Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nni Awoda?

Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nni Awoda?

 Yehowa Adansefo nni awoda efisɛ yenim sɛ afahyɛ a ɛte saa nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛwom sɛ Bible nka no pɔtee sɛ awodadi nye de, nanso ɛboa yɛn ma yesusuw nneɛma pɔtee bi a ɛkɔ so wɔ awodadi mu ho, na ɛma yehu Onyankopɔn adwene wɔ ho. Yɛnhwɛ saa nneɛma yi mu nnan ne Bible nnyinasosɛm a ɛfa ho.

  1.   Awodadi fi abosonsom mu. Nhoma bi ka sɛ, nea ɛde awodadi bae ne gyidi a na nkurɔfo wɔ sɛ, sɛ obi awoda du a, “ahonhommɔne ne tumi ahorow bi nya kwan sɛ wɔbɛyɛ nea ɔredi n’awoda no bɔne,” enti sɛ “nea ɔredi n’awoda nnamfo ba ne nkyɛn bɛma no ti nkwa a, ɛbɔ no ho ban.” (Funk & Wagnalls Standard Dictionary of Folklore, Mythology, and Legend) Nhoma bi ka sɛ, tete no, na obi awoda na “ɛma wohu suban a onipa no bɛda no adi, ne nsɛm a ebesisi wɔ n’asetena mu.” Ná wogyina “nsoromma mu hwɛ” so na ehu wei. Saa nhoma yi de ka ho sɛ, na “nkurɔfo gye di sɛ, tumi soronko bi wɔ kyɛnere a wɔde di awoda mu a ɛma nea ɔredi n’awoda no nsa ka nea ɔrehwehwɛ.”—The Lore of Birthdays.

     Nanso Bible kasa tia nkonyaayi, adebisa, ahonhonsɛm, anaa ‘biribi a ɛte saa.’ (Deuteronomium 18:14; Galatifo 5:19-21) Nokwasɛm ne sɛ, ade baako nti a Onyankopɔn kasa tiaa tete Babilon kurow no mufo ne sɛ, na wɔhwɛ nsoromma mu, na ɛno nso yɛ adebisa. (Yesaia 47:11-15) Ɛnyɛ amammerɛ biara na Yehowa Adansefo de si wɔn ani so sɛ wɔbɛhwehwɛ baabi a efi; nanso sɛ Kyerɛwnsɛm no de biribi ho akwankyerɛ a emu da hɔ ma a, yemmu yɛn ani ngu so.

  2.   Tete Kristofo no anni awoda. Nhoma bi ka sɛ, “na wobu awodadi sɛ ɛyɛ abosonsomfo amanne.” (The World Book Encyclopedia) Bible ma yehu sɛ, asomafo no ne afoforo a Yesu ankasa kyerɛkyerɛɛ wɔn no yɛɛ nhwɛso bi a ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa di akyi.—2 Tesalonikafo 3:6.

  3.   Afahyɛ baako pɛ a ɛsɛ sɛ Kristofo di no, ɛmfa awo ho, na mmom ɛfa owu ho—Yesu wu no. (Luka 22:17-20) Ɛnsɛ sɛ wei yɛ yɛn nwonwa efisɛ Bible ka sɛ “owuda ye sen awoda.” (Ɔsɛnkafo 7:1) Eduu bere a na Yesu rebewu na wafi asaase so no, na wanya din pa wɔ Onyankopɔn anim. Wei maa ne wuda no bɛyɛɛ nea ɛho hia paa sen n’awoda.—Hebrifo 1:4.

  4.   Wohwɛ Bible mu a, worenhu wɔ baabiara sɛ Onyankopɔn somfo bi dii n’awoda. Wei nyɛ biribi a wɔn a wɔkyerɛw Bible no ani paa so, efisɛ nnipa mmienu a wɔnsom Onyankopɔn a wodii wɔn awoda ho asɛm wɔ Bible mu. Nanso awodadi mmienu no nyinaa, Bible no anka ho asɛmpa.—Genesis 40:20-22; Marko 6:21-29.

Mmofra a wɔn awofo yɛ Adansefo no, awoda a wonni nti, wɔte nka sɛ wɔrehwere biribi anaa?

 Adansefo no yɛ wɔn ade sɛnea awofo pa biara yɛ wɔn ade no. Wɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn mma afe mũ no nyinaa. Nea wɔyɛ no bi ne sɛ wɔkyɛ wɔn mma ade na wɔtow pon gye wɔn ani. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua nhwɛso pa a Onyankopɔn yɛ no, ɔma ne mma nneɛma pa bere nyinaa. (Mateo 7:11) Mmofra a wɔn awofo yɛ Adansefo no, wɔnte nka sɛ wɔrehwere biribi. Nsɛm a edidi so yi bɛma yɛahu saa:

  •   “Sɛ wunya akyɛde bi bere a wonhwɛ kwan a, ɛyɛ dɛ paa.”—Tammy, wadi mfe 12.

  •   “Ɛwom sɛ edu m’awoda a, minnya akyɛde biara de, nanso m’awofo kyɛ me ade mmere foforo. M’ani gye ho paa efisɛ ɛyɛ a na menhwɛ kwan.”—Gregory, wadi mfe 11.

  •   “Simma du pɛ a mode bedi keeki na moato nnwom kakra no, wohwɛ a, ɛyɛ paati? Ɛyɛ a mommra me fie mmɛhwɛ paati papa!—Eric, wadi mfe 6.