Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nni Nnapɔnna Anaa Afahyɛ Ahorow Bi?

Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nni Nnapɔnna Anaa Afahyɛ Ahorow Bi?

 Yehowa Adansefo yɛ dɛn hu sɛ ebia dapɔnna bi sɔ Onyankopɔn ani anaa ɛnsɔ n’ani?

 Ansa na Yehowa Adansefo besi gyinae sɛ wobedi dapɔnna bi no, wodi kan hwɛ nea Bible ka fa ho. Ɛda adi pefee sɛ nnapɔnna ne afahyɛ ahorow bi wɔ hɔ a, ɛne Bible mu asɛm nhyia. Sɛ afahyɛ anaa dapɔnna bi te saa a, Yehowa Adansefo mmfa wɔn ho nnhyem. Ɛdefa nnapɔnna anaa afahyɛ afoforo ho no, Ɔdansefo biara si ɔno ara ne gyinae, na ɔhwɛ sɛ ‘ɔrenyɛ bɔne biara ntia Onyankopɔn ne nnipa.’—Asomafo Nnwuma 24:16.

 Sɛ Yehowa Adansefo resi gyinae sɛ wobedi dapɔnna anaa afahyɛ bi a, nsɛm bi wɔ hɔ a wobisa wɔn ho. Ebi na edidi so yi. a

  •   Dapɔnna anaa afahyɛ no gyina atoro nkyerɛkyerɛ bi so anaa?

     Bible mu afotusɛm: “‘Mumfi wɔn mu, na montew mo ho,’ Yehowa na ose, ‘na mommfa mo nsa nnka nea ɛho ntew.’”—2 Korintofo 6:15-17.

     Nkyerɛkyerɛ a ɛho ntew wɔ Onyankopɔn anim, anaa ɛne nea Bible ka nhyia no, Yehowa Adansefo twe wɔn ho fi ho. Enti nnapɔnna anaa afahyɛ a wɔyɛ nneɛma a edidi so yi bi wom no, wɔmmfa wɔn ho nnhyem.

     Nnapɔnna anaa afahyɛ biara a efi abosonsom mu, anaa wɔyɛ abosonsom amanne wom. Yesu kaa sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ wosom no.” (Mateo 4:10) Yehowa Adansefo di saa afotusɛm no so, enti wonni Buronya, Easter, anaa May Day, efisɛ afahyɛ ahorow yi nyinaa fi abosonsom mu, na ennyina Yehowa som so. Afei nso, wɔmmfa wɔn ho nnhyɛ nnapɔnna ne afahyɛ ahorow a edidi so yi mu.

    •  Kwanzaa. Nhoma bi ka sɛ, edin Kwanzaa no “fi nsɛmfua bi mu wɔ Swahili kasa mu. Ɛno ne matunda ya kwanza, na ɛkyerɛ ‘aba a edi kan.’ Wei ma yehu sɛ, afahyɛ bi a na Afrikafo di bere a wɔatwa wɔn nnɔbae a edi kan no, emu na Kwanzaa fi bae.” (Encyclopedia of Black Studies) Ɛwom sɛ nnipa binom nnye nni sɛ Kwanzaa yɛ nyamesom afahyɛ, nanso nhoma bi de Kwanzaa afahyɛ no toto afahyɛ bi a na Afrikafo di bere a wɔatwa wɔn nnɔbae a edi kan no ho. Sɛ nkurɔfo redi afahyɛ yi a, “na wɔbɔ afɔre ma wɔn abosom ne wɔn nananom a wɔawuwu de da wɔn ase. Kwanzaa yɛ dapɔnna bi a Amerika-Abibifo di, na egyina saa Afrikafo afahyɛ yi mu amanne so.”—Encyclopedia of African Religion.

      Kwanzaa

    •  Mid-Autumn Festival (Afahyɛ bi a wodi no September anaa October mu). “Wei yɛ afahyɛ a wodi de hyɛ ɔsram nyamewa no anuonyam.” (Holidays, Festivals, and Celebrations of the World Dictionary) Sɛ wɔredi afahyɛ yi a, amanne baako a wɔyɛ ne sɛ “mmea kotow . . . nyamewa no.”—Religions of the World—A Comprehensive Encyclopedia of Beliefs and Practices.

