Asomafo Nnwuma 4:1-37

  • Wobisabisaa Petro ne Yohane nsɛm (1-4)

    • Wɔn a wogye dii no dodow koduu mmarima 5,000 (4)

  • Wodii wɔn asɛm wɔ Sanhedrin no anim (5-22)

    • “Yɛrentumi nnyae ho asɛm ka” (20)

  • Wɔbɔɔ mpae srɛɛ akokoduru (23-31)

  • Asuafo no kyekyɛɛ wɔn nneɛma maa obiara nyaa bi (32-37)

4  Bere a wɔn baanu gu so rekasa akyerɛ nkurɔfo no, asɔfo no ne asɔrefi hwɛfo no ne Sadukifo+ no baa wɔn so.  Ná wɔn bo afuw, efisɛ na asomafo no rekyerɛkyerɛ nkurɔfo no, na na wɔreka no pefee sɛ Yesu anyan afi awufo mu.*+  Enti wɔkyeree wɔn, na wɔde wɔn koguu afiase+ maa ade kyee, efisɛ na ɛyɛ anwummere.*  Nanso wɔn a wotiee ɔkasa no mu pii gye dii, na mmarima no dodow beduu bɛyɛ 5,000.+  Bere a ade kyee no, ɔman no atumfo, ne mpanyimfo ne akyerɛwfo no hyiaam wɔ Yerusalem.  Ná ɔsɔfo panyin Anas+ ne Kaiafa+ ne Yohane ne Aleksandro, ne wɔn a na wɔyɛ ɔsɔfo panyin no abusuafo nyinaa nso ka ho.  Ɛnna wɔde Petro ne Yohane gyinaa wɔn mfinimfini, na wofii ase bisabisaa wɔn sɛ: “Tumi bɛn na mode yɛɛ eyi, na hena din mu na moyɛe?”  Ɛnna Petro a honhom kronkron+ ahyɛ no ma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔman atumfo ne mpanyimfo,  papa a yɛayɛ ama obubuafo+ bi nti, ɛnnɛ morehwehwɛ yɛn nsɛm mu, na mopɛ sɛ muhu onii a wama ɔbarima yi ho atɔ no. 10  Ɛnde, mo ne nnipa a ɛwɔ Israel nyinaa nhu sɛ, Nasaretni+ Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛndua mu+ a Onyankopɔn nyan no fii awufo mu+ no, ɛnam no so na ɔbarima yi ho atɔ no a ogyina mo anim ha yi. 11  Yesu yi ne ‘ɔbo a mo a moyɛ adansifo amfa anyɛ hwee a abɛyɛ ntwea so bo titiriw+ no.’ 12  Bio nso, nkwagye nni obi foforo biara mu, efisɛ edin+ foforo biara nni ɔsoro ase a wɔde ama nnipa sɛ yɛmfa so nnya nkwa.”+ 13  Bere a wohuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoduru so, na wohui sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma,* na wɔnyɛ nnipa titiriw biara+ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Na wohui sɛ na wɔka Yesu ho.+ 14  Bere a wɔhwɛɛ ɔbarima a ogyina wɔn nkyɛn a ne ho atɔ no+ no, wɔannya hwee anka.+ 15  Enti wɔma wofii Sanhedrin asa no so puei, na wofii ase dwinnwen asɛm no ho. 16  Wɔkekae sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ saa mmarima yi?+ Nokwasɛm ne sɛ, wɔayɛ sɛnkyerɛnne kɛse bi, na wɔn a wɔte Yerusalem+ nyinaa nim, na yɛrentumi nnye ho akyinnye. 17  Nanso, nea ɛbɛyɛ a asɛm no nkɔ so ntrɛw wɔ nnipa no mu nti, momma yenhunahuna wɔn, na yɛnka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔnhwɛ na wɔanka edin yi ho asɛm ankyerɛ obiara bio.”+ 18  Ɛno nti wɔfrɛɛ wɔn, na wɔka kyerɛɛ wɔn denneennen sɛ wɔnnka biribiara wɔ Yesu din mu, na wɔnnkyerɛkyerɛ wɔ ne din mu nso. 19  Nanso Petro ne Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so sɛ yetie mo mmom sen Onyankopɔn a, mo ara mummua.