Ɔde Kɔmaa Hebrifo 4:1-16

  • Monhwɛ yiye, anyɛ saa a, morenkɔ Onyankopɔn home mu (1-10)

  • Otuu wɔn fo sɛ wɔnkɔ Onyankopɔn home mu (11-13)

    • Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa (12)

  • Yesu, ɔsɔfo panyin kɛse no (14-16)

4  Enti esiane sɛ bɔhyɛ da so ara wɔ hɔ sɛ yebetumi akɔ ne home mu nti, momma yɛnhwɛ yɛn ho yiye,* anyɛ saa a, mo mu bi rennya* bɔhyɛ no.+  Na yɛn nso, wɔaka asɛmpa no akyerɛ yɛn+ te sɛ wɔn ara; nanso asɛm a wɔtee no so amma wɔn mfaso, efisɛ wɔne wɔn a wotiei no annya gyidi baako.  Na yɛn a yɛagye adi no de, yɛkɔ ɔhome no mu, sɛnea ɔkae no. Ɔkae sɛ: “Enti mede abufuw kaa ntam sɛ, ‘Wɔrenkɔ me home mu,’”+ ɛwom sɛ bere a wɔhyɛɛ wiase ase no, na wawie ne nnwuma.+  Efisɛ waka da a ɛto so ason no ho asɛm wɔ baabi sɛ: “Na Onyankopɔn homee da a ɛto so ason no fii ne nnwuma nyinaa ho,”+  ɛnna wasan aka wɔ ha sɛ: “Wɔrenkɔ me home mu.”+  Enti esiane sɛ ɔkwan da so wɔ hɔ sɛ ebinom bɛkɔ mu, na asoɔden amma wɔn a wodii kan kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no ankɔ mu nti,+  bere tenten bi akyi no, ɔsan hyɛɛ da foforo, bere a ɔkae wɔ Dawid dwom mu sɛ “Ɛnnɛ” no. Sɛnea wɔaka dedaw no, “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a, mummpirim mo koma.”+  Na sɛ Yosua+ dii wɔn anim kɔɔ homebea a, anka ɛno akyi no, Onyankopɔn renka ɛda foforo ho asɛm.  Enti ɔhome da bi wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo.+ 10  Efisɛ onipa a ɔkɔ Onyankopɔn home mu no, wahome afi ɔno ara nso ne nnwuma ho, sɛnea Onyankopɔn home fii ne de ho+ no. 11  Enti momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa nkɔ saa ɔhome no mu, na obiara ansuasua wɔn asoɔden no bi.+ 12  Na Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu,+ na ano yɛ nnam sen sekan+ anofanu biara, na etumi wura mu kɔpaapae ɔkra* ne honhom,* ne dompe* ne emu hon mu mpo, na etumi hu komam adwene ne emu nsusuwii. 13  Na abɔde biara nni hɔ a ahintaw wɔ n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee wɔ nea ɛsɛ sɛ yebu akontaa kyerɛ no+ no anim. 14  Enti esiane sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panyin kɛse a ɔkɔ soro, Onyankopɔn Ba+ Yesu, nti, momma yɛnkɔ so nka ne ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo.*+ 15  Na ɔsɔfo panyin a yɛwɔ no, ɔnyɛ obi a ontumi nte yɛn mmerɛwyɛ ase,+ na mmom ɔyɛ obi a wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara; nanso bɔne nni ne ho.+ 16  Enti momma yɛmfa ahotoso mmra adom ahengua no anim,+ na yɛanya mmɔborɔhunu, na yɛanya adom a ɛbɛboa yɛn bere a ɛsɛ mu.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “yensuro.”
Anaa “remfata mma.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “apɔw so.”
Anaa “wɔ baguam.”