    •  Nauruz (Nowruz). “Afahyɛ yi ahyɛase pa ara fi Zoroaster som mu. Ɛda a wodi afahyɛ no yɛ da kronkron pa ara wɔ tete Zoroaster som no kalenda so. . . . Zoroaster som mu atetesɛm bi ka sɛ, sɛ edu awɔw bere a, Awɔw Nyame no twe Awiabere Nyame a wɔfrɛ no [Rapithwin] no kɔhyɛ asase ase. Ɛda a wodi Nowruz afahyɛ no na Rapithwin san ba, enti saa da no, ɛbɔ awia dumienu a, wɔhyɛ fã de ma no akwaaba.”—United Nations Educational, Scientific and Cultural Organization.

    •  Shab-e Yalda. Afe mũ no nyinaa, da koro bi wɔ December bosome no mu a owia no nnyina so nkyɛ koraa, na wodi dapɔnna yi de hyɛ saa da no ho fã. Nhoma bi ka sɛ, saa afahyɛ yi “ne ɔsom a wɔde ma Mithra no wɔ abusuabɔ pa ara.” Mithra yɛ hann nyame. (Sufism in the Secret History of Persia) Ebinom nso ka sɛ ebetumi aba sɛ dapɔnna yi ne ɔsom a Romafo ne Greekfo de ma owia anyame a wɔsom wɔn no wɔ abusuabɔ. b

    •  Thanksgiving (Nnaase Da). Saa dapɔnna yi te sɛ Kwanzaa, efisɛ afahyɛ bi a na wodi no tete mmere mu bere a wɔatwa wɔn nnɔbae no, emu na efi bae. Ná wodi saa afahyɛ no de hyɛ abosom bi anuonyam. Bere rekɔ so no, “saa tetefo amanne yi bewurawuraa Kristosom mu.”—A Great and Godly Adventure—The Pilgrims and the Myth of the First Thanksgiving.

     Afahyɛ ahorow a egyina gyidihunu anaa akraye (gyidi a ɛne sɛ biribi wɔ hɔ a ɛma obi ti yɛ yiye) so. Bible ka sɛ, wɔn a ‘wɔto pon ma Akraye nyame’ no ka wɔn a ‘wɔagyaw Yehowa hɔ’ no ho. (Yesaia 65:11) Wei nti, Yehowa Adansefo mmfa wɔn ho nnhyɛ nnapɔnna ne afahyɛ ahorow a edidi so yi mu:

    •  Ivan Kupala. Nhoma bi ka sɛ: “Nnipa pii kyerɛ sɛ, sɛ [Ivan Kupala] afahyɛ no rekɔ so a, tumi soronko bi fi nneɛma a Onyankopɔn abɔ mu ba, enti sɛ wowɔ akokoduru na wo ti yɛ yiye a, wubetumi anya saa tumi no bi.” (The A to Z of Belarus) Afe mũ no nyinaa, da koro bi wɔ June bosome no mu a owia no gyina so kyɛ pa ara, enti tete no, na wodi Ivan Kupala afahyɛ no de hyɛ saa da yi ho fã. Nanso nhoma bi ka sɛ, “bere a abosonsomfo begyee Kristosom toom no, wɔde saa afahyɛ no bɛkaa afahyɛ bi a na Asɔre no de kae Yohane Suboni no ho.”—Encyclopedia of Contemporary Russian Culture.

    •  Lunar New Year (Chinafo Afe Foforo anaa Koreafo Afe Foforo). Nhoma bi ka sɛ: “Sɛ edu saa bere yi wɔ afe no mu a, nea ehia abusuafo ne nnamfo pa ara ne sɛ wɔn ti bɛyɛ yiye, wobedi wɔn abosom ne wɔn nananom a wɔawuwu ni, na wɔasrɛ nhyira ama afe a ɛreba no.” (Mooncakes and Hungry Ghosts—Festivals of China) Saa ara na Koreafo Afe Foforo no nso te. Edu so a, “wɔsom wɔn nananom a wɔawuwu, wɔyɛ amanne ahorow de pam ahonhommɔne, na wɔsrɛ nhyira ma Afe Foforo no. Afei nso, wodi asumansɛm de hwɛ nea ebesi wɔ Afe Foforo no mu.”—Encyclopedia of New Year’s Holidays Worldwide.

