Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SUASUA WƆN GYIDI | ENOK

‘Ɔsɔɔ Onyankopɔn Ani’

‘Ɔsɔɔ Onyankopɔn Ani’

ENOK tenaa ase kyɛe. Ebia wei rensen yɛn tirim, nanso nokwasɛm ne sɛ odii mfe 365 ansa na ɔrewu. Sɛ yɛka nnipa nnan a wonyinii paa wɔ yɛn bere yi so mfe bom a, Enok nyin sen wɔn! Nanso wohwɛ mfe a odii a, yɛbɛka sɛ ne pɛn so deɛ, wankyɛ koraa. Enok tenaa ase bɛboro mfe 5,000 ni. Saa bere no, na nnipa nyin kyɛ paa; ɛnte sɛ nnɛ. Adam ne onipa a odi kan. Bere a yɛwoo Enok no, na Adam adi boro mfe ahansia. Adam dii mfe pɔrepɔre ahasa kaa ho ansa na ɔrewu! Adam asefo bi mpo nyin sen no. Enti mfe 365 deɛ, ɛbɛyɛ sɛ na Enok da so ara gyina ne nan so. Wohwɛ no a, wobɛka sɛ onnya nwui koraa. Nanso ɛhɔ ara na ne nkwa soe.

Ɛbɛyɛ sɛ na Enok ne owu abɔ mpunimpu. Wo deɛ, hwɛ sɛ waguan akɔbɔ ne ho adwaa wɔ baabi. Ɔhyɛ hɔ nyinaa, na ɔredwen nea asi no ho. Ne nyinaa ne sɛ na Onyankopɔn de asɛm ahyɛ n’ano ama wakɔka akyerɛ nkurɔfo bi. Wohwɛ wɔn anim a, wuhu sɛ wɔn bo afuw paa. Ná nkurɔfo no mpɛ n’asɛm no atie koraa. Ne Nyankopɔn a ɔsomaa no nso, na wokyi no kɔkɔɔkɔ. Ná wɔmpɛ Enok anim ahwɛ mpo. Enok Nyankopɔn Yehowa deɛ, nkurɔfo no rekohu no wɔ he na wɔne no de asi ani? Nanso Enok deɛ, na ɔyɛ koko koraa! Ebia obisaa ne ho sɛ: Enti mehu m’abusuafo bio ni? Wohwɛ a, ne yere ne ne mmabea ho asɛm besii ne tirim anaa? Na ne ba Metusala ne ne nana Lamek nso ɛ? (Genesis 5:21-23, 25) Asɛm no kowiee sɛn?

Enok ho asɛm kakraa bi na ɛwɔ Bible mu. Kyerɛwsɛm mmiɛnsa pɛ na ɛka n’asetena nyinaa ho asɛm. (Genesis 5:21-24; Hebrifo 11:5; Yuda 14, 15) Nanso saa nsɛm kakra no ma yehu sɛ, sɛ yɛreka gyidi a, na Enok wɔ bi paa. Wowɔ abusua a worehwɛ wɔn anaa? Ɛtɔ da a, yehu sɛ wei na ɛfata sɛ yɛyɛ, nso wobɛhwɛ na ayɛ den ama yɛn. Ebi ato wo pɛn? Sɛ saa a, Enok gyidi no bɛboa wo paa.

“ENOK KƆƆ SO NE NOKWARE NYANKOPƆN NO NANTEWEE”

Yɛwoo Enok no, na ɔbra a nnipa wom nyɛ koraa. Enok tɔ Adam so nson wɔ awo ntoatoaso mu. Ná Adam ne Hawa yɛɛ bɔne nkyɛe pii, enti na nnipa sintɔ nyɛɛ kɛse. Ɛno nti na na nnipa tumi nyin kyɛ saa no. Nanso na nnipa abrabɔ aporɔw, na na wɔne Nyankopɔn ntam asɛe koraa. Baabi a wobɛfa biara, nea wuhu ara ne akakabensɛm. Awo ntoatoaso a ɛto so mmienu mu na saa subammɔne yi fii ase. Saa bere no na Kain kum ne nua Habel. Kain asefo no baako bi mpo deɛ, na n’asɛm mfa kwan mu koraa. Awudisɛm deɛ, na Kain koraa mma, na na onnim bɔne fafiri baako mpo. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔde ne subammɔne no bɔ ne ho safohene. Awo ntoatoaso a ɛto so mmiɛnsa mu nso, bɔne foforo yii ne ti. Nnipa fii ase bɔɔ Yehowa din, nanso na ɛnyɛ wɔn adwene ne sɛ wɔbɛsom no. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔde Onyankopɔn din kronkron no ka abususɛm, na na wobu no animtiaa.—Genesis 4:8, 23-26.

