Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mma Awaregyae Mmmɔ Wo Asesa

Mma Awaregyae Mmmɔ Wo Asesa

“Ɛyɛɛ me sɛ mifi sorosoro abɛhwe fam. Ná nneɛma rekɔ so kama, nanso biribiara gye gui prɛko pɛ.”MARK, * wagyae aware bɛyɛ afe ni.

“Me kunu kɔfaa ɔbea bi a ɔne yɛn babea bɔ tipɛn. Bere a yegyaee aware no, nea na eye wɔ ho ara ne sɛ na mente ne koko bɔne no ho bio, nanso metee nka sɛ wabrɛ me ase na mfaso biara nni me so.”EMMELINE, wagyae aware bɛyɛ mfe 17 ni.

Ebinom gyae aware a, wɔhwɛ kwan sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ama wɔn. Ebinom nso nyae a, anka aware no angu, nanso wɔrentumi nhyɛ wɔn hokafo no sɛ ɔntena. Ne nyinaa mu no, wɔn a wogyae aware no, wɔn mu dodow no ara hu sɛ awaregyae akyi no, nneɛma nkɔ sɛnea wɔhwɛɛ kwan no. Sɛ nnansa yi ara na woregyae aware a, ebia woahu sɛ ade biako a ɛhyɛ ahometew paa wɔ wiase ne sɛ w’aware begu. Nea edi so yi yɛ afotu pa a efi Bible mu, na sɛ wokenkan a, ɛbɛboa wo ama woatumi agyina ɔhaw a awaregyae de ba no ano.

ƆHAW 1: AHOMETEW NE ADWENNWENE.

Sikasɛm, abatete ne ankonamyɛ betumi akɔfa adwennwene kɛse abɛto wo so. Adwene ho nimdefo Judith Wallerstein a wafi mu no hui sɛ ebinom a wɔagyae aware mfe pii ni no, wɔda so ara te nka sɛ wɔn ahokafo de wɔn asim na wɔato wɔn paahwii. Wɔka sɛ “wiase nyɛ dɛ; ɛyɛ abasamtu ne ankonamyɛ nko ara.”

NEA WUBETUMI AYƐ

  • Nea afi wo nsa no, ɛyɛ ne kwan so sɛ wubedi ho awerɛhow. Ɛwom ara a, wobɛkae nneɛma bi a na wo  ne wo hokafo no yɛ bom. Sɛ na aware a agu no yɛ aware bɔne mpo a, ebia ɛbɛyɛ wo yaw sɛ woannya anigye a na w’ani da so wɔ aware mu no. (Mmebusɛm 5:18) “Benabɔ wɔ ne bere,” enti ɛmma ɛnnyɛ wo aniwu sɛ wubedi awerɛhow.Ɔsɛnkafo 3:1, 4.

  • Ɛyɛ a ntew wo ho. Mfomso nnim sɛ wubedi awerɛhow, nanso wotew wo ho kyɛ pii a, ɛremmoa. (Mmebusɛm 18:1) Sɛ wo ne wo nnamfo rebɔ nkɔmmɔ a, hwɛ wo kasa yiye, efisɛ sɛ wotaa keka wo hokafo a wo ne no agyae no ho nsɛm na sɛ ɛyɛ nokware mpo a, ebetumi apam nkurɔfo afi wo ho. Awaregyae akyi pɛɛ no, sɛ ehia sɛ wusi gyinae kɛse bi a, susuw ho kyerɛ obi a ɔbɛka nokware akyerɛ wo.

  • Ma w’akwahosan ho nhia wo. Awaregyae ho adwennwene taa kɔfa yare ba; ebi ne mogya mmoroso ne asoroben. Hwɛ w’adidi yiye, teɛteɛ w’apɔw mu, na nya bere da.Efesofo 5:29.

  • Biribiara a w’ani bɔ so a ɛma wo hokafo a wo ne no agyae no ho abufuw ba wo mu no, yi fi hɔ; ɛne biribiara a wunhia. Nanso nkrataa a ɛho hia de, ntow ngu. Sɛ nneɛma bi te sɛ mo ayeforo mfonini ma wudi awerɛhow a, boaboa ano sie ma wo mma.

  • Mma adwennwene hunu nnhyɛ wo so. Olga kunu kɔfaa ɔbea foforo ma ogyaee no. N’asɛm ne sɛ: “Ná metaa bisa me ho sɛ, ‘Dɛn koraa na ɔbea no de kyɛn me?’” Nanso akyiri yi Olga hui sɛ, sɛ ɔtaa dwen saa nneɛma no ho de haw ne ho a, nea ɛde ba ara ne “honhom a ɛyare.”Mmebusɛm 18:14.

