Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Atemmu—Ɛkyerɛ sɛ Ne Tirim Yɛ Den Anaa?

Onyankopɔn Atemmu—Ɛkyerɛ sɛ Ne Tirim Yɛ Den Anaa?

MOMMA yɛnkɔ Bible mu nkɔhwɛ Onyankopɔn atemmu a ɔde baa nkurɔfo so no mu abien, na yebenya asɛmmisa yi ho mmuae. Ɛno ne Noa bere so Nsuyiri ne Kanaanfo a Onyankopɔn tɔree wɔn ase no.

NOA BERE SO NSUYIRI NO

NEA NKURƆFO TAA KA: “Nsuyiri a Onyankopɔn de sɛee nnipa nyinaa ma ɛkaa Noa ne n’abusua nko ara no kyerɛ sɛ ne tirim yɛ den.”

NEA BIBLE NO KA: Onyankopɔn se: “M’ani nnye ɔbɔnefo wu ho, na mmom sɛ ɔbɔnefo bɛsan afi ne kwan so na wanya nkwa.” (Hesekiel 33:11) Enti bere a Onyankopɔn sɛee Noa bere so abɔnefo no, amfa anigye biara ammrɛ no. Ɛnde, adɛn nti na ɔsɛee wɔn?

Bible kyerɛ sɛ atemmu a Onyankopɔn de baa abɔnefo so tete no, ɔde ‘yɛɛ sɛnnahɔ maa amumɔyɛfo huu nea ɛbɛba.’ (2 Petro 2:5, 6) Sɛnnahɔ bɛn na Onyankopɔn de yɛe?

Nea edi kan no, Onyankopɔn nam nea ɔyɛe no so kyerɛe sɛ ɛyɛ no yaw sɛ ɔbɛsɛe nnipa, nanso sɛ atirimɔdenfo ma nnipa hu amane a, ohu na ɔmma wɔmfa wɔn ho nni. Ɛrenkyɛ, ɔbɛma nsisi ne amanehunu nyinaa agyae.

Nea ɛto so abien no, Onyankopɔn de atemmu reba a, yetumi hu sɛ ne dɔ nti odi kan bɔ nnipa kɔkɔ ansa na ɔde aba. Ná Noa yɛ trenee sɛnkafo, nanso nnipa dodow no ara antie no. Bible ka sɛ: “Wɔanhu kosii sɛ nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe.”—Mateo 24:39.

Sɛnea Onyankopɔn yɛe wɔ Noa bere so no, saa na ɔyɛ bere nyinaa anaa? Yiw. Yɛfa Onyankopɔn man Israel a, ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔkɔyɛ nneɛma bɔne te sɛ aman a aka no a, ɔbɛma atamfo aba wɔn asase so abɛsɛe wɔn ahenkurow Yerusalem, na wɔafa wɔn akɔ nkoasom mu. Ampa nso Israelfo yɛɛ bɔne; wɔde wɔn mma bɔɔ afɔre mpo. Yehowa yɛɛ nea ɔkae no anaa? Ɔyɛe, nanso odii kan somaa n’adiyifo ma wɔbɔɔ ne nkurɔfo no kɔkɔ mpɛn pii sɛ wɔnsesa wɔn akwan, anyɛ saa a, nea ɛbɛto wɔn nye. Ɔkae mpo sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa renyɛ biribi gye sɛ wayi n’atirimsɛm adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.”—Amos 3:7.

ASƐM NO FA WO HO: Nea Yehowa yɛ ansa na ɔde atemmu aba no ma yenya anidaso. Ɛma yenya gyidi sɛ ɔkwan biara so, atirimɔdenfo a wɔma  amanehunu ba no, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn. Bible ka sɛ: “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:9-11) Enti sɛ Onyankopɔn bu atɛn de gye nnipa fi amanehunu mu a, wobɛka sɛ ɔyɛ otirimɔdenfo anaa mmɔborɔhunufo?

KANAANFO A ONYANKOPƆN TƆREE WƆN ASE

NEA NKURƆFO TAA KA: “Kanaanfo a wɔsɛee wɔn no te sɛ nea nnɛ nkurɔfo tɔre nnipakuw bi ase wɔ akodi mu no; ɛyɛ bɔne kɛse paa.”

