Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO

Aguamansɛm—Ɛyɛ Agoru Anaa Ɛyɛ Hu?

Aguamansɛm—Ɛyɛ Agoru Anaa Ɛyɛ Hu?

Sɛ yɛhwɛ wiase yi mu a, aguamansɛm * ahyɛ mu ma. Yehu bi wɔ aguadi nkrato mu, nneɛma a aba so foforo, sini, nnwom, nhoma, television, video so agodie, abɛɛfo mobile fon ne kɔmputa ne Intanɛt dwumadibea ahorow. Afei nso wɔayɛ Intanɛt dwumadibea bi a obiara betumi de mfonini afa hɔ akɔma nkurɔfo, na ɛhɔ nso, aguamansɛm nyɛ na wɔ hɔ. Aguamansɛm ayɛ fene a aba so, na nnipa bebree agye atom. Seesei mmeae pii wɔ hɔ a, nnipa a wɔhwɛ aguamansɛm no redɔɔso sen kan no koraa.—Hwɛ adaka a wɔato din  “Aguamansɛm—Nea Ɛwom a Ɛsɛ sɛ Obiara Hu.”

Sɛnea aguamansɛm te no nso resesa. Ɔbenfo Gail Dines kyerɛw asɛm bi sɛ: “Mfonini a wɔyɛ no nnɛ no kɔ akyiri paa ma aguamansɛm a na wohuu bi da no, seesei abu so ama obiara tumi hwɛ bi.”

Nea ɛrekɔ so nnɛ no, wuhu no sɛn? Aguamansɛm yɛ agoru anaa ɛyɛ hu, anaasɛ ɛnyɛ emu biara? Yesu kae sɛ: “Dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne biara sow aba bɔne.” (Mateo 7:17) Aba bɛn na aguamansɛm sow? Nea ɛbɛma yɛanya mmuae no, momma yɛnhwɛ nsɛmmisa mmiɛnsa bi a ɛfa aguamansɛm ho.

 Sɛ obi hwɛ aguamansɛm a, ɛyɛ no dɛn?

NEA ANIMDEFO AKA: Aguamansɛm tumi de nipa yɛ akoa; wanhwɛ bi a ontumi ntena. Nhwehwɛmufo bi mpo kyerɛ sɛ ɛte sɛ cocaine a ano yɛ den paa.

Brian * yɛ obi a Intanɛt so aguamansɛm soo ne nan sɛ afiri. Asɛm a ɔkae ne sɛ: “Ná biribiara ntumi mma minnyae. Ɛyɛɛ sɛ nea biribi atɔ me so. Me ho wosowee na me ti yɛɛ me yaw. Meyɛɛ biara sɛ megyae nanso mfe pii akyi mpo no, na mintumi nnyaee.”

Nnipa a wɔhwɛ aguamansɛm no, ɛyɛ a wɔtaa yɛ sie. Wunhu wɔn tirim asɛm na wɔyɛ nkontompofo. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn mu bebree yɛ ankonam na aniwu rekum wɔn. Afei nso adwennwene ne kɔdaanna hyɛ wɔn so na daa na wɔn bo afuw. Ɛtɔ da bi mpo a, ɛba wɔn mu sɛ wonkum wɔn ho. Serge yɛ obi a na ɔtwe aguamansɛm gu ne mobile fon so hwɛ. Asɛm a ɔkae ne sɛ: “Mekoo me ho yɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ. Metee nka sɛ meyɛ hohwini. Me tiboa buu me fɔ; meyɛɛ ankonam, na na me ho akam. Ná ɛyɛ me aniwu na na misuro sɛ mɛma obi aboa me.”

