Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO

Wobu Sika Sɛn?

Wobu Sika Sɛn?

NKURƆFO ka sɛ, “Sika ne aberanteɛ.” Sɛ wɔka saa a, wɔmmoa, efisɛ wobɛtɔ aduane oo, wobɛnya atadeɛ ahyɛ oo, wobɛnya baabi de wo ti ato oo, ne nyinaa yɛ sika yi ara. Owura bi a waben wɔ sikasɛm mu kaa sɛ, “Sɛ yɛse yɛreka nea sika yɛ ma yɛn a, yɛrentumi nka nwie da. Sɛ yɛyi sika fi hɔ a, ɛrennu bosome mpo na ɔko ne basabasayɛ amene adesamma.”

Nanso, ɛnyɛ biribiara na sika tumi yɛ. Anwensɛm kyerɛwfo Arne Garborg a ɔfi Norway kaa sɛ, sika “bɛtumi atɔ aduane, nanso ɛrentumi ntɔ akɔnnɔ; ɛbɛtumi atɔ aduro, nanso ɛrentumi ntɔ apɔmuden; ɛbɛtumi atɔ mpa tofoo, nanso ɛrentumi ntɔ nna pa; ɛbɛtumi atɔ nimdeɛ, nanso ɛrentumi ntɔ nyansa; ɛbɛtumi atɔ nea ɛhyerɛn, nanso ɛrentumi ntɔ ahoɔfɛ; ɛbɛtumi atɔ anuonyam, nanso ɛrentumi ntɔ akomatɔyam; ɛbɛtumi atɔ agorɔ, nanso ɛrentumi ntɔ anigye ankasa; ɛbɛtumi atɔ nnipa, nanso ɛrentumi ntɔ nnamfo; ɛbɛtumi atɔ nkoa, nanso ɛrentumi ntɔ nokwaredi.”

Sɛ obi amma sika annye n’adwene na ɔde to nea ɛda a, ɛbɛtumi ama wanya akomatɔyam ankasa. Bible ka sɛ ‘sikanibereɛ yɛ bɔne nyinaa nhini, na ebinom adi akyire ama wɔde yea bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.’—1 Timoteo 6:10.

Hyɛ no nso sɛ ɛnyɛ sika kɛkɛ ne asɛm no, na mmom sikanibereɛ. Nokwasɛm ne sɛ, sika tumi sɛe nnamfo ne abusuafo mpo ntam. Ɛho nhwɛso ni:

Daniel: * “Thomas yɛ m’adamfo a mepɛ n’asɛm, na menim sɛ ɔdi nokware. Na yɛn ntam yɛ kama kɔsii sɛ metɔn me kar maa no. Me paa deɛ, manhu sɛ biribi asɛe wɔ kar no ho, na yɛyɛɛ ho nkrataa maa Thomas tɔeɛ. Nanso abosome mmiɛnsa akyi no, kar no gyee ne ho. Ná Thomas susu sɛ mabu no afa so, enti ne bo fuiɛ na ɔkaa sɛ memfa ne sika mma no. Asɛm no yɛɛ me nwonwa! Meka biribiara a, ɔnte aseɛ. Ɛtoo sikasɛm no, na Thomas nyɛ Thomas a menim no no bio.”

Esin: “Nesrim yɛ me nua; menni obiara ka ne ho. Yɛn ntam yɛ kama, enti manna aso dae sɛ da bi bɛba a sika bɛsɛe yɛn ntam. Nanso nea menhwɛ kwan yi ara na ɛbaeɛ. Yɛn awofo wu gyaa yɛn sika kakra, na wɔkaa sɛ yɛnkyɛ mu pɛ. Nanso me nua no kaa sɛ ɛhe ne ha, ɔrempene mma yɛnkyɛ mu pɛ. Ná ɔpɛ sɛ ɔnya kɛseɛ sen me. Me deɛ, na mepɛ sɛ yɛkyɛm pɛ sɛnea yɛn awofo kaeɛ no. Wei maa ne bo fuiɛ, na ɔfii aseɛ bɔɔ me ntrɛnee. Bɛsi nnɛ nyinaa ɔmpɛ m’anim ahwɛ.”

SIKA NE NNIPA HO ADWEMMƆNE

Sɛ yɛanhwɛ yie a, sika nti yɛbɛnya afoforo ho adwemmɔne. Ɛho nhwɛso ni: Sikani hu ohiani a, ebia ɔbɛka sɛ akwadworɔ nti na ahia no. Saa ara na ohiani nso hu sikani a, ebia ɔbɛka sɛ ɔyɛ adifudepɛ anaa sikanibereɛ. Biribi saa na ɛtoo ababaa bi a ɔde Leanne. Na n’awofo nsam yɛ kakra, na wei nti daa na nkurɔfo keka ne ho nsɛm. Yɛntie n’anom asɛm:

Afotuo a Bible de ma wɔ sika ho no da so ara boa yɛn nnɛ

“Nkurɔfo hu me a, nea wɔka ara ne sɛ, ababaa yi deɛ ne papa ahyɛ ada so. Enti nea na wɔtaa ka ne sɛ: ‘Wo deɛ, nea wopɛ biara wo Papa bɛyɛ ama wo,’ anaa ‘Yɛn deɛ yɛnni bi na yɛada kar akɛseɛ mu te sɛ mo.’ Meka kyerɛɛ me nnamfo no sɛ wɔkeka saa a, ɛha me paa. Memaa wɔhuu nea nti a m’ani nnye ho. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyi wɔn adwene mfi yɛn sika so na wɔnka papa a meyɛ ma nkurɔfo.”