Eduu Enok bere so no, na abofonode a nkurɔfo yɛ wɔ ɔsom mu no agye baabiara. Enti Enok renyin no, na ɛsɛ sɛ osi gyinae bi. Ɔmfa ne ntama nkɔbɔ nnipa a na ɛwɔ hɔ no deɛ ano? Anaa ɔnhwehwɛ nokware Nyankopɔn Yehowa a ɔbɔɔ soro ne asase no? Saa bere no, esiane sɛ na Habel som Yehowa yiye nti, ɔde ne nkwa twaa so. Ɛbɛyɛ sɛ nea Enok sua faa Habel ho no kaa ne koma paa. Enti Enok sii gyinae sɛ obedi Habel anammɔn akyi. Genesis 5:22 ka sɛ: ‘Enok kɔɔ so ne nokware Nyankopɔn no nantewee.’ Asɛm yi di adanse sɛ na Enok te amumɔyɛfo mu, nso ɔno deɛ, na nyamesuro wɔ ne mu paa. Enok ne obi a odi kan a Bible ka ne ho asɛm saa.

Genesis 5:22 koro yi ara ka sɛ Enok woo Metusala no, ɔkɔɔ so ne Yehowa nantewee. Enti yehu sɛ bere a Enok dii bɛyɛ mfe 65 no, na ɔwɔ abusua. Ná ɔwɔ yere, nso Bible mmɔ ne yere din. Ná ɔwɔ “mmabarima ne mmabea” a yennim wɔn dodow. Sɛ agya bi som Nyankopɔn, na ɔwɔ abusua a ɔretete wɔn ahwɛ wɔn a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden de Nyankopɔn akwan kyerɛkyerɛ n’abusua no. Ná Enok nim sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔfam ne yere ho ne nkwa nna nyinaa. (Genesis 2:24) Ɔyɛɛ nea obetumi biara kyerɛkyerɛɛ ne mma Yehowa Nyankopɔn ho ade. Dɛn na efii mu bae?

Ɛno deɛ, Bible nka ho asɛm kɛse. Bible nka biribiara mfa Enok ba Metusala gyidi ho. Wohwɛ Bible mu a, Metusala na onyinii paa. Ɔtenaa ase kosii afe a Nsuyiri kɛse no bae. Metusala woo Lamek maa ɔbɛtoo ne nana Enok, na ɛno akyi, edi boroo mfe 100 ansa na Enok rewu. Lamek gyidi bɛyɛɛ den sɛ botan. Yehowa maa no hyɛɛ nkɔm bi faa ne ba Noa ho. Saa nkɔmhyɛ no baam wɔ Nsuyiri no akyi. Bible ka Noa ho asɛm te sɛ ne nana Enok pɛpɛɛpɛ. Ɛka sɛ Noa ne Nyankopɔn nantewee, nso Noa anhyia Enok da. Ne nyinaa mu no, Enok twaa sa pa too hɔ maa nkyirimma. Ebetumi aba sɛ Noa suaa Enok ho ade fii ne papa Lamek hɔ anaa ne nana Metusala hɔ. Ebi nso a, osuaa fii Enok papa Yared hɔ. Yared wui no, na Noa adi mfe 366.—Genesis 5:25-29; 6:9; 9:1.

Wohwɛ a, wuhu sɛ ɛsono Enok koraa ɛnna ɛsono Adam. Ná bɔne ne sintɔ biara nni Adam ho, nanso ɔyɛɛ Yehowa so asoɔden. Adam twaa sa bɔne; ɔde atuatew ne amanehunu na egyaw n’asefo. Ná Enok tɔ sin deɛ, nso ɔne Nyankopɔn nantewee na ɔde gyidi gyaw n’asefo. Adam wui no, na Enok adi mfe 308. Bere a Adam a pɛsɛmenkominya aguare no no wui no, wohwɛ a, n’abusua suu no anaa? Ɛno deɛ yennim. Nea yenim ara ne sɛ “Enok kɔɔ so ne nokware Nyankopɔn no nantewee.”—Genesis 5:24.

