Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

Ná Mempɛ sɛ Miwu!

Ná Mempɛ sɛ Miwu!
  • AFE A WƆWOO NO: 1964

  • ƆMAN A OFI MU: ENGLAND

  • KAN NO: ƆWOO MPEREWA WOƆ

ƆBRA A NA MEWOM

 

Yɛwoo me Paddington. Ɛyɛ kurow a nnipa dɔɔso wom paa. Ɛwɔ London, England. Ná me ne me maame ne me nuanom mmaa mpanyimfo mmiɛnsa na ɛte. Asanom bebrebe nti, me papa anhyɛ da ne yɛn antena papa biara.

Meyɛ abofra no, me maame kyerɛɛ me sɛ da biara memmɔ mpae ansa na mada. Ná mewɔ Bible ketewaa bi. Nnwom nhoma no nko ara na na ɛwom. Enti mede emu nsɛm no bi yɛɛ nnwom a na meto. Bere bi, na merekenkan nhoma bi, ɛnna mihuu biribi. Ɛkaa sɛ: “Da bi bɛba a, ade renkye bio.” Saa asɛm no nti, edu anadwo a nkurɔfo adeda no, na ato me adwennwen; mɛdwene me daakye ho saa ara. Mibehuu sɛ ‘abrabɔ a yɛwom yi, ɛnyɛ ɛno ara ni.’ Mibisaa me ho sɛ, ‘Mebɛyɛɛ dɛn koraa wɔ wiase?’ Ná mempɛ sɛ miwu!

M’ani begyee asumansɛm ho paa. Ná mepɛ sɛ me ne wɔn a wɔawuwu kasa. Afei, na me ne me nnamfo a me ne wɔn kɔ sukuu taa kɔ amusiei. Ɛreyɛ ara ni na yɛhyɛ sini dan mu rehwɛ sini. Sini huhuuhu nko ara na na yɛhwɛ, nanso na yɛn ani gye ho.

Bere a midii mfe 10 no, bra bɔne deɛ na mefa no kwa. Mifii ase nom sigaret. Mannya bi a mintumi ntena. Akyiri yi koraa deɛ, wii na na menom. Midii mfe 11 no, mede nsanom nso kaa ho. Ɛwom sɛ na nsa nyɛ me dɛ deɛ, nanso sɛ mitwitwa bi boro saa a, na m’ani agye. Ná mepɛ nnwom ne asaw nso paa. Paati ne disko nko ara na na mekɔ. Edu anadwo a, wubehu ara ne sɛ mede me ti ahwe mu, gye ahemadakye ansa na maba fie. Ade bɛkye na mabrɛ, enti na metaa bɔ ko wɔ sukuu. Mewɔ sukuu mu koraa a, mitumi nom nsa.

Sɔhwɛ a yɛkyerɛw wiee sukuu no, mantwa koraa. Merekɔ ba yi nyinaa, na me maame nnim sɛ maporɔw atete saa. Sɔhwɛ no na ɛmaa me maame huu sɛ ɛnkɔ yiye koraa. Ɛhaw no yiye, enti ne bo fuw me paa. Ɛbɛyɛɛ akasakasa wɔ yɛn ntam maa mitu fii fie. Saa bere no nyinaa na me ne aberante bi hyehyɛ hɔ. Yɛfrɛ no Tony. Ná ɔyɛ Rasta. Enti me ne no kɔtenae. Ná ɔyɛ korɔmfo, na na ɔtɔn nnubɔne nso. Mpɔtam hɔ deɛ, na obiara nim sɛ ɔpɛ ntɔkwaw paa. Ankyɛ koraa na minyinsɛnee. Bere a mewoo me ba a odi kan no, na madi mfe 16 pɛ.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA

 

Mitu kɔtenaa ahɔho dan bi mu. Ná ɛyɛ dan a aban asi ama mmaatan a wɔnwaree ne wɔn mma. Ɛhɔ na mihyiaa Yehowa Adansefo. Ná Yehowa Adansefo mmaa mmienu taa ne mmaatan a wɔwɔ hɔ no bi besua Bible. Da bi deɛ mekɔtenaa adesua no mu bi. Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkyerɛ Adansefo no sɛ nea wɔreka nyinaa nyɛ nokware. Nanso asɛm a mebisa biara, na wɔto wɔn bo ase de Bible yi ano kama. Mihuu sɛ wɔn ho dwo paa, enti m’ani gyee wɔn ho, na memaa kwan sɛ wɔne me nsua Bible.