      Chinafo Afe Foforo

     Nnapɔnna a adwene a ɛtaa akyi ne sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da. Bible ka no pefee sɛ ɔkra tumi wu. (Hesekiel 18:4) Afahyɛ ahorow a ɛma nkurɔfo gye di sɛ ɔkra no nwu da no, Yehowa Adansefo mmfa wɔn ho nnhyem. Ebi na edidi so yi:

    •  All Souls’ Day (Day of the Dead). Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, wodi saa dapɔnna yi de “kae gyidifo a wɔawuwu nyinaa. Efi bɛyɛ mfe 500 wɔ Yesu awo akyi kosi bɛyɛ afe 1500 mu no, na nnipa pii gye di sɛ saa da no, akra a wɔwɔ a ahodwiragya mu nyinaa tumi ba ateasefo mu. Wɔdan wɔn ho nsamanfo, abayifo, mpɔtorɔ, anaa biribi foforo behunahuna wɔn a wɔyɛɛ wɔn bɔne bere a na wɔte nkwa mu no.”—New Catholic Encyclopedia.

    •  Qingming Festival (Ch’ing Ming) ne Hungry Ghost Festival. Afahyɛ mmienu yi, wɔde kae nananom a wɔawuwu. Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, sɛ Ch’ing Ming afahyɛ no rekɔ so a, “wɔhyew nnuan, anonne, ne sika, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔkɔm ne sukɔm renne wɔn a wɔawuwu no, na wɔn sika nso ansa.” Nhoma no toa so sɛ, “wɔn a wodi Hungry Ghost afahyɛ no gye di sɛ, sɛ afahyɛ no rekɔ so a, abusuabɔ a ɛda ateasefo ne awufo ntam no mu yɛ den pa ara, titiriw anadwo a ɔsram no nyinaa pue anaa ɛyɛ kurukuruwa no. Ne saa nti, ɛho hia sɛ wɔyɛ nea wobetumi biara de pata awufo no na wodi nananom a wɔawuwu no ni.”—Celebrating Life Customs Around the World—From Baby Showers to Funerals.

    •  Chuseok. Nhoma bi ka sɛ, sɛ afahyɛ yi rekɔ so a, “wɔde aduan ne nsã ma wɔn a wɔawuwu no akra.” Nhoma no toa so sɛ, nneɛma a wɔde ma awufo yi da no adi sɛ, “wogye di sɛ obi wu a, ne kra no kɔ so ara tena ase.”—The Korean Tradition of Religion, Society, and Ethics.

     Nnapɔnna anaa afahyɛ a asumansɛm bata ho. Bible ka sɛ: ‘Yehowa kyi obi a ɔhyɛ abosonkɔm anaa oyi nkonyaa, nea ɔhwehwɛ hyɛbea ho sɛnkyerɛnne anaa odi asumansɛm, nea ɔkyekyere afoforo anaa ɔkɔ abisa, ɔkɔmfo anaa samanfrɛfo.’ (Deuteronomium 18:10-12) Nea ɛbɛyɛ na Yehowa Adansefo remfa wɔn ho nhyɛ asumansɛm ne nsoromma mu hwɛ (a ɛno nso yɛ ahonhonsɛmdi) mu no, wɔtwe wɔn ho fi Halloween anaa nnapɔnna a edidi so yi ho:

    •  Sinhala ne Tamil New Year. Nhoma bi ka sɛ: “Wɔyɛ amanne ahorow wɔ afahyɛ yi ase. Nsoromma mu ahwɛfo kyerɛ sɛ, mmere pɔtee bi wɔ hɔ a sɛ woyɛ nneɛma bi a, ebesi wo yiye. Enti afahyɛ yi du so a, wɔyɛ nneɛma ahorow bi wɔ mmere a ɛte saa mu.”—Encyclopedia of Sri Lanka.

    •  Songkran. Wei yɛ Asiafo afahyɛ, na nhoma bi ka sɛ “wonyaa afahyɛ no din fii Sanskrit asɛmfua bi mu. Asɛmfua no kyerɛ ‘biribi a ɛretwa kwan,’ anaa ‘biribi a ɛresesa.’ Nsoromma mu ahwɛfo kyerɛ sɛ nsorommakuw bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Aries, na wɔn a wodi saa afahyɛ yi gye di sɛ, edu bere bi a, owia no kɔ saa nsorommakuw no mu. Ɛba saa a, wodi dapɔnna yi de hyɛ ho fã.”—Food, Feasts, and Faith—An Encyclopedia of Food Culture in World Religions.