    Nnipa pii abehu sɛ, sɛ nsɛm pii ba wɔn tirim na sɛ wɔkyerɛkyerɛw a, ɛboa wɔn ma wɔte nneɛma bi ase yiye na ɛmma adwennwene nhyɛ wɔn so. Sɛ wo nso wokyerɛkyerɛw wo de a, hwɛ sɛ wubehu nneɛma a ɛho nhia no, na bɔ mmɔden pɛ nneɛma pa hyɛ anan. (Efesofo 4:23) Ma yɛnhwɛ nhwɛso abien yi:

    Adwene a ɛmmoa wo: Me ara na meyɛ maa me hokafo fii m’akyi.

    Foforo a ɛbɛboa wo: Mfomso a ɛwɔ me ho no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ me hokafo fi m’akyi.

    Adwene a ɛmmoa wo: Matena saa barima yi ho asɛe me ho kwa.

    Foforo a ɛbɛboa wo: Ɛsɛ sɛ mema nea atwam no twam kɔ na mehwɛ m’anim bɔ me bra; ɛno na ɛbɛboa me.

  • Ntietie nkurɔfo ano. Wo nnamfo ne w’abusuafo a wɔpɛ w’asɛm betumi akeka nsɛm a ɛwom ne nea ennim nyinaa ma ayɛ wo yaw. Ebinom betumi aka nsɛm bi te sɛ: ‘Ɔbea no koraa, ɛnyɛ ne so barima ne wo.’ Ebinom nso betumi aka sɛ ‘Onyankopɔn kyi awaregu.’ * Ntease wom sɛ Bible tu yɛn fo sɛ: “Mfa wo koma nni nsɛm a nnipa ka nyinaa akyi.” (Ɔsɛnkafo 7:21) Martina a ɔne ne kunu agyae aware mfe abien ni no kae sɛ: “Memfa m’adwene nkɔ nsɛm a ɛyɛ yaw so; mmom mebɔ mmɔden hu nneɛma sɛnea Onyankopɔn hu no. N’adwene korɔn sen yɛn adwene.”Yesaia 55:8, 9.

  • Bɔ Onyankopɔn mpae. Ɔhyɛ n’asomfo nyinaa nkuran sɛ, ‘wɔnto wɔn dadwen nyinaa ngu ne so.’ Sɛ dadwen kɛse bi bɛtɔ wɔn so a, saa bere no paa na ɛsɛ sɛ wɔde saa asɛm no yɛ adwuma.1 Petro 5:7.

SƆ EYI HWƐ: Kyerɛkyerɛw Bible mu nsɛm a wugye di sɛ ɛbɛboa wo na fa bɔ baabi a wubehu no ntɛm. Bible mu nsɛm a yɛaka ho asɛm dedaw no da nkyɛn a, nnipa pii a wɔn aware agu ahu sɛ nea ɛwɔ ase ha yi nso betumi aboa wɔn: Dwom 27:10; 34:18; Yesaia 41:10; ne Romafo 8:38, 39.

Sɛ ɛto nea ɛyɛ den a, hwehwɛ mmoa fi Onyankopɔn Asɛm mu

ƆHAW 2: WO NE WO HOKAFO DEDAW NO NTAM.

Juliana a ɔne ne kunu tenaa mfe 11 no ka sɛ: “Mepaa me kunu kyɛw sɛ mma onnnyaa me. Nanso, ɔkɔe, na ɛmaa me bo fuw ɔne ɔbea a ɔne no kɔtenae no paa.” Nnipa a wɔn aware gu no, wɔn mu bebree  bo tumi fuw wɔn hokafo dedaw no mfe pii. Nanso sɛ mma wɔ wɔn ntam a, wɔn mma no nti, ɛyɛ dɛn ara a, wɔne wɔn hokafo dedaw no bedi nkitaho.

NEA WUBETUMI AYƐ

  • Sɛ wo ne wo hokafo dedaw no redi nkitaho a, fa obu ma no. Nneɛma a ehia nko ara na ɛsɛ sɛ woka ho asɛm. Mfa asɛm no nnwonwan. Nnipa pii ahu sɛ, sɛ wɔfa saa kwan no so a, ɛma asomdwoe ba.Romafo 12:18.

  • Nka nsɛm a ɛhyɛ abufuw. Bible kaa asɛm bi a ɛho hia paa sɛ wode yɛ adwuma, titiriw bere a obi de asɛm bi abɛfoforo wo no. Ɛka sɛ: “Nea ɔkora n’ano no wɔ nimdeɛ.” (Mmebusɛm 17:27) Enti moreka asɛm bi na abufuw ba na sɛ wuhu sɛ ntease nyɛ adwuma a, wubetumi aka sɛ: “Ma minkodwen asɛm no ho kakra na akyiri yi yɛbɛtoa so.”