* 20  Na yɛn de, nea yɛate na yɛahu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.”+ 21  Enti bere a wohunahunaa wɔn bio no, wogyaa wɔn, efisɛ wɔannya biribiara a wobegyina so atwe wɔn aso. Afei nso, na wosuro nkurɔfo no,+ efisɛ na wɔn nyinaa rehyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ nea asi no ho. 22  Ná ɔbarima a wɔsaa no yare anwonwakwan so yi adi boro mfe 40. 23  Bere a wogyaa wɔn no, wɔkɔɔ asuafo a aka no nkyɛn, na asɛm a asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ. 24  Bere a wɔtee eyi no, wɔde adwenkoro* maa wɔn nne so ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Awurade Tumfo, wo na woyɛɛ ɔsoro ne asaase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa,+ 25  na wonam honhom kronkron so faa yɛn agya Dawid+ a ɔyɛ w’akoa no anom so kae sɛ: ‘Adɛn nti na amanaman yɛɛ gyegyeegye, na nkurɔfo no dwinnwen nneɛma hunu* ho? 26  Asaase so ahemfo sɔre gyinae, na atumfo boom sɔre tiaa Yehowa,* na wɔsɔre tiaa nea wasra no+ no.’* 27  Efisɛ Herode ne Pontio Pilato+ ne amanaman mufo ne nkurɔfo a wofi Israel ka boom wɔ kurow yi mu, na wɔko tiaa w’akoa kronkron Yesu a wosraa no+ no, 28  sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ nea woka too hɔ no. Eyinom baa mu, efisɛ wowɔ tumi,* na na ɛyɛ wo pɛ nso.+ 29  Afei, Yehowa,* tie wɔn ahunahuna no, na ma wo nkoa nkɔ so mfa akokoduru kɛse nka w’asɛm, 30  na teɛ wo nsa ma nnipa nnya ayaresa, na nsɛnkyerɛnne ne anwonwade+ mfa w’akoa kronkron Yesu+ din so mmra.” 31  Bere a wɔbɔɔ mpae denneennen wiei no,* baabi a wohyiaam no wosowee, na honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa mama,+ na wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm no.+ 32  Bio nso, nnipadɔm a wogye dii no nyaa koma ne ɔkra* koro. Na wɔn mu baako mpo anka sɛ ne nneɛma yɛ ɔno nko ara dea. Mmom, na wɔn nyinaa nneɛma bom.+ 33  Na asomafo no de tumi kɛse kɔɔ so dii Awurade Yesu+ wusɔre no ho adanse, na wɔn nyinaa nyaa adom pii. 34  Nokwarem no, wɔn mu biara nni hɔ a na biribi hia no,+ efisɛ na wɔn a wɔwɔ nsaase anaa afi no nyinaa tɔn de nea wonya fi mu no ba, 35  na na wɔde brɛ asomafo no.+ Ná wɔn nso kyekyɛ ma obiara nya nea ohia.+ 36  Ná Yosef bi wɔ hɔ a asomafo no too no din Barnaba+ (asekyerɛ ne “Awerɛkyekye Ba”). Ná ɔyɛ Lewini a ofi Kipro. 37  Ná ɔwɔ asaase bi, na ɔtɔn de sika no brɛɛ asomafo no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔde Yesu nhwɛso no reka owusɔre ho asɛm kyerɛ.”
Anaa “ná onwini adwo dedaw.”
Kyerɛ sɛ, na wɔnkɔɔ Rabifo sukuu no bi; ɛnkyerɛ sɛ na wonnim nhoma koraa.
Anaa “mummu ho atɛn.”
Anaa “koma koro.”
Anaa “nsɛnhunu.”
Anaa “ne Kristo no.”
Nt., “nsa.”
Anaa “wowiee wɔn nkotosrɛ no.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.