     Nnapɔnna anaa afahyɛ ahorow a na wodi wɔ Mose Mmara no ase, nanso Yesu afɔrebɔ nti, aba awiei. Bible ka sɛ: “Kristo ne Mmara no awiei.” (Romafo 10:4) Mose Mmara a wɔde maa tete Israelfo no, Kristofo da so ara nya afotusɛm a ɛwom no so mfaso. Nanso afahyɛ ahorow a na wodi wɔ Mose Mmara no ase de, Kristofo nni. Ne titiriw no, afahyɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛ Mesia bi bɛba; Kristofo gye di sɛ Mesia no anya aba dedaw, enti wonni afahyɛ ahorow a ɛte saa. Bible ka sɛ: “Saa nneɛma no yɛ nea ɛreba no sunsuma, na nea edi mũ ankasa no yɛ Kristo dea.” (Kolosefo 2:17) Afahyɛ ahorow yi atwam, na saa ara nso na wɔde amanne ahorow a etia Bible ahyehyɛ mu. Wei nti Yehowa Adansefo nni nnapɔnna ne afahyɛ ahorow a edidi so yi:

    •  Hanukkah. Wodi afahyɛ yi de kae Yudafo asɔrefie no a wɔsan hyiraa so wɔ Yerusalem no. Ne nyinaa akyi no, Bible ka sɛ “ntamadan a ɛsõ na ewie pɛyɛ kyɛn so na wɔamfa nsa ansi, ɛne sɛ, emfi adebɔ yi mu” no, Yesu bɛyɛɛ ɛso Sɔfo Panyin. (Hebrifo 9:11) Kristofo de, wogye di sɛ saa honhom fam asɔrefie no besii honam fam asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no ananmu.

    •  Rosh Hashanah. Wei yɛ da a edi kan wɔ Yudafo afe no mu. Tete no, sɛ wɔrehyɛ saa fã yi a, na wɔbɔ afɔre atitiriw bi ma Onyankopɔn. (Numeri 29:1-6) Nanso Yesu Kristo a ɔne Mesia no maa ‘afɔrebɔ ne ayɛyɛde gyaee.’ Enti Onyankopɔn ani so no, ne nyinaa nni mũ bio.—Daniel 9:26, 27.

  •   Afahyɛ no ma nkurɔfo a wɔwɔ ɔsom ahorow mu ka wɔn ho bom som anaa?

     Bible mu afotusɛm: “Kyɛfa bɛn na gyidini ne nea onnye nni wɔ? Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ?”—2 Korintofo 6:15-17.

     Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn afipamfo bɛtena asomdwoe mu, na wogye tom sɛ obiara wɔ hokwan sɛ ɔpaw nea ogye di. Nanso, afahyɛ ahorow a ɛma nkurɔfo a wɔwɔ ɔsom ahorow mu ka wɔn ho bom som no, wɔmmfa wɔn ho nnhyem. Emu bi na edidi so yi.

     Afahyɛ a wɔde kae obi a wagye din wɔ nyamesom mu anaa afahyɛ ahorow a nnipa a wɔwɔ ɔsom ahorow mu ka wɔn ho bom di. Tete no, bere a Onyankopɔn dii ne nkurɔfo anim kɔɔ asase foforo so no, na ɛhɔfo no som anyame afoforo. Saa bere no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ ne nkurɔfo no sɛ: “Wo ne wɔn anaa wɔn anyame nnyɛ apam biara. . . . Sɛ wosom wɔn anyame a, ɛbɛyɛ afiri ama wo.” (Exodus 23:32, 33) Enti Yehowa Adansefo mmfa wɔn ho nnhyɛ nnapɔnna anaa afahyɛ ahorow a edidi so yi mu.

    •  Loy Krathong. Thai man no mufo na wodi afahyɛ yi. Nhoma bi ka sɛ, sɛ edu so a, “nkurɔfo de nhaban nwene biribi te sɛ asanka, na wɔde kyɛnere anaa aduhuam sisi mu. Afei wɔde sisi nsu ani ma ɛkɔ. Wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ saa a, eyi mmusu biara fi wɔn so. Nokwasɛm ne sɛ, wɔde afahyɛ yi kae anammɔn bi a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ Buddha de, na wobu anammɔn no sɛ ɛyɛ kronkron.”—Encyclopedia of Buddhism.

