Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Muyi Ntotoso Du Du Anaa?

Muyi Ntotoso Du Du Anaa?

 Dabi, Yehowa Adansefo nyi ntotoso du du; sika a yɛde yɛ yɛn adwuma no, nkurɔfo yi wɔn yam yi a wɔnyɛ ho dede biara. Dɛn ne ntotoso du du, na adɛn nti na Yehowa Adansefo nyi bi?

 Mmara a ɛka sɛ obi nyi ntotoso du du anaa ɔmfa nea ɔwɔ mu abupɛn du mu biako mmra no, ɛka Mmara a wɔde maa tete Israel man no ho. Nanso Bible ma emu da hɔ fann sɛ Kristofo nhyɛ saa Mmara no ase, enti ‘ahyɛde a ese wonnye ntotoso du du’ no nyɛ adwuma bio.​—Hebrifo 7:​5, 18; Kolosefo 2:​13, 14.

 Yehowa Adansefo nyi ntotoso du du, na wontwaa biribiara mmaa wɔn sɛ wɔmfa mmɔ afɔre; mmom no yesuasua tete Kristofo no, na akwan abien na yɛfa so boa ɔsom adwuma no: yɛyɛ ɔsom adwuma no a, yennye ho sika na afei nso yeyi ntoboa de boa adwuma no.

 Saa a yɛyɛ no kyerɛ sɛ yɛde afotu a Bible de ma Kristofo yi reyɛ adwuma: “Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so, efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.”​—2 Korintofo 9:7.