Sɛ yɛn ani kɔbɔ aguamansɛm so anaa ɛho mframa mpo fa yɛn ho a, ebetumi de nsunsuanso bɔne aba. Ɔbenfo Judith Reisman yɛ obi a ɔyɛ aguamansɛm mu nhwehwɛmu paa. Odii adanse wɔ U.S. mmarahyɛ bagua no anim sɛ aguamansɛm tumi de nsunsuanso bɔne ba ampa. Ɔkae sɛ: “Aguamansɛm ho mfonini ka nnipa adwenem; etumi sie amemene no mu, na ɛba onipa no tirim prɛko pɛ; ne popa yɛ den na ɛtɔ da mpo a oyi fi ne tirim a ɛnyɛ yiye.” Susan nso yɛ obi a na ɔkɔ Intanɛt so kɔhwɛ aguamansɛm. Seesei wadi mfe 19 na asɛm a ɔka ne sɛ: “Mfonini no aka m’adwenem. Etumi ba me tirim bere biara a ɛpɛ. Ɛyɛ me sɛ ɛremfi m’adwenem da.”

NEA ƐWOM NI: Aguamansɛm de nnipa yɛ akoa, na edi wɔn awu.2 Petro 2:19.

Sɛ obi hwɛ aguamansɛm a, ɛyɛ n’abusua dɛn?

NEA ANIMDEFO AKA: “Aguamansɛm tumi sɛe aware, na ɛtetew abusua mu.”The Porn Trap, nhoma a Wendy ne Larry Maltz kyerɛwee.

Aguamansɛm betumi asɛe aware ne abusua, efisɛ

  • Ɛmma awarefo nnye wɔn ho nni, ɛsɛe nna mu nkitahodi, na ɛma ɔdɔ no yera.Mmebusɛm 2:12-17.

  • Ɛma obi dwene ɔno nko ara ho, ɔko ne ho, na nea ne hokafo bɛyɛ biara nyɛ no fɛ.Efesofo 5:28, 29.

  • Ɛma obi dwen ɔbarima ne ɔbea nna ho, na akɔnnɔ bɔne ba ne tirim.2 Petro 2:14.

  • Wɔn a wɔhwɛ no, etumi ma wɔhyɛ wɔn ahokafo ma wɔyɛ nna mu nneyɛe bi a ɛmfata.Efesofo 5:3, 4.

  • Ɛma obi sɛe aware wɔ ne komam anaa ɔbɔ aguaman de sɛe aware no.Mateo 5:28.

Bible ka kyerɛ awarefo sɛ ɛnsɛ sɛ wotwa wɔn hokafo “nkontompo.” (Malaki 2:16) Sɛ obi sɛe  aware a, ɛkyerɛ sɛ watwa ne hokafo nkontompo, na ebetumi ama aware no agyigya akɔfa aware ntetewmu anaa awaregyae aba. Sɛ ɛba saa a, etumi haw mmofra a wɔawo wɔn no paa.

Sɛ mmofra nso hwɛ aguamansɛm a, etumi haw wɔn. Brian a yɛaka n’asɛm dedaw no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere bi a meredi agoru no, mikohuu me papa nhoma bi a aguamansɛm wom. Saa bere no, na madi mfe du. Miwiaa me ho hwɛɛ no nkakrankakra nanso na minnim nea enti a ne hwɛ yɛ me dɛ saa. Efi saa bere no, mehwɛɛ saa adebɔne no ara de nyinii.” Nhwehwɛmu a wɔayɛ kyerɛ sɛ mmofra a wɔrenyin no, aguamansɛm betumi ama ɔbaa ne ɔbarima nna ho akɔnnɔ aba wɔn mu ntɛm. Ebetumi ama wɔabu bra bɔne, ato mmonnaa ayɛ nea ɛbɛba wɔn mu biara, na ebetumi aka wɔn adwene.

NEA ƐWOM NI: Aguamansɛm tumi sɛe adɔfo ntam, na nea ɛde ba ara ne awerɛhow ne yawdi.Mmebusɛm 6:27.

 Dɛn na Bible ka fa aguamansɛm ho?

ONYANKOPƆN ASƐM SE: “Enti, munkum mo nipadua akwaa . . . wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ, nkate bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom ho.”Kolosefo 3:5.