    •  National Repentance Day (Ɔman Ahonu Da). Aban panyin bi kaa asɛm bi wɔ atesɛm krataa bi a ɛwɔ Papua New Guinea mu. Wɔfrɛ atesɛm krataa no The National. Nea ɔkae ne sɛ, wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ afahyɛ yi mu no “gye Kristofo nkyerɛkyerɛ atitiriw tom.” Ɔde kaa ho sɛ afahyɛ no boa ma “ɔmanfo de Kristofo nkyerɛkyerɛ bɔ wɔn bra.”

    •  Vesak. Nhoma bi ka sɛ: “Buddhafo bu nna bi sɛ ɛyɛ nna kronkron, nanso ɛda a wɔde di afahyɛ yi de, wobu no sɛ ɛyɛ kronkron sen da biara. Wodi afahyɛ yi de kae Buddha awo, bere a ohuu nokwasɛm a ɛfa nnipa asetena ho, ne bere a owui anaa bere a ɔkɔɔ Nirvana no.”—Holidays, Festivals, and Celebrations of the World Dictionary.

      Vesak

     Afahyɛ ahorow a egyina nyamesom mu atetesɛm a ɛne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia so. Yesu ka kyerɛɛ nyamesom mpanyimfo no sɛ: “Mode mo atetesɛm asɛe Onyankopɔn asɛm.” Ɔsan kaa wɔn ho asɛm sɛ ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no yɛ ɔkwa efisɛ “wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛde.” (Mateo 15:6, 9) Esiane sɛ Yehowa Adansefo de Yesu kɔkɔbɔ yi yɛ adwuma nti, nyamesom afahyɛ bebree wɔ hɔ a wɔmmfa wɔn ho nnhyem.

    •  Epiphany (Three Kings’ Day, Timkat, anaa Los Reyes Magos). Nkurɔfo di afahyɛ yi de kae bere a nsoromma mu ahwɛfo kɔsraa Yesu no anaa wɔde kae bere a wɔbɔɔ Yesu asu no. Nhoma bi ka sɛ, dapɔnna yi fi “abosonsom afahyɛ bi a wɔde frafraa Kristosom mu. Ná abosonsomfo di saa afahyɛ no wɔ osutɔbere mu de hyɛ nsubɔnten ne nsuten abosom anuonyam.” (The Christmas Encyclopedia) Timkat afahyɛ a ɛte sɛ Epiphany no nso “fi atetesɛm mu.”—Encyclopedia of Society and Culture in the Ancient World.

    •  Feast of the Assumption of the Virgin Mary (Afahyɛ a Wɔde Kae Bere a Ɔbaabun Maria Kɔɔ Soro No). Nea enti a nkurɔfo di saa afahyɛ yi ne sɛ, wogye di sɛ Yesu maame de ne honam nipadua foro kɔɔ soro. Nhoma bi ka sɛ, “na tete Kristofo no nnim nkyerɛkyerɛ a ɛte saa, na enni Kyerɛwsɛm no mu baabiara nso.”—Religion and Society—Encyclopedia of Fundamentalism.

    •  Feast of the Immaculate Conception (Afahyɛ a Wɔde Kae Nkyerɛkyerɛ a Ɛne Sɛ Wɔannyinsɛn Maria Wɔ Bɔne Mu). Nhoma bi ka sɛ: “Nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ Wɔannyinsɛn Maria Wɔ Bɔne Mu no, Kyerɛwnsɛm no nka ho asɛm tẽẽ . . . Ɛyɛ Asɔre no na ɛkyerɛkyerɛ saa.”—New Catholic Encyclopedia.

    •  Lent. Sɛnea New Catholic Encyclopedia kyerɛ no, bere a wɔkyerɛw Bible no wiei akyi bɛboro mfe 200 na wofii saa ahonu ne akɔnkye afahyɛ yi ase. Nhoma no ka afahyɛ yi da a edi kan no ho asɛm sɛ: “Roman Katolekfo yɛɛ nhyiam bi a wɔfrɛ no Synod of Benevento wɔ afe 1091 mu, na efi saa bere no, sɛ edu da bi a wɔfrɛ no Ash Wednesday a, asɔfo no de nsõw yɛ krɔɔs sɛnkyerɛnne wɔ asɔremma no moma so de kae wɔn sɛ wɔnsakra. Wei kɔ so wɔ wiase nyinaa.”