Sɛ wowɔ abusua a worehwɛ wɔn a, Enok gyidi no betumi aboa wo paa. Ehia sɛ woma w’abusua aduan, ntade, dabere, ne nea ɛkeka ho. Nanso, nea ehia paa ne sɛ wobɛboa wɔn ama wɔasom Nyankopɔn yiye. (1 Timoteo 5:8) Wubetumi ayɛ saa a, worekasa kyerɛ wɔn no, na wode wo nneyɛe nso retaa akyi. Sɛ wo ne Nyankopɔn nantew te sɛ Enok, na woma Nyankopɔn apɛde a ɛwɔ Bible mu kyerɛ wo kwan a, wubetwa sa pa ama w’abusua afa so.

ENOK “HYƐƐ WƆN HO NKƆM”

Ná Enok wɔ gyidi paa, nanso wiase a na ɔte mu no, na gyidi abɔ wɔn. Enti, ɛbɛyɛ sɛ ɔtee nka sɛ wayɛ ankonam. Nanso wohwɛ a, ne Nyankopɔn Yehowa werɛ fii no? Dabida. Eduu baabi no, Yehowa ne Enok kasae. Onyankopɔn de n’asɛm hyɛɛ n’ano sɛ ɔnka nkyerɛ nnipa a na ɛwɔ wiase saa bere no. Enti Enok bɛyɛɛ Nyankopɔn diyifo. Ɔno ne odiyifo a odi kan a n’asɛm pue wɔ Bible mu. Yɛyɛ dɛn hu saa? Ɛne sɛ, akyiri yi, Yehowa de ne honhom kaa Yesu nua Yuda maa ɔkyerɛw Enok nkɔmhyɛ no. *

Nkɔm bɛn a Enok hyɛe? Ɛno ni: “Hwɛ! Yehowa de n’ahotefo mpempem pii bae bebuu nnipa nyinaa atɛn, na oyii amumɔyɛfo nyinaa ntɛn wɔ wɔn amumɔyɛde a wɔyɛe wɔ amumɔyɛ so, ne ahodwirisɛm a nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo ka too no so no nyinaa ho.” (Yuda 14, 15) Wohwɛ asɛm no a, wuhu sɛ Enok kaa no te sɛ nea asi dedaw. Asɛ nea Onyankopɔn ama nkɔmhyɛ no abam dedaw. Nkɔm a wɔhyɛɛ wɔ ɛno akyi nso, saa na bebree te. Adɛn nti na wɔhyɛɛ nkɔm no saa? Ɛne sɛ na adiyifo no gye di paa sɛ nea wɔreka ho asɛm no, kẽ ara ne kẽ, ɛbɛbam! Enti wɔhyɛɛ nkɔm no te sɛ nea asi dedaw.—Yesaia 46:10.

Enok de akokoduru bɔɔ Nyankopɔn asɛm dawuru wɔ wiase bɔne bi mu

Wohwɛ atemmusɛm a na Enok reka no a, na ɛte sɛn? Ɛbɛyɛ sɛ na ɛsɛ sɛ ɔbɔ asɛm no dawuru ma obiara te. Ná kɔkɔbɔ a ɔde nam no ano yɛ hyew. Ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ wɔyɛ “amumɔyɛfo” a wɔyɛ “amumɔyɛde.” Nkɔmhyɛ no bɔɔ nnipa nyinaa kɔkɔ sɛ efi bere a wotuu Adam ne Hawa fii Eden no, wiase a nnipa akyekye no aporɔw atetew. Ná Yehowa ne “n’ahotefo mpempem,” kyerɛ sɛ, abɔfo ahoɔdenfo mpempem no bɛyɛ saa wiase no defedefe. Enok nko ara de akokoduru bɔɔ Yehowa kɔkɔbɔ no dawuru! Saa bere no na Enok nana Lamek sua. Ɛbɛyɛ sɛ Enok rekɔ ba nyinaa, na Lamek atɛɛ n’anom rehwɛ n’akokoduru no. Sɛ ɔyɛɛ saa a, ɛnyɛ nwonwa.

