Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Guyana

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Guyana

 “Sɛ wutu wo ho ma kɔboa wɔ baabi a wohia asɛmpakafo a, anigye a wunya de, yɛnka!” Saa na Joshua a bere bi, ɔkɔsom wɔ Guyana na seesei ɔte United States no kae. Guyana yɛ ɔman a ɛwɔ South America, na Yehowa Adansefo pii a wɔakɔyɛ asɛnka adwuma wɔ hɔ no ka sɛ, adwuma no kɔɔ yiye paa. a Anuanom a wotuu kwan kɔɔ baabi a wohia mmoa kɔyɛɛ asɛnka adwuma no, dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ? Sɛ wopɛ sɛ wutu kɔ ɔman foforo so kɔsom a, sɛn na wɔn suahu no bɛboa wo?

Dɛn Na Ɛkaa Wɔn Ma Wotuu Wɔn Ho Mae?

Linel

 Onua Linel fi United States, na ansa na ɔretu akɔ Guyana no, ɔkɔyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ asaasesin bi mu wɔ United States. Saa asaasesin no, na wɔntaa nyɛ mu adwuma. Ɔkaa sɛ: “Wɔma yɛkɔyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ West Virginia akuraa bi ase. Yɛn a yɛkɔe no, na yɛyɛ 20. Asɛnka adwuma a yɛyɛɛ no nnawɔtwe mmienu, ne fekuw a yɛbɔe saa bere no de, me werɛ remfi da! Ɛma meyɛɛ m’adwene sɛ, afei koraa na merebɛyere me ho asom Yehowa kɛse.”

Erica ne Garth

 Awarefo bi a yɛfrɛ wɔn Garth ne Erica de sii wɔn ani so sɛ wɔbɛkɔ akɔsom wɔ ɔman foforo so, enti wɔkɔɔ Guyana. Adɛn nti na Guyana na wɔkɔe? Erica kaa sɛ: “Ná me ne me kunu nim awarefo bi a wɔatu akɔtena hɔ. Yehui sɛ wɔde ahokeka reyɛ ɔsom adwuma no, na na wɔn ani gye adwuma no ho. Ɛno na ɛkaa yɛn ma yɛyɛe sɛ yɛbɛkɔ hɔ bi.” Erica ne Garth de mfe mmiɛnsa yɛɛ ɔsom adwuma no wɔ Guyana, na wɔtaa ka ho asɛm sɛ wɔn “ani gyee ho paa.” Garth ka sɛ: “Asɛnka adwuma a ɛyɛ a anuanom tu kɔ ɔman foforo so kɔyɛ no, yɛn nso yɛka hwɛe, na yehui sɛ ɛyɛ dɛ.” Akyiri yi, ɔne ne yere kɔɔ Gilead Sukuu, na seesei wɔresom wɔ Bolivia.

Wɔn a wotu kɔ aman foforo so kɔyɛ ɔsom adwuma no wɔ hɔ no, wɔtaa nya nkurɔfo ne wɔn sua Bible

Ahoboa Bɛn Na Wɔyɛe?

 Bible tu yɛn fo sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ akɛsesɛm. (Hebrifo 13:5) Ɛsan hyɛ yɛn nkuran sɛ, ansa na yebesi gyinae kɛse bi wɔ yɛn asetena mu no, ɛsɛ sɛ yɛsese hwɛ sɛ yebetumi ayɛ anaa. (Luka 14:26-33) Sɛ obi pɛ sɛ otu kɔ ɔman foforo so kɔboa a, ɛno nso yɛ gyinae kɛse a ɛsɛ sɛ ɔsese ne ho hwɛ ansa na watu ho anammɔn. Garth ka sɛ: “Ansa na yɛretu akɔ Guyana no, na ɛsɛ sɛ me ne Erica twitwa nneɛma so. Enti yɛtɔn yɛn adwuma, yɛn fie, ne nneɛma a egu yɛn fie a yenhia nyinaa. Edii mfe pii ansa na yɛretumi ayɛ saa. Saa bere no nyinaa, na botae a ɛne sɛ yɛbɛkɔ akɔsom wɔ Guyana no wɔ yɛn adwenem. Wei nti afe biara, na yɛkɔ Guyana.”