    •  Meskel (anaa, Maskal). Nhoma bi ka sɛ, wodi afahyɛ yi wɔ Ethiopia de “hwehwɛ Krɔɔs Ankasa (krɔɔs a wokum Kristo wɔ so) no. Nea ɛyɛ a wɔyɛ ne sɛ woso gya, na wodi asaw twa ho hyia.” (Encyclopedia of Society and Culture in the Medieval World) Yehowa Adansefo de, wɔmmfa krɔɔs nni dwuma wɔ wɔn som mu.

  •   Ɛyɛ afahyɛ a wodi de kamfo onipa bi, ahyehyɛde bi, anaa ɔman bi ahyɛnsode?

     Bible mu afotusɛm: “Nea Yehowa aka ni: ‘Nnome nka ɔbarima a ɔde ne ho to ɔdesani so, nea ɔde ɔhonam ayɛ ne basa na ne koma atwe afi Yehowa ho.’”—Yeremia 17:5.

     Ɛwom, Yehowa Adansefo ani sɔ nea wɔn mfɛfo nnipa yɛ na wɔbɔ mpae mpo ma wɔn, nanso wonni nnapɔnna anaa afahyɛ a edidi so yi:

     Nnapɔnna a wodi de hyɛ sodifo bi anaa nipa titiriw bi anuonyam. Bible ka sɛ: “Mommfa mo ho nnto adehye anaa onipa ba a nkwagye biara nni ne mu so.” (Dwom 146:3) Wei nti, Yehowa Adansefo nni otumfoɔ bi awoda.

     Afahyɛ a wodi de hyɛ ɔman frankaa anuonyam. Yehowa Adansefo nni Flag Day (Frankaa Da). Adɛn ntia? Efisɛ Bible ka sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye wɔ ahoni ho.” (1 Yohane 5:21) Ɛnnɛ, nnipa binom nnye ntom sɛ frankaa yɛ ohoni, anaa biribi a wɔsom no. Nanso abakɔsɛm kyerɛwfo Carlton J. H. Hayes kyerɛwee sɛ: “Ɔmampɛ agyiraehyɛde titiriw a egyina hɔ ma wɔn gyidi ne ɔsom mu ade titiriw ne frankaa.”

     Nnapɔnna ne afahyɛ ahorow a wodi de hyɛ ɔhotefo bi anuonyam. Bere a ɔbarima bi a osuro Onyankopɔn yɛe sɛ ɔrekotow ɔsomafo Petro no, dɛn na esii? Bible ka sɛ: “Petro maa no so kae sɛ: ‘Sɔre; me nso meyɛ onipa.’” (Asomafo Nnwuma 10:25, 26) Petro ne asomafo no mu biara ampene so sɛ nkurɔfo nsom wɔn, anaa wɔnhyɛ wɔn anuonyam. Wei nti, afahyɛ ahorow a wɔde hyɛ wɔn a nkurɔfo bu wɔn sɛ wɔyɛ ahotefo no anuonyam no, Yehowa Adansefo mmfa wɔn ho nhyem. Afahyɛ ahorow a ɛtete saa mu bi na edidi so yi:

    •  All Saints’ Day (Ahotefo Nyinaa Da). New Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Wodi afahyɛ yi de hyɛ ahotefo nyinaa anuonyam . . . Yɛrentumi nkyerɛ baabi pɔtee a afahyɛ yi fi bae.”

    •  Fiesta of Our Lady of Guadalupe. Nhoma bi ka sɛ, wodi afahyɛ yi de hyɛ “ɔhotefo a ɔbɔ Mexico man no ho ban” no anuonyam. (The Greenwood Encyclopedia of Latino Literature) Ebinom ka sɛ, saa ɔhotefo yi ne Yesu maame Maria. Wɔkyerɛ sɛ ɔnam anwonwakwan so yii ne ho adi kyerɛɛ okuafo hiani bi wɔ afe 1531 mu.