NEA BIBLE NO KA: ‘Onyankopɔn akwan nyinaa teɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu.’ (Deuteronomium 32:4) Onyankopɔn mmu atɛn sɛnea nnipa di ako no. Adɛn ntia? Efisɛ nnipa ntumi nhu koma mu, nanso Onyankopɔn de, otumi hu koma mu, kyerɛ sɛ otumi hu sɛnea yɛte wɔ yɛn mu.

Wo de hwɛ o, bere a Onyankopɔn buu Sodom ne Gomora atɛn a ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsɛe wɔn no, na ɛyɛ asɛnhia ma ɔtreneeni Abraham paa, enti na ɔpɛ sɛ ohu sɛ nea Onyankopɔn rebɛyɛ no fata anaa. Ná ontumi nhu nea ɛbɛma Onyankopɔn a obu atɛntrenee no apra “atreneefo aka abɔnefo ho.” Onyankopɔn nyaa Abraham ho abotare, na ɔma ohui sɛ, sɛ onya atreneefo du koraa wɔ Sodom a, atreneefo no nti ɔrensɛe kurow no. (Genesis 18:20-33) Yetumi hu paa sɛ Onyankopɔn hwehwɛɛ nkurɔfo no koma mu hui sɛ bɔne adidi wɔn mu.—1 Beresosɛm 28:9.

Bɔne koro no ara bi na Kanaanfo no yɛe a enti Onyankopɔn buu wɔn atɛn na ɔkae sɛ wɔnsɛe wɔn. Ná Kanaanfo no tirim yɛ den paa; ná wotumi mpo hyew wɔn mma animono de wɔn bɔ afɔre. * (2 Ahene 16:3) Ná Kanaanfo no nim paa sɛ Yehowa aka akyerɛ Israelfo no sɛ wɔmfa asase no nyinaa. Yehowa daa no adi pefee sɛ ɔreko ama ne man Israel, enti Kanaanni biara a ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛtena hɔ ne wɔn ako no de, na ɛte sɛ nea ɔne Yehowa ankasa na ɛreko.

Afei nso, Kanaanfo a wogyaee wɔn bɔne na wɔfaa Yehowa kwantrenee so no, Onyankopɔn huu wɔn mmɔbɔ. Hwɛ obi te sɛ Kanaanni Rahab; ná ɔyɛ aguaman nanso wogyee ɔno ne n’abusuafo. Bio nso, bere a Kanaanfo a wɔte kurow bi a wɔfrɛ no Gibeon mu kɔsrɛe Israelfo no, wohuu wɔn mmɔbɔ, na wɔankunkum wɔne wɔn mma.—Yosua 6:25; 9:3, 24-26.

ASƐM NO FA WO HO: Atemmu a Onyankopɔn de baa Kanaanfo so no, yebetumi anya asuade kɛse bi afi mu. “Atemmu ne amumɔyɛfo sɛe da” no reba ntɛmtɛm. (2 Petro 3:7) Yehowa beyi nnipa a wɔpo ne nniso na wɔde amanehunu ba nnipa so no nyinaa afi hɔ, enti sɛ yɛdɔ Yehowa a, yebenya so mfaso.

Ná Kanaanfo no tirim yɛ den yiye, na wɔhyɛɛ da sɔre tiaa Onyankopɔn ne ne nkurɔfo

Yehowa dwen yɛn ho, enti ɔkae yɛn sɛ gyinae a awofo si no ka wɔn mma. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Fa nkwa na wo ne w’asefo anya nkwa. Na dɔ Yehowa wo Nyankopɔn na tie n’asɛm na fa wo ho fam ne ho.” (Deuteronomium 30:19, 20) Onyankopɔn a ɔkaa saa nsɛm no, wugye di sɛ ne tirim yɛ den anaasɛ ɔdɔ nnipa na ɔpɛ sɛ wosi gyinae pa?

^ nky. 15 Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ Kanaanfo som mu no, na wɔhyew mmofra de wɔn bɔ afɔre.