Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Ahenni mu no, nnipa ‘begye wɔn ani asomdwoe bebree mu.’​—Dwom 37:11

Dɛn na Bible Aka?

Dɛn na Bible Aka?

Bible betumi aboa wo ama woagyina dadwen ano anaa?

Wubebua sɛn?

  • Aane

  • Dabi

  • Ebia

Nea Bible aka

“Montow mo dadwen nyinaa ngu [Onyankopɔn] so, efisɛ odwen mo ho.” (1 Petro 5:7) Bible ka sɛ Onyankopɔn betumi aboa wo na adwinnwen anhyɛ wo so.

Dɛn bio na Bible aka?

  • Wobɔ mpae a, wubetumi anya “Onyankopɔn asomdwoe.” Ɛbɛma w’adwinnwen so atew.​—Filipifo 4:6, 7.

  • Afei nso, wokenkan Onyankopɔn Asɛm a, ɛbɛboa wo ama woagyina adwinnwen ano.​—Mateo 11:28-30.

Enti dadwen to betwa?

Ebinom gye di sɛ . . .  dadwen ne adwinnwen deɛ, nnipa rentumi nkwati; afoforo nso gye di sɛ, gye sɛ owu akyi na yɛn ho bɛtɔ yɛn. Wudwen ho sɛn?

Nea Bible aka

Onyankopɔn beyi nneɛma a ɛde dadwen ba nyinaa afi hɔ. “Owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.”​—Adiyisɛm 21:4.

Dɛn bio na Bible aka?