      Fiesta of Our Lady of Guadalupe

    •  Name Day. Nhoma bi ka sɛ: “Sɛ wɔbɔ abofra bi asu anaa wohyira obi wɔ asɔredan mu a, wɔde ɔhotefo bi din to no. Enti sɛ edu ɔhotefo no da a, wɔn a ɔhotefo no din da wɔn so no hyɛ ho fã.” Nhoma no de ka ho sɛ, “edu saa da no a nkurɔfo yɛ nyamesom mu amanne.”—Celebrating Life Customs Around the World—From Baby Showers to Funerals.

     Amanyɔkuw anaa akuw a wɔhwehwɛ nnipa yiyedi dapɔnna. Bible ka sɛ: “Eye sɛ obi de Yehowa bɛyɛ ne guankɔbea sen sɛ ɔde ne ho bɛto onipa desani so.” (Dwom 118:8, 9) Yehowa Adansefo nni Youth Day anaa Women’s Day efisɛ wogye di sɛ Onyankopɔn na obetumi adi nnipa haw nyinaa ho dwuma na ɛnyɛ nnipa. Ɛno nti sɛ nkurɔfo redi Emancipation Day anaa afahyɛ bi a ɛte saa a, wɔmmfa wɔn ho nnhyem. Mmom wɔhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn Ahenni bedi ɔhaw a nnipa mu nyiyim ne atɛnkyea de aba no ho dwuma.—Romafo 2:11; 8:21.

  •   Dapɔnna no ma ɛkɔyɛ sɛ ɔman bi anaa abusua bi korɔn sen afoforo anaa?

     Bible mu afotusɛm: “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.”—Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

     Ɛwom, Yehowa Adansefo pii ani gye wɔn kurom ho, nanso wɔmmfa wɔn ho nnhyɛ nnapɔnna anaa afahyɛ ahorow a ɛma ɛyɛ sɛ ɔman bi anaa abusua bi korɔn sen afoforo no mu. Nsɛm a edidi so yi bɛma yɛahu afahyɛ ahorow a ɛtete saa no bi.

     Nnapɔnna a wɔde kae asogyafo. Yesu anka sɛ n’akyidifo nkɔ ɔko, na mmom ɔkaa sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo.” (Mateo 5:44) Enti afahyɛ ahorow a wɔde hyɛ asogyafo anuonyam no, Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyem. Ebi na edidi so yi:

    •  Anzac Day. Nhoma bi ka sɛ: “Anzac yɛ Australian and New Zealand Army Corps” a wɔatwa no tiawa. “Seesei Anzac Day de nkakrankakra abɛyɛ da a wɔde kae asogyafo a wɔtotɔe wɔ ɔko mu no.”—Historical Dictionary of Australia.

    •  Veterans Day (Remembrance Day, Remembrance Sunday, anaa Memorial Day). Wɔhyɛ saa fã yi de kae “asogyafo a wɔakɔ pɛnhyen ne wɔn a wowuwui wɔ ɔman no akodi mu.”—Encyclopædia Britannica.

     Afahyɛ a wodi de kae ɔman bi abakɔsɛm anaa ne fahodi. Yesu ka faa n’akyidifo no ho sɛ: “Wɔnyɛ wiase no fã sɛnea menyɛ wiase no fã no.” (Yohane 17:16) Ɛwom, Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wobesua ɔman bi abakɔsɛm ho ade, nanso wɔmmfa wɔn ho nnhyɛ afahyɛ a edidi so yi ne afahyɛ afoforo biara a ɛtete saa mu:

    •  Australia Day. Nhoma bi ka sɛ, wodi saa afahyɛ yi de kae “da a England asogyafo maa wɔn frankaa so kaa sɛ Australia abɛka aman a wɔhyɛ wɔn ase no ho. Saa asɛm yi sii wɔ afe 1788 mu.”—Worldmark Encyclopedia of Cultures and Daily Life.

    •  Guy Fawkes Day. “Afe 1605 mu no, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Guy Fawkes ne Katolekfo akyitaafo bi yɛɛ wɔn adwene sɛ wobekum King James I ne England Mmarahyɛ baguafo no, nanso anyɛ yiye. Enti sɛ edu saa da no a, ɔman mũ no nyinaa hyɛ ho fã de kae.”—A Dictionary of English Folklore.

