛ sɛ obi a ɔda po so hyɛn dua so. 35  Wobɛka sɛ: “Wɔbɔɔ me, nanso mante.* Wɔhwee me, nanso manhu. Bere bɛn na mɛsɔre?+ Minyaa bio a, anka mɛnom.”*

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ɔkra a ne kɔn dɔ biribi.”
Anaa “hyɛ wo ho so.”
Anaa “n’ahennuan.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Mfa wo ho nto wo ntease so.”
Anaa “obi a ɔwɔ ani bɔne.”
Anaa “n’ahennuan.”
Anaa “obu ho akontaa wɔ ne kra mu.”
Nt., “ne koma nni wo ho.”
Nt., “Gyefo.”
Anaa “abarimaa; ɔbabun.”
Anaa “ne kra.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “m’asaabo mu.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “wɔn a wodidi boro so.”
Anaa “Nya.”
Nt., “ɔbea hɔho.” Hwɛ Mme 2:16.
Anaa “bobesa.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “Wɔn a wohyia ka nsã a wɔafrafra hwɛ.”
Anaa “bobesa.”
Ɔwɔ bi a n’ano wɔ bɔre paa.
Anaa “anka me; ante me.”
Anaa “Munsi me so.”