Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

“Menyɛ Otirimɔdenfo Bio”

“Menyɛ Otirimɔdenfo Bio”
  • Afe a Wɔwoo No: 1973

  • Ɔman a Ofi Mu: Uganda

  • Kan No: Ná ɔyɛ basabasa, na ɔwe nsa, na na ne bra asɛe

ƆBRA A NA MEWOM

 Wɔwoo me wɔ Uganda wɔ Gomba mantam mu. Nnipa a wɔwɔ hɔ no, na wɔn mu dodow no ara yɛ ahiafo paa. Ná anyinam nkanea nni yɛn kuro no mu. Enti sɛ edu anadwo a, na yɛsɔ krasin nkanea.

 Ná m’awofo yɛ akuafo. Wofi Rwanda na wotu kɔtenaa Uganda. Ná wodua kɔfe ne kwadu. Ná wɔde kwadu no yɛ nsa bi a agye din a wɔfrɛ no waragi. Nkokɔ, mpɔnkye, mprako, ne anantwi nyinaa na m’awofo yɛn bi. M’amammerɛ ne ntetee a minyae nti na ɛyɛ me sɛ ɛsɛ sɛ ɔbea tie ne kunu bere nyinaa, na ɛnsɛ sɛ ɔkyerɛ n’adwene wɔ biribiara ho da.

 Bere a midii mfe 23 no, mitu kɔɔ Rwanda. Ɛhɔ no, na me ne m’atipɛnfo di asaw wɔ asanombea. Asanombea baako wɔ hɔ a na metaa kɔ hɔ paa, enti wɔn a wɔhwɛ so no maa me krataa bi a na ɛma mitumi kɔ hɔ a mintua sika biara. Ná mehwɛ sini a ntɔkwaw ne basabasayɛ wom nso. Nkurɔfo a na me ne wɔn bɔ ne sini a na mehwɛ no ma mebɛyɛɛ obi a ɔyɛ basabasa, ɔwe nsa, na ne bra asɛe.

 Afe 2000 no, me ne ababaa bi a ne din de Skolastique Kabagwira tenae, na yɛwoo mma mmiɛnsa. Sɛnea na minim fi me mmofraase no, na mepɛ sɛ ɔkotow ansa na wakyea me anaa wabisa me biribi. Ná ɛyɛ me sɛ biribiara a abusua no wɔ no yɛ me dea, na nea mepɛ biara na mede bɛyɛ. Ná metaa pue anadwo, na mɛsan aba fie no na abɔ bɛyɛ anɔpa nnɔn mmiɛnsa. Mpɛn pii no mɛba no na mabow sram. Sɛ mebɔ pon mu na Skolastique ammue me ntɛm a, na mehwe no.

 Saa bere no, na me ne adwumakuw bi a ɛwɛn nkurɔfo agyapade na ɛyɛ adwuma. Esiane sɛ na mewɔ dibea wɔ adwuma no mu nti na m’akatua ye paa. Ná Skolastique kɔ Pentekoste asɔre bi, enti na ɔpɛ sɛ me ne no kɔ saa asɔre no. Ná ɛyɛ no sɛ sɛ mekɔ saa asɔre no a ɛbɛma masesa. Ná mempɛ sɛ me ne no kɔ saa asɔre no. Mmom nea meyɛe ne sɛ, me ne ɔbea foforo kɔtwee mpena. Esiane sɛ na me bra asɛe na meyɛɛ Skolastique ayayade nti, otu kɔtenaa n’awofo nkyɛn, na ɔde yɛn mma mmiɛnsa no kɔe.

 Yɛn adamfo bi a n’ani afi ne me bɔɔ nkɔmmɔ faa sɛnea na merebɔ me bra no ho. Ɔhyɛɛ me nkuran sɛ mensan nkɔfa Skolastique. Ɔkaa sɛ me mma no ho yɛ fɛ paa, na ɛsɛ sɛ wɔne wɔn papa tena. Enti afe 2005 no, migyaee nsawe, me ne ɔbea foforo no tetew mu, na mesan kɔfaa Skolastique. Meyɛɛ ne ho ade afe 2006. Nanso na meda so ara yɛ no basabasa, na na meteetee no.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA

 Afe 2008 no, Yehowa Dansefo bi a ne din de Joël baa yɛn fie, na mitiee asɛm a ɔkae no paa. Ɔne Ɔdansefo foforo a ne din de Bonaventure baa me nkyɛn abosome pii, na me ne wɔn gyee akyinnye wɔ Bible mu nsɛm ho. Mibisaa wɔn nsɛm pii, ne titiriw no, nea ɛfa Adiyisɛm nhoma no ho. Nea na mepɛ sɛ meyɛ ara ne sɛ mɛma Adansefo no ahu sɛ wɔnka nokware. Ɛho nhwɛso bi ni. Mibisaa wɔn sɛ, “nnipakuw kɛse” a Adiyisɛm 7:9 ka wɔn ho asɛm no, adɛn nti na wɔkyerɛ sɛ wɔbɛtena asaase so? Efisɛ saa kyerɛwsɛm no ka sɛ nnipakuw kɛse no ‘gyinagyina [Onyankopɔn] ahengua no ne Oguammaa no [Yesu Kristo] anim hyehyɛ ntaade tenten fitaa.’ Joël tɔɔ ne bo ase maa nsɛm a mibisaa no nyinaa ho mmuae. Sɛ nhwɛso no, ɔma mihuu asɛm a ɛwɔ Yesaia 66:1 no. Ɛhɔ no, Onyankopɔn frɛ asaase sɛ ‘ne nan ntiaso.’ Enti yebetumi aka paa sɛ nnipakuw kɛse no gyinagyina asaase so wɔ Onyankopɔn ahengua no anim. Mekenkan Dwom 37:29. Ɛhɔ ka sɛ atreneefo bɛtena asaase so daa.

 Nea ekosii ara ne sɛ mepenee so sɛ mesua Bible. Enti Bonaventure ne me ne Skolastique suaa ade. Bible a na yɛresua no hyɛɛ me nkuran ma meyɛɛ nsakrae wɔ m’abrabɔ mu. Ɛma mihuu sɛnea medi me yere ni. Ná mempɛ sɛ ɔbɛkotow me bere a ɔrekyea me anaa ɔrebisa me biribi, na manka sɛ biribiara a abusua no wɔ yɛ me nko ara me dea bio. Manhwɛ sini a basabasayɛ wom bio nso. Saa nsakrae yi a meyɛe no na ɛnna fam. Ná egye ahohyɛso ne ahobrɛase paa.

Bible aboa me ama mabɛyɛ okunu pa

 Mfe kakra a atwam no, na mede me ba panyin Christian akɔtena m’abusuafo nkyɛn wɔ Uganda. Nanso bere a mekenkan Deuteronomium 6:4-7 no, mihui sɛ me ne me yere wɔ asɛyɛde wɔ Onyankopɔn anim sɛ yɛn na ɛsɛ sɛ yɛtete yɛn mma. Nea na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ka wei ho nso ne sɛ, yɛde Onyankopɔn asɛm bɛkyerɛkyerɛ mmofra no. Bere a yɛkɔfaa yɛn babarima no bae no, yɛn nyinaa ani gyei paa!

SƐNEA ABOA ME

 Mihui sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ohu nnipa mmɔbɔ, na migye di sɛ suban ne nneyɛe a medaa no adi bere bi a atwam no ɔde akyɛ me. M’ani agye paa sɛ Skolastique bɛkaa me ho ma yesuaa Bible. Yehyiraa yɛn nkwa so maa Yehowa, na yɛn mmienu nyinaa bɔɔ asu December 4, 2010. Seesei, yɛn mu biara gye ne yɔnko di, na yɛn ani gye ho sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma wɔ yɛn abusua mu. Nnansa yi de, mepɔn adwuma ara na maba fie, na wei ma me yere ani agye paa. N’ani agye nso sɛ mema ohu sɛ mibu no na midi no ni. Magyae nsanom koraa, na menyɛ otirimɔdenfo bio. Afe 2015 no, wɔpaw me sɛ asafo mu panyin sɛ memmoa mma yɛnhwɛ yɛn asafo no so. Yɛn mma nnum no, emu mmiɛnsa abɔ asu.

 Bere a mifii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, ɛnyɛ sɛ wɔkaa asɛm biara a na magye atom. Nanso, nea na m’ani gye ho paa ne sɛ nsɛm a mibisae nyinaa wɔde Bible na ɛmaa ɛho mmuae. Bere rekɔ so no, me ne Skolastique nyinaa behui sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom nokware Nyankopɔn no, ɛsɛ sɛ wotie nea ɔka biara na ɛnyɛ nea wɔn ankasa pɛ na wɔbɛyɛ. Ɛyɛ me anigye paa sɛ Yehowa atwe me ama seesei mabɛka ne honhom fam abusua no ho. Sɛ mehwɛ m’akyi a, migye di sɛ Onyankopɔn betumi aboa onipa biara a ɔwɔ koma pa ama wayɛ nsakrae a ɛbɛma wasɔ n’ani.