    •  Independence Day. Wɔ aman pii so no, “woyi saa da yi si hɔ de kae da a wɔn man no nyaa fahodi.”—Merriam-Webster’s Unabridged Dictionary.

  •   Sɛ afahyɛ no rekɔ so a, ɛyɛ a nkurɔfo gyaagyaa wɔn ho yɛ nea wɔpɛ biara, anaa wobu brabɔne anaa?

     Bible mu afotusɛm: “Bere a atwam no dɔɔso ma mo sɛ moyɛɛ nea amanaman no pɛ de mo ho hyɛɛ ahohwibra, akɔnnɔ bɔne, asanom bebrebe, anigye ntraso, akɔwensafo fekuw, ne abosonsom a ɛyɛ abofono mu.”—1 Petro 4:3.

     Saa afotusɛm yi nti, afahyɛ ahorow a nkurɔfo nom nsa bow, na wɔtow pon yɛ nneɛma basabasa wɔ ase no, Yehowa Adansefo mmfa wɔn ho nnhyem. Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔne wɔn nnamfo bɛbom agye wɔn ani, na sɛ wɔpɛ a, wobetumi anom nsã kakra. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Bible afotusɛm yi bɛyɛ adwuma: “Sɛ moredidi oo, morenom oo, moreyɛ biribi foforo biara oo, monyɛ ne nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.”—1 Korintofo 10:31.

     Enti, Yehowa Adansefo mmfa wɔn ho nnhyɛ afahyɛ gyegyeegye anaasɛ nnapɔnna a wɔyɛ nneɛma a Bible kasa tia wɔ ase mu. Saa afahyɛ yi bi ne Yudafo afahyɛ bi a wɔfrɛ no Purim. Wɔde bere tenten na adi Purim afahyɛ yi, na na wɔde kae ogye a Yudafo no nyae bɛyɛ mfe 400 ansa na wɔrewo Yesu no. Nanso nhoma bi ka sɛ, seesei de, “yebetumi aka sɛ ɛyɛ Yudafo afahyɛ a wodi no te sɛ Mardi Gras anaa Carnival.” Nhoma no toa so sɛ, “wɔn a wodi afahyɛ no, wɔn mu pii hyɛ ntade soronko (mmarima hyɛ mmea ntade na mmea nso ahyɛ mmarima ntade), wɔyɛ nneɛma basabasa, wɔwe nsã pa ara, na wɔyɛ dede tra so.”—Essential Judaism.

 Esiane sɛ Yehowa Adansefo nni nnapɔnna ahorow bi nti, yebetumi aka sɛ wɔda so ara dɔ wɔn abusuafo anaa?

 Yiw. Bible kyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ wɔnnɔ wɔn abusuafo nyinaa na wɔmfa obu mma wɔn ɛmfa ho gyidi a wokura no. (1 Petro 3:1, 2, 7) Ɛwom, sɛ Yehowa Danseni bi gyae nnapɔnna anaa afahyɛ ahorow bi di a, n’abusuafo binom bo betumi afuw, ebetumi ayɛ wɔn yaw anaasɛ ebia wɔbɛte nka sɛ wayi wɔn ama. Enti Yehowa Adansefo pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn abusuafo ahu sɛ wɔdɔ wɔn. Afei nso, nea enti a wonni afahyɛ ahorow bi no, wonya abotare kyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn abusuafo, na wɔkɔsra wɔn wɔ mmere afoforo mu.

 Ɛyɛ a Yehowa Adansefo ka kyerɛ nkurɔfo sɛ mma wonni nnapɔnna ahorow bi anaa?

 Dabi. Wogye di sɛ ɛsɛ sɛ obiara si n’ankasa gyinae. (Yosua 24:15) Yehowa Adansefo ‘di nnipa nyinaa ni’ ɛmfa ho gyidi a wokura.—1 Petro 2:17.

a Ɛnyɛ nnapɔnna ne afahyɛ ahorow a Yehowa Adansefo mmfa wɔn ho nnhyem no nyinaa na yɛbɛbobɔ din wɔ asɛm yi mu. Saa ara nso na Bible mu afotusɛm a ɛfa nnapɔnna ne afahyɛ ahorow ho nso, ɛnyɛ ne nyinaa na yɛbɛka ho asɛm.

b Mithra, Mithraism, Christmas Day & Yalda, a K. E. Eduljee kyerɛwee, kratafa 31-33.