Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Atoyerɛnkyɛm Bi Asi

Bere a Atoyerɛnkyɛm Bi Asi

“Mfiase no de, na yɛn ani so atan yɛn. Atɛkyɛ ne nsuyiri twiw faa yɛn nneɛma nyinaa so.”​—Andrew, Sierra Leone.

“Bere a mframa kɛse no sɛee nneɛma wiei no, yɛsan kɔɔ yɛn fie. Biribiara anka. Asɛm no tɔɔ yɛn so. Me babea buu nkotodwe na osui.”​—David, Virgin Islands.

SƐ ASIANE bi ato wo pɛn a, ebia wobɛte nkurɔfo ase bere a wɔreka wɔn amanehunu ho asɛm no: sɛnea wɔn ho dwiriw wɔn, wɔn abam bui, wɔn adwene tu frae, wɔn ho yeraw wɔn, ne sɛnea na wɔsoso dae bɔne. Nnipa a wɔafa amanehunu a ɛte saa mu no pii abam abu ma wonhu nea wɔnyɛ wɔ abrabɔ mu.

Sɛ atoyerɛnkyɛm bi asi ama woahwere wo nneɛma nyinaa a, ebia w’abam reyɛ abu. Ebetumi ama asetena koraa afono wo. Nanso, Bible ma yɛte ase sɛ ehia wo a nwu. Efisɛ anidaso wɔ hɔ.

BIBLE MU NOKWARE MA YENYA ANIDASO

Ɔsɛnkafo 7:8 ka sɛ: “Asɛm awiei ye sen ne mfiase.” Sɛ atoyerɛnkyɛm bi to wo a, mfiase no ɛbɛyɛ te sɛ nea anidaso nyinaa asa no. Nanso sɛ wobɔ mmɔden toto wo nneɛma yiye a, biribi pa betumi afi mu aba.

Bible hyɛ bɔ sɛ bere bi bɛba a, ‘wɔrente agyee! anaa buei! biara bio.’ (Yesaia 65:19) Sɛ asase dan paradise wɔ Onyankopɔn Ahenni ase a, wei nyinaa bɛbam. (Dwom 37:11, 29) Atoyerɛnkyɛm biara rensi bio. Dadwen ne kɔdaanna nyinaa befi hɔ koraa efisɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ: “Wɔrenkae kan nneɛma no bio, na ɛremma komam bio.”—Yesaia 65:17.

Wo de susuw ho hwɛ: Yɛn Bɔfo no ahyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛma wo daakye ne anidaso,’ kyerɛ sɛ, wobɛtena ase asomdwoe mu wɔ Onyankopɔn Ahenni ase. (Yeremia 29:11) Sɛ wuhu saa nokwasɛm yi a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa wo na w’abam ammu? Sally a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no kaa sɛ: “Sɛ wokae nneɛma pa a Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama yɛn daakye no a, ebetumi aboa wo ma woayi w’adwene afi yaw a woafa mu no so, na woahwɛ sɛnea wubegyina tebea a wowom seesei no ano.”

Nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama nnipa nnansa yi ara no, adɛn nti na wunsua ho ade pii? Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma woanya awerɛhyem sɛ, atoyerɛnkyɛm biara a woahyia no, sɛ ɛte sɛn oo, sɛ ɛte sɛn oo, ɛnsɛ sɛ woma w’abam bu. Afei nso, wubetumi ahwɛ kwan denneennen sɛ daakye atoyerɛnkyɛm biara rensi bio. Enkosi sɛ saa bere no bɛba no, Bible betumi ama wo afotu a ɛbɛboa ama woagyina atoyerɛnkyɛm biara a woahyia ano. Ma yɛnhwɛ saa afotusɛm no bi.