Ebia gyidi a na Enok wɔ no betumi aka yɛn ama yɛabisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛnea Nyankopɔn hu wiase a yɛte mu yi, saa na yɛn nso yehu no anaa?’ Atemmusɛm a Enok de akokoduru bɔɔ no dawuru kyerɛɛ ne beresofo no, ɛfa wiase a ɛwɔ hɔ nnɛ yi nso ho; biribiara nsesae. Yehowa de ɔseɛ yɛɛ ɔyɔ, enti ɔmaa Enok asɛm no baam. Ɔde Nsuyiri sɛee wiase a na aporɔw atetew wɔ Noa bere so no. Saa ɔsɛe no yɛ ɔsɛe kɛse bi a ɛnam kwan so reba ho sɛnnahɔ. (Mateo 24:38, 39; 2 Petro 2:4-6) Sɛnea ɛkɔɔ so tete no, ɛnnɛ nso, Onyankopɔn ne n’ahotefo kronkron ayɛ krado sɛ wobebu wiase bɔne yi atɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara tie Enok kɔkɔbɔ no gu aso pa mu, na yɛbɔ no dawuru kyerɛ nkurɔfo. Ebia yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo beyi yɛn baako ahyɛ yɛn nsa. Ebetumi ama yɛate nka sɛ yɛayɛ ankonam. Nanso yɛnkae sɛ Yehowa kɔɔ so gyinaa Enok akyi. N’asomfo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso, ɔbɛkɔ so ara abɔ wɔn kyidɔm!

“WOYII ENOK FII BAABI A NA ƆWƆ NA WANHU OWU”

Sɛn na Enok asetena baa awiei? Nea Bible ka fa ne wuo ho deɛ, ɛyɛ nwonwa mpo sen n’asetenam nsɛm. Nea Genesis ka ara ne sɛ, “Enok kɔɔ so ne nokware Nyankopɔn no nantewee. Ebeduu bere bi no wɔanhu no bio, efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe.” (Genesis 5:24) Bible ka sɛ Onyankopɔn faa Enok kɔe a, ɛkyerɛ sɛn? Akyiri yi ɔsomafo Paulo kyerɛɛ mu. Ɔkaa sɛ, “Gyidi nti woyii Enok fii baabi a na ɔwɔ na wanhu owu, na wɔanhu no baabiara, efisɛ Onyankopɔn yii no kɔɔ baabi foforo; na ansa na wɔreyi no afi hɔ no, onyaa adanse sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani.” (Hebrifo 11:5) Bere a Paulo kaa sɛ “woyii Enok fii baabi a na ɔwɔ na wanhu owu” no, na ɔrekyerɛ sɛn? Bible nkyerɛase bi ka sɛ Nyankopɔn faa Enok kɔɔ soro. Nanso ɛnyɛ nokware. Bible ma yehu sɛ Yesu Kristo ne onipa a odi kan a wonyanee no kɔɔ soro.—Yohane 3:13.

Ɛnde Bible asɛm a ɛse “woyii” Enok kɔɔ baabi foforo na “wanhu owu” no, yɛbɛte ase sɛn? Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa twaa Enok nkwa so bɔkɔɔ na wante owuyaw. Ansa na Enok rewu no, onyaa “adanse sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani.” Ɔkwan bɛn so? Ebetumi aba sɛ aka kakraa bi ama Enok awu no, Nyankopɔn yii biribi kyerɛɛ no. Ɛbɛyɛ sɛ otwaa paradise asase ho mfonini kyerɛɛ no. Bere a Enok nyaa sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔsɔ Yehowa ani no na owui. Ɔsomafo Paulo kyerɛw biribi faa Enok ne mmarima ne mmea anokwafo bi ho. Ɔkaa sɛ, “Gyidi mu na saa nnipa yi nyinaa wuwui.” (Hebrifo 11:13) Enok wui no, ɛbɛyɛ sɛ n’atamfo hwehwɛɛ n’amu, nanso “wɔanhu no baabiara.” Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa de amu no siei sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa nyɛ nyankomade biara. *

Nea Kyerɛwnsɛm no aka wɔ yɛn adwenem yi, hwɛ sɛ wubetumi de w’adwene abu sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Enok wui anaa. Wo deɛ, twa wei ho mfonini hwɛ. Nanso ebetumi aba sɛ ɛnyɛ saa pɛpɛɛpɛ na esii. Enok aka mmirika agu mu, na wohwɛ a, wuhu sɛ wabrɛ. N’atamfo sa no. Adɛn ntia? Ne nyinaa ne sɛ wakɔka atemmusɛm ama n’atamfo no koko apae. Enok anya baabi akɔbɔ ne ho adwaa, nanso ɛrenkyɛ na n’atamfo no abɛtoa no atetew no. Ná ogyina owu ne nkwa nkwanta. Ɔhyɛ hɔ regye n’ahome no, ɔbɔɔ Nyankopɔn mpae. Prɛko pɛ, ɔte sɛ ne ho ayɛ no fɔɔm. Afei onyaa yikyerɛ bi. Nea na ɔrehwɛ no, na ɛyɛ no sɛ ɛyɛ asɛmpa ara.

