Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | ONYANKOPƆN BU AKODIE SƐN?

Ɛnnɛ, Onyankopɔn Bu Akodie Sɛn?

Ɛnnɛ, Onyankopɔn Bu Akodie Sɛn?

Ɛnnɛ, nnipa redi amia paa, enti obiara resu frɛ Onyankopɔn. Nanso sɛ ɔgyeɛ bi bɛba mpo a, wɔnnim. Wohwɛ a, Onyankopɔn tie wɔn sufrɛ no anaa? Wɔn a wɔfa to wɔn ho so sɛ wɔn ara bɛko agye wɔn ho no nso ɛ? Onyankopɔn taa wɔn akyi, na ɔpene so sɛ wɔbɛko anaa?

Harmagedon ko na ɛbɛyi akokoakoko nyinaa afiri hɔ

Wo deɛ, ka wo koma to wo yam. Efisɛ, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a yɛrefa mu nyinaa, Onyankopɔn nim, na ɔbɛyɛ ho biribi. (Dwom 72:13, 14) Onyankopɔn ahyɛ bɔ wɔ n’Asɛm Bible mu sɛ wɔn a ‘wɔhyia ahohia no ɔbɛma wɔanya ahome.’ Bere bɛn na wei bɛba? ‘Awurade Yesu ahoyie a ɛfiri soro no mu; ɔne n’abɔfoɔ a wɔwɔ tumi no de aweredie bɛba wɔn a wɔnnim Onyankopɔn ne wɔn a wɔntie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no so.’ (2 Tesalonikafoɔ 1:7, 8) Yesu bɛyi ne ho adi anaa ɔbɛba daakye, na Bible frɛ saa bere no “adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛseɛ no mu ko,” anaa Harmagedon.—Adiyisɛm 16:14, 16.

Saa ɔko no, ɛnyɛ nnipa na Onyankopɔn bɛma wɔako, na mmom ne Ba Yesu Kristo ne honhom abɔde a wɔwɔ tumi no na ɔbɛma wɔatu abɔnefo so sa. Ɔsoro asafodɔm yi bɛko ayi ateetee nyinaa afiri hɔ.—Yesaia 11:4; Adiyisɛm 19:11-16.

Ɛfiri tete bɛsi nnɛ, sɛnea Onyankopɔn bu akodie no te sɛ nea ɛte no ara; ɛnsesae. Ɔko yɛ ɔkwampa a ɔfa so yi amumɔyɛsɛm ne ateetee fi hɔ. Yɛahu sɛ ɛfiri teteete nyinaa, Onyankopɔn nko ara na ɔkyerɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔkɔ ɔko ne wɔn a ɛsɛ sɛ wɔkɔ. Seesei deɛ, yɛate ase sɛ Onyankopɔn anya akyerɛ ɔko a ɔde bɛyi amumɔyɛsɛm afiri hɔ na watua abɔnefo ka. Afei nso wayi ne Ba Yesu Kristo sɛ ɔno na ɔbɛko saa ɔko no. Wei kyerɛ sɛ, akokoakoko a ɛrekɔ so nnɛ no, sɛ obi asɛm yɛ dɛ mpo a, Onyankopɔn nsa nnim.

Wo deɛ yɛnhwɛ mfatoho yi: Fa no sɛ anuafoɔ mmienu bi reko bere a wɔn papa nni fie. Wɔreko no ara na wɔgyae frɛɛ wɔn papa wɔ fon so. Baako ka kyerɛɛ wɔn papa sɛ ne nua no na ɔkɔfaa ntɔkwa no bae, ɛnna baako nso se ne nua no resisi no. Wɔn mu biara nyae a anka ne papa abɛtaa n’akyi. Nanso, bere a papa no tiee wɔn asɛm no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnyae ntɔkwa no na wɔntwɛn nkɔsi sɛ ɔbɛba abɛsiesie asɛm no. Wɔtee ase twɛn no kakra, nanso anni gyina na wɔsan de ntɔkwa no gyinaa mu. Bere a wɔn papa baa fie bɛhuu sɛ ne mma no antie n’asɛm no, ne bo annwo so. Enti ɔtwee wɔn mmienu nyinaa aso.