Sinead ne Paul

 Ade foforo nso a ɛsɛ sɛ obi susuw ho ne nea ɔbɛyɛ de ahwɛ ne ho. Aman ahorow bi wɔ hɔ a, sɛ anuanom tu kɔ hɔ kɔboa ɔsom adwuma no a, ɛhɔ mmara ma wotumi yɛ adwuma wɔ hɔ. Anuanom bi nso, adwuma a na wɔyɛ wɔ wɔn man mu no, sɛ wotu kɔ ɔman foforo so a, wotumi toa so de kɔmputa yɛ wɔ hɔ. Afoforo nso, ɛwom ara a, wɔsan kɔ wɔn man mu kɔyɛ adwuma kakra, na wɔasan aba. Awarefo bi a yɛfrɛ wɔn Paul ne Sinead sei, afe biara, na wɔsan kɔ wɔn kurom Ireland pɛnkoro kɔyɛ adwuma. Saa nhyehyɛe no ma wotumi de anigye som wɔ Guyana, na bere a wɔwoo wɔn babea mpo no, edii mfe nson ansa na wɔrefi hɔ. Woka ne nyinaa bom a, wɔsom wɔ hɔ mfe 18.

Christopher ne Lorissa

 Dwom 37:5 ka sɛ: “Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa, na fa wo ho to no so, na obeso wo mu.” Ɛno nti, Christopher ne Lorissa a wofi United States no, na wɔtaa bɔ mpae sɛ wɔpɛ sɛ wotu kɔ ɔman foforo so kɔboa. Afei nso, sɛ wɔreyɛ abusua som a, na wodwinnwen nea wɔyɛ a ɛbɛma wɔatumi akɔsom wɔ ɔman foforo so, na wɔhwɛ nhyira a wobenya, ne ɔhaw a wobetumi ahyia. Ná wɔpɛ sɛ wɔkɔ baabi a ɛho renhia sɛ wosua kasa foforo. Ɛno nti, wɔyɛe sɛ wɔbɛkɔ Guyana efisɛ Borɔfo kasa na ɔman no ka.

 Afei wɔde afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 15:22 no yɛɛ adwuma. Ɛhɔ ka sɛ: “Sɛ adwentoatoa nni hɔ a, nhyehyɛe nyɛ yiye, na afotufo dodow ma nhyehyɛe yɛ yiye.” Ɛno nti wɔkyerɛw krataa kɔmaa Betel a ɛhwɛ ɔsom adwuma no so wɔ Guyana no. b Wɔkaa wɔn ho asɛm kakra kyerɛɛ Betel no, na wɔkaa sɛ wɔpɛ sɛ wɔbɛboa ɔsom adwuma no wɔ hɔ. Afei, wobisaa sɛnea ayaresa ho nsɛm te wɔ ɔman no mu, sɛnea ɛhɔ wim tebea te, ne wɔn amammerɛ. Betel no yii wɔn nsɛmmisa no ano, na baabi a awarefo no bɛkɔ akɔtena no nso, wɔde ɛhɔ mpanyimfo no nɔma maa wɔn.

 Linel a yɛaka ne ho asɛm dedaw no, seesei ɔyɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Guyana. Ansa na ɔretu akɔ hɔ no, ɔno nso de afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 15:22 no yɛɛ adwuma. Ɔkaa sɛ, “Meboaboaa sika ano maa akwantu no. Ɛno da nkyɛn a, me ne wɔn a wɔasom wɔ aman foforo so no bɔɔ nkɔmmɔ. Afei me ne m’abusua ne m’asafo mu mpanyimfo ne yɛn mansin sohwɛfo bɔɔ ho nkɔmmɔ. Bio nso, asafo nhoma biara a ɛka sɛnea obi betumi akɔboa wɔ baabi a mmoa ho hia no, mekenkanee.”

Joseph ne Christina

 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔsom wɔ ɔman foforo so no, wɔn mu pii di kan tu anammɔn pa kɔhwɛ sɛnea ɔman no mu te. Awarefo bi a yɛfrɛ wɔn Joseph ne Christina kaa sɛ, “Bere a edi kan a yɛkɔɔ Guyana no, yedii abosome mmiɛnsa. Ɛno boaa yɛn ma yetumi huu sɛnea ɔman no mu te. Afei yɛsan kɔɔ fie kɔboaboaa yɛn ho, na yetu kɔɔ hɔ.”

