Timoteo Nhoma a Edi Kan 6:1-21

  • Ɛsɛ sɛ nkoa de nidi ma wɔn wuranom (1, 2)

  • Akyerɛkyerɛfo atorofo ne sikanibere (3-10)

  • Akwankyerɛ a wɔde maa Onyankopɔn nipa (11-16)

  • Yɛ ɔdefo wɔ nnwuma pa mu (17-19)

  • Nea wɔde ahyɛ wo nsa no, bɔ ho ban (20, 21)

6  Wɔn a wɔhyɛ nkoasom kɔndua ase no, ma wɔnkɔ so mmu wɔn wuranom sɛ wɔfata nidi a edi mũ,+ na amma nkurɔfo ankeka Onyankopɔn din ne nkyerɛkyerɛ no ho nsɛmmɔne da.+  Bio nso, wɔn a wɔwɔ awuranom a wɔyɛ gyidifo no, ɛnsɛ sɛ wɔka sɛ wɔn wuranom yɛ anuanom nti wɔremmu wɔn. Mmom no, ɛsɛ sɛ woyi wɔn yam som wɔn, efisɛ wɔn a wonya wɔn adwuma pa so mfaso no yɛ gyidifo ne adɔfo. Kɔ so fa saa nsɛm yi kyerɛkyerɛ, na fa afotu yi ma.  Sɛ obi kyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforo, na wannye akwankyerɛ pa*+ a efi yɛn Awurade Yesu Kristo hɔ no antom, anaa wannye nkyerɛkyerɛ a ɛne onyamesom pa hyia+ no antom a,  ɔyɛ ahomaso, na ɔnte hwee ase.+ Akyinnyegye ne nsɛm ho mansotwe agye n’adwene.*+ Nea saa nneɛma no de ba ne anibere, twe-ma-mentwe, dinsɛe,* nnipa ho adwemmɔne,  nneɛma a ɛho nhia a nnipa a wɔn adwene asɛe+ na wɔnte nokware no ase bio twe ho manso daa. Wɔn adwene yɛ wɔn sɛ onyamesom pa yɛ ade a wɔde pɛ mfaso.+  Nea ɛwom ne sɛ, sɛ obi de onyamesom pa+ bɔ ne bra na ɔma nea ɔwɔ sɔ n’ani a, mfaso wɔ so paa.  Efisɛ yɛamfa hwee amma wiase, na yɛrentumi nso mfa hwee mfi mu nkɔ.+  Enti sɛ yɛwɔ nea yebedi ne nea yɛbɛhyɛ* a, yɛbɛma ɛno ara asɔ yɛn ani.*+  Na wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ asikafo no de, wɔtɔ sɔhwɛ ne afiri+ ne nkwasea akɔnnɔ bebree a epira nnipa no mu; na ɛno de nnipa kɔ ɔsɛe pasaa mu.+ 10  Efisɛ nneɛma bɔne nyinaa ntini baako ne sikanibere, na ebinom adi akyi ama wɔayera afi gyidi no ho, na wɔde yaw bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.+ 11  Nanso wo Onyankopɔn nipa de, guan fi eyinom ho. Mmom no, yere wo ho yɛ adetrenee, na yere wo ho di onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, animia, ne odwo+ akyi. 12  Ko gyidi ko pa no, na daa nkwa a ɛno nti wɔfrɛɛ wo na wokaa ho asɛm yiye wɔ baguam wɔ adansefo pii anim no, so mu denneennen. 13  Migyina Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa, ne Kristo Yesu, ɔdansefo a ogyinaa Pontio Pilato anim dii no adanse kama wɔ baguam+ no anim ka kyerɛ wo sɛ, 14  di ahyɛde no so, na mma nkekae ne asɛm biara mmma wo ho* kosi sɛ wɔbɛda yɛn Awurade Yesu Kristo adi.+ 15  Na sɛ bere a wɔahyɛ no so a, Obirɛmpɔn koro pɛ a ɔwɔ anigye no bɛda ne ho adi. Ɔno ne ahemfo mu Hene ne awuranom mu Awurade,+ 16  ɔno nko ara na ontumi nwu da,+ nea ɔte hann a wontumi mmɛn ho mu,+ a onipa biara nhuu no da, na obiara rentumi nhu no+ no. Ɔno na nidi ne daa tumi yɛ ne dea. Amen. 17  Ka kyerɛ* wɔn a wɔyɛ asikafo wɔ wiase yi* mu sɛ, wɔnnyɛ ahomaso,* na wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a ɛnkyɛ*+ so. Mmom wɔmfa wɔn ani nto Onyankopɔn so, nea ɔma yɛn nneɛma a yehia nyinaa ma ɛboro so+ no. 18  Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ papa, wɔnyɛ adefo wɔ nnwuma pa mu, wommue wɔn nsam,* wɔnkyɛ ade,+ 19  na wɔmfa nto fapem pa nsie yiye mma daakye,+ na ama wɔatumi aso nkwa ankasa no mu denneennen.+ 20  Timoteo, nea wɔde ahyɛ wo nsa no, bɔ ho ban,+ na nsɛnhunu a etia nea ɛyɛ kronkron ne nea wɔfrɛ no “nimdeɛ” nanso ɛne nokware nhyia no, twe wo ho fi ho.+ 21  Ebinom de saa nimdeɛ no hoahoaa wɔn ho, na wɔaman afi gyidi no ho. Adom nka mo.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “akwankyerɛ a mfaso wɔ so.”
Anaa “Akyinnyegye ne nsɛm ho mansotwe adidi no mu.”
Anaa “kasatia.”
Ebetumi nso akyerɛ, “baabi a yɛde yɛn ti bɛto.” Nt., “nea yɛde bɛkata yɛn ho.”
Anaa “momma ɛno ara nsɔ yɛn ani.”
Anaa “mma nkekae ne asɛm biara mmma ho.”
Anaa “Hyɛ.”
Anaa “enni gyina.”
Anaa “wonnnwen akɛsesɛm.”
Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wɔnyɛ adɔe.”