Ɛbɛyɛ sɛ na atamfo repɛ Enok atetew no na Yehowa faa no kɔe

Wo deɛ, fa no sɛ yɛabue biribi so akyerɛ Enok. Ɔnkɔhwɛ a, wiase foforo bi a onhuu bi da ni. Ná ɛhɔ yɛ no fɛ paa te sɛ Eden turo, nanso na kerubim biara nni hɔ a wɔrewɛn hɔ na nnipa ankɔ hɔ. Ohuu mmea ne mmarima bebree. Obiara baabi mmu no dwɛ; wosi pi si ta. Asomdwoe deɛ, wɔfa no kwa. Ɔtan ne ɔsom mu ɔsɔretia a Enok hyiae no, wɔne no too nkwanta a, wɔapae. Enok huu paa sɛ Yehowa dɔ no, ogye no tom, na ɔka ne ho. Ohuu sɛ waba ne deɛ mu, enti ɛhɔ ara na ɛsɛ sɛ ɔtena. Nkakrankakra, ɔtee nka sɛ ne ho rebae no. N’ani fii ase wiaa no. Afei ɔdaa nnahɔɔ.

Enok dae no, wansɔre bio; ne wuo mu ara no no. Ɔwɔ Yehowa Nyankopɔn nkae mu, na ne werɛ remfi no da! Akyiri yi Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɛda bi reba a, wɔn a wɔwɔ Nyankopɔn nkae mu nyinaa bɛte Kristo nne, na wɔafi adakamena mu. Wɔbɛtew wɔn ani no, na wɔwɔ wiase foforo fɛfɛɛfɛ bi mu; asomdwoe nko ara.—Yohane 5:28, 29.

Wobɛkɔ hɔ bi anaa? Wo deɛ hwɛ sɛ woadu hɔ na woahyia Enok, anigye ne sɛn! Nsɛm a ɔbɛma yɛate deɛ, kɛntɛn ma! Nea yɛde yɛn adwene bu faa ne wuo ho no, ɔbɛma yɛahu sɛ ɛwom anaa ennim. Nanso seesei, biribi wɔ hɔ a ehia paa sɛ yesua fi ne hɔ. Bere Paulo kaa Enok ho asɛm wiei no, ɔtoaa so kaa sɛ: “Gyidi nni hɔ a, obi ntumi nsɔ Onyankopɔn ani.” (Hebrifo 11:6) Nea kyerɛwsɛm yi aka nti, wunhu sɛ ehia paa sɛ yesuasua ɔkokodurufo Enok gyidi?

^ nky. 14 Bible ho abenfo bi kyerɛ sɛ Yuda yii n’asɛm no fii apocrypha nhoma bi a yɛfrɛ no Enok Nhoma mu. Nanso saa nhoma no yɛ nhoma bi a yennim baabi a efi. Nkurɔfo bi na ɛseɛ sɛ Enok na ɔkyerɛwee, nanso ɛnyɛ nokware. Enok nkɔmhyɛ no wɔ saa nhoma no mu pɛpɛɛpɛ deɛ, nanso ɛbɛyɛ sɛ efi tete nhoma bi mu anaa atetesɛm a obi kae na wɔfa kyerɛwee. Ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ ara nso na Yuda huu nkɔmhyɛ no kyerɛwee. Ebetumi nso aba sɛ Yuda tee Enok ho asɛm fii Yesu hɔ. Adeɛ yi, Yesu deɛ, Enok rebɔ ne bra wɔ asase so nyinaa na ɔte soro rehwɛ no.

^ nky. 20 Mose ne Yesu amu nso, ɛbɛyɛ sɛ Nyankopɔn de siei sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo mfa nyɛ abosom nneɛma anaa nyankomade biara.—Deuteronomium 34:5, 6; Luka 24:3-6; Yuda 9.