Dɛn Na Ɛboaa Wɔn Ma Wotumi Tenae?

Joshua

 Wɔn a wotu kɔ aman foforo so kɔboa no, sɛ wobetumi asom Onyankopɔn yiye wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn adwene sɛ wobekum wɔn ho ama ɔsom adwuma no. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔyɛ krado sɛ, sɛnea ɛhɔ te ne ɛhɔ amammerɛ no, wobegye atom. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔn a wofi aman a ɛhɔ yɛ nwini so kɔ aman a awia bɔ hɔ paa so no, wɔtaa hu sɛ nwansena, ntontom, ne nea ɛkeka ho dɔɔso wɔ hɔ. Joshua a yɛaka n’asɛm dedaw no kaa sɛ, “Ɔman a mifi mu no, na mmoawammoawa nni hɔ saa. Nanso Guyana ha de, wobɛka sɛ akɛse no nyinaa, ɛha na wogu! Nso ɛyɛɛ kakra no, na ɛne me ho agye. Mibehui nso sɛ, sɛ obi di ne fie ni a, mmoawammoawa no so tew koraa. Ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ wobɛhohoro wo nkyɛnsee mu, wobɛtow wo bɔɔla agu, na bere nyinaa woasiesie fie kama.”

 Sɛ wokɔ ɔman foforo so na wubetumi atena a, ebia ebehia sɛ wusua ɛhɔ aduan di ne sɛnea wɔyɛ no. Joshua kaa sɛ, “Me ne onua a me ne no te no ka kyerɛɛ anuanom a wɔwɔ hɔ no sɛ, wɔnkyerɛ yɛn sɛnea wɔnoa ɛhɔ aduan. Sɛ wɔkyerɛ yɛn na yɛnoa wie a, na yɛato nsa afrɛ anuanom a wɔwɔ asafo no mu no bi ama yɛn nyinaa ato nsa adidi. Wei maa yɛn ani gyei paa, na ɛboaa yɛn ma yehuu anuanom ne wɔn faa nnamfo.”

Paul ne Kathleen

 Paul ne Kathleen kaa biribi faa aman foforo so amammerɛ ho. Wɔkaa sɛ: “Aman a awia bɔ wɔ hɔ paa no, wɔwɔ ntaade a wɔhyɛ, ne nea obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ obu ade; ne nyinaa ehia sɛ wusua. Enti na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛyɛ nsakrae, nanso na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛrento Onyankopɔn mmara a ɛwɔ Bible mu no. Esiane sɛ yesuaa sɛnea nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ hɔ nti, ɛtwee yɛn bɛn anuanom na ɛmaa nkurɔfo nso tiee yɛn wɔ asɛnka mu.”

Mfaso Bɛn Na Wonyae?

 Joseph ne Christina kaa asɛm bi, na anuanom pii ne wɔn yɛ adwene. Wɔkaa sɛ: “Nhyira a wubenya no, ɛdɔɔso sen ɔhaw anaa nsɛnnennen biara a wubehyia. Nneɛma bi a na yennim yɛ no, yesuaa yɛ, na ɛno boaa yɛn ma yehuu nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛde di kan wɔ yɛn asetena mu. Nneɛma bi a kan na ehia yɛn paa no, akyiri yi na yenhu no saa bio. Osuahu biara a yenyae no pusuw yɛn ma yɛyɛɛ nea yebetumi biara maa Yehowa. Ɛmaa yɛn koma tɔɔ yɛn yam, na yɛn ani gyei.”

 Erica a yɛaka n’asɛm no kaa sɛ: “Yɛka sɛ fa wo ho to Yehowa so a, ɔsom adwuma a me ne me kunu ayɛ wɔ ɔman foforo so no ama mate ase paa. Nneɛma a Yehowa yɛ maa yɛn no, na yenhuu bi saa da. Afei osuahu ahorow a yenyae no boaa yɛn maa yɛn aware sɔe paa.”

a Sɛ wopɛ sɛnea ɔsom adwuma no akɔ so wɔ Guyana no ho nsɛm pii a, hwɛ 2005 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no mu.

b Trinidad ne Tobago Betel no na ɛhwɛ asɛnka adwuma no so wɔ hɔ.