Ankyɛ koraa na nea misuae no sesaa m’abrabɔ! Efi me mmofraase nyinaa, na misuro sɛ mewu. Nanso Bible adesua aboa me ama seesei mabehu Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛfa owusɔre ho no. (Yohane 5:28, 29) Mabehu nso sɛ Onyankopɔn dwen me ho paa. (1 Petro 5:7) Asɛm a ɛwɔ Yeremia 29:11 no yɛ me dɛ. Ɛhɔ ka sɛ: “‘Me ara minim adwene a madwen mo ho,’ Yehowa asɛm ni, ‘ɛyɛ asomdwoe adwene, na ɛnyɛ mmusu, sɛ mɛma mo daakye ne anidaso.’” Mibegye toom sɛ metumi atena ase daa wɔ Paradise asase so.—Dwom 37:29.

Yehowa Adansefo kyerɛɛ me ɔdɔ paa. Da a edi kan a mekɔɔ wɔn nhyiam no, m’ani gyee. Ná obiara anim yɛ sereserew kama. (Yohane 13:34, 35) M’asɔre a na mekɔ deɛ, na obi mfa obi ho. Adansefo no anhwɛ sɛnea na mete; wogyee me kama. Wɔkyerɛɛ sɛ wodwen nnipa ho. Wonyaa me ho adagyew, na wɔboaa me pii. Mibehuu sɛ maba abusua kɛse bi mu; ɔdɔ nko ara!

Bible a misuae no maa mihuu sɛ, sɛ metumi asɔ Onyankopɔn ani a, gye sɛ mesesa m’abrabɔ. Mebrɛe paa ansa na meregyae sigaretnom. Mehyɛɛ no nsow sɛ nnwom bi wɔ hɔ a, bere a metie biara na ɛyɛ me sɛ menkɔhye wii. Enti migyaee saa nnwom no nyinaa tie. Mihuu nso sɛ, sɛ metumi agyae boro a, gye sɛ migyae paati ne disko. Afei mepɛɛ nnamfo pa a wɔbɛboa me ama masom Yehowa.—Mmebusɛm 13:20.

Mereka yi, na Tony nso ne Yehowa Adansefo resua Bible. Ɔno nso bisaa nsɛm pii, na Adansefo no de Bible yii ne nyinaa ano. Obegye toom sɛ nea ɔresua no yɛ nokware. Ɔno nso sesae koraa. Ɔtwee ne ho fii ne nnamfo basaabasaa no ho. Korɔnbɔ ne wii no nso, ogyaee. Me ne Tony huu sɛ, sɛ yebetumi asom Yehowa yiye a, gye sɛ yɛsesa yɛn abrabɔ, na yɛte yɛn ani hwɛ yɛn ba no yiye. Afe 1982 mu, yɛwaree.

“Minsiri pɛ nnwen me daakye anaa owu ho bio”

Ná metaa hwehwɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! * mu kenkan nnipa a wɔatumi asesa wɔn abrabɔ no ho nsɛm. Ɛhyɛɛ me nkuran paa. Wɔn nhwɛso no maa mihuu sɛ ɛnsɛ sɛ mema m’abam bu. Sɛ mimia m’ani nko ara a, me nso metumi asesa. Enti daa na mebɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me. Me ne Tony bɔɔ asu July 1982. Seesei yɛyɛ Yehowa Adansefo.

SƐNEA ABOA ME

 

Me ne Yehowa Nyankopɔn afa adamfo, na agye me nkwa. Me ne me kunu Tony afa abɛbrɛsɛ bebree mu, nanso Yehowa atwitwa agye yɛn ne nyinaa mu. Nea yɛafa mu no ama yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Nyankopɔn so, efisɛ onnii yɛn huammɔ da!Dwom 55:22.

Yɛwɔ mma mmienu. Ɔbaa baako, barima baako. M’ani agye sɛ maboa wɔn ama wɔn nso abehu Yehowa. Seesei mehwɛ sɛnea me nananom nso renya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu a, minhu nea menyɛ!

Minsiri pɛ nnwen me daakye anaa owu ho bio. Seesei, me ne Tony nni adagyew koraa. Nnawɔtwe biara, yɛkɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu kɔhyɛ wɔn den. Yɛne wɔn nyinaa bom kyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wohu sɛ, wɔn nso, wonya Yesu mu gyidi a wobenya daa nkwa.

^ nky. 19 Yehowa Adansefo na wotintimii.