Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wohwɛ a Wɔbɛsɛe Yɛn Asaase Yi?

Wohwɛ a Wɔbɛsɛe Yɛn Asaase Yi?

Nea Bible ka

 Dabi, wɔrensɛe Asase da, wɔremfa ogya nhyew, na wɔremfa foforo mmesi ananmu nso. Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɔɔ asase sɛ yɛntena so daa.

  •   “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.”​—Dwom 37:29.

  •   ‘[Onyankopɔn] de asase atim ne nnyinaso so; na ɛrenhinhim da biara da.’​—Dwom 104:5.

  •   “Asase de, etim hɔ daa.”​—Ɔsɛnkafo 1:4.

  •   ‘Nea ɔnwenee asase na ɔyɛe de tim hɔ no, wammɔ no hunu na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena so.’​—Yesaia 45:18.

Enti nnipa bɛsɛe asase yi?

 Onyankopɔn remma kwan mma nnipa mfa efĩ, akodi anaasɛ biribi foforo biara nsɛe asase yi. Mmom no, ɔbɛsɛe “wɔn a wɔresɛe asase no.” (Adiyisɛm 11:18) Ɔbɛyɛ no sɛn?

 Onyankopɔn de ne soro Ahenni a ɛyɛ aban papa no bɛba abesi nnipa aban ananmu efisɛ nnipa ntumi nhwɛ asase yi so yiye. (Daniel 2:​44; Mateo 6:​9, 10) Onyankopɔn Ba Yesu Kristo na ɔbɛyɛ saa Ahenni no so hene. (Yesaia 9:​6, 7) Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔdaa no adi sɛ ɔwɔ abɔde so tumi kɛse. (Marko 4:35-​41) Sɛ́ Onyankopɔn Ahenni no so hene no, Yesu bedi asase ne nneɛma a atwa ho ahyia nyinaa so tumi. Obesiesie asase yi anaa ɔbɛyɛ no yiye ama ayɛ sɛnea na ɛte wɔ Eden turo no mu no.​—Mateo 19:28; Luka 23:43.

Sɛ́ Bible kyerɛkyerɛ sɛ wɔde ogya bɛhyew asase yi, anaa ɛnte saa?

 Dabi, ɛnkyerɛkyerɛ saa. Nkurɔfo ka atosɛm a ɛte saa efisɛ wɔnte asɛm a ɛwɔ 2 Petro 3:7 no ase. Ɛhɔ ka sɛ: “Wɔakora ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi so ama ogya.” Hwɛ nsɛntitiriw mmienu bi a ɛbɛboa yɛn ma yɛate saa asɛm no ase:

  1.   Bible tumi de nsɛmfua “ɔsoro,” “asase,” ne “ogya” gyina hɔ ma nneɛma pii. Ɛho nhwɛso ne Yeremia 22:29, ɛka sɛ: “O asase, asase, asase, tie Yehowa asɛm.” Ɛha no, wɔde “asase” gyina hɔ ma nnipa.

  2.   Ɔsoro, asase ne ogya a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Petro 3:7 no, sɛ yɛhwɛ nkyekyɛm foforo a ɛwɔ ti 3 no ara mu a, yehu sɛ ɛno nso gyina hɔ ma biribi. Yɛhwɛ nkyekyɛm 5 ne 6 a, yehu sɛ nea Noa Nsuyiri no yɛe no, saa ara na ogya a wɔaka ho asɛm wɔ ha no nso bɛyɛ ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi. Saa bere no, wɔsɛee tete wiase a na ɛwɔ hɔ no, nanso asase a yɛte so yi ansɛe. Mmom no, “asase” a Nsuyiri no sɛee no no yɛ nnipa abɔnefo a na wɔwɔ wiase no. (Genesis 6:​11) Ɛsan sɛee “ɔsoro” bi, kyerɛ sɛ, wɔn a na wodi saa wiase no so no. Enti nnipa abɔnefo na wɔsɛee wɔn na ɛnyɛ yɛn asase yi. Bere a wɔsɛee saa wiase no, Noa ne n’abusua nyaa nkwa, na Nsuyiri no akyi nso, ɔne n’abusua tenaa asase so.​—Genesis 8:​15-​18.

 Te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Nsuyiri no mu no, wɔde ɔsɛe anaa “ogya” a 2 Petro 3:7 ka ho asɛm no beyi nnipa abɔnefo afi hɔ, na ɛnyɛ Asase yi. Onyankopɔn ahyɛ “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho bɔ, “na eyi mu na trenee bɛtena.” (2 Petro 3:​13) “Ɔsoro foforo” anaa aban foforo a ɛne Onyankopɔn Ahenni no bedi “asase foforo” anaa adesamma abusua foforo so. Saa Ahenni no ase no, asase yi bɛdan paradise a asomdwoe wɔ baabiara.​—Adiyisɛm 21:​1-4.