Ɛnnɛ, sɛ aman biara reko a wɔtaa srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmɛtaa wɔn akyi. Nanso akokoakoko a ɛrekɔ so no, Onyankopɔn nni obiara afã. Mmom waka wɔ n’Asɛm Bible mu sɛ: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.” Bio nso, “monnni mo ho werɛ.” (Romafoɔ 12:17, 19) Afei nso, Onyankopɔn aka akyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnto yɛn bo ase ntwɛn no’ kɔsi sɛ ɔde Harmagedon ko no bɛba. (Dwom 37:7) Sɛ amanaman no di wɔn koko so asɛm na wɔko a, Onyankopɔn ani nnye ho. Wɔyɛ saa a Onyankopɔn bu no sɛ wɔama wɔn ani atra wɔn ntɔn, na wɔredi akakabensɛm. Onyankopɔn bo bɛfu amanaman no na wabu wɔn atɛn wɔ Harmagedon, na ɔbɛma ‘akodie agyae akɔsi asase ano.’ (Dwom 46:9; Yesaia 34:2) Enti Harmagedon ko na ɛbɛyi akokoakoko nyinaa afiri hɔ.

Onyankopɔn Ahenni no ba a yɛbɛnya nhyira pii; emu baako ne sɛ akodie bɛfiri hɔ. Yesu mpae bi a agye din mu no, ɔkaa saa ahenni no ho asɛm sɛ: “W’ahennie mmra. W’apɛdeɛ nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Nea ɛkɔfa akokoakoko ba ne amumɔyɛsɛm, enti Onyankopɔn Ahenni bɛyi amumɔyɛsɛm ne akokoakoko nyinaa afiri hɔ. * (Dwom 37:9, 10, 14, 15) Ɛdi sɛ Yesu akyidifo ho pere wɔn sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛba ama wɔanya saa nhyira yi nyinaa.—2 Petro 3:13.

Ɛnneɛ, yɛntwɛn nkɔsi da bɛn na Onyankopɔn Ahenni abɛyi amanehunu, ateetee ne amumɔyɛsɛm afiri hɔ? Bible nkɔmhyɛ ma yɛhu sɛ yɛte wiase yi “nna a ɛdi akyire mu.” (2 Timoteo 3:1-5) * Ɛrenkyɛ biara Onyankopɔn Ahenni de Harmagedon ko no bɛba abɛyi wiase bɔne yi afiri hɔ.

Yɛahu dada sɛ saa ɔko no mu no, wɔbɛsɛe wɔn a “wɔntie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no.” (2 Tesalonikafoɔ 1:8) Nanso kae sɛ apapafo ne abɔnefo nyinaa wuo nyɛ Onyankopɔn fɛ. (Hesekiel 33:11) ‘Onyankopɔn mpɛ sɛ obiara bɛsɛe’ wɔ saa ɔko no mu. Enti wama wɔreka Awurade Yesu ho asɛmpa “wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanseɛ” ansa na awiei no aba. (2 Petro 3:8, 9; Mateo 24:14; 1 Timoteo 2:3, 4) Yehowa Adansefo reka asɛmpa no wɔ wiase baabiara. Wei bɛma nkurɔfo ahu Onyankopɔn, atie Yesu ho asɛmpa no, na ama wɔatena ase ahu bere a akokoakoko nyinaa bɛfiri hɔ.

^ nky. 9 Afei nso, Onyankopɔn Ahenni no bɛyi owuo a ayɛ kɔntɔnkrowi da amansan kɔn mu no afiri hɔ. Wohwɛ kratafa 16 a, wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ hɔ sɛ, nnipadɔm a owuo de wɔn kɔ nyinaa, wɔn mu pii bɛnya owusɔre. Wɔn a wɔawu wɔ akokoakoko mu no nso pii bɛsɔre.

^ nky. 10 Sɛ wopɛ nna a ɛdi akyiri no ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nwoma no ti 9. Yehowa Adansefo na wɔtintimii.