Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Yeremia 29:11—“Minim Adwene Ko a Meredwen Mo Ho”

Yeremia 29:11—“Minim Adwene Ko a Meredwen Mo Ho”

 “‘Me ara minim adwene a madwen wɔ mo ho,’ Yehowa a asɛm ni. ‘Ɛyɛ asomdwoe adwene, na ɛnyɛ mmusu; ɛne sɛ, mɛma mo daakye ne anidaso.’”—Yeremia 29:11, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Me de, minim adwene ko a meredwen mo ho, AWURADE asɛm ni, asomdwoe adwene, na ɛnyɛ bɔne de, sɛ merema mo awiei pa ne anidaso.”—Yeremia 29:11, Akuapem Twi Bible a Ghana Bible Society Yɛe.

Nea Yeremia 29:11 Kyerɛ

 Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ n’asomfo bɔ sɛ, ɔbɛma wɔn daakye a asomdwoe wom. Ɛwom sɛ wɔkyerɛw saa asɛm no kɔmaa nnipa a wɔtenaa ase tete de, nanso saa nsɛm no ma yehu adwene a ɛnnɛ mpo Onyankopɔn wɔ. Ɔno ne “Onyankopɔn a ɔma anidaso.” (Romafo 15:13) Nea ɛte ne sɛ, Onyankopɔn maa wɔkyerɛw bɔhyɛ a ɛte saa no wɔ Bible mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi “anya anidaso” sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye.—Romafo 15:4.

Yeremia 29:11 Ho Nsɛm

 Krataa a wɔkyerɛw kɔmaa Israelfo a na wɔatu wɔn ase afi Yerusalem kɔ Babilon no, na asɛm a ɛwɔ Yeremia 29:11 no wom bi. b (Yeremia 29:1) Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yudafo a na wɔde wɔn kɔ Babilon no sɛ wɔbɛtena hɔ akyɛ paa, enti wonsisi adan, wɔnyɛ nturo, na wɔnware nwo mma. (Yeremia 29:4-9) Nanso Onyankopɔn ka kaa ho sɛ: “Sɛ mfe 70 no ba awiei wɔ Babilon a, metwa m’ani abɛhwɛ mo, na bɔ a mehyɛe sɛ mɛsan de mo aba [Yerusalem] no, mɛma aba mu.” (Yeremia 29:10) Enti Onyankopɔn maa wɔn awerɛhyem sɛ, ne werɛ remfi wɔn, na anidaso a wɔwɔ sɛ wɔbɛsan akɔ wɔn kurom Yerusalem no, ɛbɛba mu.—Yeremia 31:16, 17.

 Ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Israelfo no, odii so. Sɛnea na waka ato hɔ no, ampa ara, Persia hene Kores ko dii Babilonfo so. (Yesaia 45:1, 2; Yeremia 51:30-32) Ɛno akyi no, Kores maa Yudafo no san kɔɔ wɔn kurom. Wotuu Yudafo no ase kɔɔ Babilon, na mfe 70 akyi no, wɔsan kɔɔ Yerusalem.—2 Beresosɛm 36:20-23; Esra 3:1.

 Sɛnea Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ Yeremia 29:11 baa mu no, ɛma wɔn a wogye Onyankopɔn bɔhyɛ di no nya ahotoso sɛ ɛbɔ a wahyɛ nnɛ no nso, ne nyinaa bɛba mu. Saa bɔhyɛ no baako ne sɛ, Onyankopɔn Ahenni a Kristo Yesu di so hene no bɛma asomdwoe aba wiase baabiara.—Dwom 37:10, 11, 29; Yesaia 55:11; Mateo 6:10.

Yeremia 29:11 Ho Atosɛm

 Atosɛm: Onyankopɔn ahyehyɛ obiara nkrabea ato hɔ.

 Nokwasɛm: Onyankopɔn de obiara pɛ ama no. Ɔma obiara kwan ma ɔyɛ nea ɔpɛ wɔ n’abrabɔ mu. N’asɛm a ɛwɔ Yeremia 29:11 no, ɔka kyerɛɛ Israelfo a na wɔwɔ Babilon no nyinaa, wanka ankyerɛ ankorankoro bi. Ná wadwen biribi wɔ wɔn ho. Ɛne sɛ, na ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa nya asomdwoe daakye. (Yeremia 29:4) Nanso Onyankopɔn maa wɔn mu biara kwan sɛ, sɛ ɔpɛ sɛ onya ne bɔhyɛ no so mfaso a, ɔnkyerɛ, na ɔmpɛ nso a, ɔnkyerɛ. (Deuteronomium 30:19, 20; Yeremia 29:32) Wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔhwehwɛ Onyankopɔn no, wofi wɔn koma nyinaa mu bɔɔ no mpae.—Yeremia 29:12, 13.

 Atosɛm: Onyankopɔn bɛma n’asomfo adi yiye, na wɔanya ahode pii.

 Nokwasɛm: Wohwɛ Bible bi mu a, wubehu sɛ wɔde asɛm “mɛma mo adi yiye” ayɛ adwuma wɔ Yeremia 29:11. Asɛm a wɔkyerɛɛ ase “mɛma mo adi yiye” no fi Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ, “asomdwoe, apɔwmuden, ne asetena pa” mu. Sɛ wokenkan ɛho nsɛm a, ɛma wuhu sɛ ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Israelfo a na wɔde wɔn kɔ Babilon no, wanka sɛ ɔbɛma wɔn ahode. Mmom, ɔkaa sɛ ɔbɛma wɔn asomdwoe ne asetena pa. Ná Israelfo no ase renhyew; wobɛkɔ so ara ayɛ ɔman, na da koro, wɔbɛsan akɔ Yerusalem.—Yeremia 29:4-10.

Kenkan Yeremia ti 29, na hwɛ ase hɔ nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ mu ne kyerɛwnsɛm foforo a ɛfa ho.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.

b The Expositor’s Bible Commentary ka Yeremia 29:11 ho asɛm sɛ: “Bɔhyɛ a ɛka koma paa a ɛwɔ Bible mu no, wei ka ho. Ɛyɛ bɔhyɛ a ɛma yehu sɛ na Yahwe [Yehowa] wɔ ayamhyehye ma wɔn a wotuu wɔn ase kɔe no, na na ɔpɛ sɛ ɔma wonya anidaso na wohu sɛ daakye ɛbɛyɛ yiye.”—Volume 7, kratafa 360.