Nea ɛwom ara ne sɛ Yehowa * Nyankopɔn kyi aguamansɛm. Ɛnyɛ sɛ ɔmpɛ nna ho asɛm biara atie ntia. Ɔno na ɔbɔɔ nna ho akwaa, na adwene a ɔde bɔe ne sɛ ɛbɛma awarefo ani agye na obiara apɛ ne yɔnko asɛm na afei nso wɔatumi awo mma aba wiase.Yakobo 1:17.

Ɛnde, adɛn nti na yetumi ka sɛ Yehowa ani nnye aguamansɛm ho koraa? Nea enti a ɛte saa no, ma yɛnhwɛ emu kakra nhwɛ.

  • Onim sɛ aguamansɛm betumi adi yɛn awu.Efesofo 4:17-19.

  • Ɔdɔ yɛn, na ɔpɛ sɛ ɔbɔ yɛn ho ban na ɔhaw biara anto yɛn.Yesaia 48:17, 18.

  • Yehowa pɛ sɛ ɔbɔ awarefo ne mmusua ho ban.Mateo 19:4-6.

  • Ɔpɛ sɛ yɛbɔ bra a ɛho tew, na yɛanyɛ nneɛma a ɛbɛhaw nkurɔfo.1 Tesalonikafo 4:3-6.

  • Akwaa a Onyankopɔn de ama yɛn a etumi ma yɛwo no, ɔpɛ sɛ yɛn ani ku ho, na yɛde yɛ adwuma nidi mu.Hebrifo 13:4.

  • Yehowa nim sɛ aguamansɛm betumi asɛe yɛn adwene wɔ nna ho; ɛbɛma yɛayɛ pɛsɛmenkominya, na ɛbɛma yɛanya Satan adwene wɔ ho.Genesis 6:2; Yuda 6, 7.

NEA ƐWOM NI: Aguamansɛm tumi sɛe onipa ne Onyankopɔn ayɔnkofa.Romafo 1:24.

Nanso wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtetew wɔn ho fi aguamansɛm ho no, Yehowa hu wɔn mmɔbɔ paa. Bible ka sɛ: “Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo, ne bo kyɛ fuw na n’adɔe dɔɔso.Onim yɛn nipaban; ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” (Dwom 103:8, 14) Ɔpɛ sɛ ahobrɛasefo ba ne nkyɛn ‘benya mmɔborɔhunu na wohu adom a ɛbɛboa wɔn bere a ɛsɛ mu.’Hebrifo 4:16; hwɛ adaka a wɔato din  “Wubetumi Atetew Wo Ho Afi Aguamansɛm Ho.”

Nnipa bebree apene so ama Onyankopɔn aboa wɔn. Mmoa a ɔde ma no, wohwɛ a, etumi yɛ adwuma? Ebinom a wotumi gyaee subammɔne no, hwɛ nea Bible ka faa wɔn ho: “Wɔaguare mo kama, wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem yɛn Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.” (1 Korintofo 6:11) Saa nnipa yi betumi aka asɛm a ɔsomafo Paulo kae no bi sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.”Filipifo 4:13.

Susan tumi tetew ne ho fii aguamansɛm ho, na ɔka sɛ: “Yehowa nko ara na obetumi aboa wo ama watetew wo ho. Sɛ woma no boa wo, na wugye n’akwankyerɛ tom a, wo ho bɛtew wɔ n’anim. Ɔremma wo nsa nsi fam da.”

^ nky. 3 “Aguamansɛm” yɛ mmarima ne mmea a wɔabɔ adagyaw anaasɛ wɔreda anaa wɔremiamia wɔn ho. Wotumi twa no mfonini, wɔkyerɛw ho nsɛm anaa wɔbɔ ho nsɛm tie. Wɔayeyɛ saa nneɛma no sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ɔbɛhwɛ ho mfonini anaa ɔbɛkenkan ho biribi anaa obetie ho asɛm no, ɛbɛma akɔnnɔ bɔne aba ne mu.

^ nky. 8 Wɔasesa edin a ɛwɔ asɛm yi mu no.

^ nky. 25 Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.