  • Wo nneɛma a wo hokafo dedaw no din bata ho no, ɛbɛyɛ yiye a, anka yi ne din fi mu; ebi ne agyapade, sikasɛm ne ayaresa ho nkrataa.

SƆ EYI HWƐ: Wo hokafo a wo ne no agyae no, sɛ wo ne rekasa a, yɛ ahwɛyiye efisɛ ebetumi aba sɛ mo mu biako asɛm yɛ twann anaasɛ ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ n’asɛm yɛ dɛ. Ɛyere so a, mubetumi de asɛm no ato hɔ kakra anaa mubetumi ate mo ho ase sɛ Intanɛt so nko ara na mubedi nkitaho.Mmebusɛm 17:14.

ƆHAW 3: BOA WO MMA MA WONHU NEA WƆBƐYƐ.

Sɛnea Maria tee nka bere a ogyaee aware foforo no, ɔda so ara kae besi nnɛ. N’asɛm ne sɛ: “Ná me babea kumaa no taa su paa, na ofii ase dwensɔɔ kɛtɛ so bio. Me babea panyin no de, na ɔmpɛ sɛ obiara behu sɛ asɛm no haw no, nanso mihui sɛ akã no.” Awerɛhosɛm ne sɛ bere a wo mma behia wo mmoa paa no, anhwɛ a wobɛte nka sɛ wunni bere, na woabotow dodo enti worentumi mmoa wɔn.

NEA WUBETUMI AYƐ

  • Sɛ ɛkɔyɛ sɛ nea wo mma no tutu ‘nsɛm hatuhatu’ mpo a, ma wɔn kwan ma wɔnka wɔn koma so asɛm.Hiob 6:2, 3.

  • Mfa wo dadwen nto wo ba so. Nea ɛbɛyɛ biara wubehia obi a wobɛka w’asɛm akyerɛ no, na ebia wo ba nso bɛyɛ sɛ ɔbɛboa wo. Nanso ɛnsɛ sɛ woma wo ba no yɛ adwuma a ɛkyɛn no. (1 Korintofo 13:11) Mfa wo ba no nyɛ wo nkɔmmɔdifo a biribiara wobɛka akyerɛ no, na nsomasoma no wo hokafo dedaw no nkyɛn.

  • Toto nneɛma yiye wɔ wo ba asetena mu. Ofie a mote mu dedaw no, sɛ moantu hɔ, na mokɔ so yɛ nneɛma a moyɛ daa no a, ɛboa paa. Nea ɛho hia paa ne sɛ mobɛma Onyankopɔn som ahia mo; nneɛma a ɛnsɛ sɛ mudi ho agoru no bi ne Bible akenkan ne abusua som.Deuteronomium 6:6-9.

SƆ EYI HWƐ: Nnawɔtwe yi ara, ka kyerɛ wo mma sɛ wopɛ wɔn asɛm, na ɛnyɛ wɔn na wɔmaa aware no gui. Sɛ wobisa wo asɛm a, ma wɔn mmuae, nanso nka asɛmmɔne biara mfa wɔn maame anaa wɔn papa a wo ne no agyae no ho.

Sɛ w’aware gu a, ɛmma no mmmɔ wo asesa. Melissa aware dii mfe 16 na egui. N’anom asɛm ne sɛ: “M’aware gui no, ɛbaa me tirim sɛ, ‘Ɛnyɛ sei na na mepɛ sɛ m’abrabɔ yɛ.’” Nanso seesei de, sɛnea ne tebea te biara no, wafa no saa ara. Ɔka sɛ, “Seesei nea atwam no, mama atwam kɔ, na mihu sɛ ɛnhaw me bebree saa bio.”

^ nky. 2 Wɔasesa edin a ɛwɔ asɛm yi mu no bi.

^ nky. 18 Sɛ obi twa ne hokafo nkontompo gyaa no aware a, ɛno na Onyankopɔn kyi. Sɛ obi hokafo fi n’akyi de a, Onyankopɔn ma no kwan sɛ otumi gyaa no. (Malaki 2:16; Mateo 19:9) Hwɛ asɛm a wɔato din “Bible no Adwene—Awaregyae Bɛn na Onyankopɔn Kyi?” Ɛwɔ April 8, 1994 Nyan! mu. Yehowa Adansefo na wotintimii.

BISA WO HO SƐ . . .

  • M’aware a agu no, ɛhaw me sɛ medi ho awerɛhow anaa?

  • Mɛyɛ dɛn atumi ayi me hokafo dedaw no ho abufuw biara a ɛda so wɔ me mu no afi hɔ?