NEA BIBLE KA

Bible nkasa ntia sika anaa asikafo. Sɛ obi nya sika bu so mpo a, ɛnyɛ bɔne. Enti ɛnyɛ sika a obi wɔ ne asɛm no, na mmom adwene a ɔwɔ wɔ sika ho anaa nea nti a ɔrepɛ sika no. Afotuo a Bible de ma wɔ sika ho no da so ara boa yɛn nnɛ. Susu nea ɛdidi yi so ho hwɛ.

BIBLE KA SƐ: “Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyadeɛ.”—Mmebusɛm 23:4.

Nwoma bi a ɛde The Narcissism Epidemic kyerɛ sɛ wɔn a wɔdi sika akyi no taa “nya adwenem haw ne nyarewa bi te sɛ menem kuro ne tipae. Ebinom akyi dompe tutu wɔn anaa wɔyɛ sadweam anaa wɔnom nnubɔne. Sɛ obi biri ne mogya ani sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛdi yie a, ɛbɛwie aseɛ no na n’abrabɔ ayɛ basaa.”

BIBLE KA SƐ: “Mommma sikanibereɛ mmma mo asetena mu, na momma deɛ mowɔ no ara nnɔɔso mma mo.”—Hebrifoɔ 13:5.

Sɛ obi ani sɔ nea ɔwɔ mpo a, ɛno nkyerɛ sɛ ne ho ntumi nkyere no. Nanso esiane sɛ ɔnim nneɛma a ɛho hia wɔ asetenam nti, ɔmma sika ho dadwene nhyɛ no so. Obi a n’ani sɔ nea ɔwɔ no, sɛ ne sikasɛm nkɔ yie mpo a, ɔnyɛ n’adeɛ basabasa. Mmom ɔbɔ mmɔden suasua ɔsomafo Paulo. Ɔkyerɛwee sɛ: “Menim sɛdeɛ wɔdi hia paa, na menim sɛdeɛ wɔnya ma no bu soɔ nso. Biribiara ne tebea biara mu no, masua ɔmeeɛ ne ɛkɔm nyinaa, sɛdeɛ wɔnya ma no bu soɔ ne sɛdeɛ wɔdi hia nyinaa.”—Filipifoɔ 4:12.

BIBLE KA SƐ: “Deɛ ɔde ne ho to n’ahonyadeɛ soɔ no—ɔno na ɔbɛhwe aseɛ.”—Mmebusɛm 11:28.

Awareɛ ho abenfo kyerɛ sɛ sikasɛm yɛ ade baako a ɛtaa de awareɛ mu ntɔkwa anaa awaregyae ba. Sika tumi ma ebinom mpo kɔhyɛ akɔmfo. Nnipa bi wɔ hɔ a, sika ho hia wɔn sen wɔn awareɛ anaa wɔn nkwa! Nanso wɔn a wɔwɔ sika ho adwempa no deɛ, wɔmmfa wɔn werɛ nyinaa nhyɛ sika mu. Mmom, wɔtie Yesu afotuo a nyansa wom yi: “Sɛ onipa nya ma no bu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fire.”—Luka 12:15.

WOBU SIKA SƐN?

Woyɛ wo ho mu nhwehwɛmu a, ɛbɛtumi aboa wo ma woanya sika ho adwene a ɛfata. Ebia wobɛtumi abisa wo ho nsɛm a ɛdidi so yi:

  • Sɛ mete sɛ nhyehyɛe bi bɛma manya sika bum a, metu di akyi?

  • Me nsam yɛ den sika ho?

  • Nnipa a sika agye wɔn adwene anaa wɔde nea wɔwɔ tu wɔn ho na me ne wɔn bɔ?

  • Medi atorɔ anaa mebu nkurɔfo fa so de pɛ sika?

  • Sika ma mete nka sɛ me nso meyɛ obi?

  • M’adwene nyinaa yɛ sika-sika?

  • Sika nti m’abusua ne m’akwahosan ayɛ basaa?

    Ɛyɛ a ma wo nsam ngo na kyɛ adeɛ

Sɛ wohu sɛ nsɛm yi mu baako mpo fa wo ho a, ɛnneɛ bɔ mmɔden yi adedodowpɛ ne ɛho nnaadaa nyinaa fi w’adwenem. Twe wo ho fi nnamfo a sika ne ahonyade agye wɔn adwene ho. Afei, wɔn a wo ne wɔn bɔ no, hwɛ sɛ wɔyɛ nnipa a abrabɔ pa ho hia wɔn sen ahodeɛ.

Mma sikanibereɛ mma wo komam. Mmom, fa sika to nea ɛda, na ma wo nnamfo, w’abusua, ne w’akwahosan ho nhia wo. Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ sika nnyee w’adwene.

^ nky. 7 Wɔasesa edin a ɛwɔ asɛm yi mu no.