Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MONKƆ SO NWƐN!

Nneɛma Bo Kɔ Ara Na Ɛrekɔ Soro Wɔ Wiase Baabiara—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Nneɛma Bo Kɔ Ara Na Ɛrekɔ Soro Wɔ Wiase Baabiara—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

 Bere a ɔpanyin a ɔda World Bank Group ano no de wiase sikasɛm ho amanneɛbɔ reto gua wɔ June 2022 mu no, ɔkaa sɛ, “Wiase no sikasɛm no resan asɛe bio. Seesei nneɛma bo kɔ ara na ɛrekɔ soro. Ɛno da nkyɛn a, sika ho ayɛ den.”

 Adwumakuw a yɛfrɛ wɔn International Monetary Fund nso de ato gua sɛ, “Nnansa yi aduan, pɛtro, diesel, ne nea ɛkeka ho bo kɔ soro paa. Wei ama aman a wonni sika anaa ahia wɔn no ho akyere wɔn paa.”

 Bible no ma yehu nea enti a sika ho ayɛ den na nneɛma bo rekɔ soro saa. Afei ɛkyerɛ yɛn nea yɛyɛ a ɛremma yɛn ho nkyere yɛn, na ɛsan ma yehu sɛ saa tebea a yɛwom yi rentena hɔ daa, nneɛma bɛyɛ yiye.

Nneɛma bo a ɛrekɔ soro wɔ “awiei mmere” no mu

  •    Bere a yɛte mu yi, Bible no frɛ no “awiei mmere.”—2 Timoteo 3:1.

  •    Yesu kaa sɛ, sɛ wiase no rebɛkɔ n’awiei a, yebehu “nneɛma a ɛyɛ hu” anaa nsɛm a ɛyɛ hu besisi. (Luka 21:11) Sɛnea nneɛma boɔ abu abɔ ho no ama nkurɔfo yam koraa hyehye wɔn. Ama nnipa bebree redwen wɔn daakye ho. Ebi koraa hu sɛnea nneɛma rekɔ no a, wobisa wɔn ho sɛ “Wobenya sika ahwɛ wɔn mmusua ni?” Wei ama wɔn adwene atu afra.

  •    Sɛnea nneɛma bo rekɔ soro nnansa yi no, Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm aka ho asɛm ato hɔ dadaada. Ɛkaa sɛ: “Metee nnyegyeeɛ bi te sɛ obi nne. . . . a ɛreka sɛ, ‘Hwiit konko mmienu yɛ denare baako, na baali olonka yɛ denare baako.’”—Adiyisɛm 6:6.

 Sɛ wopɛ sɛ wuhu “awiei mmere” ne nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no ho nsɛm pii a, hwɛ video a yɛato din Efi Afe 1914 Reba No, Wiase No Asesa, na kenkan asɛm a yɛato din “Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?

Sikasɛm a ɛnkɔ yiye no, ano aduru ne sɛn?

  •    “Wobesisi adan atena mu, na wɔayeyɛ bobefuw adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi foforo mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi mmedi.”—Yesaia 65:21, 22.

  •    “Aduan bebu so wɔ asaase no so; ebebu so akodu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:16.

  •    “‘Mmɔborɔwa a wɔhyɛ no so ne ohiani apinisi nti, mɛsɔre akeka me ho,’ Yehowa na ose.”—Dwom 12:5. a

 Sikasɛm a ayɛ basaa ne atwamene boɔ a wɔde atoto nneɛma so wɔ wiase baabiara no, ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn beyi ne nyinaa afi hɔ. Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea ɔbɛyɛ no a, kenkan asɛm a yɛato din “Bere Bi Bɛba a Ahiafo Ne Asikafo Nyinaa Bɛyɛ Pɛ?

 Ɛnnɛ mpo, ɛwom sɛ sika ho ayɛ den na nneɛma bo rekɔ soro, nanso Bible no betumi aboa wo. Ebia worebisa sɛ, ɔkwan bɛn so? Nea ɛte ne sɛ, wohwɛ Bible mu a, wubehu afotusɛm bebree wom a ɛbɛboa wo ama woahwɛ wo sika so yiye. (Mmebusɛm 23:4, 5; Ɔsɛnkafo 7:12) Sɛ wopɛ sɛ wusua wei ho ade pii a, kenkan nsɛm a yɛato din “Bɔ Wo Sika Ne W’agyapade Ho Ban” ne “How to Live on Less.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.